Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 134
  • Obi Yɛ Wo Ade a, Mfa Ntɔkwaw Nhyia No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi Yɛ Wo Ade a, Mfa Ntɔkwaw Nhyia No
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu kae
  • Nea Yesu yɛe, ne nea ɔbɛyɛ daakye
  • Asomdwoe Bɛba Wiase Baabiara
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Monkɔ So Nyɛ Papa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 134
Yesu rekyerɛkyerɛ nnipakuw bi; mmarima wom, mmea wom, ɛnna mmofra nso wom.

SUA BIRIBI FI YESU HƆ

Obi Yɛ Wo Ade a, Mfa Ntɔkwaw Nhyia No

Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ adwene bi sɛ, sɛ obi de si a, wɔn nso betwa, kyerɛ sɛ, wode yɛ me a, me nso mede bɛyɛ wo. Enti sɛ mente-me-ho-ase bi ba wɔne obi ntam, anaa obi ne wɔn anni no yiye a, wobɛhwɛ no, na wɔne no de asi ani. Nanso, Yesu Kristo anyɛ biribi saa da, na wankyerɛkyerɛ da nso sɛ, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, yɛmfa ntɔkwaw nhyia no. Wo de, ma yɛnhwɛ nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe no bi.

Nea Yesu kae

Bere a Yesu reyɛ ne Bepɔw So Asɛnka a agye din no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ, sɛ mente-me-ho-ase ba a, ɛnyɛ abufuw anaa anisohyew na yɛde sɔ ano. Ma yɛnhwɛ nea ɔkae no bi.

  • “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.” (Mateo 7:12; Luka 6:31) Yesu kaa saa asɛm yi na ama yɛahu sɛnea yɛne nnipa bɛtena.a Ɔde kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛnea yɛpɛ sɛ afoforo ne yɛn tena no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne wɔn tena. Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ obi teetee no anaa ɔteatea no. Enti sɛ obi ne yɛn adwene nhyia wɔ biribi ho mpo a, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da obu adi kyerɛ no, na yeyi yɛn yam ne no tena anaa?

  • “Obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dan baako no nso ma no.” (Mateo 5:38, 39; Luka 6:29) Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ yɛmfrɛfrɛ asombɔ anaa yennyaagyaa yɛn ho mma nkurɔfo nyɛ yɛn bɔne. Mmom, adwene a ɛnyɛ papa a na asɔfo mpanyimfo binom de ahyɛ nkurɔfo tirim no, ɛno na na Yesu pɛ sɛ ɔtene no. Ná asɔfo mpanyimfo no ka sɛ, obi yɛ wo ade a, yɛ no bi tua ka. Nanso, nea Yesu kae no maa n’akyidifo hui sɛ, sɛ obi yɛ wɔn ade a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no bi tua ka. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho so, na wɔanyɛ nea ɛmfata.b

  • “Monkɔ so nnɔ mo atamfo.” (Mateo 5:43, 44; Luka 6:27) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, wɔn a wɔtan yɛn anaa wɔne yɛn nni no yiye no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa. Wei nkyerɛ sɛ Yesu pɛ sɛ yɛsosɔ nneɛma bɔne a wɔyɛ no so anaa yɛfoa so.c Mmom, sɛ obi tan yɛn, na yɛyɛ no papa a, ebetumi adwudwo n’abufuw no, na ebetumi ama ɔno nso ayɛ nneɛma pa ama yɛn mpo.

Nea Yesu yɛe, ne nea ɔbɛyɛ daakye

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ obi yɛ yɛn ade a, ɛnsɛ sɛ yɛde ntɔkwaw hyia no. Nea ɔkyerɛkyerɛe no, ɔno ara nso de yɛɛ adwuma. Anadwo a nkurɔfo bɛkyeree Yesu no, n’akyidifo no baako twee sekan piraa obi sɛ ɔde rebɔ Yesu ho ban, nanso Yesu kaa sɛ: “San fa wo sekan no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe sekan nyinaa bewu sekan ano.” (Mateo 26:52) Yesu de n’atamfo a wɔyɛɛ no ayayade no bɔne kyɛɛ wɔn, na ɔbɔɔ mpae maa wɔn mpo!—Luka 23:33, 34; 1 Petro 2:23.

Bible ahyɛ bɔ sɛ, Yesu ne Asomdwoe Hene no, enti ɛrenkyɛ obeyi ntɔkwaw ne awudisɛm nyinaa afi hɔ. (Yesaia 9:6, 7) Daakye kamakama yi, sɛ wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Nea Ɛbɛma Akokoakoko Agyae.”

a Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?”

b Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “‘Aniwa Nsi Aniwa Ananmu’—Dɛn Na Saa Asɛm No Kyerɛ?”

c Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “What Does It Mean to ‘Love Your Enemies’?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena