Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 47 kr. 212-215
  • ‘Ɔyɛɛ Nea Obetumi’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔyɛɛ Nea Obetumi’
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Onyaa Akokoduru Gyee Pene
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Mahu Awurade!”
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Awerɛhow Nkrante Antumi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 47 kr. 212-215

47 LASARO NUABEA MARIA

‘Ɔyɛɛ Nea Obetumi’

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ MARIA ne ne nuabea Marta ne wɔn nuabarima Lasaro na ɛte wɔ Betania. Yesu yɛɛ nneɛma pa pii maa Maria ne n’abusua, na ɛkaa Maria koma paa. Ná Yesu taa kɔsra wɔn. Sɛ ɔkɔsra wɔn nso a, na ɔka Yehowa ne ɔno Yesu ho asɛm kyerɛ wɔn. Enti wɔne Yesu bɛyɛɛ nnamfo paa. Eduu baabi no, wɔn nuabarima Lasaro a ɔda wɔn koma so no wui, ɛnna Yesu nyan no!

Nea Yesu yɛe no sɔɔ Maria ani paa, enti Maria yɛɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi soronko ama Yesu. Ɔyɛɛ sɛ ɔbɛkyɛ no “ngo huamhuam a ne bo yɛ den paa, nardo ngo . . . papa bi, bɛyɛ toa baako.” Ná ɛwɔ alabasta toa mu. Saa bere no, sɛ obi benya sika atɔ ngohuam alabasta toa ketewa baako a, gye sɛ ɔyɛ adwuma afe baako boaboa ɛho sika ano. Nea ɛyɛe a Maria nyaa sika de tɔɔ ngohuam a ne bo yɛ den yi de, Bible nka, nanso ɛbɛyɛ sɛ na ɛno ne ade a ne bo yɛ de paa a ɔwɔ.

Ná ɔpɛ sɛ ofi ne koma mu nyinaa ma Yesu akyɛde a ɛsom bo, nanso ɛmaa nkurɔfo dwoodwoo no

Bere bi a Yesu redidi wɔ obi fie wɔ Betania no, Maria kɔɔ Yesu nkyɛn, na ɔbɔɔ toa a ngo huamhuam no wom no, ɛnna ohwiee ngo no nkakrankakra guu Yesu tirim ne ne nan ho. Afei, Maria yii nea ɛkata ne ti no, na ɔde ne ti nwi popaa Yesu nan ho. Yudafo amammerɛ mu no, ɛbɛyɛ sɛ na ebinom hu no sɛ ɛnyɛ papa sɛ ɔbea beyi ade a ɛkata ne ti so wɔ nnipa mu. Nanso ɛnyɛ ɛno koraa na na Maria redwen ho. Ɔno de, nea na ehia no ne sɛ ɔbɛyɛ biribi de ahyɛ ne wura anuonyam. Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ na ɔbrɛ ne ho ase.

Ngo no gyee fie hɔ maa ɛhɔ nyinaa yɛɛ huahuaahuam, nanso ɛnyɛ obiara na n’ani gyee nea Maria yɛe no ho. Yuda Iskariot sei, ne bo fuwii ara ma ɔkaa sɛ, “adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare 300 amfa amma ahiafo?” Ɛbɛyɛ sɛ na asomafo no bi nso foa nea na ɔreka no so. Wo de, hwɛ sɛ Maria fi ne koma nyinaa mu ayɛ adepa sei ama Yesu, na n’asuafo a ɛsɛ sɛ anka wɔka bi ma no no, wɔn mmom na wɔredwoodwoo no. Wohwɛ a sɛn na Maria bɛte nka? Ɛbɛyɛ sɛ asɛm no ma ɔfɛree paa. Nanso Yesu de, ɔkaa bi maa Maria.

Bere a asomafo no gu so rekasa no, Yesu kaa sɛ, “Munnyaa no . . . Adepa na wayɛ ama me.” Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae no maa ɛhɔ yɛɛ dinn. Yesu asɛm no ma wɔhui sɛ, nea Maria yɛe no kyerɛ ɔdɔ. Ná Yesu wu abɛn, nanso na Maria nnim. Esiane sɛ na Yesu rebewu nti, Yesu faa no sɛ, sɛ owu a, ɔkwan a wɔbɛfa so asiesie n’amu no, ɛno na Maria yɛe no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno paa na ɛmaa n’ani sɔɔ nea Maria yɛe no. Yesu kaa asɛm tiawa a ɛka koma yi sɛ: “Wayɛ nea obetumi.” Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, nea ɔbea yi ayɛ yi nso, wɔbɛka de akae no.” Yesu hui sɛ nea Maria yɛe no kyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru ne ɔdɔ. Sɛ obi yɛ adepa saa a, nkamfo na ɛfata no, na ɛnyɛ animka.

Maria aba Yesu ne n’asomafo no mu; okura alabasta toa, na wabu nkotodwe wɔ Yesu anim de bi asra ne nan ho. Yuda bo afuw sɛ Maria yɛɛ saa. Nanso Yesu de, ɔreka bi ama Maria.

Bere a Yesu kaa saa asɛm no, obiara kaa n’ano toom. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu nsɛm yi bɛka Maria koma paa! Afei Yuda pue kɔhwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi ne wura Yesu ama. Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, ankyɛ biara, wɔbɛkyeree no twaa asɛm too no so, na wɔbuu no kumfɔ. Afei wɔsɛn no dua so ma owui, na awiei koraa no, wɔsiee no. Nsɛm a na Yesu aka afa ne wu ho no, saa bere no paa na Maria tee ase yiye. Ná Maria yam ye paa, na na odwen nnipa ho. Enti yaw a Yesu faa mu, ne wu a owui no maa Maria dii yaw paa. Nanso nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ no ansa na ɔrewu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkae a, na ɛma ne werɛ kyekye paa.

Bere a Yesu wui no, ne nnansa so na ɔsɔree. Ná wei yɛ anigyesɛm! Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bɛboro 500, na ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na ɔde ahyɛde maa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ “aman nyinaa.” (Mat. 28:​19, 20) Yesu kaa sɛ, sɛ n’asuafo no reka “ahenni no ho asɛmpa” no a, ahobrɛase ne ɔdɔ a Maria daa no adi kyerɛɛ no no, wɔbɛka ho asɛm. Yebetumi aka sɛ, akokoduru a Maria de yɛɛ nea obetumi boaa Yesu no, wannu ne ho da. Asɛm a Yesu de kamfoo Maria sɛ, “wayɛ nea obetumi” no, ɛbɛyɛ sɛ Maria werɛ amfi kosi sɛ owui.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Mateo 26:​6-13

  • Marko 14:​3-9

  • Luka 10:​38-42

  • Yohane 11:​5, 6, 31-35, 41-45; 12:​1-8

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Lasaro nuabea Maria yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Nea Bible aka afa Maria ne ne nua Marta ho no, ɛma yehu sɛ suban bɛn na na wɔwɔ? (Luka 10:​39, 40; Yoh. 11:20; ia 173 ¶5-6; 176 ¶17) A

    Maria ne ne nuabea Marta. Wuhu sɛ Maria redwinnwen biribi ho, na Marta de, okura kɛntɛn bi a paanoo wom, na ɔreserew.

    Mfoni A

  2. 2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, kyerɛ a Yesu kyerɛkyerɛɛ Maria ne mmea afoforo no ma yehu sɛ, na ɔyɛ soronko wɔ ne bere sofo no mu? (w99 9/1 30 ¶1-4)

  3. 3. Ngohuam a Maria hwie guu Yesu tirim no, dɛn na ɛma yehu sɛ na ɛyɛ ngohuam papa paa? (w08 5/1 31 ¶1-3) B

    Indian nard: © Haijie Lu, licensed under CC BY-NC 4.0. Source; dried jatamansi: wasanajai/stock.adobe.com; alabaster jar: © The Trustees of the British Museum. Licensed under CC BY-NC-SA 4.0. Source

    Mfoni B: Afifide a ɛbɛyɛ sɛ na wɔde yɛ ngohuam a Maria de guu Yesu tirim ne ne nan ho no, ne nhwiren ne ne nhin ni. Alabasta toa a na wɔde ngohuam gu mu nso ni

  4. 4. Adɛn nti na Yesu tirim ne ne nan ho na Maria hwiee ngohuam no gui? (w10 11/1 6 ¶4, ase hɔ asɛm-wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Yesu kaa sɛ “Maria de, wapaw nea ɛyɛ papa,” efisɛ ɔde Onyankopɔn de adi kan. (Luka 10:42) Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no? D

    Mfoni Ahorow: Onuawa ababaa bi de nneɛma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu redi kan. Mfoni koro yi ara, wɔakyɛ mu mmiɛnsa. Onuawa no ne ne nnamfo ahyia mu regye wɔn ani; ade resa, na ɔrefi hɔ agya wɔn. Onuawa no ada, na Bible da ɔpon so wɔ ne nkyɛn. Ade akye, na onuawa no ne onuawa foforo gyina trɔk ho reyɛ baguam adansedi. Wuhu sɛ wɔn ani agye.

    Mfoni D

  • Yesu kamfoo Maria sɛ “wayɛ nea obetumi.” Nea Yesu kae yi, sɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛafi yɛn koma mu ayɛ nea yebetumi ama Yehowa? (Mar. 12:​29, 30; 14:8)

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Maria akokoduru no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Ɛbɛyɛ sɛ Lasaro nuabea Maria ka wɔn a wɔne Yesu rekodi ade wɔ soro no ho. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛma w’ani gye?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Sɛ mmofra pɛ sɛ wɔfa nnamfo a, dɛn na wɔbetumi asua afi Maria, Marta, ne Yesu hɔ?

Hena Na Ɛsɛ Sɛ Mefa No Adamfo? (13:14)

Kenkan asɛm yi, na wubehu sɛ na Yesu ani sɔ akyɛde a ne bo yɛ den te sɛ Maria de no, na na n’ani nso sɔ akyɛde nketewa te sɛ okunafo hiani no nkaprɛ mma mmienu no.

“So Wowɔ Ayɛ?” (w99 4/15 16 ¶3-7)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena