Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 6/8 kr. 18
  • Krataa A Wɔde Kyerɛ Anisɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa A Wɔde Kyerɛ Anisɔ
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Akenkanfo Ka Wɔ Young People Ask Nhoma No Ho
    Nyan!—1991
  • Wɔakyerɛkyerɛ Daniel Nhoma No mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yehowa, Yɛda Wo Ase
    To Dwom Ma Yehowa
  • Yɛda Wo Ase, Yehowa
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 6/8 kr. 18

Krataa A Wɔde Kyerɛ Anisɔ

AFE BIARA Yehowa Adansefo tintim na wɔkyekyɛ Bible ne nhoma a ɛboa ma wɔte Bible no ase ɔpedudu pii. Nnansa yi ara, Bible suani bi a ofi Texas, U.S.A., nsa kaa krataa a wɔde kyerɛ anisɔ fii ne nua ba a wadi mfe 20 nkyɛn wɔ nhoma horow a ɔde amana no no ho. Nea edi so yi ne nea ɔka wɔ nhoma yi ho:

“Ɔdɔfo Ante Irene ne abusuafo,

“. . . Wɔabɔ anadwo 1:00, enti misusuw sɛ krataa yi renyɛ tenten, nanso mɛbɔ mmɔden aka na ɛsɛ sɛ meka, na ne titiriw ara ne sɛ, meda wo ase!

“Nhoma a wode manaa me no ye ankasa! Nokwarem no, ɛsen nea na mehwɛ kwan. Ɛkyerɛkyerɛ biribiara mu ma ɛyɛ anigye; nkyerɛkyerɛmu kakraa a ɛma ɛyɛ anigye na ɛma mmɔden a wɔbɔ de kenkan no fata.

“Life . . . by Evolution or by Creation no kanyan anigye ankasa! Ɛsɛ sɛ wofi koma mu ma nhoma yi akyerɛwfo no amo! Nkyerɛkyerɛmu no mu da hɔ, ntease ne nyansa wom. Nea ɛyɛ me dɛ wɔ nhoma yi mu ne ‘Nkwa a wɔka sɛ ɛbae ara kwa no a wɔde toto nsɛm asekyerɛ nhoma a edi mu a wɔbɛka sɛ dede a esii wɔ nhoma tintimbea bi na ɛma ɛbae’ ho no. Mfatoho a ɛyɛ nwonwa!

“Paradise [Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So] nso yɛ nhoma foforo a wɔkyerɛw no yiye. Nhoma yi ka nneɛma pii a makenkan dedaw no ho asɛm, nanso ɛka wɔ ɔkwan a etu mpɔn so sen afoforo no. Menkenkan saa nhoma yi nwiei ɛ.

“Reasoning [From the Scriptures] yɛ nsɛm asekyerɛ nhoma a mahwehwɛ bere nyinaa. Mfitiase nsɛm a mante ase mu nkyerɛkyerɛmu a ntease wom; Bible adwene wɔ ɛnnɛ bere yi mu nsɛm ho. Ɛyɛ ahodwiriw ankasa! Nokwarem no, ɛyɛ nhoma a ɛsɛ sɛ wɔkenkan; meda wo ase bio.

“Questions [Young People Ask​—Answers That Work] yɛ nhoma a aba wɔ ne bere mu nnɛ. Na metaa de tu m’adamfo bi a ɔwɔ nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi ho nsɛnnennen. Ɔtee mmuae ahorow a ntease wom no ase yiye. M’ankasa nso, mahu sɛ aboa me ma mate me ho ase asen kan. Meda wo ase.

“Na nea etwa to nanso ɛnyɛ na esua koraa no, New World Translation. Mete Bible nkyerɛase yi ase sen me KJV [King James Version] na metaa kenkan ɛno sen biako no . . . Onyankopɔn nhyira wo wɔ akyɛde ahorow a ɛsom bo yi ho!. . .

“Sɛ ɛnyɛ nhoma horow a wɔde brɛɛ me no a, ebia anka meda so ara su me yam, nanso mprempren de, mewɔ adwinnade ahorow yi a mede bedi me tebea no ho dwuma, na ɛno yɛ ade a ɛyɛ den sɛ metumi atua so ka. Yesu ani gye wo ho. Na me nso m’ani gye wo ho!

“Masua nneɛma pii wɔ bere tiaa yi mu, ɛyɛ ahomeka! Mansusuw da sɛ Bible no mu yɛ anigye na ɛkanyan nnipa saa. Afei manya ntease ahorow a emu yɛ den a ɛbɛma mafa asetra a emu yɛ den a Satan de ama me yi mu, na mepɛ sɛ wiase nyinaa nya mu kyɛfa. Meda wo ase!

“Mesrɛ wo kyia abusua no ma me. . . .

“Mebɔ mpae ma mo nyinaa!

Ɛyɛ me Michael”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena