SUA BIRIBI FI YESU HƆ
Asomdwoe Bɛba Wiase Baabiara
Onipa biara pɛ sɛ ɔtena wiase a asomdwoe wom mu. Efi tete besi nnɛ, wiase akannifo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe aba baabi a asomdwoe nni. Ɛtɔ da a, wɔtumi boa ma asomdwoe ba kosi bere bi. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnkyɛ, na akokoakoko asan ayi ne ti. Yemmisa sɛ, enti bere bi bɛba a asomdwoe bɛba wiase baabiara anaa? Aane! Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛnea asomdwoe bɛba wiase baabiara no, ma yɛnhwɛ nea Yesu bɛyɛ daakye, ne nea ɔkyerɛkyerɛe.
Nea Yesu Bɛyɛ Daakye
Bible ma yehu sɛ, ɛrenkyɛ, Yesu bɛma asomdwoe aba wiase baabiara.
“[Wɔbɛfrɛ Yesu] . . . Asomdwoe Hene. N’ahenni mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei bɛba.” (Yesaia 9:6, 7) Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so hene, enti ɔbɛhwɛ ama asomdwoe aba wiase baabiara. Saa asomdwoe no, ɛto rentwa da!
“Obegye ohiani a osu frɛ no . . . ne nea onni boafo nso.” (Dwom 72:12-14) Yesu de ne tumi no beyi asisisɛm nyinaa afi hɔ. Ɛno nti, akokoakoko, awudisɛm, ne amanehunu nyinaa nso to betwa.
“Ɔman bi rentwe sekan wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Sɛ Yesu redi tumi wɔ asaase so a, nnipa nyinaa besua sɛ wɔne wɔn ho bɛtena asomdwoe mu. Obi biara ne ne yɔnko renko bio.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yesu bɛma asomdwoe aba wiase daakye, ɛne nea wo nso wobɛyɛ na woatumi atena saa wiase no mu bi a, hwɛ video tiatia yi. Yɛato din, Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
Nea Yesu Kyerɛkyerɛe
Ɛnnɛ mpo, Yesu nkyerɛkyerɛ reboa nnipa ɔpepem pii ama wɔanya asomdwoe. Yesu Bepɔw So Asɛnka a agye din no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nokwasɛm ahorow bi a ɛnsesa da. Saa nsɛm no boa ma yetumi ne yɛn yɔnko nnipa tena asomdwoe mu bere nyinaa. Momma yɛnhwɛ emu bi.
“Anigye ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe.” (Mateo 5:9) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma twe-ma-mentwe tena wɔne wɔn yɔnko nnipa ntam, na mmom wɔnhwehwɛ asomdwoe.
“Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.” (Mateo 5:23, 24) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, sɛ akasakasa ba wɔne afoforo ntam a, wɔnhwɛ nsiesie no ntɛm. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ, yɛmma asomdwoe ntena yɛne afoforo ntam, na ama yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ kama.
“Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.” (Mateo 7:1) Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, mma yemmu afoforo atɛn, kyerɛ sɛ, mma yɛnnkasa nntia wɔn denneennen, anyɛ saa a, yɛne wɔn ntam bɛsɛe. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, mma yɛmmfa yɛn adwene nnsi mfomso a afoforo di so, na mmom, ‘yɛnkɔ so mfa bɔne nkyɛ.’—Luka 6:37.
Wokɔ wiase baabiara a, wubehu nnipa bi a wɔde Yesu nkyerɛkyerɛ rebɔ wɔn bra. Saa nkurɔfo yi, sɛ wɔte mmeae a basabasayɛ anaa nnipa mu nyiyim rekɔ so mpo, na sɛ ebinom ne wɔn anni no yiye a, wɔtɔ wɔn bo ase ne wɔn siesie wɔn ntam. Afei, wɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn, na wɔyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yesu nkyerɛkyerɛ aboa nnipa bi ama wɔanya asomdwoe a, kenkan asɛm a yɛato din, “Akokoakoko Nyinaa Akyi No Wubetumi Anya Asomdwoe.”