Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 June kr. 20-25
  • Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NKYERƐKYERƐ A YENYA NO, EFI YEHOWA HƆ
  • YƐKƆ ADESUA A, ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ ASO TIE NEA ƐBƐKƆ SO NO?
  • SƐNEA YƐBƐBOA AFOFORO MA WƆATIE ASƐM WƆ ADESUA ASE
  • NEA ƐBƐBOA WO MA WOATUMI ATIE ASƐM YIYE
  • KƆ SO TIE YEHOWA
  • “Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa” No Betie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’ Wɔ Asɛnka Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 June kr. 20-25

AUGUST 31–SEPTEMBER 6, 2026

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye

“Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.”—LUKA 8:18.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ yɛkɔ adesua anaa nhyiam a, nea enti a ɛsɛ sɛ yetie dwumadi no yiye ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa.

1-2. (a) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so ma ne nkurɔfo honhom fam aduan nnɛ? (Dwom 23:​1, 2, 5) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ƐNNƐ, Yehowa ma yɛn honhom fam aduan pii. Wei nti, yɛne Dawid yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho: “Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.”—Kenkan Dwom 23:​1, 2, 5.

2 Ɔkwan baako a Yehowa fa so ma yɛn honhom fam aduan ne sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn wɔ adesua ase. Sɛ yɛkɔ adesua a, nsɛm a yɛte no pii wɔ hɔ a ɛnyɛ asɛm foforo. Nanso sɛ yɛn ‘ase atim wɔ nokware no mu’ mpo a, ehia sɛ wɔkaakae yɛn. (2 Pet. 1:12) Nneɛma a yenim dedaw no, sɛ ɛkɔba sɛ ɛno ara ho asɛm na wɔreka a, ɛyɛ a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ aso atie anaa? Sɛ saa a, ɛnde adesua yi bɛboa wo. Ɛbɛma yɛahu nea enti a ehia sɛ yetie asɛm yiye wɔ adesua ase. Afei nso, wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea wɔbɛboa afoforo ama wɔatie asɛm yiye. Ɛno da nkyɛn a, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a yɛyɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛatie asɛm yiye. Nanso momma yenni kan nyi asɛmmisa yi ano: Nkyerɛkyerɛ a yenya no, efi hena hɔ?

NKYERƐKYERƐ A YENYA NO, EFI YEHOWA HƆ

3. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn, na sɛn na n’asomfo de Bible no di dwuma?

3 Yehowa nam n’asɛm Bible no so na ɛkyerɛkyerɛ yɛn. (2 Tim. 3:​16, 17) Ná Yesu nim saa. Enti na otumi de Onyankopɔn asɛm no kyerɛkyerɛ yiye ara ma n’atiefo mpo bisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim Kyerɛwnsɛm no saa bere a ɔnkɔɔ sukuu biara?” (Yoh. 7:15) Nanso wɔn a wɔwɔ koma pa no de, bere a wɔtee sɛnea Yesu rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn asɛm no mu no, wɔn ani gyei. Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so te sɛ ɔsomafo Paul ne Apolo sei, sɛ wɔrekyerɛkyerɛ a na wɔn nso taa twe adwene si Kyerɛwnsɛm no so. (Aso. 17:​2, 3; 18:​24, 28) Yɛn Yehowa Adansefo nso, yenim sɛ nsɛm a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu, broadcasting dwumadi, ɔkasa ahorow a yetie ne video ahorow a yɛhwɛ no, ne nyinaa gyina Bible no so. Sɛ nkurɔfo ba yɛn adesua na wɔbehu sɛnea yɛde Bible kyerɛkyerɛ nsɛm mu no a, ɛyɛ a na ɛyɛ wɔn nwanwa. Anuanom a ɛkyerɛkyerɛ wɔ adesua ase no hwɛ sɛ Bible no bedi akoten wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu; ɛnyɛ sɛ wɔkenkan kɛkɛ, na mmom wɔma atiefo hu sɛnea wɔde nea Bible ka no bɛyɛ adwuma nso.—Luka 24:32.

4. Sɛ Bible de asɛmfua “tie” di dwuma a, mpɛn pii no dɛn na ɛkyerɛ?

4 Sɛ Bible de asɛmfua “tie” di dwuma a, mpɛn pii no nea ɛkyerɛ ne sɛ wubedi obi asɛm so. Enti sɛ Yehowa nam n’asɛm no so kyerɛkyerɛ yɛn wɔ adesua ase, na yɛte nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ ase a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ osetie ama no. Yenim sɛ, sɛ yetie no na yɛde nea ɔkyerɛkyerɛ yɛn no yɛ adwuma a, ɛma n’ani gye.—Mmeb. 27:11.

YƐKƆ ADESUA A, ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ ASO TIE NEA ƐBƐKƆ SO NO?

5. Dɛn na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yɛyɛ? (Yohane 4:​23, 24; 1 Yohane 5:3)

5 Yɛkɔ adesua a yɛyɛ aso tie, efisɛ yɛdɔ Yehowa. (Mat. 22:37) Sɛ da biara yesua Yehowa ho ade a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no akɔ so ayɛ kɛse. Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ osetie ama no na yɛasom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.—Kenkan Yohane 4:​23, 24; 1 Yohane 5:3.

6. Yɛkɔ adesua a, nneɛma a yesua no bi ne sɛn?

6 Yɛkɔ adesua a yɛyɛ aso tie, efisɛ yɛdɔ nnipa. (Mat. 22:39) Yɛkɔ adesua a, Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so adɔ yɛn nuanom Kristofo ne wɔn a wɔnnya mmehuu no no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nhomawa a yɛato din, Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo no, aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛdɔ nnipa na yɛakyerɛkyerɛ wɔn yiye wɔ asɛnka mu. Ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne nkurɔfo befi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu anaa? Ɛnde, sɛ anuanom reyɛ asuafo dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua ase a, ma w’adwene nkɔ so paa.

7. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so tie Yehowa?

7 Yɛkɔ adesua a yɛyɛ aso tie, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetenam na yɛtena ase daa. Yehowa ka kyerɛɛ n’asomfo a wɔtenaa ase tete no sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔn ani gye wɔ asetenam na wɔtena ase daa a, ɛsɛ sɛ wɔtie no. Yɛn nso, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Deut. 32:​44-47) Yehia nkuranhyɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛde animia agyina ɔhaw a yehyia no ano kosi sɛ wiase foforo no bɛba. Enti sɛ yɛkɔ adesua na yɛyɛ aso tie no yiye a, ɛboa ma yenya nkuranhyɛ a ɛte saa. (Rom. 8:25) Ɛnnɛ paa na ɛho hia sɛ yɛyɛ aso tie Yehowa na yɛyere yɛn ho som no yiye, efisɛ yɛwɔ awiei mmere no mu.—Mat. 24:​42-44; Adi. 1:3.

SƐNEA YƐBƐBOA AFOFORO MA WƆATIE ASƐM WƆ ADESUA ASE

8. Anuanom mmarima a wɔkyerɛkyerɛ wɔ adesua ase no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yere wɔn ho ma wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn?

8 Anuanom mmarima a wɔkyerɛkyerɛ wɔ adesua ase, ɛnkanka wɔn a wɔma baguam ɔkasa no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yere wɔn ho ma wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Sɛ anuanom mmarima gye bere siesie wɔn kasa yiye na wɔde gyina Bible no so a, etumi twe nkurɔfo ba nokware no mu. Afei nso ɛboa wɔn nuanom Kristofo ma wɔkɔ so de anigye som Yehowa. Ɛno nti, yɛn mu biara a yebenya dwumadi no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no yiye, efisɛ sɛnea ebetumi aboa afoforo no, ebia yɛn koraa ɛbɛyɛ yɛn nwanwa. Sɛ wunya dwumadi a, hwɛ sɛnea nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo. Ɛwom sɛ wɔn a wɔma baguam ɔkasa paa na saa nyansahyɛ yi kɔ ma wɔn, nanso sɛ yɛn mu biara nso nya dwumadi a, yebetumi de ayɛ adwuma.—2 Tim. 4:2; Tito 1:9.

9. Sɛ worema ɔkasa a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma ɛyɛ den ma w’atiefo sɛ wɔbɛte ase?

9 Hyehyɛ wo nsɛm yiye. Sɛ worema ɔkasa a, ɛnsɛ sɛ woma ɛyɛ den ma w’atiefo sɛ wɔbɛte ase. Sɛ asɛm a woreka no yɛ nwonworann a, w’atiefo no adwene bekyinkyin. Wobɛyɛ dɛn na wo kasa no anyɛ nwonworann? Nea edidi so yi betumi aboa wo: (1) Ɔkasa no ahyɛase pɛɛ no, bɔ mmɔden ma wɔnhu nsɛntitiriw a worebɛka ho asɛm. (2) Afei wofa asɛntitiriw biara a, na woaka ho asɛm. Sɛ woka asɛntitiriw bi ho asɛm wie na worekɔ foforo so a, wubetumi ahome so kakra na ama w’atiefo no ahu sɛ worebɛkɔ asɛntitiriw foforo so. (3) Ɔkasa no awiei no, bɔ nsɛntitiriw no nyinaa mua.

10. Adɛn nti na ɛho hia sɛ woma w’ani gye nea worekɔka no ho?

10 Bɔ mmɔden ma w’ani nnye nea worekɔka no ho. Nea worekɔka no sɛ w’ani gye ho a, wode ahokeka na ɛbɛkyerɛkyerɛ mu. (Mmeb. 2:​4, 5; Aso. 4:20) Kyerɛwnsɛm ne nsɛntitiriw a ɛwɔ wo kasa no mu no, sɛ wudwinnwen ho a ɛbɛma w’ani agye nea worekɔka no ho. Onua bi a ɔwɔ United States a w’adi boro mfe 70 da so kae ɔkasa bi a otiei bere a na ɔyɛ aberante no. Ɔka sɛ: “Ɔkasafo no kaa sɛ, sɛ yɛrekenkan Bible a yennwinnwen ho nkɔ akyiri. Onua no de ahotoso kasae na ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ no. Saa ɔkasa no kaa me koma paa; ɛmaa mihuu sɛnea mɛkenkan Bible adwinnwen ho anya so mfaso na mabɛn Yehowa.”

11. Sɛ obi rema ɔkasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama atiefo no anya ɔkasa no so mfaso? (1 Timoteo 4:​13-16)

11 Dwinnwen nea ɛbɛboa w’atiefo ho na kyerɛ wɔn biribi pɔtee a wɔbetumi ayɛ. Sɛ́ anka wobɛka nsɛm traa no, fa Bible mu asɛm pɔtee bi hyɛ wɔn nkuran, na kyerɛ wɔn sɛnea wɔde asɛm no bɛyɛ adwuma wɔ wɔn abrabɔ mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a na Timoteo reboa anuanom a wɔwɔ Efeso no, ɔsomafo Paul kyerɛɛ no nneɛma pɔtee bi a obetumi ayɛ na ama ne gyidi akɔ so ayɛ den. (Kenkan 1 Timoteo 4:​13-16.) Sɛ wudwen nea ɛbɛboa w’atiefo ho a, ɛbɛma woaka biribi pɔtee a ɛbɛboa wɔn wɔ wɔn asetena mu.

12. Sɛ worema ɔkasa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wufi wo koma mu kasa?

12 Sɛ woresua wo kasa no a, bobɔ so ma empue w’ano; ma ɛnyɛ sɛ wo ara na wode wo nsɛm rekasa. Sɛ anka wobɛkyerɛw wo kasa no mu nsɛm nyinaa na wakenkan akyerɛ atiefo no, fi wo koma mu kasa na ɛnyɛ te sɛ nea wo ne w’atiefo no rebɔ nkɔmmɔ. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbetie. Nhomawa a yɛato din, Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho no ka sɛ: “Kasa sɛnea wokasa daa no, na fi wo komam kasa, na ama atiefo no ahu sɛnea wote nka wɔ asɛm a woreka no ho, na wɔahu adwene a wowɔ wɔ wɔn ho.” Sɛ wufi wo koma mu kasa a, ɛbɛma wo kasa no aka w’atiefo no koma na akanyan wɔn ma wɔde nea woreka no ayɛ adwuma.

13. Sɛ worekɔma ɔkasa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ afotu fi ɔkasafo a ne ho akokwaw hɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Hwehwɛ afotu fi ɔkasafo a ne ho akokwaw hɔ. Wobɛyɛ no sɛn? Krataa a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no ne nhwehwɛmu biara a wobɛyɛ no, wubetumi de akyerɛ no ansa na woama ɔkasa no. Nyansahyɛ a ɔde bɛma wo no, fa ka wo de no ho. Ɛno da nkyɛn a, ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ woma kyerɛ no, na sɛ ohu sɛ baabi nkɔ yiye a ɔde ho afotu ama wo na aboa wo ma woatu mpɔn. (Mmeb. 1:5) Yɛn nyinaa wɔ biribi a yɛtɔ mu sin, enti ɛnyɛ bere nyinaa na ebia yebehu sɛ asɛm a yɛreka no, emu da hɔ anaa ɛtɔ asom. Yɛpɛ sɛ yɛn kasa tu mpɔn na yetumi kyerɛkyerɛ yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛboa yɛn atiefo ma wɔde nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no abɔ wɔn bra.a

Onua bi wɔ ɔkasa, na ɔrebobɔ so akyerɛ onua bi a ne ho akokwaw wɔ Ahenni Asa so; onua a ne ho akokwaw no rekyerɛkyerɛw nsɛm bi agu hɔ.

Hwehwɛ afotu fi ɔkasafo a ne ho akokwaw hɔ, na aboa wo ma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn (Hwɛ nkyekyɛm 13)


NEA ƐBƐBOA WO MA WOATUMI ATIE ASƐM YIYE

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 119 no? (Dwom 119:​24, 111, 167)

14 Sɛ yenya anisɔ kɛse ma Yehowa nkaesɛm a, ɛbɛma yɛatie asɛm yiye. Ɔhaw a yɛrehyia wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, yehia Onyankopɔn nkaesɛm na aboa yɛn ma yɛatumi agyina ano. (2 Tim. 3:1) Asɛm a wɔrekyerɛkyerɛ yɛn no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛate no mpɛn pii mpo a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 119 no, efisɛ na ɔwɔ anisɔ kɛse ma Onyankopɔn nkaesɛm.—Kenkan Dwom 119:​24, 111, 167.

15. Honhom fam aduan a yenya wɔ adesua ase no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so akyerɛ ho anisɔ?

15 Bere a na Israelfo no nam sare so no, Yehowa hwɛɛ wɔn, ɔmaa wɔn mana dii. (Ex. 16:​15, 31) Ahyɛase no de, na wɔn ani gye ho paa, na ɛyɛ wɔn dɛ, na ɛma wɔnyaa ahoɔden a na wɔhia. Nanso eduu baabi no, ebinom kaa sɛ mana no afono wɔn, enti na wɔn ani nsɔ bio. (Num. 21:5) Asuade a ɛwom ne sɛn? Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu honhom fam aduan a Yehowa de ma yɛn no animtiaa, anaa yɛka sɛ, sɛ wei de, yɛtaa sua. Mmom, ɛsɛ sɛ yehu sɛ honhom fam aduan a yenya no fi Yehowa hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ akoa nokwafo no ato ne bo ase asiesie ama yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛde nea yesua fi mu no yɛ adwuma a, ebetumi ama yɛanya daa nkwa.—Mmeb. 3:​13, 16-18; Yoh. 17:3.

16. Anuanom bi a wɔde mfe pii asom Yehowa no, dɛn na aboa wɔn ma wɔtumi tie asɛm yiye wɔ adesua ase? (Hwɛ adaka a yɛato din “Nea Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛatie Asɛm Yiye” no nso.)

16 Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi atie asɛm yiye. Anuanom bi a wɔde mfe pii asom Yehowa no, yɛnhwɛ nea aboa wɔn ma wɔtumi tie asɛm yiye wɔ adesua ase. Onuawa Ashley de bɛboro mfe 30 na asom Yehowa. Nea ɔka ni: “Nneɛma a yebesua wɔ adesua ase no, sɛ midi kan sua ansa na makɔ a, ɛma mitumi tie asɛm no yiye. Sɛ manni kan ansua a, ɛyɛ den ma me sɛ mɛma mmuae, na ɛma m’adwene kyinkyin.” Onua József nso asom Yehowa mfe 52 ni. Ɔka sɛ: “Sɛ asɛm no, mate da mpo a, m’ani gye ho sɛ mɛsan atie bio, efisɛ wobɛhwɛ no na wɔde biribi kakra aka ho. Ɛno ma da biara misua biribi foforo. Sɛ onua bi nnim ɔkasa ma papa mpo a, ɛnyɛ ɛno na mede m’adwene kɔ so, na mmom Bible mu asɛm a ɔrekyerɛkyerɛ mu no.”

Nea Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛatie Asɛm Yiye

Bere a wɔbisaa anuanom bi a wɔde mfe pii asom Yehowa sɛ dɛn na ɛboa wɔn ma wɔtumi tie asɛm yiye wɔ adesua ase no, nea edidi so yi na wɔkae:

  • Suefawn a ɔbɔɔ asu afe 1986 ka sɛ, “Sɛ wokɔ adesua a, tena anim. Woyɛ saa a, ɛbɛma wode w’adwene asi ɔkasafo no so na woahwɛ video ahorow no yiye.”

  • David a ɔno nso bɔɔ asu afe 1983 ka sɛ, “Mebɔ Yehowa mpae mpɛn pii sɛ ɔmmoa me ma memfa m’adwene nsi adesua no so. Mekae me ho sɛ adesua a mɛkɔ, m’adwene a mede besi adesua no so, ne me ho a mede bɛhyɛ adesua no fã biara mu no, ɛka me som ho.”

  • Nicolas bɔɔ asu afe 1982. Ɔno nso ka sɛ, “Obiara a ɔyɛɛ dwumadi a ɔkaa asɛm bi, ɔyɛɛ nhwɛso bi anaa ɔmaa mfatoho bi a w’ani gyee ho no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkamfo no.”

  • Augustin nso bɔɔ asu afe 1988. Ɔka sɛ, “Sɛ akoa nokwafo no kɔfa biribi a yɛasua pɛn ba sɛ yɛnsan nsua bio a, ɛyɛ a meka kyerɛ me ho sɛ, ɛnde na ɛyɛ honhom fam aduan a aba wɔ ne bere mu.”

17. Dɛn na woyɛ a ebetumi ama woatie asɛm yiye wɔ adesua anaa nhyiam ase? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Ebia nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo ma woatie asɛm yiye. (1) Sɛ wubedidi ansa na woakɔ adesua a, hwɛ na woannidi pii, na amma woanna. (2) Du hɔ ntɛm na pɛ baabi tena ansa na dwumadi no afi ase. (3) Fa wo fon anaa wo tablɛt to silent, na mma ɛntwetwe w’adwene bere a adesua rekɔ so. (4) Nea yebesua wɔ adesua ase no, di kan dwinnwen ho. (5) Sɛ adesua no rekɔ so a, ma w’adwene nkɔ ɔkasafo no so. (6) Wubetumi akyerɛkyerɛw nsɛm ntiantiaa bi agu hɔ anaa woadrɔdrɔ nneɛma bi a ɛbɛma woakae adesua no mu nsɛntitiriw. (7) Sɛnea ɔkasafo no kyerɛkyerɛ kyerɛwnsɛm atitiriw no mu nnidiso nnidiso no, bɔ mmɔden fa w’adwene kɔ so. (8) Bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi aboa obi wɔ asafo no mu anaa asɛnka mu?’ (9) Sɛ worekɔ nhyiam nso a, di kan hwɛ program no, na hwɛ ɛda biara asɛmti, ɔkasa ahorow a wɔbɛma ne kyerɛwnsɛm a ɔkasa biara gyina so. (10) Ansa na nhyiam no befi ase no, tena ase komm tie nnwom ne nnwom ho video a wɔbeyi no. Woyɛ saa a, na woresiesie wo koma ama dwumadi no.

Ɔwɛn-Aban Adesua rekɔ so, na onua bi resɛnde tes mɛsegye akɔma n’adamfo.

Kɔ so tie Yehowa nkaesɛm; mma fon ne tablɛt nntwetwe w’adwene (Hwɛ nkyekyɛm 17)


KƆ SO TIE YEHOWA

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie asɛm yiye wɔ adesua ase?

18 Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie asɛm yiye wɔ adesua ase, efisɛ yɛyɛ saa a, na yɛrema Yehowa de yɛn ‘afa ɔkwantrenee so.’ (Dw. 23:3; 31:3) Afotu ne nkaesɛm a wɔde ma yɛn no boa yɛn na yɛamfom kwan. Anyɛ saa a yɛbɛyɛ sɛ po so hyɛn a mframa rebɔ no kɔ baabi a ɛpɛ. Enti ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ sɛnea yetie asɛm yiye’, na yɛde afotu a wɔde ma yɛn wɔ adesua ase no yɛ adwuma. (Luka 8:18) Wɔn a wɔtie Yehowa no ani begye nnɛ, na daakye nso wɔanya daa nkwa.—Dw. 119:​2, 14.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie asɛm yiye wɔ adesua ase?

  • Anuanom mmarima a wɔkyerɛkyerɛ wɔ adesua ase no, wɔbɛyɛ dɛn aboa afoforo ama wɔatie asɛm yiye?

  • Dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi atie asɛm yiye?

DWOM 87 Bra! Benya Ahotɔ

a Sɛ worepɛ nyansahyɛ foforo a ebetumi aboa wo ma wo kasa atu mpɔn na woatumi akyerɛkyerɛ yiye a, hwɛ nhomawa a yɛato din Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho ne Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena