SEPTEMBER 7-13, 2026
DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan
Sua Biribi Fi Gibeonfo No Hɔ
“Gibeonfo ne Israel akɔyɛ asomdwoe apam, na wɔne wɔn na ɛte.”—YOS. 10:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yebehu nea yebetumi asua afi Gibeonfo no hɔ. Afei nso, sɛnea Yehowa ne wɔn dii no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu.
1-2. Nea Bible ka fa Gibeonfo ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho asɛm hia yɛn?
ISRAELFO fii Egypt mfe 40 akyi no, wɔkoduu Bɔhyɛ Asaase no so. Yehowa boaa wɔn ma wɔtumi dii nkuro akɛse te sɛ Yeriko ne Ai so nkonim. Nanso akyiri yi biribi a na wɔnhwɛ kwan koraa sii. Nea ɛkɔbae ne sɛ, bere a wɔwɔ hɔ no, wɔnkɔhwɛ a akwantufo bi anim ni. Wɔn asɛm nyinaa ne sɛ, wɔfi akyirikyiri man bi so na aba, na wɔpɛ sɛ wɔne Israelfo no yɛ apam a ɛbɛma asomdwoe atena wɔn ntam.
2 Saa akwantufo yi, na wɔyɛ Gibeonfo. Bere a wɔkɔɔ Israelfo no nkyɛn no, ɛno ne bere a edi kan a Bible no kaa wɔn ho asɛm. Bible ma yehu sɛ Gibeonfo ne Israelfo tenae mfe pii. Nea ɛkɔɔ so wɔ Gibeonfo ne Israelfo asetena mu no, asuade bebree ayɛ mu ma, na ɛsan ma yehu Yehowa Nyankopɔn su ahoroɔ bi.
KYERƐ SƐ WOWƆ GYIDI NE AHOBRƐASE
3. (a) Ná Gibeonfo yɛ nkurɔfo bɛn? (b) Adɛn nti na na wɔpɛ sɛ asomdwoe ba wɔne Israelfo no ntam?
3 Bere a Israelfo no koduu Kaanan asaase no so no, na aman nson bi wɔ asaase no so a ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn so nkonim. Ná wɔyɛ aman a ‘wɔdɔɔso, na na wɔn ho yɛ den’ sen Israelfo no bam. (Deut. 7:1) Saa aman nson yi, na Hiwifo ka ho, na ɛhɔ na na Gibeonfo no fi. Wohwɛ Gibeonfo no sei a, kuro a na wɔte mu no, na wɔato ɔfasu atwa ho nyinaa ahyia; asogyafo nso deɛ, na wɔwɔ bebree kwa. (Yos. 10:2) Wei nyinaa akyi no, Gibeonfo no behui sɛ, sɛ wɔdi aman a aka no akyi sɛ wɔne Israelfo no rekɔko a, wɔtwe wɔn mu tann a, wɔbedi nkogu. Efisɛ na wɔnim sɛ Yehowa reko ma Israelfo no, na wahyɛ wɔn bɔ sɛ obetu Kaananfo no nyinaa afi asaase no so. (Ex. 34:11; Yos. 9:24) Enti bere a Gibeonfo no tee sɛ Israelfo no adi Yeriko ne Ai so nkonim no, ntɛm ara na wɔsomaa mmarimaa bi sɛ wɔnkɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal, na wɔnkɔsrɛ no sɛ onhu wɔn mmɔbɔ na ɔne wɔn nyɛ apam a ɛbɛma asomdwoe atena wɔn ntam.
4. (a) Sɛ wohwɛ Yosua 9:8-13 a, ɔkwan bɛn na Gibeonfo no faa so daadaa Israelfo no ma wɔne wɔn yɛɛ asomdwoe apam? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Bere a Israelfo no hui sɛ Gibeonfo no adaadaa wɔn no, dɛn na Israelfo no yɛe?
4 Kenkan Yosua 9:8-13. Gibeonfo no yɛɛ wɔn ho sɛ wɔfi akyirikyiri asaase bi so na aba. Wɔkaa sɛ nea Yehowa nam Israelfo no so de ayɛ Egyptfo ne Amorifo ahemfo Sihon ne Og nyinaa, wɔate ho asɛm. Nanso nea na Israelfo no de ayɛ Yeriko ne Ai de, Gibeonfo no ammɔ so. Efisɛ na Israelfo no sɛee saa nkuro yi nkyɛe, enti na ɛbɛyɛ den sɛ obi a ofi “akyirikyiri asaase bi” so bɛte ho asɛm ntɛm saa. Nea Gibeonfo no yɛe yi, wutumi hu sɛ na wɔn ani ate paa. Israel mpanyimfo no nso, wɔammisa Yehowa adwene wɔ asɛm no ho koraa; nneɛma a Gibeonfo no de kyerɛɛ wɔn ne nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa, wɔgye dii. (Yos. 9:14, 15) Ankyɛ biara, nea Gibeonfo no yɛe no ho bɛdaa hɔ. Nanso esiane sɛ na Israel mpanyimfo no de “Yehowa din aka wɔn ntam” nti, wɔanyɛ Gibeonfo no hwee. (Yos. 9:16-19) Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔde famfam adwuma hyɛɛ Gibeonfo no nsa. Ɛne sɛ, na “wɔbɛkɔ anyina ne nsu ama asafo no ne Yehowa afɔremuka.”—Yos. 9:27.
Gibeonfo no daadaa Israelfo no ma wɔne wɔn yɛɛ asomdwoe apam (Hwɛ nkyekyɛm 4)
5. Dɛn na Gibeonfo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ Yehowa mu gyidi?
5 Bere a Amorifo ahemfo nnum tee sɛ Gibeonfo no de wɔn ntoma akɔbɔ Israelfo no de ano no, wɔkaa wɔn ho boom sɛ wɔbɛkɔ akɔkyerɛ Gibeonfo no nyansa. Gibeonfo no kosu guu Yosua so sɛ ɔmmɛboa wɔn. (Yos. 10:3-7) Enti Yosua dii Israelfo no anim sɛ wɔrekotwitwa agye Gibeonfo no, na Yehowa nso de ne ho gyee mu ma wɔdii nkonim. Nea ɛkɔbae ne sɛ, Yehowa maa asukɔtweaa akɛse tɔ fii soro bekunkum Amorifo asraafo no bi, na ɔmaa awia gyinaa faako kɔpem sɛ Israelfo no dii Amorifo no so nkonim. (Yos. 10:9-14) Gibeonfo no kyerɛe sɛ wɔwɔ Yehowa mu gyidi paa. Adɛn ntia? Wo deɛ hwɛ oo, wɔn ankasa na wɔkɔsrɛɛ Israelfo no sɛ wɔne wɔn nyɛ asomdwoe apam. Afei nso, bere a wɔn ho kaa adwaa mu no, wɔkosu guu Yosua so sɛ ɔmmɛboa wɔn. Nea wɔyɛe yi, na ɛkyerɛ sɛ wɔgye di paa sɛ Yehowa betumi abɔ wɔn ho ban na wagye wɔn.
6. Sɛnea Yehowa ne Gibeonfo no dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
6 Dɛn na saa asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho? Ɛma yehu sɛ Yehowa brɛ ne ho ase, na ɔwɔ mmɔborɔhunu nso. Nea ɛte ne sɛ, na Yehowa adi kan aka akyerɛ Israelfo no sɛ ‘wɔmpam nnipa a wɔtete asaase no so nyinaa.’ (Num. 33:51, 52) Saa nkurɔfo no, na Gibeonfo ka ho. Nanso ɛbɔ a Israelfo no hyɛɛ Gibeonfo no nti, Yehowa amma wɔansɛe wɔn. Ná anka Yehowa betumi aka sɛ bere a Israelfo no reka Gibeonfo no ntam no, wɔammisa n’adwene wɔ ho, enti ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔsɛe Gibeonfo no. Nanso Yehowa anyɛ saa, ɔmaa Israelfo no dii ɛbɔ a na wɔahyɛ Gibeonfo no so, na ɔde ne tumi twitwa gyee Gibeonfo no.—Yos. 9:26; 11:19.
7. Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Gibeonfo no gyidi ne wɔn ahobrɛase? (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Dɛn na yebetumi asua afi Gibeonfo no hɔ? Gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, ɛsɛ sɛ yɛma emu yɛ den. Yɛbɛka a yɛn deɛ, yenim nneɛma bebree fa Yehowa ho sen Gibeonfo no. Enti nea yebetumi agyina so de yɛn ho ato Yehowa so deɛ, ɛdɔɔso paa. (Dw. 40:4, 5) Ade foforo a yebetumi asua afi Gibeonfo no hɔ ne sɛ, nnwuma nketenkete a ebia afoforo bu no sɛ ɛba fam wɔ Yehowa som mu no, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase yɛ. (Yos. 9:23, 27) Onua aberante bi a ne din de Luke ka sɛ, bere bi onuapanyin bi a ɔyɛ adwuma wɔ Betel yɛɛ biribi maa ne ho dwirii no. Saa onua yi, na nnwuma akɛseakɛse hyehyɛ ne nsa wɔ Betel. Nanso ɔyɛɛ biribi a na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Bere bi, na wɔresi Ahenni Asa, enti na wɔhia anuanom bi ama wɔakɔwɛn hɔ anadwo. Onuapanyin no tee ho asɛm ara pɛ, otuu ne ho mae sɛ ɔbɛkɔ akɔwɛn. Luke ka sɛ: “Nea onua no yɛe no ma mihui sɛ, yɛka ahobrɛase paa a, ɛnyɛ yɛn ano, yɛde yɛn nneyɛe na ɛkyerɛ.” Enti sɛnea Gibeonfo no yɛe no, yɛn nso sɛ yehyia ɔhaw na yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu gyidi. Afei nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase yɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa asafo no mu a, na yɛresuasua Gibeonfo no.
Brɛ wo ho ase yɛ nnwuma nketenkete a afoforo bu no sɛ ɛba fam, na fa suasua Gibeonfo no (Hwɛ nkyekyɛm 7)
SƐ OBI NE WO ANNI NO YIE A, GYA MA YEHOWA
8. Dɛn na Saul de yɛɛ Gibeonfo no?
8 Mfe pii akyi no, Gibeonfo no ho asɛm san puei wɔ Bible mu. Saa bere no, na Saul na ɛyɛ Israel hene, na otuu n’ani sii Gibeonfo a na wɔte Israel no so. Ná Saul “retwe kora ma Israel ne Yuda,” enti ɔyɛe sɛ ɔbɛhye Gibeonfo no ase.b Ewiee ase no, okunkum wɔn mu binom. (2 Sam. 21:2, 5, 6) Nea Saul yɛe yi deɛ, ɔne Gibeonfo no anni no yiye koraa! Asomdwoe apam a Israelfo ne Gibeonfo yɛe mfe pii a na atwam no, Saul de da koro pɛ sɛe no.
9. Nea Saul de yɛɛ Gibeonfo no, bere bɛn na Yehowa yɛɛ ho biribi?
9 Nea Saul de yɛɛ Gibeonfo no, Yehowa anyɛ ho hwee amonom hɔ ara. Ɔtwɛn ara kosii sɛ Dawid bedii Saul ade ansa na ɔreyɛ ho biribi. Yehowa maa ɔpɛ fitaa bi sii Israel mfe mmiɛnsa, na ɛkɔfaa ɔkɔm kɛse bi bae. Dawid kobisaa Yehowa nea ama aba saa, ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ, Saul ne ne fiefo adi mogya ho fɔ efisɛ mfe bi a atwam no, wɔne Gibeonfo no anni no yie. Ɛno nti, ɛho asotwe na wɔrennya no.—2 Sam. 21:1.
10. Sɛnea 2 Samuel 21:3-6 ma yehu no, dɛn na Gibeonfo no yɛe de kyerɛe sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Yehowa Mmara so?
10 Kenkan 2 Samuel 21:3-6. Dawid kobisaa Gibeonfo no sɛ bɔne a Saul de ayɛ wɔn no, dɛn na ɔmfa mpata wɔn? Wohwɛ a, Gibeonfo no bɛka sɛ Dawid atena asɛm no ho dadaada a ɔnyɛɛ ho hwee, enti wɔbɛka sɛ ontua sika kɛse bi mma wɔn? Wo deɛ, hwɛ nea Gibeonfo no ka kyerɛɛ Dawid. Wɔkaa sɛ “asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika asɛm.” Saa asɛm a Gibeonfo no kae yi ma yehu sɛ na wɔnim Onyankopɔn Mmara no paa. Efisɛ na mmara no ka sɛ, sɛ obi di awu a, ɛsɛ sɛ ɔno nso wu; sika biara ntumi mpata mma no. (Num. 35:30, 31) Ná Gibeonfo no san nim sɛ, Ɔhene nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔka sɛ yenkum obi. Enti Dawid ka kyerɛɛ Gibeonfo no sɛ wɔbetumi akum mmarima nson a wɔfi Saul abusua mu. Ebetumi aba sɛ, na saa mmarima yi ka wɔn a wɔboaa Saul ma okunkum Gibeonfo no ho. Ɛno akyi no, nsuo fii ase tɔe wɔ Israel, na ɔpɛ ne ɔkɔm no nyinaa baa awiei. Wei kyerɛ sɛ, afei deɛ na Yehowa ayi n’abufuo afi Israelfo no so.—2 Sam. 21:9, 10, 14.
11. Dɛn na saa asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho?
11 Dɛn na saa asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho? Ɛma yehu sɛ Yehowa mmu ntɛnkyea. (Dw. 37:28) Ɛnnɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, wo ne wɔn mfi ɔman baako mu, anaasɛ sɛnea wɔte no ɛnyɛ saa na wote a, wɔbu wo animtiaa, na wɔtumi ne wo di no yayaaya. Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ, ɔpɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa di no yie. Afei nso, Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, ebinom ne wɔn nni no yie koraa, ebinom nso Yehowa som nti nkurɔfo tan wɔn ani. Nanso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, ɛrenkyɛ biara obeyi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ ama wɔn ho atɔ wɔn. Asuade foforɔ a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ, sɛnea na Yehowa hwɛ kwan sɛ Israelfo no bedi ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so no, yɛn nso ɛbɔ biara a yɛahyɛ no, ɔhwɛ kwan sɛ yebedi so.—Fa toto Amos 1:9 ho.
12. Sɛ obi ne yɛn anni no yie a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Gibeonfo no?
12 Dɛn na yebetumi asua afi Gibeonfo no hɔ? Sɛ yɛn nua Kristoni bi ne yɛn anni no yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa mmere ne mmere pa, enti sɛ ne mmere so a, obedi ho dwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegye Yehowa di sɛ ɔno na obetumi adi yɛn haw ho dwuma ama yɛn. Wo deɛ, yɛmfa onuawa bi a ne din de Laura French asɛm no nyɛ nhwɛso. Afe 1926 na ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Betel, na mfe du akyi no, asɛm yaayaaya bi too no. Wɔtwaa asɛm too ne so sɛ ɔde ne ho akɔbɔ awaefo. Saa asɛm no nti, wɔmaa Onuawa French fii Betel. Ɛwom sɛ asɛm no kɔɔ ne ho de, nanso wammɔ no dawuro. Mmom ɔyeree ne ho yɛɛ akwampae adwuma no mfeɛ nnan. Ɛno akyi no, wɔsan too nsa frɛɛ Onuawa French sɛ ɔmmra Betel afe 1940; ɛyɛɛ no nwanwa na n’ani gyei paa. Ɔtoaa so de nokwaredi som Yehowa mfeɛ 50 wɔ Betel kosii sɛ owui. Onuawa French asɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛn nuanom ne yɛn anni no yie mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka. Mmom, yɛn deɛ ara ne sɛ yebegyaa mu ama Yehowa, na bere a ɛsɛ mu no ɔno ankasa bɛhwɛ asiesie.—Yes. 26:3, 4.
KƆ SO ARA TAA YEHOWA SOM AKYI
13. Henanom ne “Netinimfo,” na bere a Yudafo refi Babilon asan aba wɔn kurom no, dɛn na wɔyɛe?
13 Dawid wui no, bɛyɛ mfe 500 akyi, ɛnna Gibeonfo no ho asɛm san puei wɔ Bible mu. Yudafo no kodii Babilon mfe 70, na afe 537 ansa na Yesu reba no, wɔn mu binom ne Amrado Serubabel san baa Yerusalem. (Esra 2:1, 2, 58) Ɛnna ebinom nso ne ɔkyerɛwfo Esra bae afe 468 ansa na Yesu reba. (Esra 7:1-7) Wɔn a wɔdii Amrado Serubabel ne ɔkyerɛwfo Esra akyi kɔɔ Yerusalem no, na “Netinimfo” ka ho. (Hwɛ Esra 2:58 ne 7:7 ase hɔ nsɛm.) Ɛnneɛ yemmisa sɛ, na Netinimfo yi yɛ henanom? Ná “wɔyɛ asɔrefi nkoa anaa asɔrefi asomfo a na wɔnyɛ Israelfo,” na ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii yɛ Gibeonfo asefo.—Hwɛ Bible Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu, “Netinimfo.”
14. Dɛn na Gibeonfo no yɛe de kyerɛe sɛ wɔtaa Yehowa som akyi? (1 Beresosɛm 9:2 ne ase hɔ asɛm no)
14 Kenkan 1 Beresosɛm 9:2 ne ase hɔ asɛm no. Ná “asɔrefi asomfo” no ka nkurɔfo a wɔdii kan fii Babilon baa Yerusalem no ho. Nea wɔyɛe no, ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ gyidi paa, efisɛ ɛnyɛ Yudafo a na wɔakɔdi Babilon no nyinaa mpo na wɔsan baa Yerusalem. Ebetumi aba sɛ na Yudafo no bi anya wɔn ho wɔ Babilon, enti na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbegya asetena pa a wɔwom no hɔ abɛboa ama wɔasan akyekye Yerusalem. Nanso Yudafo no bi kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi paa. Wɔn deɛ, na wɔn koma so adeɛ paa ne sɛ, wɔbɛba Yerusalem asan abesi asɔrefie no ama Yehowa na wɔasom no. Ɛwom, wɔresan wɔn akyi akɔ Yerusalem no, na ɛnna fam, nanso wɔamma biribiara antwitware wɔn akwan mu. Saa nkurɔfo yi, ɛbɛyɛ sɛ na Gibeonfo asefo no bi ka ho. Ná Yudafo no wɔ asaase wɔ Israel, nanso Gibeonfo asefo no deɛ, na wɔnni asaase biara. Nanso wɔamfa ɛno anyi wɔn ho ano; wɔsan ba bɛtoaa adwuma a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ no so, na wɔboa ma wɔsan too Yerusalem afasu no nso.—Neh. 3:26.
15. Dɛn na Gibeonfo asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho?
15 Dɛn na saa asɛm yi ma yehu fa Yehowa ho? Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ obi de biribi bɔ afɔre ma Yehowa a, Yehowa nsi saa onipa no fam koraa, na ɔrento no agyaagyaamu da! Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛhwɛ bere a Amorifo no bɛto hyɛɛ Gibeonfo no so sei a, Yehowa anyɛ nhwɛhaa; otwitwa gyee wɔn. Ɛno da nkyɛn a, bere a Babilonfo bɛsɛee Yerusalem no, Yehowa bɔɔ Gibeonfo asefo no ho ban. Afei nso, bere a Yudafo no fi Babilon san bae no, Yehowa amma ne werɛ amfi Gibeonfo no; ɔma wɔtoaa adwuma a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ no so. Ná Gibeonfo no bi mpo te bɛn asɔrefie no. (Esra 2:70; Neh. 11:21) Esiane adwuma a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ no nti, na wɔntua toɔ biara.—Esra 7:24.
16. Dɛn na yebetumi asua afi Gibeonfo no hɔ?
16 Dɛn na yebetumi asua afi Gibeonfo no hɔ? Yɛn nso, yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu, na yɛboa afoforɔ ma wɔbehu no. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ ne koma tɔ ne yam nti, sɛ biribi koraa na ɛsɛ sɛ yɛde bɔ afɔre na ama yɛatumi asom no yie a, yɛyɛ. Onua Alwin a ofi Philippines ayɛ wei ho nhwɛso. Ná ɔne kɔmpene bi a wɔtu oil na ɛyɛ adwuma, na na akatua a ɔgye sõ. Nanso na ɔpɛ sɛ ɔde ne bere pii ma Yehowa. Bere biara a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra n’asafo no, na ɔsrɛ kwan wɔ adwuma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de bere pii akɔ asɛnka saa nnawɔtwe no. Sɛ ɔyɛ saa a, anigye a onya no, na ɛnyɛ asɛm ketewa. Eduu bere bi no, na Alwin pɛ sɛ ogyae n’adwuma no bɛyɛ daa kwampaefo. Enti na ɔtaa de ɛho asɛm to Yehowa anim sɛ ɔmmoa no ma onnya adwuma a ebetumi ama no ayɛ daa kwampaefo. Ná onim sɛ adwuma foforɔ a obenya no, sɛ ɔde ɛho akatua toto oil adwuma a na ɔyɛ no ho a, ɛrennu baabiara. Nanso ɛnyɛ ɛno koraa na na ɔrehwɛ. Ɔno deɛ, akwampae adwuma no ara na na ehia no. Akyiri yi, ne yere nso bɛyɛɛ ɔkwampaefo, na wɔn mmienu atumi aboa nnipa 21 ama wɔn nso abɛyɛ Yehowa Adansefo. Nea Alwin ne ne yere ayɛ yi, ɛnyɛ ade a Yehowa werɛ befi da. Wo nso, ade biara a wode abɔ afɔre wɔ Yehowa som mu no, nya awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi da, na ɔbɛhwɛ ama wo nsa aka nea wuhia biara.—Mat. 6:33.
17. Dɛn na yɛasua afi Gibeonfo no asɛm no mu?
17 Gibeonfo asɛm yi ama yɛasua nneɛma pii afa Yehowa ho. Ama yɛahu sɛ Yehowa wɔ ahobrɛase, ɔwɔ ayamhyehye, obu atɛntrenee, na ɔyɛ ɔnokwafo nso. Afei nso, sɛ n’asomfo de biribi bɔ afɔre wɔ ne som mu a, ɔremma wɔn nsa nsi fam da. Yɛanya asuade foforɔ afi Gibeonfo asɛm no mu a yebetumi de abɔ yɛn bra. Ebi ne sɛ, sɛ yehyia ɔhaw anaa akomatusɛm bi a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho twere Yehowa na yenya ne mu gyidi. Afei nso, adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa som mu no, ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase gye tom. Ɛnyɛ ɛno nko ara, sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yie a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa mmere ne mmere pa, enti ɛsɛ sɛ yegyaa biribiara mu ma no. Yɛasan abehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka taa Yehowa som akyi. Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nsuasua Gibeonfo no.
DWOM 148 Yehowa Yɛ Ogyefo
a Mmarima a wɔkɔɔ Yosua nkyɛn ne no kɔkasae no, na wɔfi Gibeon, Kefira, Beerot, ne Kiriat-Yearim.—Yos. 9:17.
b Bible nkyerɛ ade pɔtee nti a na Saul “retwe kora ma Israel ne Yuda.” Abenfo bi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Saul mpɛ ahɔho wɔ ne man mu.