Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Ɛnnɛ

Fida, October 16

Mma wo koma mmman nnkɔfa n’akwan so. Mfom nkɔfa n’anammɔnkwan so.—Mmeb. 7:25.

Asɛm a Solomon kae yi, ɛma yehu nea ebetumi ato Yehowa somfo biara. Ebia obi betumi ayɛ bɔne kɛse, na akyiri yi, wate nka sɛ esii “prɛko pɛ,” anaa ebia ɔbɛka sɛ, wanhu nea ɛyɛe. Nanso sɛ odwen nea esii no ho a, ebia obehu sɛ otutuu anammɔn bi a ɛmfa kwan mu, na ɛno na ɛma ɔyɛɛ bɔne. Ebia ɔfaa nnamfo bɔne, ɔde nneɛma a ɛmfata gyigyee n’ani, ɔhwɛɛ nneɛma a ɛmfata wɔ Intanɛt so, anaa na ɔtaa kɔ mmeae a ɛmfata Kristoni. Ebi nso a, na wagyae mpaebɔ, Bible akenkan, adesuakɔ anaa asɛnkakɔ. Enti sɛ wohwɛ mu paa a, na ne tebea no akɔsɛ aberante a Mmebusɛm nhoma no ka ne ho asɛm no; ebia wanyɛ bɔne no “prɛko pɛ” saa. Dɛn na yesua fi mu? Ɛnyɛ bɔne nko na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na mmom, anammɔn a ɛbɛkɔ akowie bɔne mu no nso, ɛsɛ sɛ yɛkwati. Bere a Solomon kaa aberante ne ɔbea a ne bra asɛe no ho asɛm wiei no, osii saa nokwasɛm yi so dua.—Mat. 5:​29, 30. w24.07 16 ¶10-11

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2026

Memeneda, October 17

Yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte anwenne mu.—2 Kor. 4:7.

Dɛn ne saa agyapade yi? Ɛno ne Ahenni asɛmpaka adwuma a egye nkurɔfo nkwa no. (2 Kor. 4:1) Dɛn ne dɔte anwenne no? Dɔte anwenne no gyina hɔ ma Onyankopɔn asomfo a wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo no. Paul bere so no, na aguadifo de nneɛma a ɛsom bo te sɛ aduan, bobesa ne sika gu nkuku ne nhina mu tu kwan. Saa ara na yɛn nso Yehowa de asɛmpa a ɛsom bo no ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔka nkyerɛ afoforo. Enti Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so aka asɛmpa no. Ɛtɔ da a, nnipa ho suro betumi ahyɛ yɛn so ma yɛate nka sɛ, sɛ yɛkɔka asɛm no a, anhwɛ a nkurɔfo rentie. Yɛbɛyɛ dɛn adi saa ɔhaw no so? Bere a wɔka kyerɛɛ asomafo no denneennen sɛ mma wɔnnka asɛmpa no, yɛnhwɛ mpae a wɔbɔe. Sɛ́ anka wɔbɛma ehu ahyɛ wɔn so no, wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wɔn mma wɔnkɔ so mfa akokoduru nkasa. Amonom hɔ ara na Yehowa tiee wɔn mpaebɔ no. (Aso. 4:​18, 29, 31) Wo nso, ɛtɔ da na nnipa ho suro kyekyere wo a, ka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔdɔ a wowɔ ma nnipa no nyɛ kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a worensuro sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn. w24.04 16 ¶8-9

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2026

Kwasida, October 18

Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.—Mat. 6:9.

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no pusuw yɛn ma yɛtew ne din ho. Atosɛm a Satan akeka de agu Yehowa din ho fi no, yɛpɛ sɛ yɛma afoforo hu sɛ ɛnyɛ nokware. (Gen. 3:​1-5; Hiob 2:4; Yoh. 8:44) Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛka Onyankopɔn ho nokwasɛm akyerɛ obiara a obetie. Yɛpɛ sɛ obiara hu sɛ ne su titiriw paa ne ɔdɔ, na ɔkwan a ɔfa so di tumi no na ɛyɛ papa paa. Afei nso, ɛrenkyɛ n’Ahenni no beyi amanehunu nyinaa afi asaase so, na ɛbɛma nnipa anya asomdwoe ne anigye. (Dw. 37:​10, 11, 29; 1 Yoh. 4:8) Sɛ yɛka nokwasɛm a ɛfa Yehowa ho yi kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛretew ne din ho. Afei nso, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ yenim sɛ edin a ɛda yɛn so no, ɛho adwuma ara na yɛreyɛ no. w24.05 18 ¶12

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2026
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena