SUA BIRIBI FI YESU HƆ
Gye Bere Sua Onyankopɔn Ho Ade Na Fa No Adamfo
Sɛ wugye bere sua Onyankopɔn ho ade na wofa no adamfo a, ɛbɛma w’abrabɔ akɔ yiye. Sɛ woyɛ saa a, na worema Onyankopɔn akyerɛ wo sɛnea wobɛbɔ wo bra. Hwɛ nea Yesu ka faa saa asɛm yi ho.
Nea Yesu kae
“Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.”—Mateo 5:3.
Nsɛmmisa bi wɔ hɔ a, onipa biara pɛ sɛ onya ho mmuae. Ebi ne: Adɛn nti na yɛwɔ wiase? Adɛn nti na nnipa bebree hu amane? Sɛ yewu a, ɛdɛn na ɛto yɛn? Sɛ yɛn ani betumi agye wɔ asetenam a, gye sɛ yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.
“Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowaa anom nso.”—Mateo 4:4.
Sɛnea nnipa hia aduan da biara na yɛatumi atena nkwa mu no, saa ara na yehia Onyankopɔn akwankyerɛ daa na atumi asi yɛn yiye wɔ abrabɔ mu. Onyankopɔn akwankyerɛ nso de, Yesu kaa no pefee sɛ, sɛ yebenya a, gye sɛ daa yɛkɔ Onyankopɔn hɔ.
“W’asɛm yɛ nokware.”—Yohane 17:17.
Yesu ma yehui sɛ, ɔkwan titiriw paa a Onyankopɔn nam so ma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛma yɛabɛn no ne n’Asɛm Bible.
Yɛhyɛ wo nkuran sɛ, gye bere sua Onyankopɔn ho ade na fa no adamfo. Sɛ woyɛ saa a, wubenya anigye daa. Nneɛma a edidi so yi betumi aboa wo:
Kenkan Bible a worentua hwee.
Ma obi ne wo mmɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ a worentua hwee.
a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”