Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 6/8 kr. 23
  • “Dua a Asi Ne Ti Ase”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Dua a Asi Ne Ti Ase”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dua a Wɔatwa Bɛtumi Afefɛ Bio?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Kilimanjaro—Beae a Ɛkorɔn Sen Biara Wɔ Afrika
    Nyan!—1998
  • Sɛnea Agyan Boha Dua Nyaa Ne Din
    Nyan!—1992
Nyan!—1991
g91 6/8 kr. 23

“Dua a Asi Ne Ti Ase”

ƐNO ne Afrika baoba no mmeran. Sɛ nhaban ne nhwiren wɔ baoba no so a, ɛyɛ fɛ yiye. Nanso wɔ ɔpɛ bere mu no, dutan kɛse yi abãã a hwee nni so a etuatua so no ma ɛyɛ te sɛ dua bi a ne ntini kyerɛ soro.

Wɔ Botswana mantifi no, wɔfrɛ baoba kuw bi sɛ Anuanom Baason. Mfoniniyɛfo a otu akwan hwehwɛ nneɛma a ɔne Thomas Baines no yɛɛ ho mfonini wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Sɛ obi de Baines mfonini a adi boro mfe ɔha no toto nnɛ bere mu nnua no ho a, nsonsonoe kakraa bi pɛ na ɛwɔ mu.

Eyi kyerɛ sɛnea baoba no tumi nyin kyɛ no. Wɔaka sɛ nnua a ɛsoso sen biara no adi mfe mpempem pii. Baoba no yɛ yiye wɔ Afrika mmeae a ɛyɛ hyew na osu ntɔ wɔ hɔ no na ɛwɔ nnuan pii. Aduan fitaa bi a ɛte sɛ hyirew wɔ n’aba no mu. Asono we n’abon a ɛyɛ bɛtɛɛ na nsu pii wom no. Nokwarem no, ɛtɔ da bi a nsu taataa dua no nkorata ne n’akwaa ntokuru mu.

Ade foforo a ɛyɛ nwonwa wɔ baoba no ho nso ne ne kɛse. Wɔka sɛ nnua akɛse yi mu nea ɛso yiye no wɔ Bepɔw Kilimanjaro kesee fam abon mu wɔ Tanzania; n’afefare mu bɛyɛ mita 28. Na wɔde baoba bi a tokuru da mu a ɛwɔ Zimbabwe di dwuma sɛ bɔs gyinabea, na nnipa bɛboro 30 tumi kɔ mu.

Ɛyɛ nwonwa sɛ onipa a onim nyansa mmom tra ase mfe aduonu ahorow abiɛsa ne du wɔ bere a “dua a asi ne ti ase” no tumi di mfe mpempem pii. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, abɔde a nkwa wom nyinaa Bɔfo no ama yɛn awerɛhyem a emu yɛ den sɛ, ne nkoa nna bɛyɛ sɛ “dua nna.”​—Yesaia 65:22; Dwom 90:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena