50 SAUL A OFI TARSO
Ɔsesaa Ne Suban
BERE a wɔrekum Stefano no, na Saul a ofi Tarso wɔ hɔ bi, nanso na ɛnhaw no.a Nokwasɛm ne sɛ, Stefano wu akyi mpo de, tan a na wɔretan Kristofo no ani no, Saul na na odi mu tintiman, efisɛ na ogye di sɛ Yudasom na ɛyɛ papa. Bible ka sɛ, na “Saul da so ara rehunahuna Awurade asuafo no, na na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn” wɔ Yerusalem. Saul soaa Kristofo mmarima ne mmea pii koguu afiase, na sɛ wɔredi wɔn asɛm nso a, na ɔyɛ ara sɛ ɔbɛma wɔakum wɔn. Otuu n’ani sii Kristofo no so hunahunaa wɔn ma wɔbɔ hwetee. Nanso nea ɔyɛe nyinaa akyi, ne ho antɔ no, ɔkɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn kogyee tumi nkrataa a ɔde bɛkɔ Damasko akɔkyere Kristofo a wɔwɔ hɔ no nso.
Bere a Saul nsa kaa nkrataa no ara na ɔne wɔn a ɛka ne ho no de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam sɛ wɔrekɔ Damasko. Ná onnim sɛ Yesu wɔ n’Agya Yehowa nkyɛn wɔ soro, na nea ɛrekɔ so no nyinaa wɔn ani tua. Nea ɛwom ne sɛ, Saul bɔne nyinaa akyi, Yehowa ne Yesu huu suban pa pii wɔ ne ho, na na wɔnim sɛ obetumi asesa. Bere a Saul ne wɔn a ɛka ne ho no reyɛ adu Damasko no, prɛko pɛ na hann bi fi soro betwaa wɔn ho hyiae. Ná hann no “ano yɛ den sen owia”! Saul hwee fam, na n’ani furae.
Afei, ɛnne bi bisaa no sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani? Sɛ wokɔ so tu wo nan de wɔ poma ano a, ɛbɛyɛ den ama wo.” Ná Saul akɔyɛ sɛ nantwi bi a otu ne nan de wɔ poma ano de pira ne ho. Afei, Saul bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hena, Owura?” Ɛnne no kaa sɛ; “Ɛyɛ me Yesu a woretan m’ani no.” Ɛbɛyɛ sɛ bere a Saul tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no paa. Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsɔre, na ɔmaa Saul huu adwuma a ɛda hɔ retwɛn no. Ná Yesu pɛ sɛ Saul di ne ho adanse na ɔma nnipa hu sɛ nea ɔno Yesu bɛkyerɛkyerɛe nyinaa yɛ nokware. Saul a saa bere no na n’ani afura no, afei de, na ɔrebɛboa wɔn a wɔn ani afura wɔ honhom mu ama wɔabehu hann.
Ɛyɛɛ dɛn na obi a na okyi Kristofo saa tumi sesa bɛyɛɛ obi a odi Kristo ho adanse?
Esiane sɛ na Saul ani nhu ade nti, nkurɔfo susoo ne nsa de no kɔɔ Damasko. Ná Saul yɛ obi a ɔyɛ ahomaso paa, na na n’asɛm yɛ den. Nanso anisoadehu a onyae no ma ɔbrɛɛ ne ho ase, na ɔyɛɛ akɔnkyen nnansa de twɛnee sɛ Kristoni bi bɛba ne nkyɛn. Sɛnea Saul yɛɛ n’ade no ma yehu sɛ, nea na wayɛ atwam no, odii ho yaw paa, na ofi ne koma mu nyinaa nuu ne ho. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔɔ Yehowa mpae kyɛe, efisɛ na wabehu sɛ, sɛɛ Onyankopɔn ankasa Dɔba na na ɔretan n’ani no! Yesu somaa Kristoni bi a ɔwɔ Damasko a yɛfrɛ no Anania kɔɔ Saul nkyɛn. Ahyɛase no, na Anania suro sɛ ɔbɛkɔ, nanso ɔkɔe, na ɔde ne nsa koguu Saul so. Ɛnna “biribi fii n’ani so guu fam,” na n’ani buei! Afei de, na Saul abɛyɛ ɔbarima nyansafo a ɔbrɛ ne ho ase, enti “ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.”
Saul bɛyɛɛ Kristoni, na ntɛm ara na ofii ase kaa asɛmpa no. Sɛ́ anka ɔbɛsan n’akyi akɔ Yerusalem no, ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ Damasko hyia adan mu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛnna fam mma no, efisɛ na nnipa a ɛwɔ hɔ no nim no sɛ ɔyɛ obi a ɔteetee Kristofo no. Enti wutumi hu sɛ ɔbɔɔ mpae paa sɛ Yehowa mma no akokoduru. Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛ Saul rekyerɛkyerɛ mu wɔ nkurɔfo no anim sɛ, odii mfomso sɛ ɔtan Kristofo no ani, na seesei wasesa ne suban abɛyɛ wɔn mu baako. Wohwɛ a, sɛn na na n’atiefo no bɛyɛ wɔn ade? Sɛnea ɛte biara no, Saul amma biribiara ammu n’abam. Bible ka sɛ: “Saul kɔɔ so nyaa ahoɔden pii, na ɔmaa Yudafo a ɛwɔ Damasko no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛe maa emu daa hɔ sɛ Yesu ne Kristo no.”
Bere a ɔtenaa Damasko kakra no, ɔde n’ani kyerɛɛ Arabia; ɛbɛyɛ sɛ Siria Anweatam so na ɔkɔe. Nea enti a ɔkɔɔ hɔ de, Bible nka. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔno nko ara kɔhyɛ hɔ bɔ Yehowa mpae. Afei nso, nea na Yesu aka akyerɛ no nyinaa ne adwuma kɛse a ɔde ahyɛ ne nsa no nso, ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ okodwinnwen ho kɔ akyiri. Ná Saul taa sua Kyerɛwnsɛm no, na na odwinnwen nea osua no ho. Nokwasɛm ne sɛ, afei de na wasesa ne suban ampa. Akyiri yi, ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo a wɔwɔ Roma no nkuran sɛ wɔn nso nsesa wɔn akwan.—Rom. 12:2.
Ná Saul da so ara kae sɛ, bere bi ɔyɛɛ nneɛma bɔne pii. Mfe pii akyi no, ɔkaa mpo sɛ: “Bere bi a atwam no mekekaa abususɛm, metan nkurɔfo ani, na meyɛɛ aniammɔnho.” (1 Tim. 1:13) Afei nso pene a ɔpenee so ma wɔkum Stefano no, nsɛm bi a ɔkae ma yehu sɛ akyiri yi, odii ho yaw. (Aso. 22:19-21) Nanso Saul amma n’abam ammu, efisɛ na onim sɛ Yehowa ne Yesu de ne bɔne akyɛ no, na wɔtaa n’akyi wɔ adwuma a ɔreyɛ no mu.
Saul tenaa Damasko mfe mmiɛnsa, nanso na Yudafo no repɛ no akum no, enti na ɛsɛ sɛ oguan fi hɔ. Ɛno nti wɔde no sii kɛntɛn mu faa ɔfasu ho gyaagyaa no sii fam, na ɛno akyi no, ɔde n’ani kyerɛɛ Yerusalem. Nanso adwuma a na Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no, afei koraa na na ɔrebɛyɛ ne kɛse.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Saul a Ofi Tarso ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Adɛn nti na Saul kaa sɛ ne kurom Tarso yɛ kurow a “agye din”? (Aso. 21:39; w99 5/15 30 ¶1) A
Todd Bolen/BiblePlaces.com
Mfoni A: Ɔkwan bi a wɔde abo asɛm so wɔ baabi a na tete kurow Tarso wɔ
2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na na Saul nim Yudafo, Greekfo, ne Romafo amammerɛ ho nsɛm saa? (bt 62, adaka ¶1-3)
3. Saul kaa sɛ, bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no no, na ɔte “sɛ obi a ne bere anso na wɔwoo no.” Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? (1 Kor. 15:8; w22.09 27)
4. Luka asɛm a ɔkyerɛw faa sɛnea Saul sakra bɛyɛɛ Kristoni wɔ Damasko ho no, adanse bɛn na ɛfoa saa asɛm no so? (Aso. 9:11, 24, 25; g03 2/8 28-30) B
Photo by ROLOC Color Slides
Mfoni B: Baabi a wɔfa wura Damasko kurow no mu a wɔfrɛ hɔ Bab-Sharqi; ɛha na ɔkwan a wɔfrɛ no Tẽẽ no bɛpem
Dɛn Na Woasua?
Saul brɛɛ ne ho ase maa Anania ne Kristofo afoforo boaa no. (Aso. 9:17, 18; Kol. 4:10, 11) Nneɛma bɛn mu na yɛn nso ebehia sɛ yegye mmoa fi afoforo hɔ?
Nneɛma akɛse a Saul tumi yɛɛ wɔ n’abrabɔ mu ne mfomso a na wadi atwam no, wamma no antwetwe n’adwene amma wantoto Yehowa som ase. (Filip. 3:4-8; 1 Tim. 1:12-16) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? D
Mfoni D
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Saul akokoduru a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Saul ho ade bɛn na woasua wɔ ha a ɛma w’ani gye sɛ ɔne Kristo rekodi ade wɔ soro?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea obi a bere bi na ɔtan anuanom ani te sɛ Saul sesaa ne suban.
Sɛn na Saul nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛasua Bible daa, yɛada ɔdɔ adi akyerɛ afoforo, na yɛabrɛ yɛn ho ase?
“Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu” (w08 5/15 21-25)
a Ɛwom sɛ akyiri yi, wɔsesaa Saul din frɛɛ no Paul, nanso yɛbɛfrɛ no “Saul” wɔ ti yi mu.