Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 June kr. 26-30
  • Masom Yehowa Bɛyɛ Mfe 70 Wɔ Cuba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Masom Yehowa Bɛyɛ Mfe 70 Wɔ Cuba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MMERE BƆNE MU
  • YƐBƐYƐƐ AKWAMPAEFO NE AWOFO
  • SƐNEA NA YƐYƐ ƆMANSIN ADWUMA NO BERE A WƆBARAA YƐN
  • ME DWUMADI SESAE NO, MAMMA ANSƐE M’ANIGYE
  • “Manya Me Koma So Ade”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nokwaredi Ho Kyerɛwtohɔ
    Nyan!—1981
  • Yehowa Tiee Me Mpaebɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 June kr. 26-30
Gustavo ne Emilia Joseph.

ASETENAM NSƐM

Masom Yehowa Bɛyɛ Mfe 70 Wɔ Cuba

GUSTAVO JOSEPH ANOM ASƐM

WƆWOO me afe 1947 wɔ Cuba supɔw fɛfɛɛfɛ no so. Baabi a Caribbean Po ne Atlantic Po no hyia no, ɛhɔ baabi na Cuba wɔ. Me na meyɛ ba panyin, na m’awofo woo mmea mmienu kaa me ho. Ná yɛn nnipa nnum no nyinaa te akuraa bi ase; wɔfrɛ hɔ Esmeralda.

Mekae paa sɛ na asomdwoe wɔ yɛn akuraa no ase. Ná yɛne yɛn abusuafo binom na ɛte akuraa no ase hɔ; me nananom, me papa nua mmarima ne ne nua mmea. Nea yebedi de, na yenya, na na yɛn ani gye nso.

Bere a midii bɛyɛ mfe nnum no, m’awofo ne Walton Jones fii ase suaa Bible. Onua Walton de gyae oo, na asɛnka wɔ ne mu paa; na otwa kwan bɛyɛ nnɔnhwerew du ba yɛn akuraa no ase bɛka asɛm no. Bere biara a ɔbɛba no, na abusuafo no bebree kɔhyɛ me nana fie hɔ ma, na yɛne no abɔ Bible mu nkɔmmɔ nnɔnhwerew pii. M’awofo, me papa nuabarima Pedro ne me sewaa Ela ani gyee nea na wɔresua no ho paa, na ankyɛ koraa na wɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Seesei Ela rekeka kɔ mfe 100, nanso ɔda so ara yɛ ɔkwampaefo wɔ Cuba.

Saa bere no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba wɔ fahodi a wɔde som Yehowa a biribiara nsiw wɔn kwan. Nea na nkurɔfo de nim yɛn paa ne sɛ yɛkɔ nkurɔfo afie kɔka asɛmpa no; sɛ yɛrekɔ nso a, na yekurakura yɛn bag a nhoma ayɛ mu ma. Nantew nso de, na yɛfa no kwa! Sɛ ɛwɔ hɔ ara na mekaakae ahokeka a na yɛde som Yehowa wɔ me nkwadaaberem no a, na m’ani agye paa. Saa bere no na ɛyɛ mmere pa, nanso sɛɛ na mmere bɔne nso rebobɔ ba.—2 Tim. 4:2.

MMERE BƆNE MU

Meda so wɔ mfe nnum no ara, me papa ne ne nuabarima kɔɔ nhyiam wɔ kurow foforo so. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔkɔe no wɔkɔnom nsu bi ma wɔnyaa typhoid. Mekae paa sɛ bere a wɔsan bae no, na me papa nua no ti ho nyinaa atutu, nso wanwu. Me papa de, owui; na wadi mfe 32 pɛ.

Me papa wui akyi no, me maame yɛe sɛ yɛn abusua no ne ne nuabarima nkɔtena; na ɔte akuraa bi a yɛfrɛ no Lombillo ase. Ná yɛpɛ yɛn nananom asɛm paa, nanso na ɛsɛ sɛ yegyaw wɔne abusuafo a aka no hɔ. Yɛkɔe no, yɛannyae Yehowa som.

August 26, afe 1957 no, mebɔɔ asu wɔ tare bi a ɛbɛn Lombillo mu. Ná madi mfe du. Saa bere no, sɛ obi kaa sɛ ɛrenni mfe mmienu mpo nneɛma bɛdan abutuw ama Yehowa Adansefo wɔ Cuba a, anka merennye nni. Afe 1959 no, nkurɔfo tuu aban no gui maa kankabi aban bedii ɔman no so.

Aban a ɛbae no, nea na ehia no paa ne sɛ wɔbenya nnipa bebree ma wɔakɔ sogya. Yehowa Adansefo nso de, yɛnkɔ sogya na yɛmfa yɛn ho mfɔrefɔre amanyɔsɛm. Enti ɛbaa saa no, nneɛma mu yɛɛ den maa yɛn; fahodi a na yɛde som Yehowa no, yɛannya no saa bio. Ewiee ase no, aban no baraa yɛn som no, na wɔkyeree anuanom bebree kɔguu afiase. Ná wɔtumi boro ebinom, na aduan mpo na wɔmma wɔn bi nni. Ɛtɔ da nso a aduan a wɔde bɛma wɔn no, na mogya wom, nanso Bible ka sɛ mma yenni mogya.

Ɔhaw a yɛfaa mu nyinaa akyi no, yɛamma adesua ampa yɛn ti so da; yɛkɔɔ so ara hyiaa mu. (Heb. 10:25) Ná yɛyɛ nhyiam wɔ mfuw mu ne mmeae afoforo wɔ ɔman no mu baabiara. Mekae sɛ na onua bi wɔ nguammuw kɛse, na bere bi ɔmaa yɛyɛɛ nhyiam wɔ hɔ. Yɛantumi ansiesie hɔ ansa na yɛreyɛ nhyiam no, na nguan no nso yɛantumi anyi wɔn amfi hɔ. Enti yɛne nguan no nyinaa na ɛbɔɔ mu yɛɛ nhyiam no.—Mika 2:12.

Adwumaden a anuanom yɛe saa bere no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛka honhom fam aduan no, yɛn ani sɔe. Mɛyɛ nhwɛso a, na anuanom rekɔɔdo nhyiam dwumadi no gu kasɛt so, na wɔde akɔma anuanom wɔ ɔman no mu baabiara. Ɛtɔ da a anuanom mmienu pɛ na esiesie ɔkasa bebrebe no nyinaa, na wɔasan ama, akyere agu afiri so. Esiane sɛ na anuanom wia wɔn ho kɔhyɛ baabi na ɛyɛ saa adwuma yi nti, ɛtɔ da a sɛ yɛrebɔ kasɛt no atie nhyiam no a, na yɛte sɛ akokɔ rebɔn wom, na dede bi nso nenam mu. Baabi a yɛbɛyɛ nhyiam no, sɛ anyinam ahoɔden nni hɔ a, na wɔde afiri bi a ɛma anyinam ahoɔden bɔ sakre ho, na onua bi atena so apɛɛle na ama yɛanya anyinam ahoɔden. Yɛyɛ no saa a, na yetumi bɔ kasɛt no tie dwumadi no. Ɛwom, sɛnea na yɛn nuanom a wɔwɔ aman foforo so wɔ fahodi na asafo nhoma biara a ɛbɛba wɔn nsa ka bi no, yɛn de yɛannya no saa. Nanso honhom fam aduan ammɔ yɛn da, na yɛde anigye boom som Yehowa.—Neh. 8:10.

YƐBƐYƐƐ AKWAMPAEFO NE AWOFO

Midii mfe 18 no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Florida mu. Bɛyɛ afe akyi no, wɔma mekɔsomee sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Camagüey; na ɛhɔ yɛ kurow kɛse. Ɛhɔ na mihyiaa Emilia; onuawa hoɔfɛfo bi a ofi Santiago de Cuba. Yefii ase yɛɛ aware nhyehyɛe, na afe baako ntam no yɛwaree.

Mfoni: 1. Gustavo ne anuanom a ɔne wɔn kɔɔ sukuu no te hɔ retwa mfoni. 2. Gustavo ne Emilia gyina keeki a wɔde yɛɛ ayeforo ho, na wɔreserew.

(Benkum) Ahenni Som Sukuu a wɔyɛ ma asafo mu mpanyimfo—Camagüey, Cuba, 1966

(Nifa) Yɛn ayeforohyia da, 1967

Ná me ne Emilia rentumi nyɛ akwampae adwuma no bio; nanso na yɛpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Enti mekɔpɛɛ adwuma wɔ aban faktri bi a wɔyɛ asikre. Da biara na mekɔ adwuma ahemadakye nnɔn mmiɛnsa kosi anɔpa dubaako. Ná ahemadakye sɔre yɛ me den, nanso sɛ mekɔ adwuma saa bere no a, na ɛboa me ma mitumi kɔ asɛnka daa; ná ɛma mitumi ne Emilia nso kɔ adesua daa.

Afe 1969 mu na yɛwoo Gustavo; yɛn ba a odi kan. Emu hɔ ara baabi na wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔyɛ ɔmansin sohwɛfo. Saa bere no, sɛ woba Cuba ha a, na ɛnyɛ nwanwa sɛ wubehu ɔmansin sohwɛfo a ɔwɔ yere ne mma. Ná adagyew nnim koraa, nso na yɛn ani gye paa. Ná ɛyɛ me ne Emilia dɛ paa sɛ yɛanya hokwan resom yɛn nuanom. Bere a yɛreyɛ ɔmansin adwuma no ara na yɛwoo yɛn ba ɔtɔ so mmienu; yɛtoo ne din Obed. Akyiri yi yɛwoo Abner, na mfe kakra akyi no yɛwoo yɛn babea Mahely.

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi bere a na yɛreyɛ ɔmansin adwuma no, na mehwɛ sɛnea Yehowa hyiraa ne nkurɔfo a ɛwɔ Cuba no a, ɛma m’ani gye paa. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔsan nso boaa yɛn ma yɛde ne ho dɔ duaa yɛn mma no koma mu. Sɛnea na asetena te ma me ne Emilia bere a na yɛreyɛ ɔmansin adwuma no, ma memmɔ wo mu.

SƐNEA NA YƐYƐ ƆMANSIN ADWUMA NO BERE A WƆBARAA YƐN

Bere a wɔbaraa yɛn som adwuma no, ebi faa yɛn ani so paa. Wɔtotoo Ahenni Asa biara mu, na aban no pamoo asɛmpatrɛwfo nyinaa fii ɔman no mu. Wɔkyeree anuanom mmerante bebree koguu afiase, na baa dwumadibea a ɛwɔ Havana no nso, wɔtow mu.

Gustavo ne Emilia kura Nyan! a ɛwɔ Spanish kasa mu.

Ɔmansin adwuma

Esiane sɛ na wɔabara yɛn som no nti, Memeneda ne Kwasida nko ara na na yetumi srasra nsafo no. Enti na yɛde nnawɔtwe awiei mmienu na ɛsom asafo baako. Yɛrekɔ a na yɛmfa nneɛma bebree, na na yɛtena sakre so sɛnea ɛbɛyɛ a polisifo adwene mma yɛn so. Sɛ edu sɛ yɛrekɔsom asafo bi a, na wɔmmɔ anuanom amanneɛ sɛ yɛreba. Sɛ yɛrekɔ a, na yɛyɛ yɛn ho sɛ nea yɛrekɔsra yɛn abusuafo. Abusuafo nso de, worekɔsra wɔn a, ɛrenkɔfa ɔhaw biara mma. Ɛtɔ da a, sɛ yɛkɔsom asafo bi a, na yɛne wɔn bɔ abusua ara ma ɛyɛ a na yɛn werɛ reyɛ afi mpo sɛ, yɛkɔɔ hɔ sɛ yɛrekɔsom wɔn. (Mar. 10:​29, 30) Nanso na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa, efisɛ ɛreyɛ ara ni na polisifo retaataa yɛn bisabisa yɛn nsɛm. Anuanom a na yɛkɔsoɛ wɔn no, sɛ polisifo hu akyi a, na wɔbetumi abɛkyere wɔn.—Rom. 16:4.

Bere a yɛreyɛ ɔmansin adwuma no, yehyiaa anuanom bebree a na wɔnhyɛ da nni bi, nanso wɔyii wɔn yam som yɛn hɔho. Mmeae bi wɔ hɔ a, ntontom a ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ asɛm ketewa. Nanso abusua a yɛkɔsoɛ wɔn no, wobɛhwɛ na wɔn ntontom dan yɛ baako pɛ, nso na wɔde ma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ yebetumi ada ama yɛn ho adwo yɛn. Ebinom nso wɔ hɔ a aduan a na wɔwɔ no, na ɛnyɛ ahe biara, nanso na wɔgye yɛn kɔ wɔn fie. Wei nti, ɛtɔ da a na yɛde aduan kɔ, na yɛne wɔn abom adi.

Sɛ yɛrekɔsrasra nsafo no a, na yɛrentumi mfa yɛn mma no nyinaa nkɔ. Enti na yɛne yɛn ba baako pɛ na ɛkɔ, na yɛagyaw wɔn a aka no ama me maame ne me nuabea. Sɛ yɛrekɔ na yɛde yɛn ba ketewa no ka yɛn ho kɔ a, na ɛbɔ yɛn ho ban. Ɛtɔ da a na polisifo gyina yɛn hwehwɛ yɛn nneɛma mu, enti bag a akwadaa no pampers a ayɛ fi gu mu no, na yɛde asafo nhoma hyɛ ase; ɛhɔ nso de, polisini bɛn na ɛrekobue hɔ ahwɛ.

Yɛreyɛ bere nyinaa som adwuma no nyinaa na yɛretete yɛn mma, na adwumaden a Emilia yɛ de hwɛɛ nkwadaa no, m’ani sɔ paa. Me nso, bere a na meyɛ adwuma wɔ faktri hɔ nyinaa, na mesan yɛ ɔmansin sohwɛfo. Ɛyɛɛ dɛn na mitumi kaa ne mmienu bɔɔ so saa? Ɛtɔ da a, nnawɔtwe no mu no, adwuma a mede nnanu bɛyɛ no na mede dakoro yɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a nnawɔtwe awiei no merenkɔ adwuma. Nanso akyiri yi m’adwuma sesae; adwumayɛfo a na me ne wɔn bom yɛ adwuma no, adwuma no mpanyimfo kaa sɛ menna wɔn ano. Ná merentumi nyɛ ho hwee, enti na ɛsɛ sɛ mekɔ adwuma fi Dwoda kosi Kwasida. Mibehui sɛ metumi akyekyɛ adwuma no mu ama adwumayɛfo no wɔ ɔkwan bi so a, ebedu nnawɔtwe no awiei koraa no na wɔwɔ adwuma yɛ. Ɛno ma minyaa kwan kɔsrasraa nsafo no. Besi nnɛ nyinaa, minnye nni sɛ adwuma no mu mpanyimfo hui sɛ na memma adwuma Memeneda ne Kwasida.

ME DWUMADI SESAE NO, MAMMA ANSƐE M’ANIGYE

Gustavo rema ɔkasa wɔ ɔmansin nhyiam bi a wɔyɛe afe 1994.

Ɔmantam nhyiam a yedii kan yɛe bere a aban no yii wɔn nsa fii yɛn so, 1994

Afe 1994 mu no, da bi, anuanom a edi nneɛma anim wɔ Cuba no ka kyerɛɛ ahwɛfo akwantufo 80 a yɛwɔ ɔman no mu nyinaa sɛ yɛmmra nhyiam titiriw bi wɔ Havana. Nà yehuu yɛn ho akyɛ, enti yehyiaa saa no, pɛ ani bɛhwɛ; anigye nko ara! Saa nhyiam no ase no, wɔmaa yehuu nsakrae a aba asafo no mu. Ɛno akyi no wɔde nkaebɔ bi too gua ma yɛn ho dwiriw yɛn. Anuanom no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔde yɛn din bɛma aban mpanyimfo no. Ná yenhu nea enti a wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi saa.

Wɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛyɛ a wɔne aban mpanyimfo no hyia; nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ, na wɔpɛ sɛ aban no te Yehowa Adansefo ase. Enti na aban mpanyimfo no na aka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa ahwɛfo akwantufo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa din mmra. Yɛn nyinaa yegye toom sɛ wɔmfa nkɔ. Efi saa bere no, afei na aban no rete yɛn ase nkakrankakra.

Eduu baabi no, na yetumi kɔ adesua ne asɛnka a obiara nsiw yɛn kwan, nanso na wɔnnya nnyee Yehowa Adansefo som no ntoom wɔ aban mu. Akyiri yi na yebehui sɛ, sɛɛ na aban mpanyimfo no wɔ ahwɛfo akwantufo no bi din dedaw, enti na wɔpɛ sɛ wɔhu sɛ edin a wɔwɔ no, ɛne nea yɛde bɛkɔ akɔma wɔn no hyia anaa.

September 1994 no, aban no maa yɛn kwan sɛ yebetumi asan abue Betel. Yebehui sɛ, dan a na ɛyɛ Betel a wɔtoo mu mfe 20 a atwam no, yebetumi de ɛhɔ asan ayɛ Betel bio.

Afe 1996 mu no, da koro me ne Emilia wɔ hɔ ara na yenyaa kɔɔl sɛ yɛmmɛsom wɔ Betel. Ɛyɛɛ yɛn nwanwa papa, na meka kyerɛɛ anuanom no sɛ meda so ara wɔ mma mmienu a merehwɛ wɔn oo. Anuanom no susuw nea meka kyerɛɛ wɔn no ho, na akyiri yi wɔsan frɛɛ me ka kyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ hwee yɛmmra. Enti yɛn nso yegye toom, na yefii ase boaboaa yɛn ho sɛ yɛne yɛn mma no betu akɔ Havana.

Mfoni: 1. Emilia ne anuanom mmea afoforo reyɛ adwuma wɔ baabi a wɔpam ade wɔ Betel. 2. Gustavo rema ɔkasa wɔ Nhyiam Asa bi so.

(Benkum) Emilia reyɛ adwuma wɔ baabi a wɔpam ade wɔ Cuba Betel

(Nifa) Nhyiam Asa bi a yɛrehyira so, 2012

Nokware de woka a ɛyɛ dɛ, mekɔɔ Betel foforo no na m’ani nnye koraa. Ná mayɛ ɔmansin sohwɛfo mfe pii, enti ɛhɔ na na me koma wɔ. Enti, sɛ mewɔ ɔfese a, na mintumi ntena. Nanso anuanom a ɛwɔ Betel no boaa me paa ma mitumi tenetenee m’adwene; ɛnkanka me yere Emilia. Ɛyɛɛ kakra no, afei de m’ani kae, na seesei mede anigye gu so resom wɔ Betel.

Mfoni: 1. Gustavo gyina asɛnka agua so, na anuanom a wɔawie Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo gyinagyina n’akyi; w’adan ne ho rekasa akyerɛ wɔn. 2. Gustavo ne anuanom nnan bi a wɔn nso yɛ Baa Boayikuw mufo gyina hɔ.

(Benkum) Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo, 2013

(Nifa) Cuba Baa Boayikuw, 2013

Gustavo ne Emilia ne wɔn babea ne ne kunu te hɔ.

Yɛne yɛn babea ne ne kunu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase

Seesei me ne Emilia mfe akɔ anim. Nanso sɛ yɛkae yɛn akyi, na yɛkae anuanom a yɛahyia wɔn, na yɛne wɔn abom asom mfe bebree a atwam no a, na anigye ahyɛ yɛn koma ma. Nea ɛma yɛn ani gye kɛse koraa ne sɛ, yɛn mma ne yɛn nananom resom Yehowa. Bere a ɔsomafo Yohane bɔɔ akwakoraa no, ɔkaa asɛm bi na saa na yɛn nso yɛte nka. Ɔkaa sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma m’ani gye sen eyi: Sɛ́ mɛte sɛ me mma da so ara nam nokware no mu.”—3 Yoh. 4.

Seesei, me ne Emilia asom wɔ Betel bɛyɛ mfe 30 ni. Kansa ne onyin reteetee yɛn, nanso yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. Mfe a yɛde asom Yehowa no, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛfaa no ahogono. Nanso ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛatumi asom “anigye Nyankopɔn” no bɛyɛ mfe 70 wɔ Cuba supɔw yi so!—1 Tim. 1:11; Dw. 97:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena