Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 July kr. 14-19
  • Kɔ So Ara Hu Yehowa Yie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ara Hu Yehowa Yie
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐ YƐKA SƐ OBI AHU YEHOWA YIE A, ƐKYERƐ SƐN?
  • ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKƆ SO HU YEHOWA YIE?
  • ƆKWAN BƐN NA YƐBƐFA SO AHU YEHOWA YIE?
  • YƐRENTUMI NSUA YEHOWA HO ADEƐ NWIE DA
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • “Mompaw Nea Mobɛsom No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 July kr. 14-19

SEPTEMBER 21-27, 2026

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

Kɔ So Ara Hu Yehowa Yie

“Hu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa koma a edi mu som . . . no.”—1 BE. 28:9.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ sɛ obi ahu Yehowa anaa onim no, nea enti a ɛsɛ sɛ yehu Yehowa yie, ne ɔkwan a yɛbɛfa so ahu no yie.

1. Sɛ yɛdwen Yehowa nyansa, ne nimdeɛ ne n’anwanwadwuma ho a, ɛma yɛte nka sɛn?

YEHOWA nimdeɛ ne ne nyansa mu dɔ, na n’anwanwadwuma nso deɛ bebree kwa. Sɛ yɛdwen sɛnea Ɔbɔadeɛ no te ho a, ɛma yɛn ho dwiri yɛn. Wei nti, ebia yɛn nso yɛbɛka asɛm a ɔsomafo Paul kae yi bi: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonyade ne ne nyansa ne ne nimdeɛ mu dɔ! Yɛrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu nwie da, na yɛrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!”—Rom. 11:​33, 34.

2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yebetumi ahu Yehowa yie?

2 Ɛwom sɛ yɛrentumi nhu biribiara a ɛfa Yehowa ho, nanso nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ahu sɛnea ɔte deɛ, yebetumi ahu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: ‘Hu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa koma a edi mu som no. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no.’ (1 Be. 28:9) Mfe pii akyi no, ɔsomafo Yohane nso ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ, ‘wɔbetumi anya ɔnokwafo no ho nimdeɛ.’ (1 Yoh. 5:20) Yesu ankasa nso kaa sɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ohu “Agya no yie” no, ɔbɛboa no ma wahu no.—Mat. 11:27.

3. Dɛn na yebesusu ho wɔ adesua yi mu?

3 Yɛn a yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa no, yɛasua ne ho adeɛ pii dada. Nanso ‘yɛrenhu’ no nwie da, anaa yɛrensua ne ho adeɛ nwie da. (Yoh. 17:3) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa ani agye, ne sɛnea yebetumi anya ne mu ahotoso kɛse no, da biara yebetumi asua ho adeɛ. Sɛ yɛbaa asafo no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, momma yensusu nsɛmmisa mmiɛnsa bi ho. Ɛbɛboa yɛn nyinaa ama yɛahu Yehowa yie. Ɛne sɛ: Sɛ yɛka sɛ obi ahu Yehowa yie a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hu Yehowa yie? Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ahu no yie?

SƐ YƐKA SƐ OBI AHU YEHOWA YIE A, ƐKYERƐ SƐN?

4. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa yie?

4 Asɛm a Yehowa ka faa Yudafo a na wɔbefi Babilon asan aba wɔn man mu ho no, sɛ yɛsusu ho a, ɛma yehu nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa yie. Yehowa kaa sɛ: “Mɛma wɔanya koma a wɔde behu sɛ mene Yehowa.” (Yer. 24:7) Wɔn a wɔfi Babilon bae no, na wɔnim Yehowa ho nsɛm bebree dada. Nanso sɛ na wɔbetumi ahu Yehowa yie a, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn adwene nyinaa hwehwɛ no. Nwoma bi kyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ́ obi bɛka sɛ onim Onyankopɔn ho asɛm, ɛne, sɛ́ obi bɛka sɛ onim Onyankopɔn yie no, nsonsonoe kɛse wom. Akɔyɛ te sɛ obi a ɔrekenkan ɔdɔ ho asɛm, ne obi a wate ahwe obi dɔ mu.” Ɛnyɛ hu a yebehu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, na ne din de Yehowa no ne asɛm no. Mmom, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea ɔte yie.

