48 STEFANO
“Gyidi Ne Honhom Kronkron Ayɛ No Ma”
NÁ STEFANO nkwa da asiane mu, efisɛ na wɔde asɛm ato ne so, ɛnna wɔde no akogyina Yudafo asɛnni bagua kɛse a wɔfrɛ no Sanhedrin no anim sɛ ommeyi n’ano. Saa baguafo yi ara na abosome kakra a atwam no, wɔdii Yesu asɛm buaa no kumfo no. Ná Stefano nim sɛ wɔbetumi akum ɔno nso, nanso wammɔ hu na ne ho ampopo. Bible ka sɛ, na “n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.” Ná Stefano yɛ onipa te sɛ yɛn ara, enti ɛbaa no sɛn na wammɔ hu yi? Ná ɔwɔ akokoduru ntia.
Bible ka Stefano ho asɛm sɛ na ɔyɛ obi a “gyidi ne honhom kronkron ayɛ no ma.” Ɛno maa asomafo a wɔwɔ Yerusalem no de adwuma bi a ɛho hia hyɛɛ ne nsa wɔ asafo no mu. Nanso da koro, Yudafo nyamesomfo bi a wɔmpɛ Stefano asɛm bae sɛ wɔne no rebegye akyinnye. Nea ekowiei ne sɛ, Stefano kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu ma emu daa hɔ paa, enti wɔantumi anni ne so. Wei maa wɔn bo fuwii paa, enti wɔtwee no kɔɔ Sanhedrin no anim. Kwaadu a wɔde bɔɔ no no, na akɔyɛ owu ne nkwa asɛm.
Ná Yesu ahyɛ n’asuafo a wɔbɛfa ɔsɔretia mu no bɔ bi, na ɛbɛyɛ sɛ na Stefano nim. Yesu kaa sɛ: “Munnnwinnwen nea mobɛka ho; na mmom nea wɔde bɛma mo saa bere no, ɛno ara na monka, efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.” (Mar. 13:11) Ɛbɛyɛ sɛ Yesu asɛm yi maa Stefano nyaa akokoduru kɛse. Yehowa nso de ne honhom boaa no, enti wammɔ hu. Esiane sɛ Stefano ho ampopo nti, Bible ka sɛ, sɛ Sanhedrin bagua no hwɛ no a, na n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.
Sanhedrin baguafo no, na wɔyɛ atemmufo akukudam 71, na na wɔyɛ akannifo nso wɔ Yudasom mu. Ɔdan a na wɔhyia wom no, na ɛso, na sɛ wugyina baguafo no anim a, sɛnea wɔtete hɔ no, wuhu sɛ wɔreyɛ atwa kanko ahyia wo ho, na na wɔtena sesa so mmiɛnsa. Afei nso biribiara a ɛkɔ so wɔ hɔ no, na akyerɛwfo mmienu wɔ ɔdan no mu a wɔrekyerɛkyerɛw. Wɔde Stefano kogyinaa wɔn anim, na wɔbɔɔ no sobo sɛ waka abususɛm atia Mose Mmara no ne asɔrefie no. Sobo a wɔde bɔɔ no no, na ebetumi ama wɔakum no. Ɛnna ɔsɔfo panyin Kaiafa maa Stefano kwan sɛ onyi ne ho ano.
Enti Stefano fii ase kaa ne nsɛm, na sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo no dii na ɔde fii ne kasa no ase. Ɔde kofii Abraham so, ɛnna ɔkaa Yosef nso ho asɛm. Ɔkaa sɛ Yosef nuanom a wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw agyanom no tan wɔn nua Yosef ani. Afei nso Stefano kaa nneɛma pa pii a Mose yɛe ho asɛm. Onyankopɔn honhom ma ɔkaa Mose ho nsɛm bi mpo a na enni Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Ɔkaee baguafo no sɛ, nea Mose yɛe nyinaa akyi, Israelfo no antie no.
Nsɛm a Stefano kae nyinaa, na ɛkyerɛ sɛ obu Mose mmara no paa, na na ɔwɔ nidi kɛse ma ntamadan ne asɔrefi a Yehowa ma wɔsii no nso. Bere koro no ara nso, ɔma wɔhuu sɛ mpɛn pii na Onyankopɔn nkurɔfo antie adiyifo a ɔsomaa wɔn baa wɔn nkyɛn no.
Ná atemmufo no nni Stefano ho adwempa, na na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbedi atia no, ne nyinaa mu no, na ɛsɛ sɛ Stefano koyi ne ho ano wɔ wɔn anim
Ná Stefano nim sɛ, ɛnyɛ ade a mmarima a ahummɔbɔ nni wɔn mu yi begyaa no ama wakɔ. Nanso Yehowa de ne honhom hyɛɛ no den ma onyaa akokoduru kaa atemmusɛm bi kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ “nnipa a moasen mo kɔn,” na “daa moko tia honhom kronkron no. Sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.” Afei nso Stefano ma wɔhui sɛ, Mose hyɛɛ nkɔm sɛ odiyifo bi a ɔyɛ kɛse sen no bɛba, na saa odiyifo no ne ɔtreneeni Yesu a ɔbɛyɛɛ Mesia no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa ɔtreneeni no na nnansa yi ara mo nso muyii no mae, na mukum no no.”
Wei maa Sanhedrin baguafo no bo fuw Stefano paa, na “wofii ase twɛree wɔn se guu no so.” Nanso Yehowa ma onyaa anisoadehu bi, na ɛhyɛɛ no den. Stefano kaa nea ohui no kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mihu sɛ ɔsoro abue, na onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa.” Bere a Sanhedrin no tee saa asɛm no, wɔteɛteɛɛm, na wɔgyee bum kɔɔ ne so! Ɛbɛyɛ sɛ nea ɛmaa asɛm no tuu wɔn koraa ne sɛ, Stefano asɛm no ma wɔkaee asɛm bi a abosome kakra a atwam no, Yesu Kristo kae. Bere a wɔredi Yesu asɛm no, ɔkaa sɛ: “Mubehu onipa Ba no sɛ ɔte Otumfo no nsa nifa.” (Mat. 26:64) Anisoadehu a Stefano nyae no, ɛma ɛdaa adi sɛ Yesu wɔ Yehowa nkyɛn wɔ soro, na na ɛno kyerɛ sɛ Yesu nsɛm yi aba mu.
Mmarima no de abufuw twee Stefano kɔɔ kurow no akyi kosiw no abo. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Stefano da so hu Yesu wɔ anisoadehu no mu, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade Yesu, mede me nkwa hyɛ wo nsa.” Afei ɔde abisade a etwa to too Yehowa anim sɛ: “Yehowa, ntwe wɔn aso wɔ bɔne yi ho.” Bere a Stefano kaa saa no owui, na ɔbɛyɛɛ Kristoni a odi kan a ne gyidi nti wɔkum no. Odii nokware kosii owu mu. Bere a wɔrekum Stefano no, na aberante bi wɔ hɔ. Ɔpenee kum a na wɔrekum Stefano no so, na ne werɛ amfi asɛm a etwa to a Stefano kae no da. Yɛbɛka ne ho asɛm wɔ Ti 50, 51, ne 53 no mu.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Stefano yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Aduan a na wɔkyekyɛ ma akunafo no, adɛn nti na Stefano ne mmarima afoforo a “honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma” na wɔde hyɛɛ wɔn nsa? (Aso. 6:3-5; bt 41-42 ¶17-18) A
Mfoni A
2. Mose ho nsɛm bɛn na Stefano kae a enni baabi foforo biara wɔ Bible mu? (bt 48 ¶13, ase hɔ asɛm)
3. Bere a wɔretan Stefano ani no, ɛyɛɛ dɛn na ne koma antu? (w18.10 32)
4. Asɛm a Stefano kaa wɔ Asomafo Nnwuma 7:59 no, ɛkyerɛ sɛ na ɔrebɔ Yesu mpae anaa? (w05 1/1 31)
Dɛn Na Woasua?
Bible kaa Stefano ho asɛm sɛ na “gyidi ne honhom kronkron ayɛ no ma,” afei nso na “Onyankopɔn adom ne tumi ayɛ no ma.” Ne nyinaa akyi no, ɔpenee so sɛ ɔbɛkyekyɛ aduan. (Aso. 6:2, 5, 8) Anuanom mmarima a asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛ wɔn nsa anaa wɔwɔ ɔdom akyɛde bi no, dɛn na wɔbetumi ayɛ de asuasua Stefano? B
Mfoni B
Wɔn a na wɔretan Stefano ani no, ɔbɔɔ mpae maa wɔn. Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔretan yɛn ani no, yɛbɛyɛ dɛn ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn? (Mat. 5:44-48)
Akokoduru a na Stefano wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Stefano ho ade bɛn na woasua a ɛma w’ani gye sɛ ɔne Kristo rekodi ade wɔ soro?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛnea yebenya akokoduru na yɛde obu aka yɛn gyidi ho asɛm te sɛ Stefano no, kenkan ho asɛm wɔ ha.
Ɛnnɛ, sɛ wɔtan Yehowa nkurɔfo ani a, wɔn nso bɛyɛ dɛn anya akokoduru a na Stefano wɔ no bi?