AUGUST 24-30, 2026
DWOM 65 Kɔ W’anim!
Sɛnea Asɛnka Kuw Nhyehyɛe No Boa Yɛn
“Mede me koma nyinaa beyi Yehowa ayɛ wɔ teefo nhyiam ase.”—DW. 111:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea yɛn asɛnka kuw boa yɛn.
1-2. Sɛn na ebinom te nka wɔ asɛnka kuw ahorow no ho?
WOKAE da a mpanyimfo no penee wo so sɛ bɛyɛ ɔdawurubɔfo no? Saa da no, yegye di sɛ w’ani gyei paa, efisɛ anuanom a wɔrebɔ Yehowa din dawuru wɔ wiase baabiara no, wobɛkaa wɔn ho. (Dw. 148:1, 2, 12, 13) Saa da no ara nso, ebia wobɛkaa kuw ketewa bi a anuanom kakraa bi na wɔwom ho; ɛno ne w’asɛnka kuw no. Adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa “wɔ asaase so nyinaa” no, asɛnka kuw ahorow no boa yɛn paa ma yetumi yɛ.—Mat. 24:14.
2 Asɛnka kuw ahorow a ɛboa yɛn ma yɛka asɛmpa no, wuhu no sɛn? Onuawa bi a ne din de Wendya ka sɛ: “Asɛnka kuw a mewom no aboa me papaapa. Masua akwan foforo a metumi afa so aka asɛmpa no afi me kuw mufo hɔ, na ama me nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Afei nso, kuw a mewom no aboa me ma mede botae pii asisi m’ani so, na matumi adu ho, na ama manya nnamfo pa pii nso.” Onua bi a ne din de Rich ka too so sɛ: “Hokwan a manya de resom sɛ kuw sohwɛfo no, ɛsom bo ma me paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ anuanom boa obi ma otumi bɔ asu a, ɛno akyi no, kuw sohwɛfo no nya hokwan soronko de boa onii no nkakrankakra ma onya nkɔso wɔ Yehowa som mu mfe pii.” Onuawa bi a ne din de Dinah nso ka sɛ: “Worennya sɛ wowɔ asɛnka kuw bi mu. M’asɛnka kuw mufo de, wɔte sɛ m’abusuafo.”
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa ho. Nea edi kan, yɛbɛhwɛ nea asɛnka kuw sohwɛfo ne ne boafo yɛ de boa wɔn a wɔwɔ wɔn asɛnka kuw mu. Afei, yɛbɛhwɛ nea yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa n’asɛnka kuw. Ne korakora no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛn asɛnka kuw no boa yɛn.
ASƐNKA KUW SOHWƐFO NE NE BOAFO
4. (a) Asɛnka kuw sohwɛfo adwuma titiriw ne sɛn? (b) Nneɛma bɛn na asɛnka kuw sohwɛfo yɛ de boa ne kuw mufo? (Hwɛ adaka a yɛato din “Nea Ebetumi Aboa Kuw Sohwɛfo.”)
4 Asɛnka kuw sohwɛfo yɛ asafo mu panyinb a, mpanyimfo kuw no apaw no sɛ ɔmmoa anuanom a ɛwɔ ne kuw mu ma wɔntumi nya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Ɔyɛ no sɛn? Nea edi kan, ankorankoro a wɔwɔ n’asɛnka kuw no mu no, ɔma n’ani kũ wɔn ho yiye. (Mmeb. 27:23) Esiane sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho nti, ɔtaa ne ne kuw no mufo di nsawɔso de hwɛ sɛnea nneɛma rekɔ wɔ wɔn asetena mu. Ɔyɛ saa a, ɛma ne kuw no mufo hu sɛ ɔdɔ wɔn, na otumi boa wɔn ma wɔbɛn Yehowa. Afei nso, onya hokwan yɛ nneɛma pɔtee bi de boa wɔn. (Mmeb. 12:25; Yes. 32:2; Yak. 2:15-17) Nea ɛtɔ so mmienu, ɔboa ɔdawurubɔfo biara a ɔwɔ ne kuw mu ma ɔde ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu yiye. Ɔde nsi ne ahokeka di asɛnka adwuma no anim, ɛnkanka nnawɔtwe no awiei. Afei nso, ɔtaa ne ɔdawurubɔfo biara yɛ asɛnka adwuma no, na ɔtete no. Sɛ biribi nti ɔrentumi nkɔ asɛnka a, ɔhwɛ hu sɛ ne boafo no anaa onua foforo a ɔfata bɛkɔ akosi n’ananmu. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɔtete anuanom mmarima a wɔabɔ asu ma wɔfata ma asafo no mu asɛyɛde ahorow. (1 Tim. 3:1) Oyi ne yam kamfo anuanom mmarima a wɔwɔ ne kuw no mu no, na ɔde Bible mu afotu ma wɔn. Afei nso, ɔtete wɔn ma wɔfata sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. Esiane sɛ adwuma a asɛnka kuw sohwɛfo yɛ no ho hia paa nti, mpanyimfo no hwɛ sɛ wɔbɛpaw ɔpanyin a ɔfata paa na wɔde dwumadi yi ahyɛ ne nsa.
5. Ɔhaw bɛn na akuw so ahwɛfo binom hyia?
5 Ebia nneɛma bi betumi ama ayɛ den ama kuw sohwɛfo bi sɛ ɔbɛboa ne kuw mufo sɛnea ɛsɛ. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Jörg. Ɔyɛ kuw sohwɛfo wɔ asafo bi mu wɔ Germany. Ɔka sɛ: “Sɛ́ ɛbɛyɛ a metumi ayɛ m’adwuma sɛ kuw sohwɛfo, na masan ayɛ nnwuma a ɛhyehyɛ me nsa wɔ asafo no mu nyinaa no, ɛtɔ da a na ayɛ asɛm. Ɛno nti, ɛyɛ a ɛyɛ den ma me sɛ metumi ne me kuw no mufo nyinaa adi nkitaho.” Yɛnhwɛ onua bi a wadi mfe 70 a ne din de Abel. Ɔyɛ asafo mu panyin a ɔwɔ Uganda, na ɔka sɛ: “Yenni asafo mu mpanyimfo ne asomfo bebree, enti asɛnka akuw ahorow a ɛwɔ yɛn asafo mu no, emufo dɔɔso. Wei nti, sɛnea anka mepɛ sɛ mehyɛ me kuw no muni biara nkuran no, ɛyɛ a mintumi nyɛ no saa.” Obed a ɔyɛ asafo mu panyin a ɔwɔ Suriname nso ka sɛ: “Ɛyɛ a m’ani gye ho sɛ mɛtete afoforo. Nanso egye bere ne mmɔdenbɔ, na ɛtɔ da a ɛkyɛ ansa na woahu ntetee a wode rema afoforo no so mfaso. Ɛno nti, ɛyɛ a ɛyɛ den ma me sɛ mɛtete afoforo.” Akuw so ahwɛfo a wɔhyia ɔhaw a ɛtete saa no, dɛn na ebetumi aboa wɔn?
6. Sɛ asɛnka akuw no yɛ nketewa a, sɛn na ɛboa kuw so ahwɛfo no?
6 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ asɛnka akuw no yɛ nketewa, sɛnea ɛbɛyɛ a akuw so ahwɛfo no behu wɔn kuw no mufo nyinaa yiye, na wɔaboa wɔn ama wɔn gyidi ayɛ den. Sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu nnɔɔso nso ɛ? Ɛba saa a, asafo mu mpanyimfo betumi ama asafo mu somfo ahwɛ kuw no bi so kosi sɛ wɔbenya ɔpanyin bi de ahyɛ ne nsa. Sɛ adawurubɔfo a ɛwɔ kuw no mu dɔɔso a, ebetumi ayɛ den ama akuw so ahwɛfo sɛ wɔn ani bekũ wɔn kuw no ho yiye. Akuw so ahwɛfo adwuma titiriw paa ne sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom ama wɔn gyidi ayɛ den. Enti sɛ akuw no yɛ nketewa a, ɛma wɔtumi yɛ wɔn adwuma no yiye.
7. Asafo a emu mpanyimfo nnɔɔso no, dɛn na akuw so ahwɛfo betumi ayɛ de aboa wɔn kuw no mufo nyinaa? (1 Petro 5:2) (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Sɛ woyɛ kuw sohwɛfo wɔ asafo a emu mpanyimfo nnɔɔso mu a, fa si w’ani so sɛ wobɛtete wo boafo no ma waboa wo ma woahwɛ Onyankopɔn nguankuw no so yiye. (Kenkan 1 Petro 5:2.) Fa nnwuma bi hyehyɛ wo boafo no nsa. Ebi ne sɛ, ɛtɔ da a, wubetumi ama wahwɛ asɛnka nhyiam so. Wubetumi ne no abom abɔ mpae na moahwɛ nea mubetumi ayɛ de aboa kuw no mufo ma wɔanya nkɔso. Sɛ worekɔsrasra kuw no mufo ahyɛ wɔn nkuran a, ɛyɛ a wo ne wo boafo no nkɔ. Ansa na mobɛkɔ no, wo ne no nsusuw nea mokɔ a mobɛka ho. Muwie nsrahwɛ no nso a, nea ɔbɔɔ mu mmɔden, ne nea ɛsɛ sɛ otu mpɔn wom no, ma onhu. Sɛ woyɛ saa a, edidi mu ara, ɔno nso betumi abɛyɛ kuw sohwɛfo. (2 Tim. 2:2) Anuanom a wɔwɔ wo kuw no mu a wɔn ho akokwaw no, wubetumi ama wɔn nso aboa wo ma woatete kuw no mufo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, akwampaefo ne anuanom a wɔn ho akokwaw no, wubetumi ama wɔne wɔn a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔn ho nhyɛɛ da nkokwawee akɔ asɛnka. Wɔbetumi aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbefi nkɔmmɔbɔ ase, na wɔayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua. Afei, momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa yɛn asɛnka kuw ama anya nkɔso.
Asafo mu panyin betumi atete asafo mu somfo a ɔwɔ n’asɛnka kuw mu; ebia obetumi ama wahwɛ asɛnka nhyiam so (Hwɛ nkyekyɛm 7)
BOA W’ASƐNKA KUW
8. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa w’asɛnka kuw? (Romafo 1:12)
8 Wo ne wo kuw mufo mmom nkɔ asɛnka. Sɛ wo ne afoforo kɔ asɛnka a, obiara nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ. (Kenkan Romafo 1:12.) Sɛ wo ne obi kɔ asɛnka a, ɛboa wo ma wunya akokoduru de di adanse. Afei nso, baabi a ɛhɔ yɛ hu no, wo ne obi nam a ɛbɔ wo ho ban. Sɛ w’adwuma nti wontaa ne wo kuw mufo nkɔ asɛnka a, wubetumi ne w’adwumawura akasa na woasrɛ no ahwɛ sɛ, nna a wode kɔ adwuma no, obetumi asesa mu ama wo anaa. Ebia ɔbɛte w’ase na wayɛ w’abisade no ama wo. (Neh. 2:4-6) Sɛ yare anaa onyin nti ɛyɛ den ma wo sɛ wubetutu wo nan akɔ asɛnka nhyiam a, ka ho asɛm kyerɛ wo kuw sohwɛfo. Ebia ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama woafa zoom so aba asɛnka nhyiam no bi, na ɛno akyi no wama wo obi a wo ne no bɛyɛ fon so adansedi anaa mobɛkyerɛw nkrataa de adi adanse. Woyɛ aberante anaa ababaawa a wusi pi si ta, nanso ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkɔ asɛnka daa anaa? Sɛ saa a, wubetumi ne wo kuw no muni bi ayɛ nhyehyɛe akɔ asɛnka nnawɔtwe biara. Ebia nneɛma a wode di kan wɔ w’asetena mu no, ebehia sɛ woyɛ mu nsakrae na wode Yehowa som mmom di kan. (Rom. 12:11; Kol. 4:5) Sɛ woyɛ saa a, wo ne wo kuw mufo nyinaa benya so mfaso. Enti bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ, ɔmma wo ‘ɔpɛ no ne ahoɔden a wode bɛyɛ.’—Filip. 2:13.
9. Dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn asɛnka kuw mu ayɛ dɛ? (Romafo 12:13)
9 Ma w’ani nnye ahɔhoyɛ ho. Sɛ yɛma yɛn ani gye ahɔhoyɛ ho a, ɛma yɛn asɛnka kuw no mu yɛ dɛ. (Kenkan Romafo 12:13.) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi ama asɛnka akuw no bi abɛyɛ asɛnka nhyiam wɔ yɛn fie. Nsafo bi wɔ hɔ a, wɔayɛ nhyehyɛe sɛ bere biara a ɔkasafo bi befi baabi abɛma ɔkasa wɔ wɔn hɔ no, kuw baako ne no bɛbom adidi. Sɛ ɛba sɛ ɔkasafo no ne wɔn ntumi mmehyia mu mpo a, ebia kuw no mufo bi bɛpɛ sɛ wɔhyiam didi na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran. Ɔkwampaefo titiriw bi a ne din de Sarah ka sɛ: “Sɛ mereto nsa afrɛ nkurɔfo aba me fie a, me yam tumi hyehye me, enti ɛyɛ a meyɛ no korokorowa. Sɛ́ anka medwen ho sɛ aduan no bɛyɛ dɛ anaa ɛrenyɛ dɛ no, me nuanom a me ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ ahu wɔn yiye no na mede m’adwene si so.” Sɛ obiara yɛ ne fam de de da ahɔhoyɛ adi wɔ asɛnka kuw no mu a, ɛma yɛbɛn Yehowa ne yɛn ho yɛn ho.—Neh. 8:10; Aso. 20:35.
10. Sɛ ehia sɛ yetu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no fa bi mu a, dɛn na yebetumi ayɛ? (Mmebusɛm 1:5; 27:17) (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Di kan tu anammɔn. Sɛ yetumi ka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ yiye a, yɛn ani begye ho sɛ daa yɛne yɛn asɛnka kuw bɛbom akɔ asɛnka. Sɛ wuhu sɛ ehia sɛ wutu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no fã bi mu a, ka ho asɛm kyerɛ wo kuw sohwɛfo, na ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa wo. Wubetumi nso aka ho asɛm akyerɛ ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw wɔ wo kuw no mu ma waboa wo. (Kenkan Mmebusɛm 1:5; 27:17.) Saa na onuawa bi a ne din de Heather yɛe. Ɔfɛre ade, nanso ɔka sɛ: “Meka kyerɛɛ ɔkwampaefo bi sɛ ɔmmoa me ma mintumi nyɛ sankɔhwɛ. Ɔne me yɛɛ nhyehyɛe a na ɔne me kɔ asɛnka daa, na oyii ne yam boaa me. Obi a na metaa kɔ ne kyɛn ne no kɔbɔ nkɔmmɔ no, ɔboaa me ma mitumi ne no fii ase suaa Bible. Ɛyɛ me dɛ sɛ mehwehwɛɛ mmoa, efisɛ seesei mekɔ asɛnka a m’ani gye.” Ɛda adi sɛ, akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so aboa yɛn asɛnka kuw.
Esiane sɛ asɛnka kuw no yɛ ketewa nti, ɛma yetumi hu kuw no mufo yiye, na yɛne wɔn bom yɛ asɛnka adwuma no (Hwɛ nkyekyɛm 10)
SƐNEA W’ASƐNKA KUW BOA WO
11-12. Asɛnka kuw nhyehyɛe no, honhom fam mmoa bɛn na ɛma yenya? Ma ho suahu.
11 Honhom fam mmoa. Asɛnka kuw no boa yɛn mu biara wɔ akwan pii so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa nam asɛnka kuw nhyehyɛe no so ma akunafo, nnyanka, nkwakoraa ne mmerewa nya nkuranhyɛ ne awerɛkyekye a wɔhia, efisɛ wɔda ne koma so paa. (1 Tes. 2:8; Yak. 1:27) Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, kuw sohwɛfo no betumi ahyɛ yɛn nkuran na wakyekye yɛn werɛ. Afei nso, sɛ yɛne yɛn asɛnka kuw no bom kɔ asɛnka a, ɛboa yɛn ma yesua sɛnea yɛbɛka asɛmpa no na yɛakyerɛkyerɛ yiye. Anuanom mmarima a wɔabɔ asu a wɔyɛ nhwɛso pa no nso, asɛnka kuw no ma wɔnya ntetee, na ɛboa wɔn ma wɔbeso asɛyɛde mu wɔ asafo no mu.—1 Tim. 3:10.
12 Wendy a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, yɛnhwɛ sɛnea asɛnka kuw nhyehyɛe no aboa no. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ na me papa ani nnye nokware no ho koraa nti, mpɛn pii no, na ɛyɛ den ma me maame sɛ ɔbɛkɔ akɔka n’asɛnka kuw ho ne wɔn akɔ asɛnka nnawɔtwe awiei. Nanso me de, na mitumi kɔ. Onuawa kwampaefo bi a n’ani afi faa me sɛ ne ba, na ɔtetee me yiye wɔ asɛnka adwuma no mu. Nea misua fii ne hɔ no aboa me wɔ asafo no mu nso. Mɛyɛ nhwɛso a, Bible mu afotu a na me kuw sohwɛfo de ma me no, aboa me ara abesi nnɛ.”
13. Sɛn na asɛnka kuw no boa yɛn ma yɛbemmɛn yɛn ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Ɛma yɛbemmɛn yɛn ho. Sɛ yɛne yɛn asɛnka kuw mufo bom yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma obiara bɛn ne yɔnko paa. (Filip. 1:27) Afei nso esiane sɛ asɛnka akuw no yɛ nketewa nti, sɛ obi fɛre ade anaa nnipa mu adeyɛ yɛ no den a, ebetumi ama ayɛ mmerɛw sɛ ɔbɛfa nnamfo wɔ kuw no mu. (2 Kor. 6:13) Mmere bɔne mu mpo, te sɛ bere a yɛyare, yɛn adwene atu afra, anaa yɛredi yɛn dɔfo bi wu ho awerɛhow no, saa nnamfo yi betumi abɛyɛ yɛn mmoa. (1 Tes. 5:14) Yenim sɛ ɛnyɛ nnɛ nko ara na yehia nnamfo; daakye koraa na yebehia wɔn kɛse. (Mat. 24:21) Ɔhaw a yehyia de, ebia ase rentu, nanso yenim sɛ yɛn nuanom wɔ hɔ ma yɛn na wɔbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ano.—Mmeb. 17:17.
Anuanom mmea mmienu bi a wɔwɔ asɛnka kuw baako mu abom rekɔ asɛnka (Hwɛ nkyekyɛm 13)
14. Sɛ atoyerɛnkyɛm anaa ɔhaw bi a yɛnhwɛ kwan si a, sɛn na yɛn asɛnka kuw no boa yɛn?
14 Ɔhaw bi to yɛn a, wɔboa yɛn. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si, yare bi tu atese, yare bi bɔ yɛn putupuru, wɔtan yɛn ani, anaa yɛn sikasɛm nkɔ yiye a, yɛn asɛnka kuw mufo boa yɛn. Sɛ asɛm saa si a, asafo biara mu no, Ɔsom Boayikuw no ne akuw so ahwɛfo no hyia hwɛ nea wɔbetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔhia mmoa soronko. Akuw so ahwɛfo no di anim ma wɔhwɛ sɛ wɔbehu baabi a kuw no muni biara wɔ, na wɔahu mmoa a wɔbetumi de ama wɔn. Ebia na wɔbehia ayarehwɛ, aduan, nsu, dabere ne ntaade. Momma yɛnka, na asɛnka kuw nhyehyɛe no boa yɛn paa!
15. Dɛn na ehia Yehowa asomfo nyinaa?
15 Sɛnea yɛahu no, Yehowa abusua no so paa. Ne fã a ɛwɔ soro no nko ara mpo, abɔfo anokwafo ɔpepepem pii na ɛwom. Ne fã a ɛwɔ asaase so ha nso, emu nnipa boro ɔpepem nkron, na ade rekye a ade resa nyinaa, ebi bɛka ho. (Sak. 8:23; Adi. 5:11) Yehowa asomfo a wɔwɔ soro ne asaase so nyinaa, ade a ehia wɔn paa ne sɛ nnipa bebree bɛte Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. (Adi. 14:6, 7) Momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho sɛ yebenya asɛnka kuw nhyehyɛe no so mfaso, efisɛ ɛboa yɛn ma yefi yɛn koma nyinaa mu yi Yehowa ayɛ.—Dw. 111:1.
DWOM 61 Adansefo, Monkɔ Mo Anim!
a Wɔasesa edin no bi.
b Sɛ asafo mu panyin nni hɔ a, wɔbetumi ama asafo mu somfo a ɔfata ahwɛ kuw no so kosi sɛ wɔbenya ɔpanyin bi de ahyɛ ne nsa. Asafo mu somfo a ɔhwɛ kuw so no, wɔfrɛ no kuw somfo efisɛ ɔnyɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu. Mmom, biribiara a ɔyɛ biara no, mpanyimfo kuw no na ɛde ho akwankyerɛ ma no.