5. Sɛ ɛba hu a yebehu Yehowa yie a, dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Yosia hɔ?

5 Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebehu Yehowa yie no, ɛma yehu nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Yɛmfa Ɔhene Yosia nyɛ nhwɛso. Bible ka sɛ: “N’ahenni afe a ɛto so 8 mu, bere a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn.” (2 Be. 34:3) Nanso ɛnyɛ sɛ osuaa Yehowa ho adeɛ kɛkɛ, mmom ɔde nea osuae no nso yɛɛ adwuma. Yehowa nam odiyifo Yeremia so kaa sɛ Yosia ‘buu atɛntrenee, na ɔyɛɛ adetrenee,’ na odii mmɔborɔwa ne ohiani asɛm maa wɔn. Afei Yehowa kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?”—Yer. 22:​15, 16.

6. Sɛnea Dwom 9:10 ma yehu no, sɛ yehu Yehowa yie a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

6 Kenkan Dwom 9:10. Sɛ yehu Yehowa yie a, ɛbɛma ne mu ahotoso a yɛwɔ no ayɛ kɛse. Ɔsomafo Paul hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Bere a na ɔda afiase a aka kakra ma wawu no, ɔtworɔɔ sɛ: “Ɛnyɛ me aniwu. Efisɛ minim Onii a magye no adi no.” (2 Tim. 1:12) Nea na Paul asua afa Yehowa ho ne sɛnea na waboa no wɔ n’abrabɔ mu nti, ɛma otumi de ne ho too no so koraa. Wei ma yehu sɛ, na Paul wɔ Yehowa mu awerɛhyem sɛ ne werɛ remfi nokwaredi a ɔde asom no no, na daakye obenyane no aba nkwa mu.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKƆ SO HU YEHOWA YIE?

7. Sɛ yɛsom Yehowa kyɛ a, dɛn na ebetumi asi?

7 Bere a yefii ase suaa Yehowa ho adeɛ no, yɛyeree yɛn ho nyaa ne ho nimdeɛ pii sɛnea a ɛbɛyɛ a yebehu no yie. Nanso sɛ yɛsom Yehowa kyɛ a, anhwɛ a sɛnea yɛabehu no no, yɛbɛfa no saa ara. Adɛn nti na ebetumi aba saa? Sɛ yɛrekenkan Bible wɔ fie anaa adesua ase a, sɛnea yɛde nea yɛresua no bɛbɔ yɛn bra, ne sɛnea yɛde bɛboa afoforo no, anhwɛ a ɛno na yɛde yɛn adwene besi so. Sɛ yɛyɛ saa nso a yɛnyɛɛ bɔne, efisɛ saa na Bible no ka sɛ yɛnyɛ. (2 Tim. 3:​16, 17) Nanso, Bible no san ma yehu nneɛma bebree fa Yehowa ho. (Dw. 25:​8-10) Ɛno nti sɛ yɛrekenkan Bible a, ɛnyɛ boa a ɛbɛboa yɛne afoforo nko ara na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho asɛm hia yɛn. Mmom ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nso sɛ: ‘Dɛn na nea merekenkan yi ma mihu fa Yehowa Nyankopɔn ho?’a

8. Sɛ yehu Yehowa yie a, ɛbɛboa yɛne n’ayɔnkofa no sɛn? (Dwom 73:​24-28)

8 Sɛ yehu Yehowa yie a, ɛbɛma yɛne n’ayɔnkofa no mu ayɛ den. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ da biara wokenkan Bible, wohwɛ Broadcasting dwumadi a ɛba bosome biara, anaa wokɔ nhyiam a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Yɛyɛ saa a, yɛn ara yehu sɛ yɛabɛn yɛn soro Agya no. Adɛn ntia? Efisɛ yɛasua nneɛma pii afa ne ho. Ɛno nti ɛma yeyi no ayɛ, na yɛda no ase. Yɛte nka te sɛ odwontofo Asaf. Sɛnea na Yehowa dɔ no no, ɔdwendwen ho, na ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn yɛ me koma botan ne me kyɛfa daa.” (Kenkan Dwom 73:​24-28.) Mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yebehu Yehowa yie no, ɛbɛma yɛahu paa sɛ yɛne n’ayɔnkofa no yɛ biribi a ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase koraa.

9. Sɛ ‘yehu’ Yehowa a, ɛbɛboa yɛn sɛn? Ma mfatoho.

9 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yenhu’ Yehowa. (Mmeb. 3:​5, 6) Nea wei kyerɛ ne sɛ, nneɛma a yɛasua afa Yehowa ho no, ɛsɛ sɛ yɛdwendwen ho, na yɛma ɛtena yɛn tirim sɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra no, ɛho hia Yehowa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛasisi gyinae pa. Yɛbɛyɛ mfatoho a, anuanom bi wɔ hɔ a wɔde wɔn kunu anaa wɔn yere mfoni si wɔn pon so, wɔtumi de hyɛ wɔn walɛt mu, anaa wɔtumi de to wɔn fon so. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛboa wɔn ma wɔtaa dwendwen wɔn hokafo no ho. Afei nso wɔhwɛ sɛ nea wɔbɛyɛ biara no, ɛbɛma wɔn hokafo no ani agye, na ɛnyɛ nea ɛbɛma wɔn werɛ aho anaa ɛbɛha wɔn. Yɛn nso, sɛ yɛtaa dwendwen Yehowa ho a, ɛbɛma yɛasisi gyinae a ɛbɛsɔ n’ani.—Dw. 19:​13, 14.

10. Sɛ yɛkɔ so sua Yehowa ho ade a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

10 Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, ɛno nti yetumi suasua ne suban. (Gen. 1:26) Sɛ yɛkɔ so sua Yehowa ho ade a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi asuasua no yie. Yesu kaa atworɔfo ne Farisifo no anim denneennen sɛ wɔanna Onyankopɔn suban adi. Ɛwom sɛ mmara no mu nneɛma nketenkete no, na wɔmfa nni agorɔ koraa, nanso ‘mmara no mu nsɛm a ehia paa a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, na wɔmfa nyɛ hwee.’ (Mat. 23:23) Yɛn deɛ, ɛnsɛ sɛ yesuasua atworɔfo ne Farisifo no, na mmom sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Yehowa suban so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛasuasua Yehowa suban.—1 Yoh. 4:​8, 11.

ƆKWAN BƐN NA YƐBƐFA SO AHU YEHOWA YIE?

11. Ɛyɛɛ dɛn na wubehuu Yehowa?

11 Hena na ɔboaa wo ma wubehuu Yehowa? Ebia w’awofo na ɛde nokware no tetee wo. Ebia wɔkaa Bible mu nsɛm a ɛma wuhu Yehowa suban ho asɛm kyerɛɛ wo, na wɔma wuhui sɛ nneɛma a Yehowa abɔ nso, ɛma yehu ne suban. Anaasɛ ebia Yehowa Danseni bi na ɛbaa wo nkyɛn ne wo besuaa Bible. Sɛnea Bible mu nsɛm ne nneɛma a Yehowa abɔ ma yehu ne suban no, ebia nea ɔne wo suaa ade no de Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no boaa wo ma wodwendwen ho kɔɔ akyiri.b (Neh. 8:8; Aso. 14:17) Emu biara no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ na ama yɛakɔ so asua Yehowa ho adeɛ.

12-13. Sɛ yɛkenkan Bible no a, dɛn na ebetumi ama yɛahu afa Yehowa ho? Ma ho nhwɛso. (Yeremia 39:​15-18) (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Ade a edi kan a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa yie ne sɛ, yɛbɛyere yɛn ho asua Bible no. Ɛtɔ da a Bible hyɛ da ka Yehowa suban pɔtee bi ho asɛm. (Ex. 34:​6, 7) Nanso mpɛn pii no, ɛka nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ nkurɔfo asetenam ne gyinae a wɔsisii ho asɛm. Enti sɛ wokan Bible mu asɛm bi a ɛte saa a, to wo bo ase hwɛ nea ɛma wuhu fa Yehowa ho.

13 Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Fa no sɛ worekenkan Yeremia 38:​6-13, ɛnna wuhui sɛ Etiopiani Ebed-Melek yɛɛ biribi de gyee odiyifo Yeremia. Anhwɛ a nea w’adwene bɛkɔ so ntɛm ne nea wubetumi asua afi Ebed-Melek hɔ; n’ahofama, n’akokoduru ne ɔdɔ a na ɔwɔ. Na Yehowa suban nso ɛ, wuhu bi wɔ saa asɛm yi mu? (Kenkan Yeremia 39:​15-18.) Sɛ wohwɛ saa tworɔsɛm yi a, nkyekyɛm bɛn na ɛma wuhu sɛ Yehowa kyerɛ nneɛma ho anisɔ, ɔnhwɛ nnipa anim na ɔne obiara di no yie? Yehowa suban foforɔ bɛn na wuhu wɔ saa asɛm yi mu? Bere biara a wobɛkenkan Bible mu asɛm bi no, bɔ mmɔden sɛ wubehu Yehowa suban a ɛwom, na da no ase sɛ wama woahu saa suban no.

Ebed-Melek ne mmarima bi de ahoma retwe Yeremia afi abura bi mu. Mmarima no bi nso kurakura akodeɛ gyinagyina hɔ rebɔ wɔn ho ban.

Ebed-Melek reyi Yeremia afi abura mu; nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru paa (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)


14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdwendwen nneɛma a Yehowa abɔ ho?

14 Ade a ɛtɔ so mmienu a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa yie ne sɛ, yɛbɛdwendwen nneɛma a wabɔ ho. (Dw. 145:​9, 10) Nanso ɛnyɛ sɛ yɛhwɛ abɔdeɛ ara kɛkɛ a, ɛbɛma yɛahu Yehowa yie. Ebinom de wɔn nkwa nna nyinaa asua abɔdeɛ ho adeɛ, nanso wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ na kampɛsɛ wɔahu ne suban. Ɔsomafo Paul kaa sɛ Onyankopɔn “suban ahorow a nnipa ntumi nhu . . . no, ada adi pefee fi bere a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.” (Rom. 1:20) Bible nkyerɛase bi kyerɛ saa nkyekyɛm yi ase sɛ, “sɛ wudwen nneɛma ho yiye a,” wubetumi ahu Onyankopɔn suban. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yɛdwendwen ho a, ɛbɛma yɛahu ne suban.

15. Dɛn na Patrick ayɛ a ama no ahu Yehowa yie, na dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua no? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, yɛte kurom nti yenhu Yehowa abɔdeɛ pii. Sɛ wote baabi saa mpo a, wubetumi ahwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na woahu biribi afa ne ho. Yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Patrick a ɔte Brazzaville; ɛyɛ kuro kɛse bi a ɛwɔ Republic of the Congo. Ɔka sɛ: “Da biara mebɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ Yehowa abɔdeɛ. Metaa hu ntɛtea ne nnomaa a wɔn ani abere rehwɛhwɛ aduane ne baabi a wɔbɛda. Bere bi, mihuu nnomaa bi a wɔreyɛ wɔn buo. Wɔsesaa nneɛma bi wɔ yɛn mpɔtam hɔ a wɔbetumi de ayɛ buo a wɔwo wɔn mma gu mu a wɔn ho bɛtɔ wɔn.” Nanso ɛnyɛ sɛ na Patrick hwɛ nnomaa no kɛkɛ oo, na ɔsan nso dwendwen Ɔbɔadeɛ no ho. Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Mibehui sɛ Yehowa dwen n’abɔdeɛ ho paa; mmoa nketenkete a asɛ wɔn so nhyɛ da nni mfaso mpo ka ho. Wei ma minyaa awerɛhyem sɛ Yehowa dwen me ho na n’ani wɔ me so, enti biribiara a mihia no ɔremma no mmɔ me da.”

Onuawa bi a ɔte kuro kɛseɛ mu regugu ne nhwiren so wɔ ne fie, na ɔrehwɛ aserewa bi a ɔrefefe nhwiren no bi mu.

Dwendwen nneɛma a Yehowa abɔ ho, na ɛbɛma woahu no yie (Hwɛ nkyekyɛm 15)


16. Dɛn na ɛboaa Yesu maame Maria ma obehuu Yehowa yie, na dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Ade a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛbɛma yɛahu Yehowa yie paa ne sɛ, yɛbedwendwen nea wayɛ ama yɛn ho. Yesu maame Maria sei, saa na ɔyɛe. Yɛbɛka a, na onim Yehowa yie dada, na na wanya n’anim ‘dom.’ (Luka 1:30) Nanso Yehowa de adwuma kɛse bi hyɛɛ ne nsa; ɛne sɛ, na ɔbɛwo Onyankopɔn Ba. Ná wei yɛ adwuma kɛse paa, enti Yehowa nam ɔbɔfo Gabriel ne Maria busuani Elisabet so hyɛɛ no nkuran na ɔkaa ne koma too ne yam. Maria nso, nneɛma a na asisi wɔ n’asetena mu, ne nea ɔbɔfo no ne Elisabet ka kyerɛɛ no no, ɔde kɔɔ adwendwen mu. Ɛma obehui sɛ Yehowa tumi so, ɔne obiara di no yie, na wɔn a nnipa mfa wɔn nyɛ hwee mpo no, Yehowa deɛ ɔde wɔn yɛ biribi. (Luka 1:​46-55) Maria behui sɛ Yehowa ayɛ bi ama no, na ɔtaa n’akyi, enti ɔkyerɛɛ ho anisɔ. Yɛn nso, sɛ Yehowa ‘boa yɛn bere a ɛsɛ mu’ a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. (Heb. 4:16) Sɛ Yehowa yɛ biribi de boa wo a, ɛyɛ a tena ase bisa wo ho sɛ: ‘Enti nea Yehowa ayɛ de aboa me yi, dɛn na ɛma mihu fa ne ho? Ne suban bɛn na ɛma mihu?’

Mfoni: Onua bi redwennwen sɛnea bere bi Yehowa boaa no ho. 1. Dwumadi bi a onyae wɔ asafo no mu a na ayɛ dadwen ama no no, ɔyeree ne ho bɔɔ ho mpae. 2. Otumi kogyinaa asɛnka adwa no so yɛɛ ne dwumadi no kama.

Sɛ wodwendwen nneɛma a Yehowa ayɛ ama wo ho a, ɛbɛma woahu Yehowa yie (Hwɛ nkyekyɛm 16)c


YƐRENTUMI NSUA YEHOWA HO ADEƐ NWIE DA

17-18. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛrentumi nsua Yehowa ho adeɛ nwie da?

17 Sɛ yɛkɔ wiase foforɔ no mu a, nneɛma a yebesua afa Yehowa ho deɛ, ɛnyɛ agorɔ. Saa bere no, Yehowa bɛma yɛn nwoma mmobɔwee bi a ɛbɛma yɛahu nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. (Adi. 20:12) Ɛhɔ deɛ, sɛ woto w’ani hwɛ benkum oo, woto w’ani hwɛ nifa oo, nneɛma a Onyankopɔn abɔ nko ara na wubehu. Enti ɛbɛma yɛasua nneɛma pii afa Yehowa ho. (Yes. 11:​6-9) Wo deɛ, hwɛ sɛ wowɔ Paradise, na adeɛ rekye a adeɛ resa nyinaa, bɔne refi wo ho nkakrankakra, na w’adɔfo a wɔawuwu nso wɔanyan wɔn aba nkwa mu. Hwɛ sɛnea ɛno bɛma wahu Yehowa yie paa!

18 Yehowa deɛ, yɛrentumi nsua ne ho adeɛ nwie da! Ɔwɔ hɔ daa, enti “yɛrentumi nhwehwɛ ne ntease mu nwie.” (Dw. 90:2; 147:5) Nea ɛte ne sɛ, “adwuma a nokware Nyankopɔn no ayɛ fi mfiase kosi awiei no, nnipa renhu mu da.” (Ɔsɛnk. 3:11) Enti sɛ yɛbaa asafo no mu akyɛ oo, sɛ ɛnnɛra yi ara na yɛreba oo, momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho nsua yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho adeɛ yie.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ yɛka sɛ obi nim Yehowa yie a, ɛkyerɛ sɛn?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hu Yehowa yie?

  • Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ahu Yehowa yie?

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

a Sɛ wohwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, anim hɔ no, wɔato ɔfã bi din “Nea Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu.” Hwɛ asɛmmisa a ɛtɔ so 20 no.

b Hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nwoma no, adesua a ɛtɔ so 07 nkyekyɛm 5-7.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a dadwen ahyɛ ne so redwendwen sɛnea Yehowa boaa no ma otumi yɛɛ ne dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena