SEPTEMBER 14-20, 2026
DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ
Yesaia Nwoma No Betumi Akyekye Wo Werɛ
“Nea Yehowa aka ni: . . . ‘Sɛnea ɔbea kyekye ne babarima werɛ no, saa ara na mɛkɔ so akyekye mo werɛ.’”—Yes. 66:12, 13.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛ yɛboto anaa yɛn werɛ ho na yɛkenkan Yesaia nwoma no a, ebetumi ahyɛ yɛn den.
1-2. Sɛ asɛm bi to yɛn ma yɛn werɛ ho anaa yɛboto a, dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn?
WO DEƐ, fa no sɛ abofra bi rete nisu, na wopata no baabiara a ɛmpata. Ebia nea enti a ɔresu nyinaa ne sɛ, ɔne n’awofo retu afi baabi a wɔte akɔtena baabi foforɔ. Enti ɛyɛ no ya sɛ ɔrebegya ne nnamfonom hɔ. Anaasɛ ebia wadi mfomso bi, na ne yam hyehye no nti na ɔresu. Ɛba saa a, ɔbaatan a ɔdɔ ne ba, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔbɛbam ne ba no akorɔkorɔ no, na watie nea enti a ɔresu. Owie a na wama ne ba no awerɛhyem sɛ ɔda ne koma so paa.
2 Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, Yehowa te sɛ ɔbaatan bi a ɔdɔ ne ba na ɔkyekye ne werɛ. Ɔka sɛ: “Sɛnea ɔbea kyekye ne babarima werɛ no, saa ara na mɛkɔ so akyekye mo werɛ.” (Yes. 66:13) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no, ɛso kyɛn ɔdɔ a ɔwofo biara wɔ ma ne ba. (Yes. 49:15) Yehowa ama yɛn awerɛkyekyesɛm pii wɔ n’asɛm Bible no mu, enti sɛ yɛboto anaa yɛn werɛ ho a, ebetumi ahyɛ yɛn den.—Rom. 15:4.
3. Dɛn na yebesusu ho wɔ adesua yi mu?
3 Yehowa de awerɛkyekyesɛm ahyɛ Yesaia nwoma no mu ma. (Yes. 40:1) Eduu mmere bi no, na nneɛma mu ayɛ den ama Yehowa nkurɔfo a na wɔte Yuda no. Esiane sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma nti, ɔmaa Yesaia tworɔɔ nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn den. Yɛn nso, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, enti yehia awerɛkyekye. (2 Tim. 3:1) Ɛnneɛ, momma yɛnhwɛ sɛnea Yesaia nwoma no mu nsɛm bi betumi akyekye yɛn werɛ na ahyɛ yɛn den wɔ tebea a edidi so yi mu. Nea edi kan, bere a nneɛma asesa prɛko pɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. Nea ɛtɔ so mmienu, bere a bɔne bi a yɛayɛ atwam reteetee yɛn. Nea etwa to, bere a yɛredi yɛn dɔfo bi wuo ho awerɛhoɔ.
BERE A NNEƐMA ASESA PRƐKO PƐ
4. Sɛ nneɛma sesa prɛko pɛ wɔ yɛn asetena mu a, sɛn na ebetumi aka yɛn?
4 Nneɛma betumi asesa prɛko pɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. (Ɔsɛnk. 9:11; 1 Kor. 7:31) Ebia yare bi betumi abɔ yɛn putupuru, yɛn sikasɛm betumi ayɛ basaa, amanyɔsɛm betumi akɔfa ntɔkwa aba, anaa Yehowa asafo no betumi asesa yɛn dwumadi. Sɛ nsakrae a ɛte saa ba a, ebetumi ama w’ani so abiri wo, na w’adwene mpo betumi atu afra. Ɛba saa a, ebia wubebisa sɛ; ‘Enti seesei, dɛn na menyɛ?’ Onua bi a ne din de Joseph de mfeɛ 17 yɛɛ adwuma wɔ Betel, na akyiri yi wɔma ɔkɔyɛɛ daa kwampaefo. Ɔka sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ dae. Adeɛ yi, na matena Betel akyɛ, enti merefi hɔ akɔhyɛ abrabɔ foforɔ ase no, na ɛnna fam. Enti na minhu nea menyɛ.” Sɛ nneɛma sesa prɛko pɛ saa a, awerɛhyem bɛn na Yehowa de ama yɛn wɔ Yesaia nwoma no mu a ebetumi aboa yɛn?
5. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ama yɛn wɔ Yesaia 42:16? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Kenkan Yesaia 42:16. Sɛ obi te nka sɛ ne wiase nyinaa aduru sum na sɛ onhu baabi a ɔmfa a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛ no kwan, na ɔbɛma esum a aduru no no adane hann. Sɛ yɛn abrabɔ sesa prɛko pɛ na yennim nea ɛda yɛn anim a, ebetumi ayɛ te sɛ nea ‘yɛn ani afura,’ te sɛ nea yɛnam ‘ɔkwan bi a yɛmfaa so da so,’ yɛnam “esum” mu, anaa yɛnam “baabi a ɛhɔ yɛ mmonkyemmɔnka.” Ebia ɛbɛma yɛate nka sɛ, asɛ yɛnam kwaebirentuo bi mu a yenhu baabi a yɛmfa yɛn ani nkyerɛ. Nanso Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ, baabi a ɔbra no bekyim yɛn akosi biara, ɔbɛkyerɛ yɛn kwan, na ɔrennya yɛn da! Obeso yɛn nsa de yɛn afa sum no mu, ɔbɛma yɛn kwan so ayɛ hann, na baabi a ɛhɔ ayɛ mmonkyemmɔnka no, ɔbɛma ada so a yɛnante so a yɛmmrɛ. Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔbɛfa n’Asɛm Bible no ne n’asafo no so ama yɛn afotu pa. (Dw. 119:105; Yes. 30:21) Afei nso, ɔbɛfa yɛn nuanom Kristofo ne afoforɔ so aboa yɛn. Enti sɛ nneɛma mu yɛ den, na yennim nea ɛda yɛn anim mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkyerɛ yɛn kwan, efisɛ ɔdɔ yɛn na onim nea yɛrefa mu.—Yes. 41:10; 1 Pet. 5:6, 7.
Sɛ nneɛma sesa prɛko pɛ wɔ w’asetena mu mpo a, Yehowa rennya wo da (Hwɛ nkyekyɛm 5)b
6. Sɛ nneɛma sesa prɛko pɛ wɔ yɛn abrabɔ mu a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?
6 Yoseph a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ma yehu nea Yehowa yɛ de boaa ɔne ne yere bere a wɔfii Betel no. Ɔka sɛ: “Bere a yefii Betel no yehuu Yehowa nsa wɔ yɛn abrabɔ mu paa. Ɔnam yɛn nuanom so boaa yɛn. Biribiara a yehia wɔ asetena mu no, Yehowa ma yɛn nsa kae, na awerɛkyekye nso de, ɔmaa yɛn bi paa. Yehowa nnyaa yɛn mu da!” Wo nso, sɛ nneɛma sesa prɛko pɛ wɔ w’abrabɔ mu na sɛ emu yɛ den sɛ dɛn mpo a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkyerɛ wo kwan na wahyɛ wo den. (Yes. 54:10; 58:11) Joseph de kaa ho sɛ: “Yɛn nnwom no baako mu nsɛm ka me koma paa. Ɛka sɛ: ‘Nea ɔkyena de bɛba, me deɛ minnim oo. Nea ebesi biara, ɔka me ho.’a Ɛwom, ebia nneɛma renkɔ sɛnea yɛhwɛ kwan, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ biribiara a ebesi wɔ yɛn abrabɔ mu no, Yehowa ka yɛn ho.”
BERE A BƆNE BI A YƐAYƐ ATWAM RETEETEE YƐN
7. Sɛn na bɔne a ebinom ayɛ atwam betumi ama wɔate nka?
7 Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi na yɛka kyerɛ asafo mu mpanyimfo no a, wɔdɔ yɛn nti wɔbɛboa yɛn. Ɛno akyi no, yɛyere yɛn ho sɛ yɛrensan nkɔyɛ saa bɔne no bio. (Mmeb. 28:13; Yak. 5:14-16; 1 Yoh. 1:9) Nanso ɛmfa ho sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn nyinaa akyi no, yɛn ahonim betumi ateetee yɛn saa ara. Ebia wobɛka sɛ, ‘Saa bɔne a mayɛ yi deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa de akyɛ me?’ (2 Kor. 2:7) Sɛ wote nka saa nso a, ntease wom, efisɛ bɔne a yɛayɛ atwam no, ɛho adwendwen tumi hyɛ yɛn so, na etumi yɛ den sɛ ebefi yɛn tirim. Bere a Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne no, ɔkaa sɛ: “Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.” Ɔsan de kaa ho sɛ: “Madwudwo, na mabubu koraa.” (Dw. 38:3, 8) Wo nso, sɛ bɔne a wayɛ atwam da so ara reteetee wo a, ɛnneɛ Yesaia nwoma no bɛboa wo paa.
8-9. Sɛn na Yesaia 1:18 ma yehu sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ?
8 Kenkan Yesaia 1:18. Yehowa de mfatoho kamakama bi kyerɛ yɛn sɛnea ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn korakora. Ɔka sɛ, sɛ yɛn bɔne “te sɛ koogyan” mpo a, ɔbɛma no ayɛ “fitaa sɛ sukyerɛmma.” Yenim sɛ koogyan yɛ biribi a ɛyɛ den sɛ ɛbɛpa. Nanso Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn koraa; ɔrenkae bio da!
9 Wo deɛ, yɛmfa Ɔhene Dawid nyɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ ɔsɛee aware na ɔsan dii awu nso kaa ho, nanso Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no, na akyiri yi ɔkaa sɛ Dawid yɛ ɔbarima a ɔde koma a edi mu som no. (2 Sam. 11:3, 4, 14, 15; 12:13; 1 Ahe. 9:4, 5) Yehowa deɛ, nokwaredi a Dawid de som no no, ɛno na ɔde n’adwene sii so, na ɛnyɛ bɔne a na wayɛ atwam no. Yɛn nso, sɛ yɛyɛ bɔne bi na yefi yɛn komam nyinaa nu yɛn ho a, Yehowa de kyɛ yɛn na ɛma yenya ahonim pa de som no. Awerɛkyekyesɛm bɛn bio na ɛwɔ Yesaia nwoma no mu a ebetumi aboa yɛn bere a yɛn ahonim reteetee yɛn?
10. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia 38:17?
10 Kenkan Yesaia 38:17 ne ase hɔ asɛm. Asɛm a ɛne sɛ, “woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi” no, wɔbetumi nso akyerɛ ase sɛ, “Woayi me bɔne nyinaa afi w’anim.” Saa mfatoho yi ma yehu sɛ, sɛ ɔbɔnefo nu ne ho a, Yehowa to ne bɔne no gu n’akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa renhu anaa ɔrennwen ho bio. Nwoma bi nso ka sɛ, wɔbetumi akyerɛ saa asɛm yi ase sɛ: “Woama [me bɔne] ayɛ te sɛ nea menyɛɛ bɔne biara.” Enti sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, n’ani so deɛ, ɛte sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara da; ɔrenkɔfa ho asɛm mma bio, na ɔrentwe yɛn aso nso wɔ ho bio da. Ɔpepa saa bɔne no fi hɔ koraa. Wahyɛ bɔ sɛ: “Merenkae wo bɔne bio.” (Yes. 43:25) Wunhu sɛ asɛm yi kyekye yɛn werɛ paa? Sɛ Yehowa a ɔyɛ Ɔtemmufo Pumpuni no mpo nkae bɔne a yɛayɛ atwam no a, ɛnneɛ, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma no teetee yɛn?
Bɔne a woayɛ atwam no, ɛnsɛ sɛ woma ɛsɛe anigye a wode resom Yehowa no da
11. Ɛmfa ho bɔne a yɛayɛ atwam no, dɛn na Yehowa hwɛ wɔ yɛn ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Bere biara a bɔne a yɛayɛ atwam bɛteetee yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛkae awerɛhyem a Yehowa de ama yɛn no. Waka akyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔde bɔne kyɛ a, na ɔde akyɛ. Bɔne a yɛayɛ atwam no mma yɛn ho nyɛ no aniwu. Afei nso, ɔnte sɛ nnipa na ɔde yɛn ho abufuo ahyɛ ne mu. (Yes. 57:16) Ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam no na Yehowa hwɛ, mmom nea ehia Yehowa ne sɛnea seesei yɛbɔ yɛn bra, ne sɛnea yɛreyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no. (Yes. 55:7) Onyankopɔn a yɛsom no no, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔde bɔne kyɛ ampa! Wei nti, bɔne a yɛayɛ atwam no, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛsɛe anigye a yɛde resom Yehowa no da. Bio nso, ɛnsɛ sɛ ɛno nti yegyae Yehowa som ma nhyira a yebenya daakye no bɔ yɛn.
Ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam na Yehowa hwɛ (Hwɛ nkyekyɛm 11)c
BERE A YƐREDI YƐN DƆFO BI WUO HO AWERƐHOƆ
12. Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, sɛn na yebetumi ate nka?
12 Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, awerɛhoɔ tumi mene yɛn, na ɛyaw a yedi no tumi tena hɔ kyɛ. Ɛtɔ da a, yɛnte ase sɛ Yehowa hwɛ maa yɛn dɔfo no wui. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Michael; egya tɔɔ n’awofo fie, na ɛhyee wɔn ma wɔwui. Ɔka sɛ: “Me koma bubui, na me bo fuu Yehowa sɛ wahwɛ ama wɔawu. Minim sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔkum wɔn, nanso wanyɛ ho hwee.” Ebia wo nso woate nka saa pɛn. Sɛ awerɛhoɔ bubu yɛn saa a, awerɛkyekye ne anidaso bɛn na Yehowa de ma yɛn?
13. Ɛbɔ bɛn na Yehowa ahyɛ yɛn wɔ Yesaia 25:8?
13 Kenkan Yesaia 25:8. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “ɔbɛmene owu afebɔɔ.” Wo deɛ, hwɛ sɛ wote wiase bi mu a owuo nni hɔ bio. Ɛrenkɔba da sɛ wo dɔfo bi bewu ma woadi awerɛhoɔ. (Yes. 35:10) Saa ara nso na ɛremma da sɛ wubehu sɛ wo dɔfo bi da funnaka mu a yɛde no rekɔhyɛ fam. Mmom wowɔ anidaso sɛ, wo ne w’adɔfo bɛbom atena ase daa a wɔsi pi si ta. Saa bɔhyɛ yi nyɛ bɔsrɛmka bi; Onyankopɔn ankasa na waka, efisɛ ɔno nko ara na obetumi ama aba mu.—Adi. 21:4, 5.
14. Sɛ wodwendwen owusɔre no ho a, sɛn na ɛma wote nka? (Yesaia 26:19) (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Kenkan Yesaia 26:19. Ɛnyɛ sɛ Yehowa beyi owuo afi hɔ kɛkɛ oo; obenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no asan aba nkwa mu bio. Wo deɛ, hwɛ nea ɔka fa awufoɔ ho. Ɔse: “M’afunu bɛsɔre.” Wei ma yehu sɛ, wɔyɛ Yehowa dea, na ɔkae wɔn nyinaa. Enti sɛ bere a wahyɛ no so a, obenyane wɔn. Sɛnea anɔpa bosu ma afifideɛ yɛ frɔmfrɔm no, saa ara na Yehowa a ɔyɛ nkwa Farebae no bɛma yɛn adɔfo a wɔawuwu no asan anya nkwa. Wo deɛ, pɛ ani bɛhwɛ sɛ yɛrema wɔn akwaaba! Anigye nko ara!—Fa toto Marko 5:42 ho.
Anidaso a yɛwɔ sɛ yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu bio no bɛbam ɔkwan biara so (Hwɛ nkyekyɛm 14)
15. Sɛn na owusɔre anidaso no boa yɛn bere a yɛn dɔfo bi awu?
15 Ɛwom sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ yɛn sɛ obenyane yɛn adɔfo a wɔawuwu no, entu awerɛhoɔ a yɛredi no ase, nanso nim a yenim sɛ Yehowa werɛ mfii wɔn no kyekye yɛn werɛ. Michael a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, saa anidaso yi kyekyee ne werɛ. Ɔka sɛ: “Yesaia 26:19 boaa me ma mihui sɛ, m’awofo da Yehowa koma so paa. Minim sɛ ne werɛ mfii wɔn, ɔbɛkɔ so akae wɔn ara akosi sɛ daakye obenyane wɔn afi owuo mu. Wei kyekye me werɛ paa, na ɛhyɛ me den.” Yɛn nso, anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛsan ahu yɛn adɔfo a wɔawuwu bio no, momma yɛnkɔ so nnwennwen ho. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma ɛyaw a yɛredi no ano abrɛ ase.
16. Sɛ worefa ɔhaw bi mu a, Tworɔsɛm pɔtee bɛn na ɛkyekye wo werɛ?
16 Yɛahu sɛnea Yesaia nwoma no mu nsɛm bi betumi akyekye yɛn werɛ bere a nneɛma asesa prɛko pɛ wɔ yɛn abrabɔ mu, bere a bɔne bi a yɛayɛ atwam reteetee yɛn, ne bere a yɛredi yɛn dɔfo bi wuo ho awerɛhoɔ. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa nam n’Asɛm no so kyekye yɛn werɛ na ɔka yɛn koma to yɛn yam. (Dw. 94:19) Sɛ worefa ɔhaw bi mu a, tworɔsɛm pɔtee bi wɔ hɔ a ɛkyekye wo werɛ anaa? Sɛ saa a, ɛnneɛ kye gu wo tirim, wubetumi mpo atworɔ ato hɔ, anaa watworɔ abɔ baabi a wobɛtaa ahu. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, nsɛm a yɛn soro Agya Yehowa a ɔdɔ yɛn no atworɔ ama yɛn no, ɛbɛkyekye wo werɛ.
DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso
a Nnwom no mu nsɛm fi nnwom a enni yɛn nnwom nhoma no mu. Yɛato din sɛ “Yehowa Ka Me Ho.”
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi afi Betel kɔ asafo foforɔ mu, na anuanom agye wɔn fɛw so.
c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi wɔ akwampaefo sukuu ase, na n’ani agye; ɔmma bɔne a wayɛ atwam no nteetee no.