Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 6/8 kr. 19-23
  • Ɔfã 2—Ahene Sɔre Te Sɛ Nsoromma Ahorow Na Wɔhwehwe Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 2—Ahene Sɔre Te Sɛ Nsoromma Ahorow Na Wɔhwehwe Ase
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkabom Denam Biakofo a Ɔdɔɔso So
  • Ɔhene a Ɔhyɛ Nyamesom Ntade
  • Bere a na Obiakofo Amammui Nkutoo na Ɛwɔ Hɔ
  • “Anyame” Danee Ahoni ara Kwa
  • Wɔahu Sɛ Ɛtɔ Sin
  • Nsoromma Soronko Bi
  • Britania Ahenni No—So Ebetumi Atwa 1980 Mfe No?
    Nyan!—1983
  • Ɔsoro Ahenni Reba
    Nyan!—1983
  • Dɛn na Aba Tumidi So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Ne Mmeresanten Hene​—Som No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 6/8 kr. 19-23

Adesamma Nniso Wɔakari Ahwɛ

Ɔfã 2​—Ahene Sɔre Te Sɛ Nsoromma Ahorow Na Wɔhwehwe Ase

Obiakofo amammui: aban a ɛhyɛ onipa biako a ɔyɛ ɔdedifo, te sɛ ɔhene anaasɛ ɔhempɔn ase; Ahenni: obiakofo amammui aban a ɛhyɛ ɔhene anaasɛ ɔhemmea ase; Ahemman: asase kɛse a ɛtaa yɛ aman, amantam anaasɛ nnipa a wɔaka abom a wɔhyɛ nniso biako ase a nea odi so ne ɔhempɔn biako pɛ.

“NA SINEAR hene Amrafel . . . bere so.” Ɛha, wɔ Genesis ti 14 mfiase no, Bible no de asɛmfua ‘ɔhene’ di dwuma bere a edi kan. Sɛ na Amrafel yɛ Babilon Hene Hammurabi a wagye din no din foforo sɛnea ebinom ka no a, yennim. Nea yenim ara ne sɛ, sɛ na Amrafel yɛ hena koraa mpo a, ɛnyɛ ɔno ne ɔdesani a odii kan dii hene. Mfehaha pii ansa na ne bere reba no, ɛwom sɛ na wɔmfrɛ Nimrod sɛ ɔhene de, nanso ɛda adi sɛ na ɔyɛ bi. Nokwarem no, ɔne ɔdesani hene a odi kan wɔ abakɔsɛm mu.​—Genesis 10:8-12.

Nokwarem no, yenni tete nneɛma biara a ɛka Ɔhene Nimrod anaasɛ Ɔhene Amrafel ho asɛm. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Kish hene Enmebaragesi ne tete Mesopotamia sodifo a yɛwɔ ne ho nokware kyerɛwtohɔ. Mesopotamia kurow Kish a ɛyɛ tete ɔman bi no mu na Sumeria asɛmfua ma sodifo a ɛkyerɛ “onipa kɛse” no fi. Ɛwom sɛ Enmebaragesi nniso bere no ne Bible mu mmerebu nhyia de, nanso ɛte sɛ nea ɛne bere a Bible no de ma no bɛn, na ɛkyerɛ sɛ nnipa nniso fii ase wɔ asase no baabi a Bible no ka sɛ efii ase no ara pɛ.

Nkabom Denam Biakofo a Ɔdɔɔso So

Wɔka sɛ Chinafo Shang, anaasɛ Yin ahenni abusua no fii ase bɛyɛ afeha a ɛto so 18 ne 16 A.Y.B. ntam, ɛwom mpo sɛ wontumi nhu sɛ bere yi yɛ nokware de. Ɔkwan biara so no, obiakofo amammui ne ɔdesani aban a akyɛ sen biara.

Na ɛwɔ mmeae pii nso. Asɛmfua “monarch” no fi Hela nsɛm mo’nos, a ɛkyerɛ “nkutoo” ne ar·kheʹ a ɛkyerɛ “nniso” no mu. Enti, obiakofo amammui ma onipa biako pɛ tumi kɛse na ofi n’ankasa tumi mu di ɔman bi so sɛ ɔmampanyin a odi tumi daa. Wɔ obiakofo amammui ankasa mu no, ɔhene no nkutoo na ɔhyɛ mmara. Sɛnea yɛbɛka no no, ɔyɛ obiakofo a ɔdɔɔso.

Wɔka bere nyinaa sɛ obiakofo amammui ahorow boa ma biakoyɛ ba amanaman no mu. John H. Mundy a ɔkyerɛ mfinimfini mmere no mu Europafo ho abakɔsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ mfinimfini mmere no mu amammui nkyerɛkyerɛ “ka sɛ esiane sɛ na obiakofo amammui no wɔ tumi sen kuw ahorow nyinaa nti, na eye ma mmeae akɛse a amansin no adwene ne wɔn ho wɔn ho bɔ abira no.” Nea ɛde mmeae akɛse a “amansin no adwene gu ahorow na ɛne wɔn ho wɔn ho bɔ abira” yi ba ne asraafo nkonimdi a wɔnam so gye nkurow no, esiane sɛ na ahemfo no taa yɛ asraafo mpanyimfo nti. Nokwarem no, abakɔsɛm kyerɛwfo W. L. Warren ka sɛ na wobu ɔko mu nkonimdi sɛ “nniso pa ho adanse a edi kan.”

Enti, na obiakofo amammui aban no ne wiase nyinaa nniso te sɛ Hela Ahemman a na ɛhyɛ Aleksanda Ɔkɛseɛ no ase, Roma Ahemman a na ɛhyɛ Kaesarenom ase, ne akyiri yi ara, Britania Ahemman a wɔhyehyɛ no hyia. Bere a nea edi akyiri no duu ne pɔmpɔn so wɔ afeha a ɛto so 20 mfiase no, ɛkaa nnipa dodow a wɔwɔ wiase nyinaa mu bɛyɛ nkyem anan mu biako ne asase no nkyem anan mu biako boom wɔ ahenni biako pɛ ase.

Ɔhene a Ɔhyɛ Nyamesom Ntade

Tete ahemfo pii kae sɛ wɔyɛ anyame. Abakɔsɛm kyerɛwfo George Sabine kae sɛ: “Efi Aleksanda so no, wɔde Helafo ahemfo no kaa Hela nkurow no mu anyame ho. Ahemfo a wɔde wɔn yɛɛ anyame no trɛw wɔ Apuei fam nyinaa ma awiei koraa no, Roma ahempɔn de dii dwuma.” Ɔka sɛ ahemfo a wɔde wɔn yɛ anyame yi kɔɔ so wɔ Europa “wɔ akwan ahorow so” araa abesi nnɛ mmere yi mu.

Wɔ Central ne South Amerika no, na wobu Aztekfo ne Inkafo aman no sɛ ahennuan akronkron. Wɔ Asia no, 1946 mu ansa na Japan Ɔhempɔn Hirohito a wawu no kae sɛ ɔnyɛ owia nyamewa Amaterasu Omikami aseni ɔdesani a ɔto so 124 bio.

Bere a ɛnyɛ ahemfo nyinaa na wɔka sɛ wɔyɛ anyame no, anyɛ yiye koraa no, wɔn mu pii aka sɛ Onyankopɔn gyina wɔn akyi. Onyankopɔn a wɔka sɛ wɔyɛ n’ananmusifo wɔ asase so no ma wonya asɔfo tumi. John H. Mundy kyerɛkyerɛ mu sɛ “tetefo adwene a ɛne sɛ ahemfo yɛ asɔfo no trɛw wɔ Atɔe Fam, na ɛmaa ɔhene no yɛɛ n’asɔre no ti.” Na ɛyɛ nyamesom adwene a “efi asɔre ne ɔman a Konstantino de frae [wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu], ne Plato nkyerɛkyerɛ a asɔre no fae no” mu no. Nyamesom mu nhyira a wɔde ma ɔhene wɔ bere a wɔde no resi agua so no ma ne tumidi no nya mmara kwan so mpeneso a anka ɛrennya no.

Wɔ 1173 mu no, Henry II a ofi England fii ase de abodin “Ɔhene denam Onyankopɔn dom so” no dii dwuma. Eyi de adwene a akyiri yi wɔfrɛɛ no hokwan a efi soro a ahemfo wɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔhene tumi no fi awo mu no bae. Wɔkae sɛ Onyankopɔn nam wo a ɔma wɔwoo no so kyerɛɛ nea ɔpɛ. Wɔ 1661 mu no, Louis XIV a ofi Franse de nkyerɛkyerɛ yi ho ntease a ɛmfata dii dwuma denam nniso mu tumi koraa a ɔfae no so. Obuu ɔsɔretia sɛ ɛyɛ bɔne a etia Onyankopɔn a ɔyɛ ne nanmusifo no. Ɔhoahoaa ne ho sɛ: “L’état c’est moi! [me ne Ɔman no].”

Adwene a ɛte saa ara nso puei wɔ Scotland bɛyɛ sɛ saa bere no mu ara. Bere a James VI di hene wɔ Scotland ansa na ɔrebɛyɛ England Ɔhene James I wɔ 1603 mu no, saa ɔhene no kyerɛwee sɛ: “Wɔfrɛ ahene sɛ Nyankopɔn . . . efisɛ wɔte ONYANKOPƆN Ahengua so wɔ asase so na wobu wɔn tumidi ho akontaa kyerɛ [N]o.” Yennim sɛnea gyidi yi nyaa James so nkɛntɛnso ma ɔhyɛe sɛ wɔnkyerɛ Bible no ase nkɔ Engiresi kasa mu no. Yenim nea efii mu bae, King James Nkyerɛase a Protestantfo da so ara de di dwuma pii no.

Bere a na Obiakofo Amammui Nkutoo na Ɛwɔ Hɔ

Efi Mfinimfini Mmere no mfiase pɛɛ reba no, na obiakofo amammui ne nniso a ɛwɔ hɔ. Ahemfo no faa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so dii nnipa no so tumi denam nsase wuranom a wɔagye din a wɔmaa wɔn dibea no so. Eyinom nso yɛɛ amammui ne sraadi nhyehyɛe bi a na wɔfrɛ no feudalism. Nsase wuranom no maa wɔn nkoa nsase de gyee sraadi ne ɔsom ahorow. Nanso dodow a nsase wuranom nya tumi pii no, dodow no ara na ahenni no mu kyekyɛ yɛɛ nsase wuranom ahenni pii.

Nea ɛka ho bio no, nsase wuranom ahenni nhyehyɛe no maa ɔmanfo no hweree wɔn nidi ne wɔn ahofadi. Na nsase wuranom a wɔyɛ asraafo a wɔn titiriw na wotua wɔn ka no na edi wɔn so. Esiane nhomasua ne amammerɛ mu hokwan a wɔmma wɔn nsa nka no nti, Collier Encyclopedia ka sɛ: “Na akoa no wɔ hokwan kakraa a wɔhwɛ ma wodi so wɔ mmara mu de tia n’asase wura no de, nanso na ontumi nware, ontumi mfa asase a watua ho ka a ɔyɛ so adwuma no nnyaw n’adedifo, ontumi mfi asase no so a asase wura no nnim ho hwee.”

Na ɛnyɛ ɔkwan yi nkutoo so na wɔfa di nnipa no so wɔ obiakofo nniso horow no mu. Ahemfo no mu binom maa ankorankoro dibea ahorow a sɛ ɛho behia a wobetumi agye afi wɔn nsam. Ahemfo afoforo nso de mpɔtam hɔ sodi hyɛɛ ahyehyɛde ahorow a agye din a wɔnam amammerɛ ne asetram nhyɛso so dii nnipa no so no nsa. Nanso na akwan yi mu biara nnye wɔ tebea horow mu. Nanso afeha a ɛto so 17 no mu akyerɛwfo te sɛ Owura Robert Filmer a ofi England ne Jacgues-Benigne Bossuet a ofi France kɔɔ so bɔɔ dawuru sɛ kankabi nhyehyɛe no ne nniso a eye sen biara. Nanso na ɛrenkyɛ.

“Anyame” Danee Ahoni ara Kwa

Ɛwom sɛ na obiara gye di sɛ Onyankopɔn nkutoo na ahemfo no beyi wɔn ho ano akyerɛ no de, nanso na ɔhyɛ a ɛbɛma wɔayi wɔn ho ano akyerɛ ɔdesani mmara, amammerɛ ne tumi ahorow no wɔ hɔ. Eduu afeha a ɛto so 18 mu no, The Columbia History of the World ka sɛ “ahemfo no de akorɔkorɔ a ɛne afeha a ɛto so dunson no mu kankabifo no de bɔ abira dii dwuma.” Nanso ɛde ka ho sɛ “na kankabifo da so ara hyɛ akorɔkorɔ no akyi.” Afei ɛkyerɛ sɛ “bere a Frederick Ɔkɛseɛ no frɛɛ ne ho ‘ɔman no akoa a odi kan’ na ɔpow adwene a ɛne sɛ ahemfo wɔ hokwan a efi soro no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ obegyae tumi a odi no.”

Nanso, wɔ Ɔman anidan a ɛbaa England wɔ 1688 mu ne France Ɔman anidan wɔ 1789 mu akyi no, kankabi nniso mmere no baa awiei wɔ mmeae pii. Obiakofo amammui ahorow a wonni tumi pii a ɛwɔ mmarahyɛ bagua anaa amanyɔ mmara ahorow anaasɛ n’abien nyinaa de nkakrankakra sii kankabifo no ananmu. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo W. L. Warren ka no, nea ɛne afeha a ɛto so 12 mu tebea, bere a na “ahenni da so ara gyina sɛnea ɔhene betumi abɔ ho mmɔden ne nea ne nkoa ayɛ krado sɛ wobegye atom so no” bɔ abira no, ɛnnɛ amammui tumi a ahemfo ne ahemmaa pii wɔ no sua koraa.

Nokwarem no, kankabifo binom da so ara di tumi kɛse. Nanso wɔn mu pii ahwere wɔn “nyamesu” anuonyam no, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ te sɛ ahoni, tumidi mu ade titiriw a wɔbɛhyɛ nnipa nkuran ma wɔakura nokwaredi honhom mu ara kwa. Kankabifo a wɔn tumi nnɔɔso pii no abɔ mmɔden sɛ wobekura biakoyɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ obiakofo nniso mu no mu na wɔayi beae a enye no afi mu denam mmarahyɛ bagua a ɛde tumi ankasa ma no no so.

Obiakofo amammui a wɔato ne tumi ano hye da so wɔ hɔ. Nnansa yi ara wɔ 1983 mu no, Krishna Prasad Bhattaria, Nepali Congress Amanyɛkuw a ɛwɔ Nepal no kannifo kaa obiakofo amammui no ho asɛm sɛ ‘nea esiw basabasayɛ ano’ na ɔka sɛ ‘Ɔhene no ho hia na waka ɔman no abom.’ Na ɛwom sɛ wɔ 1987 mu no, na Fransefo resiesie wɔn ho adi France Ɔman anidan no afe a ɛto so 200 de, nanso nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu nkyem 17 kae sɛ wɔpɛ obiakofo amammui. Wɔn a wɔpɛ obiakofo amammui no muni bi kae sɛ: “Ɔhene no ne ɔkwan biako pɛ a wɔnam so bɛma biakoyɛ aba ɔman a amammui mu akameakame ama emu apaapae mu.”

Saa afe no ara Time nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Wodi adehye no nokware ebia esiane sɛ ahemmfo no ne mfonini akɛse a etwa to wɔ yɛn bere yi mu, ahoni akɛse a wɔn nkutoo na ɛwom sɛ nnipa nnim wɔn de nanso wotumi ma wogye wɔn di. Sɛ Onyankopɔn awu a, Ɔhemmaa nya nkwa daa!” Nanso ɛhwɛɛ ade sɛnea ɛte ankasa no, ɛde kaa ho sɛ “[Britania] Ɔhemmaa no tumidi wɔ ne tumi a enni a ɛhyerɛn no mu.”

Wɔahu Sɛ Ɛtɔ Sin

Obiakofo amammui no ntumi mmoa. Sɛnea ɛte no ankasa mma wɔnkyɛ. Ɔhene biara wu na ɛma wɔde obi a esiane abusua a ofi mu na ɛnyɛ n’abrabɔ pa anaa nea otumi yɛ nti no si n’anan mu. Hena na obetumi akyerɛ sɛ abofra bi bɛyɛ ade pa te sɛ n’agya? Anaasɛ sɛ na n’agya no nnye a, ne ba no bɛyɛ ade pa?

Afei nso, te sɛnea Cristiano Grottanelli ka no, ɛtaa ba sɛ “ɔdedifo a wɔbɛpaw no no, wɔkyerɛ n’akyi kwan ara kwa, na etumi ma akansi ba adehye abusua no mufo a wɔfata ma ahenni no mu. Enti bere a edi ɔhene wu akyi no taa yɛ asetra mu basabasayɛ bere ankasa anaa sɛnkyerɛnne kwan so de.”

Sɛnea obiakofo amammui nniso no betu mpɔn no gyina sɛnea sodifo no tu mpɔn no so esiane sɛ ɛyɛ obiakofo amammui nti. Ne dom akyɛde ahorow ne ne nyansa bɛda adi wɔ ne nniso no mu de, nanso saa ara na ne mmerɛwyɛ ne ne sintɔ ahorow ne nimdeɛ a onni nso bɛda adi. Adehye mpo nyɛ pɛ. Ahemmɔne hyehyɛ nniso bɔne na ahempa hyehyɛ nea eye kakra, nanso ɔhene a ɔyɛ pɛ nkutoo na obetumi ahyehyɛ ahenni a adesamma hwehwɛ na ɛfata sɛ wonya.

Mmarahyɛ bagua anaasɛ ahemfo a wonni tumi kɛse biara no nso tɔ sin. Wɔ United Kingdom no, afeha yi mu na England honi a ɛne ahemfo ne ahemmaa a wɔyɛ ɔman no ti kɛkɛ no adi so bere a ahemman kɛse a ɛyɛ den sen biara a aba pɛn wɔ wiase no mu repaapae.

Nsoromma Soronko Bi

Ahene sɔre te sɛ nsoromma ahorow na wɔhwehwe ase​—gye sɛ obiako. Yesu frɛ ne ho sɛ “Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan.” (Adiyisɛm 22:16) Esiane sɛ ɔhonam mu no, Yesu yɛ Dawid aseni tẽẽ nti, ɔfata sɛ ɔyɛ Ɔhene wɔ Onyankopɔn soro nniso no so. Sɛ “adekyee nsoromma” a ɛharan no, Petro se Yesu san yɛ “adekyee nsoromma” a obepue na wama ade akye.​—2 Petro 1:19; Numeri 24:17; Dwom 89:34-37.

Esiane nokwasɛm ahorow yi nti, nyansa bɛn na ɛwom sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi adesamma ahemfo a wɔyɛ nsoromma a wɔhwehwe ase no hɔ? Mmom no nyansa wom sɛ yɛde yɛn werɛ bɛhyɛ Onyankopɔn Hene a wapaw no, Yesu Kristo mu, “ahene mu hene ne awuranom mu Awurade, nea ne nko [sen adesamma ahemfo nyinaa a ɔwɔ] daa nkwa a owu nnim.” (1 Timoteo 6:15, 16) Esiane sɛ wapue sɛ Ɔhene a aniwa nhu no wɔ soro dedaw nti, ɛnkyɛ ɔbɛma wiase foforo anɔpa aba. Ɔyɛ nsoromma​—ɔhene​—a wapue mprempren, ɔnhwe ase da!

[Kratafa 20 mfoni]

Wɔ owu mu no, ɔdesani ɔhene a oye sen biara mpo no gyaw n’adwuma no ma obi a wonnim no yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena