Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 June kr. 8-13
  • Nea Ɛbɛma Yɛne Yɛn Nuanom Ntam Akɔ So Ayɛ Kama

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Yɛne Yɛn Nuanom Ntam Akɔ So Ayɛ Kama
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUBAN PA A EBETUMI ABOA YƐN AMA YƐNE YƐN NUANOM NTAM AKƆ SO AYƐ KAMA
  • BERE A WO NE OBI ADWENE NHYIA
  • BERE A ƐSONO SƐNEA WO SUBAN NE AFOFORO DE TE
  • BERE A YƐN NUANOM REHU AMANE
  • Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Yɛn Nuanom a Yɛbɛbɛn Wɔn No Ye Ma Yɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Suasua Yehowa Ahobrɛase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 June kr. 8-13

AUGUST 17-23, 2026

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

Nea Ɛbɛma Yɛne Yɛn Nuanom Ntam Akɔ So Ayɛ Kama

“Momfa ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase, odwo, ne abotare nyɛ ataade nhyɛ.”—KOL. 3:12.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ mente-me-ho-ase anaa ɔhaw bi sɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, nea yebetumi ayɛ.

1. Ɛhe na yebenya nnamfo pa?

‘ƐNNƐ, yehia awerɛkyekye kɛse wɔ wiase bɔne yi mu. Yehowa nim sɛ yɛn nnamfo betumi aso yɛn mu.’ Wokae saa nsɛm no? Yɛn nnwom a yɛato din “Yɔnko Pa” no, ɛno na yɛde fi ase. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ama yɛn nnamfo pa wɔ n’asafo no mu! (Dw. 119:63) Yɛyɛ abusua a ɔdɔ aka yɛn abom ama yɛresom Yehowa.

2. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom adamfofa yɛ?

2 Nnamfo a yɛpɛ sɛ yɛne yɛn nuanom fa no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ aniani kɛkɛ. Mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea mframa mfa yɛne wɔn ntam. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ayɔnkofa a ɛte saa no, ɛmma kwa; adwuma wɔ ho. Yɛyɛ abusua a yɛdɔ Yehowa ne Yesu, na saa ɔdɔ no na aka yɛn abom. (Yoh. 13:35) Afei nso, esiane sɛ nnua a ɛbɛn na etwie nti, nnipa mmienu a bɔne wɔ wɔn ho adamfofa de, ɛwom ara a nsɛmnsɛm betumi asɔre.

3. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛne yɛn nuanom bɛkɔ so afa adamfo?

3 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ dɛn ara a yɛbɛpɛ ebinom asɛm asen afoforo. Adɛn ntia? Efisɛ ebia na yɛne wɔn suban bi sɛ, anaa nneɛma a wɔn ani gye ho no, ɛno ara na yɛn nso yɛn ani gye ho. Nanso ebinom wɔ hɔ a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛfa wɔn nnamfo. Ɛtɔ da a, yɛne wɔn adwene renhyia, na ɛno betumi akɔfa nsɛmnsɛm aba. Ebia ɛsono sɛnea yɛte ne sɛnea wɔn nso te koraa, enti ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ akɔsra wɔn anaa yɛne wɔn bɛbom agye yɛn ani. Ɛtɔ da nso a, ebia na yɛn nua Kristoni bi yare paa, anaa ɔhaw bi abɛsoɛ ne so. Ɛba saa a, ebia ebetumi ama yɛne wɔn adamfofa no agyigya. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yesu nhwɛso no betumi aboa yɛn bere a nsɛmnsɛm asɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam no. Nanso ansa na yɛbɛkɔ so no, momma yɛnhwɛ suban pa ahorow bi a ebetumi aboa yɛn ama yɛne yɛn nuanom ntam akɔ so ayɛ kama.

SUBAN PA A EBETUMI ABOA YƐN AMA YƐNE YƐN NUANOM NTAM AKƆ SO AYƐ KAMA

4. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛne yɛn nuanom adamfofa mu akɔ so ayɛ den?

4 Sɛ yɛne yɛn nuanom adamfofa mu bɛkɔ so ayɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn suban pa so. Sɛ yɛne yɛn nuanom bɔ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu suban pa a wɔwɔ. Ná ɔsomafo Paul pɛ sɛ ɔkɔsra ne nuanom na ɔne wɔn bɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no sɛ: “Yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yebehu mo anim.” (1 Tes. 2:17) Ebinom ahu sɛ, nea ɛma wɔn adamfofa kɔ yiye paa ne sɛ, wɔbehyia anim-ne-anim abɔ nkɔmmɔ. Enti sɛ yɛkɔ asɛnka, adesua anaa nhyiam a, etumi ma yenya hokwan bebree ne yɛn nuanom bɔ. Nanso sɛ nsɛmnsɛm wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, ebia bɔ a yɛne wɔn bɛbɔ kɛkɛ no rentumi nsiesie ɔhaw no.

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi asiesie yɛne yɛn nuanom ntam nsɛmnsɛm biara? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Kolosefo 3:12)

5 Sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, suban pa betumi aboa yɛn ama yɛadi ho dwuma. (Kenkan Kolosefo 3:12.) Sɛ yɛda ahobrɛase, abotare, ayamye, ne ayamhyehye adi a, ɔhaw biara a ɛbɛsɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, yebetumi de yiye ato yiye. Sɛnea oil ma kar ingyin yɛ adwuma yiye no, saa ara nso na suban pa boa yɛn ma yetumi siesie wontwiwontwi biara a ɛba yɛne yɛn nuanom ntam no. Yɛnhwɛ ɔhaw mmiɛnsa bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛne yɛn nuanom ntam bɛkɔ so ayɛ kama. Emu biara no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebesuasua Yesu ahobrɛase, n’abotare, n’ayamye ne n’ayamhyehye. Wei bɛboa yɛn ama yɛne yɛn nuanom akɔ so atena fɛfɛɛfɛ.

BERE A WO NE OBI ADWENE NHYIA

6. Sɛ wo ne obi adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa aba?

6 Adɛn nti na ebetumi akɔfa ɔhaw aba? Sɛ nnipa mmienu adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, wobɛhwɛ no na ebia wɔn mu biara gye di sɛ n’adwenkyerɛ na ɛyɛ papa. Yɛmfa no sɛ anuanom mmarima mmienu reyɛ asɛnka ho nhyehyɛe ama wɔn asɛnka kuw. Wei se yɛyɛ no sei a na ɛyɛ, wei nso se yɛyɛ no sei na ɛyɛ. Wɔn mu biara susuw sɛ n’adwenkyerɛ ye sen ne yɔnko de. Anka wei nyɛ asɛm biara, nanso wunhu sɛ wɔn adwene a enhyia no betumi akɔfa ɔhaw aba na asɛe wɔn ntam? Sɛ wɔanhwɛ ansiesie asɛm no a, ebetumi ama wɔn mu biara afa ne yɔnko ho abufuw. Asɛm ketewa wei nti, edidi mu saa wobɛhwɛ no na wɔn ntam atetew koraa.

7. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so boaa n’asuafo no ma wɔhui sɛ, sɛ wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ehia sɛ wɔnya ahobrɛase?

7 Suasua Yesu ahobrɛase. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ahobrɛase na ebetumi aboa wɔn ama wɔasiesie. Ná n’asuafo no taa gye nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye. Ná saa suban no adidi wɔn mu paa. Enti Yesu maa wɔhui sɛ, sɛ wɔbetumi atu saa suban no ase a, gye sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔbu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn. (Mat. 20:​25-28) Ade rebɛkye ama Yesu awu mpo no, ɔyɛɛ “nhwɛso” maa n’asuafo no; ɔbrɛɛ ne ho ase hohoroo wɔn nan ho. Saa adwuma yi, na ɛyɛ nkoa na ɛyɛ. (Yoh. 13:​3-5, 12-16) Yesu yɛɛ wei de kyerɛɛ wɔn nea wɔyɛ a, ɛremma wɔne afoforo ntam nsɛe. Sɛ wɔbu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn, na sɛ wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, wɔrentwe no twann; mmom wɔbegyaa nsɛm mu.

8. Sɛ nsɛmnsɛm nketenkete ba wo ne wo nuanom ntam a, sɛn na ahobrɛase bɛboa wo na wo ne wɔn ntam akɔ so ayɛ kama? (Kolosefo 3:13) (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Dɛn na wobɛyɛ na wo ne anuanom ntam akɔ so ayɛ kama? Sɛ wobrɛ wo ho ase a, nsɛmnsɛm nketenkete a ɛba wo ne wo nuanom ntam no, wubebu w’ani agu so na woayi wo yam de wɔn mfomso akyɛ wɔn. (Kenkan Kolosefo 3:13.) Sɛ wo ne obi adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ahobrɛase bɛboa wo na woamfa abufuw. Ɛba saa a, ɛremma wo ne no ntam nsɛe. (Dw. 4:4) Sɛ onii no kekaa nsɛm a ɛyɛ yaw mpo kyerɛɛ wo a, kae sɛ ɛtɔ da a, yɛn nyinaa tumi keka nsɛm bi ma akyiri yi yenu yɛn ho. (Ɔsɛnk. 7:​21, 22) Bisa wo ho sɛ, ‘Gye a megye agyina mu denneennen sɛ me na m’asɛm yɛ dɛ, ne yɛn ayɔnkofa no, nea ɛwɔ he na ehia paa?’ Wubetumi agye nea ɔreka no atom ma asɛm no atwa. Afei nso, mfa nea asi no ho asɛm nhyɛ wo mu, na nkɔfa ho asɛm nso mma bio.

Mfoni: Onua bi a n’ani afi resuasua Yesu ahobrɛase. 1. Yesu rehohoro n’asomafo no baako nan ho. 2. Onua bi a n’ani afi ne onua aberante bi rehwɛ wɔn asafo no asaasesin map. Onua aberante no de ne nsa rekyerɛ biribi wɔ map no so, nanso onua a n’ani afi no tirim ntene no. 3. Saa anuanom mmienu yi abom de anigye rekɔ asɛnka.

Sɛ wobrɛ wo ho ase a, nsɛmnsɛm nketenkete a ɛba wo ne wo nuanom ntam no, wubebu w’ani agu so na woayi wo yam de wɔn mfomso akyɛ wɔn. (Hwɛ nkyekyɛm 8)a


9. Sɛ woayɛ biara nso muntumi nsiesie mo ntam a, sɛn na ahobrɛase bɛboa wo? (Mmebusɛm 17:9)

9 Sɛ woayɛ biara nso muntumi nsiesie mo ntam a, kɔ so ara brɛ wo ho ase. Nnye nnyina mu denneennen sɛ wo na w’asɛm yɛ dɛ. (Kenkan Mmebusɛm 17:9; 1 Kor. 6:7) Fa si w’ani so sɛ woremma biribiara nsɛe mo ntam. Biribi sei no, nea anuanom bebree yɛ ara ne sɛ wɔbɛkɔ nipa no nkyɛn ne no akosiesie. (Dw. 34:14) Enti wo nso, sɛ wokɔ onii no nkyɛn a wubetumi aka biribi sei: ‘Yɛyɛɛ nnamfo nyɛ nnɛ; ɛnsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi sɛe yɛn ntam. Ma yɛnhwɛ nka na emfi hɔ.’ Ma onhu sɛ woka ho bi na ama aba saa, na nea woyɛe a ahaw no no, gye tom na pa kyɛw. Na sɛ wo nua no nso pa wo kyɛw a, brɛ wo ho ase na gye tom. (Luka 17:​3, 4) Kae sɛ, woankɔ hɔ sɛ worekɔkyerɛ nea n’asɛm yɛ dɛ, ne nea n’asɛm nyɛ dɛ. Mmom wokɔe sɛ morekosiesie mo ntam na moatoa mo adamfofa no so.—Mmeb. 18:24.

BERE A ƐSONO SƐNEA WO SUBAN NE AFOFORO DE TE

10. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛne yɛn nuanom bɛfa adamfo?

10 Adɛn nti na ebetumi akɔfa ɔhaw aba? Anuanom bi wɔ hɔ a, ɛsono sɛnea wɔte ɛnna ɛsono sɛnea yɛn nso yɛte, enti ebetumi ayɛ den sɛ yɛne wɔn bɛfa adamfo. Ebinom wɔ hɔ a, sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma bi no, ɛyɛ yɛn ahi. Afoforo nso, ebia ebinom ne wɔn anni no yiye, anaa sɛnea wɔtetee wɔn ne wɔn amammerɛ nti, wɔnka wɔn ho nkɔ nnipa ho, anaa wɔn ani gye wɔn ho boro so. Ebi nso a, sono ara na ɛsono sɛnea obiara te; ebia yɛpɛ nnipa, nanso afoforo fɛre ade.

11. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi ne nnipa a ɛsono sɛnea wɔn suban te faa adamfo?

11 Suasua Yesu abotare. Yesu tumi ne nnipa a ɛsono sɛnea wɔn suban te faa adamfo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere bi ɔsomafo Yakobo ne ɔsomafo Yohane kobisaa Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea kɛse wɔ n’Ahenni mu. Wei kyerɛ sɛ na wɔpɛ nnipa anim anuonyam. (Mar. 10:​35-37) Nanso yɛrekasa yi, na Yesu agyaw dibea kɛse ne hokwan pii a na ɔwɔ wɔ soro no aba asaase so. (Filip. 2:​5-8) Yehu sɛ, na ɛsono asomafo mmienu no suban koraa, ɛnna ɛsono Yesu de. Ne nyinaa mu no, Yesu kɔɔ so nyaa Yakobo ne Yohane ne afoforo ho abotare.

12. Dɛn na ɛboaa Yesu ma otumi nyaa n’asuafo no ho abotare?

12 Ná Yesu nhwɛ kwan sɛ n’asomafo no bɛyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ bere nyinaa. Ná onim sɛ adwene a na Yakobo ne Yohane kura no, asuafo dodow no ara nso kura saa adwene no bi. (Mar. 9:34) Ná Yesu te wɔn ase, efisɛ baabi a yɛtetee wɔn no, ɛhɔ ara na ɔno nso nyinii. Baabi a yɛtetee wɔn no nso de, na dibea ne hokwan a obi benya adi wɔn ti. Nanso Yesu nyaa wɔn ho abotare. Ná ɔnim sɛ dua a ɛde mfe aduasa akyea de, yɛmfa dakoro ntene no. Enti na ɔnim sɛ ebegye bere ansa na n’asuafo no atumi atu saa suban no ase.—Mar. 10:​42-45.

13. Sɛn na abotare bɛboa yɛn ama yɛne yɛn nuanom ntam akɔ so ayɛ kama? (Efesofo 4:2)

13 Dɛn na wobɛyɛ na wo ne anuanom ntam akɔ so ayɛ kama? Sɛ yɛn nuanom wɔ suban bi a yɛn ani nnye ho a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara nya wɔn ho abotare. (Mmeb. 14:29) Yɛn nyinaa wɔ suban ahorow bi. Bebree wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ ebia ɛyɛ suban bɔne; mmom saa suban ahorow no na ɛma yɛn mu biara yɛ soronko. Enti sɛnea yɛte no, sɛ afoforo ankasa antia yɛn a, ɛma yɛn ani gye. (Kenkan Efesofo 4:2.) Ne saa nti, yɛn nso, sɛ afoforo wɔ suban bi na sɛ ɛyɛ yɛn ahi a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya wɔn ho abotare. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wo de, hwɛ sɛnea ɛyɛ den ma obi a ɔyɛ dinn-dinn anaa ɔfɛre ade sɛ ɔbɛka akɔ afoforo ho, anaa ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛno nti, sɛ obi nso pɛ kasa anaa n’ani gye ne ho a, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare. Ɛwom, ɛnyɛ obiara na yebetumi ne no afa adamfo denneennen, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Kristofo a ɛsono sɛnea wɔn mu biara suban te mpo, wɔbetumi abom ayɛ adwuma fɛfɛɛfɛ.

14. Sɛ yɛwɔ abotare a, dɛn na yɛde yɛn adwene besi so?

14 Sɛ yɛwɔ abotare a, ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi suban pa a yɛn nuanom wɔ so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yɛn nuanom a ɛsono sɛnea wɔn suban te no, yɛbɛfa wɔn adamfo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na Yakobo ne Yohane pɛ dibea akɛse, nanso nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ na wɔgye di sɛ Ahenni no wɔ hɔ. Yesu hui sɛ wɔwɔ gyidi. Enti yɛn nso, sɛ yɛhwɛ suban pa a yɛn nuanom wɔ a, na yɛresuasua Yesu ne n’Agya Yehowa.

15. Yɛn nuanom a ɛsono sɛnea wɔn suban te no, sɛ yebetumi ne wɔn akɔ so afa adamfo a, hena na obetumi aboa yɛn?

15 Sɛ yebetumi ne yɛn nuanom a ɛsono sɛnea wɔn suban te akɔ so afa adamfo a, ade a ehia paa ne sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn. Suban bi a obi da no adi a ebetumi ayɛ wo ahi no, bɔ ho mpae na ka kyerɛ Yehowa sɛ, sɛ biribi saa si a, ɔmma wo abotare. Kae sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, na onim sɛnea yɛn mu biara te. Enti sɛ wobɔ mpae a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea ɛbɛboa wo ma woakɔ so anya wo nuanom ho abotare. Afei nso, sɛ wuhu sɛ w’abotare reyɛ asa a, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo honhom kronkron na aboa wo ma woatumi ahyɛ wo ho so.—Luka 11:13; Gal. 5:​22, 23.

BERE A YƐN NUANOM REHU AMANE

16. Sɛ yɛn nuanom rehu amane anaa wɔreteetee a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa aba?

16 Adɛn nti na ebetumi akɔfa ɔhaw aba? Sɛ yɛn nuanom rehu amane anaa wɔreteetee a, nsɛm bi a wɔbɛka anaa nneɛma bi a wɔbɛyɛ no betumi ahyɛ yɛn abufuw. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wɔbɛyɛ dinn, anaa ɛreyɛ ara ni na wɔn bo afuw, anaa prɛko pɛ wɔbɛyɛ biribi a yɛnte ase. Ebi nso a, wɔbɛka biribi anaa wɔbɛyɛ biribi ma ayɛ yɛn yaw paa. (Hiob 6:​2, 3) Nea yɛn nuanom refa mu no, ebia ɛnyɛ ne nyinaa na yenim, enti anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔkyerɛ wɔn ho, anaa wɔhaw adwene.

17. Sɛnea Yesu boaa onifuraeni a ne din de Bartimeo no, dɛn na wusua fi mu?

17 Suasua Yesu ayamye ne n’ayamhyehye. Wɔn a na wɔrehu amane no, Yesu nyaa ayamhyehye maa wɔn, na ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn; wɔn a na onhyiaa wɔn da mpo ka ho. Wo de, yɛmfa onifuraefo bi a ne din de Bartimeo nyɛ nhwɛso. Bere bi, na ɔte kwan ho na ɔtee sɛ Yesu retwam; ɛhɔ ara na ofii ase teɛteɛɛm sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu adwene bɛba ne so. Nnipa a na ɛwɔ hɔ no bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn, nanso nea na wɔreka no nyinaa, na egu n’aso akyi. Efisɛ na ɔpɛ paa sɛ Yesu sa no yare, enti afei koraa na na ɔreteɛm kɛse. Nea na Bartimeo reyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ nnipa no bi abufuw. Nanso n’asɛm yɛɛ Yesu “mmɔbɔ.” (Mat. 20:34; Mar. 10:​46-52) Yesu kaa Bartimeo koma too ne yam, na ɔkamfoo no sɛ wanya ne mu gyidi. Afei ɔmaa ohuu ade.

18. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa anuanom a wɔrehu amane? (1 Tesalonikafo 5:14)

18 Dɛn na wobɛyɛ na wo ne anuanom ntam akɔ so ayɛ kama? Nya ayamhyehye. Sɛ wunya saa su yi a, anuanom a wɔrehu amane anaa wɔreteetee no, wubetumi ‘akyekye wɔn werɛ.’ (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:14.) Kae sɛ yɔnko berɛbo de, ɔwɔ hɔ ma n’adɔfo bere nyinaa, ɛnkanka ‘bere a wɔrehu amane.’ (Mmeb. 17:17) Adamfo a ɔte saa no, ɛnyɛ ayamhyehye nko ara na onya ma wɔn a wɔrehu amane. Mmom ɔsan nso kyekye wɔn werɛ, ɔka nkuranhyɛsɛm kyerɛ wɔn, na ɔyɛ biribi pɔtee de boa wɔn.

19. Yɛbɛyɛ dɛn ada ayamye ne ayamhyehye adi? (Hwɛ mfoni no nso.)

19 Nneɛma pɔtee bɛn na yebetumi ayɛ de ada ayamye ne ayamhyehye adi? Ɛwom, sɛ yɛn nua bi rehu amane a, yɛrentumi nyi amanehunu no mfi hɔ, nanso yebetumi anya tema ama no na yɛayɛ biribi de aboa no ama ne ho adwo no kakra. (Mat. 7:12; 1 Pet. 3:8) Sɛ ɔreka ne haw no ho asɛm a, yɛ aso tie no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a bɔ mmɔden ka awerɛkyekyesɛm bi kyerɛ no. (Mmeb. 12:25) Nnya adwene sɛ nea ɔrefa mu no, wote ne nyinaa ase. (Mmeb. 18:13) Bɔ mmɔden nya ne ho abotare, na nhwɛ kwan sɛ nea ɔbɛka anaa nea ɔbɛyɛ biara bɛkɔ yiye.—Efe. 4:32.

Mfoni: Onuawa bi rekyekye onuawa foforo werɛ. 1. N’adamfo no rekasa nyinaa, ɔretew nisu, na n’adamfo no ayɛ dinn retie no. 2. Akyiri yi, onuawa no de bisket bi akɔma n’adamfo no.

Nnamfo pa kyekye wɔn nuanom werɛ, na wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 19)


20. Adamfo bɛn na wopɛ sɛ woyɛ?

20 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛwɔ nnamfo pa pii wɔ asafo no mu. Nanso bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, na yɛn mu bebree afa asetena a emu yɛ yaw mu, enti ɛtɔ da a yetumi keka nsɛm bi anaa yɛyɛ biribi ma akyiri yi yenu yɛn ho. Enti sɛ yɛyɛ biribi ma ɛhaw yɛn nuanom na sɛ wɔbu wɔn ani gu so, wɔnya yɛn ho abotare, wɔnya ayamhyehye ma yɛn, wɔda ayamye adi kyerɛ yɛn, na wɔkɔ so fa yɛn adamfo a, ɛma yɛn ani gye paa. Enti momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ adamfo pa.

DƐN NA WOBƐYƐ NA WO NE ANUANOM NTAM AKƆ SO AYƐ KAMA . . .

  • bere a wo ne wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho?

  • bere a ɛsono wo suban ne sɛnea onua bi de te?

  • bere a wo nua bi rehu amane?

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a n’ani afi ne onua aberante bi rehwɛ sɛnea wɔbɛyɛ asaasesin bi mu adwuma, nanso wɔn adwene nhyia. Akyiri yi, wɔabom rekɔ asɛnka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena