Britania Ahenni No—So Ebetumi Atwa 1980 Mfe No?
Efi Britania Nyan! kyerɛwfo hɔ
EFI saa 1914 afe soronko no so no, ahenni ahorow bɛyɛ aduasa bi agu afi asase so. Ebia wɔantumi anaasɛ wɔampɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae horow a emu yɛ den a ɛba ntɛmntɛm a na ɛrekɔ so wɔ nniso ahorow mu wɔ asase so nyinaa no. Nea aka no mu biako ne Britania Windsor Fie no. Wɔ bere a emu yɛ den yi mu no, ɛnyɛɛ akwanside mmaa demokrase dwumadi ahorow, efisɛ agye asɛyɛde a wɔatew so nanso nidi wom a ɛne sɛ ɛbɛyɛ ɔman ti ara kwa no atom.
Nanso nsemmisa ahorow sɔre wɔ ne daakye ho. So kɔ a ɛbɛkɔ so atra hɔ no ho hia ɔman no? So wogye ka a wɔbɔ wɔ ho no tom wɔ bere a adwuma a wonnya nyɛ akɔ soro na sika ho ayɛ den yi mu? Mfaso ahorow bɛn na ɛde ba? So ɔmanfo no pɛ sɛ ɛkɔ so tra hɔ? Nsɛm a ɛtete sɛɛ yɛ nea wɔn a wɔn ani gye ho ne wɔn a wɔsɔre tia nyinaa bisa. Ebia wo ankasa woasusuw ho.
Anuonyam fi Nna a Atwam no Mu.
Ɛnnɛ Britania ahenni no atra hɔ mfirihyia apem ne akyiri. Saa bere no mu no, Britania sɔre bɛyɛɛ wiase tumi a ɛso sen nea edii anim biara. Afei ahemfo tumi ahorow wɔ mfeha a edi kan no mu no fii hɔ bere a mmarahyɛ bagua bɛyɛɛ den kɛse na egyee nniso no fae no. Afei nso, wɔ mfe dudu kakraa bi mu wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no, ogyaee aman a anka kan odi wɔn so no, na ɔkaa wɔn boom wɔ aman a wɔwɔ ahofadi kuw mu, na ɔsan kɔtraa ne man mu. Kan anuonyam a ɔwɔ no kakraa bi na aka. Nea aka no wɔ ahenni no mu.
Ebia wubetumi ahu kan anuonyam yi ho adanse wɔ afahyɛ a wɔde bue mmarahyɛ bagua no ano afe biara no mu. Ɔhemmea no ne adehye busua no mufo a aka tra teaseɛnam a wɔde sika adura ho a apɔnkɔ retwe mu kɔ Westminster ahenfie, a fie hɔfo a wɔtete apɔnkɔ so hyehyɛ ntade koro a ɛhyerɛn ka ne ho. Bere a wɔayɛ amanne ahorow pii no, wɔma mmarahyɛ baguafo a wɔwɔ faako a wɔfrɛ no borɔfo mu House of Commons no ba faako a wɔfrɛ no borɔfo mu House of Lords no. Ɛhɔ na ɔhemmea no fi ahengua no so kenkan ɔkasa a n’aban a ɛwɔ so no akyerɛw a ɛreda ne nhyehyɛe ma mmarahyɛ bagua a ɛreba no dwumadi adi. Wodi atetesɛm ahorow no so pɛpɛɛpɛ.
Wonya hokwan nnakoro nnakoro ma anuonyam a ɛsõ mpo. Ebia wuhuu Wales dehye ayeforohyia no wɔ television so wɔ July 29, 1981 mu. Ná ɛyɛ afahyɛ kɛse. Nteaseɛnam dubiako a apɔnkɔsotefo aduosia anan di anim de ayeforo ne ayeforokunu no ne wɔn abusuafo fi Buckingham Ahenfie faa mmeae ahorow kɔɔ Ɔhotefo Paul Asɔredan no mu. Na nnipa bɛyɛ ɔpepem biako, a mpempem pii a wofi amannɔne ka ho, gyinagyina kwan ho rehwɛ. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 700, a ɛyɛ nnipa dodow a wɔwɔ wiase no nkyem asia mu biako, hwɛɛ ade kɛse a wɔntaa nhu bi wɔ saa awo ntoatoaso yi mu no wɔ television so. Ɔman no ani gyee ho.
Na ɛde onipa foforo bɛkaa adehye abusua no ho, Wales dehye a ɔyɛ ɔbea, a ná ɛrenkyɛ ɔbɛba abɛyɛ nea odi ɔhemmea a ɔno na wagye din wɔ wɔn nyinaa mu no akyi. Afei ɔman no de anigye kɛse twɛnee ne ba a odi kan, William, a Ɔheneba Charles a mprempren ɔyɛ ɔdedifo no akyi no, ɔne nea odi hɔ a ɔbɛtra ahengua no so, no awo wɔ June mu.
Ɔhemmea no Adwuma
Dɛn na ɛka n’adwuma sɛ mmara kwan so ɔhemmea no ho? Pears Cyclopaedia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ mmara mu no, ɔno ne sodikuw no ti, mmarahyɛ bagua no panyin, asennii bagua no ti, asraafo nyinaa panyin ne Anglican asɔre no ti wɔ wiase fam. Wɔ adeyɛ mu ankasa no, Ɔhemmea no adwuma no yɛ tiyɛ de nkutoo; ɔyɛ ɔhemmea nanso ɔnyɛ sodifo. Wɔ nneɛma a ɛho hia nyinaa mu no, ogyina nea n’asoafo ka so na ɔyɛ ade. Nanso, ɔda so ara kura dibea titiriw sɛnkyerɛnne kwan so sɛ Ɔman Panyin ne amanaman ntam kuw a wɔfrɛ no Commomwealth no Ti.”
Dɛn na ɔhemmea no yɛ wɔ da mu no nyinaa mu? Wɔkyerɛ ne dwumadi ahorow, ne adehye busua no mufo afoforo de da biara wɔ atesɛm nkrataa ahorow bi mu na enti ɛyɛ nea wɔde to gua a ɔmanfo betumi ahwehwɛ mu. London Times nsɛmma nhoma no ɔkenkanfo bi kaa 1981 nneɛma ahorow a wɔkyerɛ yi ho asɛm boom na ɔkyerɛe wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa atesɛm krataa no akyerɛwfo mu sɛ, ɔhemmea no adi dwuma ahorow boro 400 wɔ 1981 mu, efi nsrahwɛ ahorow wɔ ɔman no mu ne akyi so kosi nnipa ahorow a ɔkasa kyerɛ wɔn, ahemmɔfo a wɔba hɔ, ɔsoafo panyin no dapɛn biara nsrahwɛ ne nea ɛkeka ho so. Ɔkenkan da no dwumadi ahorow, amanneɛbɔ a efi aban mpanyimfo asoɛe ahorow; na nkrataa ahorow pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔde ne nsa hyɛ ase. Ɛda adi sɛ onni adagyew. Sɛnea nnipa pii te nka ne sɛ, ɔhemmea no di n’asɛyɛde ho dwuma anibere so. Ampa, ɔno ne Britania ɔhemmɔfo titiriw bere a ɔresrasra aman afoforo so no. Nhwehwɛmu bi a Marplan yɛe daa no adi sɛ nnipa 774 a obisabisaa wɔn nsɛm no kyerɛe sɛ ɔbɔ mmɔden yiye wɔ n’adwuma ho.
Abusua no mufo afoforo a aka, Ɔdehye Philip, ɔhemmea no kunu, ne Ɔdehye Charles nyinaa wɔ wɔn nnwuma a wɔyɛ da biara. Ɔhemmea no nã, Ɔhene George VI a wawu no yere a mprempren wadi boro mfirihyia aduɔwɔtwe no nso kɔ ɔman afahyɛ ahorow pii ase.
Sɛ́ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ ɛsɛ sɛ ɔhemmea no kɔ saa nneɛma ahorow yi nyinaa ase bi no yɛ nea ɛtɔ bere bi a nkurɔfo bisa ho asɛm. So wɔrentumi mma obi a n’anim yɛ nyam wɔ hɔ, sɛ ebia odikuro bi nsi n’ananmu? Wɔn a wɔyɛ nneɛma ahorow a ɛtete sɛɛ ho nhyehyɛe no nsusuw saa. Sɛ adehye no ba bi a nnipa a wɔba no dɔɔso kɛse, na ɛkyerɛ anigye bi a wɔwɔ wɔ wɔn ho a ɛnte saa wɔ afoforo ho. Na nea ɛte ne sɛ, kɔ a ɔhemmea no anaa adehye busua no mufo afoforo kɔ dwumadi ahorow a ɛte sɛɛ ase no ma aban asoafo no ho tɔ wɔn wɔ guasodeyɛ ahorow a egye bere ho.
Enti Britaniafo nyinaa bu ahenni no sɛ abusua titiriw bi a ɛwɔ hɔ fi teteete. Ɛwom sɛ ɛsom bo ma wɔn na wɔde hoahoa wɔn ho de, nanso ɛnka wɔn da biara da asetra kɛse. Nanso afoforo wɔ hɔ a wɔka sika a wɔsɛe no wɔ saa tete ɔman ade a wɔbɛtoe yi ho!
Enti, Sika Ahe no Wɔsɛe wɔ Ho?
Afe biara wɔte akasakasa nka wɔ mmarahyɛ baguam hɔ wɔ sika a wɔde hwɛ adehye abusua no ho. Nea ɛde akasakasa no ba ne adwene a wɔkyerɛ wɔ “adehye busua no sika” ho no. Eyi yɛ sika a aban no hyehyɛ sɛ wobetwa ato hɔ na wɔde adi ahenni no ho dwuma afe biako bio. Ɛyɛ afã horow abien: biako yɛ ɔhemmea no de, na nea aka no yɛ nea wɔde hwɛ adehye busua no mufo afoforo bi.
Wɔato ɔhemmea no de ma 1982/83 no mu ɔha biara mu 8 ma abɛyɛ $3,541,000 ($6,374,000, US) , a bɛyɛ emu nkyem anan mu abiɛsa yɛ nea wɔde tua wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahenfie hɔ ka, efi ɔkyerɛwfo so kosi wɔn a wosiesie ahenfie hɔ so. Afei nso wotwaa sika a ne dodow yɛ $767,000 ($1,389,000, US) too hɔ a wɔde bɛhwɛ adehye afoforo baason wɔ 1982/83 mfe no mu. Nea ɛka sika ahorow yi ho no, aban dwumadibea ahorow sɛe bɛyɛ Amerika sika dɔla ɔpepem 27 de siesie ahenfie ahorow, ɔhemmea hyɛmma, ne wimhyɛn ahorow asia, ne keteke ne nea ɛkeka ho.
Nanso ɛte sɛ nea ɔman no nsɔre ntia sika kɛse a ɛte sɛɛ a wobetua na wɔde adi ahenni no ho dwuma no kɛse. Marplan adwenkyerɛ ho nhwehwɛmu a ɔyɛe a yɛadi kan aka ho asɛm no daa no adi sɛ nnipa a obisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 76 kae sɛ mfaso ahorow a ahenni a wɔwɔ no de ba no boro ka a wɔbɔ wɔ ho no so.
Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wosusuw saa. The Times bɔɔ amanneɛ sɛ mmarahyɛ baguani biako kae sɛ, saa sika ho nhyehyɛe no “da nea wɔyɛ adi: adifudepɛfo, nnipa a wɔsɛe sika pii wɔ wɔn ho a biribiara nni hɔ a wɔyɛ de boa de sɔw ɔhaw ahorow nyinaa a ɛda ɔman no anim no ano. Bere a ɔman no bɛsɔre atia wɔn no rebɛn ntɛmntɛm.” Nanso, sɛ ɛwɔ ɔman no adwene mu sɛ wɔbɛyɛ saa a, wɔnyɛɛ biribi a ɛkyerɛ saa.
Dibea wɔ Anglican Asɔre no Mu
Wɔ wiase fam no ɔhemmea no yɛ Anglican Asɔre no ti, a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔno na wɔde no asi hɔ sɛ ne ti wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɔnyɛ ɔsɔfo. Wogye tom sɛ asɔre no honhom fam panyin paa ne ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Canterbury no. Sɛ wɔbɛpaw ɔsɔfo panyin anaa ɔsɔfo foforo bi, anaasɛ wɔbɛma obi dibea a ɛkorɔn a, nnipa dunsia a wɔahyɛ da apaw wɔn de nnipa baanu din kɔma aban soafo panyin no na ɔno nso kamfo wɔn mu biako kyerɛ ɔhemmea ma ɔpaw no. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi ara London asɔfo dibea no bɛyɛɛ nea ɛda hɔ kwa. Kuw no kamfoo nnipa baanu kyerɛe nanso aban soafo panyin no pow wɔn baanu nyinaa na ɔde onipa foforo din kɔmaa ɔhemmea no. “Asɔre ti no gyinaa ɔman mmara no so penee so.” Enti ɛda adi sɛ, anyɛ yiye koraa no, wɔ eyi mu no ɔhemmea a ɔwɔ hɔ mprempren no nyɛ ne ho sɛ Ɔhene Henry a ɔto so awotwe a ɔde ne ho hyehyɛɛ asɔre nsɛm mu pii no.
Dɛn na Britaniafo Susuw?
Din a ahenni no agye nnɛ no fi ɔhemmea no ne Ɔdehye Philip ne wɔn mma baanan a mprempren wɔanyinyin no abusua asetra titiriw. Nnipa pii hu biribi a ɛyɛ anigye na ɛyɛ fɛ wɔ eyi mu a wɔpɛ sɛ wɔda no adi; ɛhyɛ nkuran sɛ wɔn abusua a edi kan no da no adi sɛ wɔwɔ ɔdɔ ne biakoyɛ.
Nanso, adehye nkumaa ne wɔne wɔn nuanom afoforo bebree a mprempren wɔredu mpanyin afe so no maa ɔkyerɛwfo biako kae sɛ ansa na eyinom nyinaa benyin na wɔde wɔn ho ka abɛka ɔmanfo tow a wotua wɔ adehye busua no ho no ho no, “ɛbɛyɛ papa sɛ wosusuw Adehye Abusua no dwumadi, ne dibea ne ne kɛse ho.” Ɛhɔ na ebia daakye ho asɛnnennen no wɔ.
Ebia ade titiriw nti a Britaniafo ani gye wɔn ahenni no ho kɛse ne sɛnea wɔte fi awo mu no, obu fi tete ma ahyehyɛde horow a ayɛ adwuma bere tenteenten. Aka wɔn hɔ, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛsesa. Wɔte nka sɛ ahenni no de asomdwoe ba na ɛma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ wiase bi a emu ayɛ basaa mu. Wɔmmfa wɔn man panyin no nka abatow mu apereperedi ahorow no ho te sɛ nea wɔyɛ wɔn amansɛmdifo no. Tumi a ɔhemmea no di no nyɛ nea ɛhaw wɔn, efisɛ wɔ amammu mu no onni pii yɛ. Mmom no, wobu no sɛ tumi a ɛhwɛ ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansɛmdifo a wɔba na wɔkɔ sɛnea ɔmanfo pɛ na wɔtow aba paw wɔn so no. Wɔmmfa sɛnea ɔman no sikasɛm te, ne ne nnipa ɔpepem abiɛsa a wonnya adwuma nyɛ no ho asɛyɛde nto Ɔhemmea no so. Ɛno yɛ amansɛmdifo no dwuma. Nanso, esiane sɛ nnipa a wonnya adwuma nyɛ no redɔɔso kɛse nnɛ nti, ɛma nnipa pii kasa tia sika kɛse a wɔsɛe no wɔ adehye abusua no mufo pii ho no.
Wɔ daakye ho no, The Economist gye di sɛ “demokrase a ɔhemmea no di anim no bɛkɔ so ayɛ demokrase nniso a ɛsen biara ma Britania efisɛ nhwehwɛmu bi a ɛfa ɔmanfo adwene ho a wɔyɛe afe a etwaam [1980] daa no adi sɛ Britaniafo ɔha biara mu 86 pɛ ɛno, na wɔ afeha yi mu no nea amansɛmdifo di anim biara nni hɔ a nnipa no ɔha biara mu 86 bɛpene so.” Enti ɛte sɛnea ɛda adi sɛ Britaniafo ani gye ho sɛ nnipa a wɔnam abatow so apaw wɔn no bɛyɛ wɔn sodifo, na ɔhemmea no ayɛ wɔn man panyin.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Nhwehwɛmu daa no adi sɛ ahenni a wɔwɔ no ho mfaso ahorow boro ka a wɔbɔ wɔ ho no so.
[Kratafa 6 adaka]
“Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.