Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 March kr. 2-7
  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’ Wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’ Wɔ Asɛnka Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DWEN W’ATIEFO HO
  • FA BIBLE NO DI DWUMA
  • BOA WƆN MA WƆNHU YEHOWA YIYE
  • KƆ SO ARA MA WO NKYERƐKYERƐ NTU MPƆN
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnso Nokware No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • “Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa” No Betie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 March kr. 2-7

MAY 4-10, 2026

DWOM 53 Siesie Wo Ho Kɔka Asɛmpa

Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’ Wɔ Asɛnka Mu

“Ka asɛm no; . . . fa abotare ne nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn yɛ ne nyinaa.”—2 TIM. 4:2.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ asɛnka mu.

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden yɛ, na adɛn ntia? (2 Timoteo 4:2) (Hwɛ mfoni no nso.)

YESU ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Monkɔyɛ asuafo, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’ (Mat. 28:​19, 20) Asɛm a Yesu kae yi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo. Ɛwom, sɛ Yehowa hu wɔn a wɔwɔ “koma pa” a, abɔfo no boa yɛn ma yɛkɔ wɔn nkyɛn. (Aso. 13:48; Yoh. 6:44; Adi. 14:6) Nanso ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn fam de. Wo de, yɛnhwɛ ɔsomafo Paul ne Barnaba. Bible ka sɛ, bere a wɔkaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu wɔ Ikoniom no, “sɛnea wɔkasae no maa Yudafo ne Greecefo dɔm kɛse bi bɛyɛɛ gyidifo.” (Aso. 14:1) Wei kyerɛ sɛ na Paul ne Barnaba asua sɛnea wɔbɛma wɔn ‘nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.’ (Kenkan 2 Timoteo 4:2.) Enti ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɔ mmɔden ma wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn.

Paul de ahotoso rekasa wɔ hyiadan bi mu, na nkurɔfo ayɛ aso retie. Barnaba te Paul akyi rehwɛ no, na n’ani agye ne nkyerɛkyerɛ no ho.

Yesu ne n’asuafo te sɛ Paul ne Barnaba sei, sɛnea na wɔn ‘nkyerɛkyerɛ tu mpɔn’ no, yebetumi asuasua (Hwɛ nkyekyɛm 1)


2. Adɛn nti na ebinom te nka sɛ ɛnyɛ ade a wɔn nkyerɛkyerɛ betumi atu mpɔn?

2 Ebinom wɔ hɔ a, wɔte nka sɛ ɛnyɛ ade a wɔn nkyerɛkyerɛ betumi atu mpɔn, efisɛ wɔankɔ sukuu annu akyiri, anaa wɔnnim sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye. Bible mu mpo, ebinom tee nka saa; na ɛyɛ wɔn sɛ adwuma a Yehowa de rehyɛ wɔn nsa no, wɔrentumi nyɛ. (Ex. 4:10; Yer. 1:6) Ebinom nso wɔ hɔ a, sɛnea afoforo kyerɛkyerɛ wɔn Bible asuafo ma wɔtumi nya nkɔso no, wɔhu sɛ wɔntumi nyɛ no saa, enti ɛyɛ a na wɔn abam abu, efisɛ ɛyɛ wɔn sɛ wɔnnim nkyerɛkyerɛ. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ obiara a yɛka asɛmpa no kyerɛ no na obetie. Afei, sɛ obi bɛba abɛsom Yehowa oo, sɛ ɔremmɛsom no oo, ennyina sɛnea yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn nko ara so. Sɛnea yɛadi kan aka no, Yehowa ne abɔfo no na ɛboa yɛn ma yɛhwehwɛ komapafo. Ne nyinaa mu no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ka asɛm no ma ɛtɔ nkurɔfo koma so. Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ asɛnka mu.

DWEN W’ATIEFO HO

3. Dɛn na ɛmaa Yesu nkyerɛkyerɛ kaa n’atiefo koma?

3 Bible ka sɛ, na Yesu ‘nim nea ɛwɔ onipa mu.’ (Yoh. 2:25) Saa asɛm no kyerɛ sɛ na Yesu nim sɛnea nnipa dwen ne sɛnea wɔte nka. Enti na Yesu tumi kyerɛkyerɛ ma ɛka n’atiefo koma, efisɛ na onim nsɛm a ɔka a ɛbɛboa wɔn. Ná nyamesom akannifo no ahyehyɛ mmara pii ama nkurɔfo no ma ayɛ adesoa ama wɔn, enti Yesu hui sɛ Onyankopɔn asɛm ho sukɔm de wɔn. (Mat. 9:36; 23:4) Enti nea ɛbɛboa wɔn ma wɔn kɔn mu adwo wɔn no, ɛno ho asɛm na Yesu kae wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu. Ná nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbetie Yesu, efisɛ na ɔka nsɛm a ɛda wɔn koma so.

4. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen nkurɔfo ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no, sɛ yɛbɔ mmɔden hu nea wɔrefa mu a, ɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Obiara a yebehyia no wɔ asɛnka mu no, Satan wiase no remia no wɔ baabi. Sɛ yɛma wei tena yɛn adwenem a, ebetumi aboa yɛn ma yɛate wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ase. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, asɛm bi asi nnansa yi a abɛyɛ dadwen ama wɔn anaa? Awofo suro sɛ wɔn mma kɔ sukuu a biribi bɔne bɛto wɔn anaa? Nkurɔfo nnya adwuma nyɛ anaa? “Mmere a emu yɛ den” yi mu no, asetena no remia nkurɔfo paa, na wɔnni Bible mu anidaso biara. Sɛ wode w’adwene bu nea wɔrefa mu no a, ɛbɛma woahwehwɛ nsɛm a woka a ɛbɛka wɔn koma.—2 Tim. 3:1; Yes. 65:​13, 14.

Mfoni: Ansa na onuawa bi bɛkɔ asɛnka no, ɔredwinnwen ɔhaw a nkurɔfo rehyia wɔ n’asaasesin mu ho. 1. Ɔbaatan bi aka ne ba kumaa afam ne ho, efisɛ ɔbarima bi apoma ne nsa pɛ sɛ ɔboro wɔn. 2. Ababaa bi renom sigaret. 3. Ɔbea bi a ne mfe akɔ anim akohu dɔkta, na dɔkta no reka akyerɛ no sɛ n’apɔwmuden nkɔ yiye.

Wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no, bɔ mmɔden hu nea wɔrefa mu, na ma wɔnhu sɛ wudwen wɔn ho (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Adɛn nti na na Yesu nte sɛ Farisifo no? (Mateo 11:​28-30)

5 Sɛnea Yesu ne n’atiefo dii no ma wɔhui sɛ odwen wɔn ho. Nanso Farisifo no de, na wɔbu mpapahwekwa no animtiaa na na wɔmfa wɔn nyɛ hwee. (Mat. 23:13; Yoh. 7:49) Ná Yesu bu nnipa, na na ɔne wɔn di no yiye. Ná ‘odwo, na na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’; ɛno ka ho bi paa nti na ne nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn saa no. (Kenkan Mateo 11:​28-30.) Yɛn nso, wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ yebu wɔn na yɛne wɔn di no yiye.

6. Wɔn a wɔntie asɛmpa no anaa wɔsɔre tia yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn ne wɔn adi no yiye na yɛakyerɛ sɛ yebu wɔn?

6 Sɛ ebinom antie asɛm a yɛka no, anaa wɔsɔre tia yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yesu ma yehu sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bi tua wɔn ka. Nanso yɛyɛ saa a, na yenwiei. Ɔkaa sɛ, ‘yɛnyɛ wɔn a wɔtan yɛn no papa,’ ‘yenhyira wɔn a wɔdome yɛn,’ na ‘yɛmmɔ mpae mma wɔn a wɔyeyaw yɛn’ no mpo. (Luka 6:​27, 28) Sɛ yebetumi de Yesu asɛm yi ayɛ adwuma a, wɔn a wɔntie asɛm a yɛka no, ɛnsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma wɔn. Ɛwom, ebinom mpɛ yɛn anim ahwɛ koraa, nanso afoforo de, nea enti a wɔntie asɛmpa no ara ne sɛ, ebia na abusua mu dadwen anaa ɔhaw bi reteetee wɔn. Ebinom nso wɔ hɔ a, ebia bere a yɛkɔɔ hɔ no na na enye mma wɔn. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn anom kasa yɛ dɛ bere nyinaa na nkyene ba mu, na yɛahu sɛnea yebebua obiara.’ (Kol. 4:6) Enti ɛsɛ sɛ yenya tema ma nkurɔfo, na yɛbɔ mmɔden hu nea wɔrefa mu. Ɛba saa na wɔyɛ biribi a yɛn ani nnye ho a, ɛremma yɛn bo mfuw. Mmom yɛbɛhwehwɛ nsɛm a ɛbɛboa wɔn na yɛde akyerɛkyerɛ wɔn.

FA BIBLE NO DI DWUMA

7. Dɛn na Yesu de kyerɛkyerɛɛ n’atiefo? (Yohane 7:​14-16)

7 Yesu ammɔ ne tirim ankyerɛkyerɛ; ɔde ne nkyerɛkyerɛ gyinaa Onyankopɔn Asɛm no so. Ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛɛ n’atiefo no nti, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛte ase na wɔakae. Bible ka sɛ, Yesu kyerɛkyerɛe “sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.” Wei yɛɛ nkurɔfo no “nwonwa.” (Mar. 1:22) Akyerɛwfo a na wɔwɔ Yesu bere so no, rabbifo a na nkurɔfo bu wɔn paa no nsɛm na na wɔde kyerɛkyerɛ afoforo. Nanso Yesu de, nea na ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu na na ɔde kyerɛkyerɛ. Ná Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a watena soro pɛn, enti anka obetumi de ne nyansa bebrebe no akeka nsɛm akɛseakɛse ama n’atiefo no ate nka sɛ wɔnnim hwee, nanso wanyɛ saa. Mmom, ɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn ma wɔhuu nea Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ. (Kenkan Yohane 7:​14-16.) Yesu atwa sa pa ato hɔ ama n’akyidifo nyinaa.

8. Sɛn na ɔsomafo Petro suasuaa Yesu?

8 Yesu asuafo no nso de wɔn nkyerɛkyerɛ gyinaa Onyankopɔn Asɛm no so. Wo de, yɛnhwɛ ɔkasa bi a ɔsomafo Petro mae wɔ Pentekoste da no. Ná Petro nyɛ obi a wasua nhoma kɔ akyiri saa. Nanso nkɔmhyɛ ahorow a Yesu ma ɛbaa mu no, ogyinaa Kyerɛwnsɛm no so kyerɛkyerɛɛ mu fann ma ɛkaa n’atiefo koma. (Aso. 2:​14-37) Owiei no, dɛn na esii? “Wɔn a wɔde anigye gyee n’asɛm no, wɔbɔɔ wɔn asu. Na saa da no, wɔde nnipa bɛyɛ 3,000 bɛkaa wɔn ho.”—Aso. 2:41.

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Bible no kyerɛkyerɛ?

9 Sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ bɛka yɛn atiefo koma a, Bible no paa na ebetumi aboa. (Heb. 4:12) Enti, Bible no na ɛsɛ sɛ yɛde kyerɛkyerɛ. Onyankopɔn “asɛm no” na yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo, na ɛnyɛ yɛn ara yɛn tirim asɛm. (2 Tim. 4:2) Mmebusɛm 2:6 ka sɛ: “Yehowa ankasa na ɔma nyansa, na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba.” Enti sɛ yɛde Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ nkurɔfo a, na yɛama wɔretie Yehowa anom asɛm. (Mal. 2:7) Yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ afotu ne akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, nnipa nyansa nnu ho baabiara. Bible no fi Onyankopɔn hɔ, na ɛma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛsɔ n’ani, ne nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani agye.—2 Tim. 3:​16, 17.

10. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn suani ama wahu sɛ nea ɔresua no fi Bible mu?

10 Sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ Bible adesua a, bisa wo ho sɛ, ‘kyerɛwnsɛm ahorow bɛn na yesusuw ho a, ɛbɛma me suani no ahu sɛ nea ɔresua no fi Bible mu?’ Ma wo suani no nhu sɛ, ɛwom, mfoni ne video ahorow no boa ma ɔte adesua no ase, nanso Bible no paa na adesua no gyina so. Kyerɛwnsɛm a ɛbɛboa ma wate adesua no mu nsɛntitiriw no ase no, monkenkan na munsusuw ho. Sɛ moresusuw mfoni anaa video bi ho a, ma osuani no nhu Bible mu asuade a mfoni anaa video no reka ho asɛm. Wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wokasa pii anaa mokenkan kyerɛwnsɛm biara a ɛwɔ adesua no mu. Mmom, ma osuani no bere ma ɔmfa nnwinnwen kyerɛwsɛm a mobɛkan biara ho; sɛ ehia sɛ mosan kan bio mpo a, monyɛ saa. Ɛba saa a, ɛbɛda adi sɛ ɛnyɛ nhoma bi kɛkɛ na moresua, anaa mfoni anaa video adesua bi na moreyɛ, mmom Bible adesua.—1 Kor. 2:13.

11-12. (a) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ yɛn Bible asuafo ho abotare? (Asomafo Nnwuma 17:​1-4) (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ebinom hu fa Bible no ho, na yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?

11 Sɛ ɛyɛ den ma wo suani bi sɛ ɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase a, kɔ so ara fa “abotare” kyerɛkyerɛ no. Kae sɛ, ɛnyɛ obiara na n’adwene kyere ade ntɛm. Nkyerɛkyerɛ bi a ɛyɛ koko ma yɛn no, ebinom wɔ hɔ a ebegye bere ansa na wɔate ase. Yɛhwɛ Yudafo a na wɔwɔ Tesalonika no sei a, ɛnyɛ bere a edi kan a Paul kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no ara na wɔtee ase; ɔkɔɔ wɔn nkyɛn mpɛn pii ne wɔn kosusuw Kyerɛwnsɛm no ho ansa na wɔn mu binom rete ase.—Kenkan Asomafo Nnwuma 17:​1-4.

12 Ade foforo a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ abotare ni: Sɛ yebisa yɛn asuafo nsɛm a, enni sɛ yɛpere yɛn ho kasa, mmom yɛbɛtwɛn ama wɔama mmuae. Sɛ wɔrekasa a, yɛ aso tie na ama woahu nea ɛwɔ wɔn tirim. Afei kenkan kyerɛwnsɛm pɔtee a ɛbɛma wɔahu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Ebinom wɔ hɔ a, wɔnnim ade a yɛfrɛ no Bible na kampɛsɛ wɔahu nea ɛwom. Enti sɛ wode bi kɔkyerɛ wɔn a, ebia wɔbehu sɛ Bible yɛ nhoma a ɛsõ, na nsɛm pii wom a ebetumi aboa wɔn. Asɛm bi wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no anim hɔ a yɛato din, “Nea Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu.” Wubetumi atwe adwene asi so de aboa wɔn ama wɔahu nsɛntitiriw a ɛwɔ Bible mu no bi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, asɛmmisa a ɛtɔ so 15 no sei, kyerɛwnsɛm ahorow bi wɔ hɔ. Mubetumi akenkan emu baako anaa mmienu na woakyerɛkyerɛ mu ama wɔahu sɛ Bible betumi aboa yɛn ama yɛn ani agye wɔ asetenam. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu no, sɛ woboa wo Bible asuafo ma wɔhu a, ɛkyerɛ sɛ wo nkyerɛkyerɛ tu mpɔn.

Onuawa a na ɔwɔ mfoni baako no mu no, ɔne ɔbea a na ɔrenom sigaret no te bɛnkye bi so wɔ abɔnten baabi reyɛ Bible adesua. Ɔbea no rekasa, na onuawa no ayɛ aso retie no.

Sɛ obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a, ɔto ne bo ase tie asɛm na ɔnkasa pii (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)


BOA WƆN MA WƆNHU YEHOWA YIYE

13. Hena na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ hyɛ no anuonyam? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

13 Yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔhu Yehowa yiye na wɔfa no adamfo. (Yak. 4:8) Yɛn adwuma no te sɛ obi a ɔretwa sini. Wɔn a wɔbɛba sini no mu no, wɔn na ɔde kamera no twa wɔn, na ɔmfa ntwa ɔno ara ne ho. Yɛn nso, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ hyɛ yɛn ho anuonyam, mmom ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ Yehowa anuonyam.

14. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛboa yɛn Bible suani ma wayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani?

14 Sɛ wo ne obi resua Bible a, boa no ma ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu nyɛ den. Ɛba saa a, ɛbɛkanyan no ma wayɛ nea ɛsɔ n’ani. (Mmeb. 27:11) Ɛnyɛ sɛ woreboa no ama wabɛdɔm kuw bi, enti ɛsɛ sɛ ohu kuw no mmara na odi so. Mmom, wopɛ sɛ woboa no ma ɔyɛ nsakrae a ɛbɛma wasɔ Yehowa ani. Enti, sɛ ɛyɛ den ma wo Bible suani no sɛ obegyae subammɔne bi a, wubetumi abisa no nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi: “Adɛn nti na Yehowa kyi saa suban yi? Adɛn nti na biribi a w’ani gye ho no, Yehowa pɛ sɛ wugyae? Adɛn nti na pɛ a Yehowa pɛ sɛ wugyae no kyerɛ sɛ ɔdɔ wo?” Sɛ woboa wo suani no ma odwen Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho kɔ akyiri a, ɛbɛma wahu sɛ Yehowa dɔ no paa, na ɛbɛkanyan no ma wayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.

KƆ SO ARA MA WO NKYERƐKYERƐ NTU MPƆN

15. Dɛn na wubetumi ayɛ ama wo nkyerɛkyerɛ akɔ so atu mpɔn?

15 Dɛn na wubetumi ayɛ na wo nkyerɛkyerɛ akɔ so atu mpɔn? Wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nea ɛnkɔ yiye wɔ wo nkyerɛkyerɛ ho na woatumi ayɛ nsakrae. (1 Yoh. 5:14) Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ woyɛ biribi a ɛbɛma Yehowa ahu sɛ woammɔ mpae no kwa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ntetee a Yehowa de ma yɛn wɔ asafo nhyiam ase no, ɛsɛ sɛ wofa no aniberesɛm na wode yɛ adwuma. Afei nso, wubetumi ne anuanom a wɔnim nkyerɛkyerɛ akɔyɛ wo Bible adesua. Wuwie a, wubetumi abisa wɔn ma wɔakyerɛ wo nea woyɛ a wubetu mpɔn. Bio nso, sɛ woresiesie wo ho ne obi akosua ade a, kae sɛ ɛnyɛ nea wunim nyinaa na onim. Enti wubetumi afa no sɛ wo ne osuani no, na woahwɛ nsɛm a ebia obebisa ne sɛnea ɔbɛte adesua no ase. Afei, sɛ wo ne no resua ade a, boa no ma onhu mfaso a ɛwɔ asɛmpa no so. Wei betumi aboa no ma wafa Yehowa adamfo na wanya anigye ankasa.—Dw. 1:​1-3.

16. Yɛkɔ so ma yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

16 Nea ɛma yɛn ani gye paa no, baako ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔabehu Yehowa. Wiase foforo no mu no, nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi bɛkɔ so. Enti yɛreka asɛmpa no a, momma yɛnnwen yɛn atiefo ho, yɛmfa Onyankopɔn Asɛm no nni dwuma, na yɛmmoa nkurɔfo ma wɔmmehu Yehowa. Yɛyɛ saa a, yɛn nkyerɛkyerɛ betu mpɔn wɔ asɛnka mu.

WUBEBUA SƐN?

  • Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudwen w’atiefo ho?

  • Worekyerɛkyerɛ a, adɛn nti na ɛho hia sɛ wode Bible no di dwuma?

  • Wobɛyɛ dɛn aboa wo suani ma wahu Yehowa yiye?

DWOM 65 Kɔ W’anim!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena