Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 49 kr. 220-223
  • N’ase Timii Sɛ Ɔbotan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • N’ase Timii Sɛ Ɔbotan
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • “Meyɛ Ɔdebɔneyɛfo”
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Suasua Sɛnea Yehowa Ne Yesu Dwen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Momma Yenkura Yɛn Gyidi a Ɛsom Bo No Mu Pintinn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 49 kr. 220-223

49 PETRO

N’ase Timii Sɛ Ɔbotan

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

BERE a Yesu Kristo hyiaa Simon no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wone Simon, Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Edin “Kefa” no, wohwɛ mu a ɛne “Petro” nyinaa kura nkyerɛase baako. Nea ɛkyerɛ ne “Ɔbo” anaa “Ɔbotan.” Adɛn nti na Yesu de saa din yi too Petro? Nea ɛte ne sɛ, ɔbotan anaa ɔbo yɛ biribi a ɛyɛ den paa, na wɔtumi nso de si dan. Enti ɛbɛyɛ sɛ nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ n’adamfo Petro ase betim te sɛ ɔbotan na wahyɛ anuanom den.

Edin a wɔde too Petro no, ɔyɛɛ ho adwuma anaa? Sɛnea yehui wɔ Ti 45 no, ɛnyɛ bere nyinaa na Petro yɛɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ n’ase atim. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ n’adwene anaa ne gyidi hinhim, na na ehu mpo tumi ka no ma osi gyinae bɔne. Ne nyinaa akyi, na Yesu wɔ ne mu ahotoso sɛ nkakrankakra ɔbɛba abɛyɛ obi a ɔwɔ akokoduru. Wohwɛ a, Petro benyaa akokoduru ampa?

Bere a Kristo wui a wɔnyan no no, ɔde adwuma bi a ehia paa hyɛɛ n’asomafo no nsa sɛ wɔnka asɛmpa no. Petro amfa saa adwuma yi anni agorɔ koraa, na ɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma nso a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru. Bere bi sei, wɔdii afahyɛ kɛse bi wɔ Yerusalem, na Yudafo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ mpempem pii baa ase. Petro sɔre gyinaa wɔn anim kaa no pen kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn na wɔkum Mesia no. Asɛm a Petro de akokoduru kae no, ɛmaa wɔn mu pii sakrae, efisɛ “ɛwowɔɔ wɔn komam.” Enti wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu ma wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo.

Yesu kaa biribi faa onipa ko a na Petro bɛba abɛyɛ ho. Dɛn na na ɛbɛboa Petro na ama saa asɛm no aba mu?

Ade a na ɛho hia Petro paa ne asɛnka adwuma no. Ná Yesu de “Ahenni nsafe” anaa nsafoa mmiɛnsa ama no sɛ ɔmfa mmue kwan na akuw mmiɛnsa bi atumi akɔ ɔsoro ahenni no mu. Petro dii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo, afei ɔkaa bi kyerɛɛ Samariafo, na ɛno akyi no, ɔkɔkaa bi kyerɛɛ Amanaman mufo nso. Ɔde akokoduru na ɛyɛɛ adwuma no, na wanyɛ nyiyim. Otutuu akwan kɔɔ mmeae pii kɔkaa asɛmpa no, na ɔhyɛɛ anuanom den; ɛtɔ da a, na ɔne ne yere na ɛkɔ. Otuu kwan mpo kɔɔ Babilon nohoa kɔtenaa hɔ.

Mfe dodow a Petro de yɛɛ asɛnka adwuma no nyinaa, ohyiaa ɔhaw pii, na nkurɔfo nso tan n’ani. Nanso ɔde akokoduru gyinaa pintinn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔde ɔne asomafo a ɛka ne ho no koguu afiase mpɛn pii. Afei nso Yudafo nyamesom akannifo no hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyae asɛmpa no ka. Nanso Petro kaa sɛ: “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.” Bere a ɔkaa saa no, wɔhwee wɔn paa, nanso wɔannyae Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm ka. Yesu Kristo nso a Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ Ahenni no so hene no, wɔkɔɔ so dii ne ho adanse.

Wɔahwe Petro ne asomafo a wɔka ne ho no ama wɔn ntaade mu nyinaa ayɛ mogya, nanso wɔnam kurom rebɔ nkɔmmɔ sereserew. Yudafo bi gyina hɔ rehwɛ wɔn, na wutumi hu sɛ asomafo no ho yɛ wɔn nwanwa paa.

Eduu baabi no, ɔtan a wɔde baa Kristofo no so no mu yɛɛ den paa. Sɛnea yehui wɔ ti 48 no, Stefano gyidi nti wɔkum no. Ɔsomafo Yakobo a na ɔyɛ Petro adamfo no nso, bɛyɛ mfe du akyi no, ne gyidi nti Herode ma wɔkum no. Akyiri yi, ɔhene tirimɔdenfo yi hui sɛ bere a okum Yakobo no, ɛmaa Yudafo a wɔtan Kristofo no ani gyee paa, enti ɔma wɔkyeree Petro nso. Afei wɔguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn de no kɔtoo afiase, na wɔmaa asraafo wɛn no. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ bere bi bɛba a wɔbɛkyekyere no na wɔakokum no, wohwɛ a, ɛbaa Petro tirim sɛ ɛno na ɛreba mu no anaa?

Anadwo dasum, Petro da hɔ ara na ɔbɔfo bi baa ne nkyɛn. Onyanee no, na ɔde no faa awɛmfo no anim kɔfaa afiase pon kɛse no mu kopuee abɔnten. Petro puei no, dɛn na ɔyɛe? Wanguan annyaw anuanom hɔ ankɔpɛ baabi anhintaw. Mmom, opuei ara na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a anuanom ahyiam resom Yehowa na wɔrebɔ mpae. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Petro kopuee hɔ no, ɛmaa wɔn ani gyee paa na ɔhyɛɛ wɔn nkuran!

Yesu kaa nsɛm bi kyerɛɛ Petro, na Petro werɛ amfi da. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hyɛ wo nuanom den.” Akyiri yi, ɔsan ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nguan nkumaa aduan.” (Luka 22:32; Yoh. 21:17) Enti baabi a Petro kɔe biara, ɔde akokoduru kaa asɛm no, na ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo den. Ná Petro yɛ onipa a bɔne wɔ ne ho, enti ɛtɔ mmere bi a na odi mfomso. Bere bi sei, okodii Yudafo bi akyi yɛɛ biribi a ɛmfa kwan mu, na ɔsomafo foforo twiw n’anim. Petro brɛɛ ne ho ase gyee ne mfomso toom, na wanni saa mfomso no bio. Ɛno akyi no, ɔkɔɔ so hyɛɛ anuanom den, na Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛw Bible mu nhoma mmienu nso. Ɔde mfe pii som Yehowa nokwaredi mu, na ɔdaa akokoduru adi paa. Ewiee ase no, wɔkyekyeree no de no kɔtoo afiase, na wɔkum no. Enti edin “Ɔbo” anaa “Ɔbotan” a Yesu de too Petro no, Petro yɛɛ ho adwuma, efisɛ ɔbɛyɛɛ den na n’ase timii!

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Mateo 16:​18, 19

  • Yohane 1:​40-42; 21:​14-19

  • Asomafo Nnwuma 2:​14-43; 5:​17-42; 8:​14-17, 25; 10:​44-48; 12:​1-17

  • Galatifo 2:​11-14

  • 1 Petro 5:13

  • 2 Petro 1:​12-15

Yensusuw wei ho:

Petro ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Yesu de “ɔsoro Ahenni nsafe” anaa nsafoa mmiɛnsa maa Petro. Dwuma bɛn na Petro de dii? (Mat. 16:​18, 19; ijwbq asɛm 124 ¶1-5-wcgr) A

    Map bi a ɛma yehu mmeae a Petro de ahenni nsafoa no yɛɛ adwuma.

    Mfoni A: Petro kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yerusalem, Samariafo a wɔwɔ Samaria, ne Amanaman mufo a wɔwɔ Kaesarea

  2. 2. Ansa na Petro rekɔ Kornelio a ɔyɛ Amanaman muni no fie mpo no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na onyiyi nnipa mu? (Aso. 10:​5-7, 23; bt 69 ¶1, ase hɔ asɛm) B

    Mfoni B: Baabi a na tete kurow Yopa wɔ

  3. 3. Dɛn na ɛma yehu sɛ Petro gyee nteɛso a Paul de maa no no toom? (w17.04 26-27 ¶15-17)

  4. 4. Dɛn na ɛmaa Petro kɔtenaa Babilon? (it “Nkoasom” ¶24-wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Sɛnea Petro ne nnipadɔm bi a wɔwɔ Yerusalem kasae no ma yehu sɛ, n’akokoduru nyinaa akyi no na obu ade. Bere bɛn na ɛho behia sɛ yɛn nso yɛda akokoduru ne obu adi?

  • Ná Petro di dwuma titiriw wɔ asafo no mu, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase tiee Paul afotu no. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Petro? D

    Mfoni Ahorow: Onua bi a odi asafo adansi adwuma bi anim yɛɛ biribi a antwa yiye, na anuanom mmienu retu no fo. Mfoni koro no ara, wɔakyɛ mu mmienu de atoa so. Onua a odi adansi adwuma anim no retwiw anuanom mmienu bi anim yayaayaw. Anuanom mmienu bi nso wɔ akyi hɔ rehwɛ nea ɛrekɔ so no. Akyiri yi, anuanom mmienu a na wɔwɔ akyi hɔ no fi ɔdɔ mu de Bible retu ne fo, na wuhu sɛ onua no retie no aso pa mu.

    Mfoni D

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Petro akokoduru a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Petro ho ade bɛn na woasua wɔ ha a ɛma w’ani gye sɛ ɔne Kristo rekodi ade wɔ soro?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Sɛn na Petro nhwɛso no boa yɛn ma yeyi ehu fi yɛn mu na yɛde yɛn ho to Yehowa so?

Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Petro (6:48)

Asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma ti 10 no, fa dwumadi yi hwehwɛ asuade a ɛwom.

“Onyankopɔn Nyiyi Nnipa Mu” (Nneɛma a ɛba toatoa so wɔ jw.org, “Dwumadi a Yɛde Sua Bible”)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena