MAY 18-24, 2026
DWOM 35 “Monhwehwɛ Nneɛma a Ehia No”
Mma Biribiara Nnyi W’adwene Mmfi Yehowa Som So
“Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa apɛde.”—EFE. 5:17.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa yɛn na biribiara anyi yɛn adwene amfi Yehowa som so.
1-2. Biribi a ɛho hia betumi ayi yɛn adwene afi biribi a ɛho hia paa so anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
YƐMFA no sɛ woreka kar na wunyaa kɔɔl. Ebia asɛm a onipa no pɛ sɛ ɔka kyerɛ wo no yɛ asɛnhia. Nanso wunim sɛ saa bere no de, kar a woreka no na ehia sɛ wode w’adwene nyinaa si so; ɛnsɛ sɛ woma kɔɔl no yi w’adwene fi so. Biribi sei taa si paa. Ɛtɔ da a woreyɛ biribi, nanso wobɛhwɛ no, na biribi foforo abɛbom. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ mmienu no, nea ɛwɔ he na ehia paa.
2 Yɛyɛ nneɛma a ɛho hia bebree wɔ yɛn abrabɔ mu. Nanso yenim sɛ nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mua no, ɛho hia kyɛn biribiara. (Mat. 6:33) Enti ehia sɛ yehu nneɛma a ebetumi ayi yɛn adwene afi Yehowa som so. Yɛyɛ saa a, yɛbɛyɛ sɛ drɔbani papa a ɔhwɛ n’anim tẽẽ a ɔmma biribiara nyi n’adwene mfi kar no ka so.—Mmeb. 4:25; Mat. 6:22.
3. Adesua yi bɛboa yɛn sɛn?
3 Yɛn mu biara nni hɔ a ɔbɛsɔre aka sɛ ɛnnɛ de, mepɛ sɛ biribi yi m’adwene fi Yehowa som so. Nanso nneɛma a etumi twetwe yɛn adwene no, ebi tumi ba yɛn mu biara akwan mu. (Luka 21:34-36) Ɛnde dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi Yehowa som so? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ (1) nneɛma a etumi yi yɛn adwene fi Yehowa som so no bi, (2) nea ɛboaa Yesu ma ɔde n’adwene nyinaa sii Yehowa som so, ne (3) sɛnea yebesuasua Yesu.
NNEƐMA BƐN NA EBETUMI AYI YƐN ADWENE AFI YEHOWA SOM SO?
4-6. Nneɛma bɛn saa na ebetumi ayi yɛn adwene afi Yehowa som so bere a yɛn ani nna?
4 Da biara, yɛn nyinaa wɔ nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ebia yare bi reteetee yɛn, enti da biara ɛsɛ sɛ yɛnom aduru anaa yɛkɔ ayaresabea. Ɛno da nkyɛn a, ebia yɛwɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma yɛn fiefo, ne nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma yɛn ho. Saa nneɛma yi nyinaa ho hia, na woka sɛ worebu w’ani agu so a, ɛrenyɛ yiye. Nanso yemmisa oo, nneɛma a ɛtete saa betumi ayi yɛn adwene afi Yehowa som so anaa? Yiw. Sɛ yɛma saa nneɛma no gye yɛn adwene ne yɛn bere nyinaa a, ebetumi ama yɛapia Yehowa som ato nkyɛn.
5 Afei nso, ɔman a yɛte mu no, ebia amanyɔsɛm nti, emu nnwo. Ebi nso a ɔman no sikasɛm ayɛ basaa anaa yare atu atese wɔ hɔ. Awiei mmere a yɛwɔ mu yi de, saa nneɛma yi ne yɛn abɛtena. (2 Tim. 3:1) Ɛno nti, anhwɛ a ɛbɛhyɛ yɛn so na agyaw yɛn kɔdaanna.
6 Yɛreka yi, ebia wunim ebinom a saa nneɛma yi bi ato wɔn ama wɔn wiase nyinaa adan abutuw. Nea wɔafa mu no akɔfa adwinnwen ne awerɛhow abɛto wɔn so. Wei nyɛ nwanwa, efisɛ Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yɛmmɛfa ɛyaw ne amanehunu mu da biara saa. Afoforo nso, ɔhaw bi a abɛtena wɔn so nti, wɔte nka sɛ sɛnea wɔpɛ sɛ anka wɔn abrabɔ yɛ no, wɔrennya no saa da. Enti nea wɔn mu bi yɛ ne sɛ, wɔde bere pii gye wɔn ani na wɔdwudwo wɔn ho ma wɔn ho bae wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ befi wɔn haw. Nneɛma a yɛabobɔ so yi, sɛ ebi fa wo ho a, dɛn na wobɛyɛ? Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Yesu hɔ. Ɛbɛboa yɛn na yɛamma biribiara anyi yɛn adwene amfi Yehowa som so.
DƐN NA YESU YƐE NA BIRIBIARA ANYI N’ADWENE AMFI YEHOWA SOM SO?
7. Nneɛma bɛn na anka ebetumi ayi Yesu adwene afi Yehowa som so?
7 Nneɛma pii na anka ebetumi ayi Yesu adwene afi Yehowa som so. Ebi ne amanyɔsɛm. Ebi nso ne ɔhaw a na nkurɔfo rehyia saa bere no. Yesu bere so no, na ohia ne yare teetee nnipa paa. (Mat. 14:14; Mar. 14:7) Ná wɔn ara wɔn nuanom Yudafo no bi resisi wɔn, na na Romafo no nso mma wɔn ho ntɔ wɔn. Enti bere a wɔhui sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde yɛ anwanwade no, na wɔpɛ sɛ wɔsi no hene. (Yoh. 6:14, 15) Satan nso tuu n’ani sii Yesu so sɔɔ no hwɛe. Ná ɔpɛ sɛ Yesu nya adwene sɛ ne nsa betumi aka wiase ahenni nyinaa a ɔremmrɛ ho. (Mat. 4:8, 9) Ɛnyɛ wei nko ara. Bere bi nso, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ amanehunu pii da n’anim retwɛn no. Ɔkaa saa no, ɔsomafo Petro a na ɔyɛ ne yɔnko berɛbo no ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho.” Nea na ɔpɛ sɛ ɔka ne sɛ mma Yesu nnyɛ biribi a ɛbɛma ne ho akyere no anaa wahu amane.—Mat. 16:21, 22.
8. Dɛn na ɛboaa Yesu a enti wamma biribiara anyi n’adwene amfi Yehowa som so?
8 Yesu amma biribiara anyi n’adwene amfi Yehowa som so. Dɛn na ɛboaa no? Nneɛma mmiɛnsa. Nea edi kan: Ná odwen nneɛma ho te sɛ Yehowa. (Yoh. 8:28; 14:9) Nea ɛtɔ so mmienu: Ná ɔwɔ pii yɛ wɔ Yehowa som mu bere nyinaa. (Mat. 9:35) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa: Ná onim nea ehia paa wɔ asetena mu. (Yoh. 4:34) Bere a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe no, wamma no kwan koraa. Wamma nea Petro kae no ansesa n’adwene. Ɛwom, adwempa na Petro de kaa n’asɛm no, nanso na Yesu nim sɛ ɛnyɛ ɛno na na Yehowa pɛ. (Mat. 4:10; 16:23) Yesu amma kwan amma nea nkurɔfo bɛyɛ, nea wɔbɛka, anaa nea wɔbɛdwen anyi n’adwene amfi Yehowa apɛde so. Yɛn de, ebia ɛsono nneɛma a ebetumi ayi yɛn adwene afi Yehowa som so nnɛ. Nanso sɛ yesuasua Yesu a, yɛremma kwan mma saa nneɛma no nnya yɛn.
DƐN NA YƐBƐYƐ NA BIRIBIARA ANYI YƐN ADWENE AMFI YEHOWA SOM SO?
9. Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛnkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa apɛde’ a, ɛkyerɛ sɛn? (Efesofo 5:17)
9 Sua sɛ wubedwen nneɛma ho te sɛ Yehowa. Woyɛ saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ‘worekɔ so apɛɛpɛɛ mu ahu Yehowa apɛde.’ (Kenkan Efesofo 5:17.) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan n’Asɛm no na yedwinnwen ho. Nanso yɛmfa no sɛ ɔhaw pɔtee a yɛrehyia no, Bible mmɔ din. Sɛ saa na ɛte mpo a, Bible a yebesua no bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho. Afei sɛ yehu Yehowa adwene wɔ biribi ho a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan.
10. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho?
10 Ade baako a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho ne sɛ, sɛ yɛresua Bible a, yɛbɛhwɛ sɛnea ɔne nnipa di. (Yer. 45:5) Enti sɛ worekan obi ho asɛm wɔ Bible mu na wuhu sɛnea Yehowa ne no dii a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Sɛn na asɛm yi betumi aboa me ama masesa sɛnea midwen nneɛma ho, na mafi ase adwen te sɛ Yehowa?’ Yenim sɛ Yehowa adwene de, ɛkorɔn koraa sen yɛn de. (Yes. 55:9) Enti ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu sɛnea yɛbɛyɛ n’apɛde. (Dw. 143:10) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma yennwen te sɛ ɔno a, yenim sɛ obetie dodo.—1 Yoh. 5:14.
11. Dɛn na Yehowa mpɛ sɛ ɛbɛto yɛn?
11 Yehowa mpɛ sɛ wiase yi awiei bɛba abefu yɛn mu. Enti ɔpɛ sɛ yɛn ani da hɔ, na yɛamma biribiara annye yɛn adwene ammɔ so. (Mat. 24:44) Ɔmpɛ sɛ adwinnwen hyɛ yɛn so. (Mat. 6:31, 32) Enti sɛ yɛn apɔwmuden, yɛn adwuma, efie asetena, anaa yɛn abusua mu nsɛmnsɛm ho adwinnwen hyɛ yɛn so a, Yehowa boa yɛn na ɔhaw no ammu yɛn kɔn mu. Nyansa ne ahoɔden a yɛde begyina yɛn haw ano no, ɔpɛ sɛ yebisa no na ɔde ma yɛn.—Dw. 55:22; Mmeb. 3:5-7.
12. Nneɛma a ɛresisi wɔ wiase no, dɛn na ɛbɛboa yɛn na ɛho adwinnwen anhyɛ yɛn so? (Mateo 5:3)
12 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ bere biara yɛwɔ pii yɛ wɔ Yehowa som mu. Yɛn nyinaa, sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛresisi wɔ wiase no a, etumi ma yɛn yam hyehye yɛn. Nanso yenim sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee. Enti nea ɛbɛyɛ a ɛho adwinnwen renhyɛ yɛn so no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si Yehowa som so, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɛn no. Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye, efisɛ sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no, sɛ yɛn ani begye a, gye sɛ yɛsom no. (Kenkan Mateo 5:3.) Sɛ wubetumi abɛn Yehowa a, ɛsɛ sɛ wusua n’Asɛm Bible no na wuhu no yiye. Afei nso biribiara a wohwɛ a wubetumi ayɛ wɔ ne som mu no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wode wo bere redi dwuma yiye, na ɛno nso bɛma Yehowa ani agye.—Mmeb. 23:15.
13. Yɛbɛyɛ dɛn de ‘yɛn bere ayɛ nneɛma a ɛho hia’?
13 Yehowa nkurɔfo de, yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛde yɛn bere bɛyɛ nneɛma a ɛho hia.’ (Efe. 5:15, 16) Ɛnyɛ nea kyerɛwsɛm yi reka ara ne sɛ da biara yɛntoto yɛn nneɛma yiye kɛkɛ. Mmom aba a ɛwom ne sɛ, esiane sɛ awiei no abɛn paa nti, ɛsɛ sɛ yɛde bere a aka yi yɛ nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere adi dwuma yiye? Ɛnsɛ sɛ yɛma kaseɛbɔ a yetie wɔ radio so, nea yɛhwɛ wɔ TV so, ne nea yɛkan wɔ yɛn fon so no gye yɛn bere bebree. Ɛnnɛ wutie kaseɛbɔ a, nsɛm a etu koma nko ara. Enti da biara sɛ ɛno ara na yɛte ho a, ebetumi abu yɛn abam, ebetumi ama yɛayɛ nyaa wɔ Yehowa som mu, na ebetumi mpo ayi yɛn adwene afi Yehowa som so. Enti kaseɛbɔ a yɛhwɛ anaa yɛkan no, sɛ yɛtew so a, ɛbɛboa yɛn. Ɛremma yɛnhaahae, na yebenya bere pii ama Yehowa som. Afei nso, yebetumi ayere yɛn ho ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛba sankɔhwɛ sei a, yebetumi abɔ yɛn ho mmɔden ayɛ pii. Hokwan biara a yebenya no, momma yɛmfa mmoa nnipa mma ‘wɔnnya nokware no ho nimdeɛ a edi mu,’ na wɔanya nkwagye.—1 Tim. 2:4.
14. Da biara sɛ yɛwɔ pii yɛ wɔ Yehowa som mu a, sɛn na ɛboa yɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Da biara sɛ yɛwɔ pii yɛ wɔ Yehowa som mu a, nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase no renhaw yɛn mmoro so. Enti sɛ yɛte sɛ ntɔkwaw asi baabi, yare bi atu atese wɔ baabi, anaa ɔman bi sikasɛm asɛe ama ohia atew asi hɔ a, yɛrensuro. Yenim sɛ Bible ka too hɔ sɛ weinom nyinaa besisi. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma ɛbɔ yɛn hu na eyi yɛn adwene fi Yehowa som so. Mmom ɛsɛ sɛ yenya gyidi sɛ, ɛdan sɛ boɔ koraa a, nneɛma pa a Yehowa ahyɛ ho bɔ no bɛba. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani so tan yɛn. Momma yennya Yehowa mu gyidi. Obeso yɛn mu nkakrankakra ama yɛakodu.—Dw. 16:8; 112:1, 6-8.
Ɛwom, akomatusɛm abu so wɔ wiase, nanso fa w’adwene nyinaa si Yehowa som so (Hwɛ nkyekyɛm 14)b
15. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ ‘yɛn adwenem da hɔ’? (1 Petro 4:7)
15 Mma wo werɛ mmfi nea ehia paa wɔ asetena mu. Ɛnnɛ, nea ehia nnipa ara ne sɛ wɔbegye wɔn ani; wiase awiei a ɛreba no de, ɛmfa wɔn ho koraa. Ɛnyɛ bɔne sɛ obi begye n’ani, nanso Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛmma yɛn adwenem nna hɔ,’ na yɛanyɛ sɛ nnipa a ɛwɔ wiase no. (Kenkan 1 Petro 4:7.) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn adwenem da hɔ? Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ, wiase a yɛaba yi de, yebegye yɛn ani saa ara. Mmom ɛsɛ sɛ yesisi gyinae pa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yedwen te sɛ Yehowa, na yenim nea ehia paa wɔ asetena mu.—2 Tim. 1:7.
16. Aka kakra ama Yesu awu no, dɛn na ɔde n’adwene sii so?
16 Aka kakra ama Yesu awu no, na nneɛma mu yɛ den ma no paa, nanso dɛn na ɔde n’adwene sii so? Ɛne sɛ obedi Yehowa nokware na wayɛ n’apɛde. Wamma ne werɛ amfi sɛ ɛno ne ade a ehia paa wɔ asetenam. Enti ɔbɔɔ mpae denneennen, na ɔmaa n’ani daa hɔ. Nanso n’asuafo no de, wɔanyɛ saa. Wɔdedae, efisɛ “awerɛhow nti na wɔabrɛ.”—Luka 22:39-46; Yoh. 19:30.
17. Dɛn na ɛma nnipa bebree kɔ sohyia midia so, na asiane bɛn na ebetumi akɔfa aba? (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Yɛn nso, awerɛhow tumi hyɛ yɛn so te sɛ Yesu asuafo no. Nneɛma a ɛresisi wɔ awiei mmere yi mu no tumi ma yɛyɛ hahaaha. Wei nti, ebinom tumi fa sohyia midia so ne abusuafo ne nnamfo a ɛwɔ wiase baabiara di nkɔmmɔ. Wɔtumi nso de asɛm bi a wɔate anaa mfoni bi to hɔ ma wɔhwɛ bi. Nanso nnipa bebree wɔ hɔ a, wɔde sohyia midia na ayɛ dadwen a wɔrehyia no ano aduru. Ɛno na ɛma wɔn werɛ fi wɔn haw. Wɔkɔ sohyia midia so a, video a esum hɔ a wɔtumi hwɛ de, gyae! Enti wobɛhwɛ no, na sohyia midia agye wɔn abɔ so. Da biara wɔpɛ sɛ wɔhu ade foforo a aba, enti wɔsɛe bere pii wɔ hɔ. Ebewie ase no, na wɔabrɛ sei tam. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn na saa afiri no anyi yɛn? Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mehwɛ nneɛma a meyɛ wɔ sohyia midia so ne bere tenten a midi wɔ hɔ no a, metumi aka sɛ ɛreboa me? Ɛma me werɛ fi me haw ampa? Anaa ɛreyi m’adwene afi nneɛma a ehia paa no so?’
Ɛnsɛ sɛ yɛma sohyia midia, ahomegye, ne nneɛma a yɛyɛ de dwudwo yɛn ho no yi yɛn adwene fi Yehowa som so (Hwɛ nkyekyɛm 17)
18. Sɛ yɛrepɛ biribi a yɛde begyigye yɛn ani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa?
18 Biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho. Ebi ne video ntiantia a yɛhwɛ wɔ Intanɛt so, video game, ne sini ahorow. Sini no bi wɔ hɔ a, wɔyi toatoa so bebree; wɔnwie da. Ɛwom, saa nneɛma yi tumi ma yɛn ani gye, na etumi boa yɛn ma yedwudwo yɛn ho. Nanso ɛsɛ sɛ yeyiyi mu, na ɛnsɛ sɛ yɛma egye yɛn bere bebree. Sɛ worehwɛ video wɔ Intanɛt so a, mpɛn pii no, esi pɛ, wubehu sɛ foforo abɛtɔ so sɛ hwɛ ka ho. Ɛtɔ da a, wudi akyi saa ara a na woakopue awudisɛm anaa aguamansɛm so. Biribi saa too yɛn nua bi a ɔwɔ Asia. Mfiase no, sɛ ɔkɔ Intanɛt so na okohu sini bi a wɔatwa ne fã ketewa bi abɛto hɔ a, na wahwɛ. Ɔhwɛ wie pɛ, na foforo abɛtɔ so, na wahwɛ ɛno nso aka ho. Ɔde no saa ara, eduu baabi no, na wafi ase rehwɛ nneɛma a aguamansɛm wom. Ewiee ase no, ofii ase hwɛɛ ponografi. Anigyesɛm ne sɛ, asafo mu mpanyimfo ne ne nnamfo boaa no ma ogyaee. Ɔde ne nan sii fam yii app a na ɔde hwɛ saa nneɛma no fii ne fon so. Afei nso ɔyɛe sɛ ɔremma ne fon nnye ne bere nyinaa, mmom ɔde bere bɛto ho. N’asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yɛrepɛ biribi a yɛde begyigye yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa.
19. Sɛ yɛde yɛn adwene si ahomegye so dodo a, asiane bɛn na ebetumi akɔfa aba?
19 Yɛnhwɛ wei nso. Ɛtɔ da a yetumi pɛ bere gye yɛn ahome, anaa yetumi tu kwan kɔ baabi kodwudwo yɛn ho. Wei boa paa. Adwuma de, woyɛ kakra a, na woagye w’ahome kakra. Ɛbɛma wo ho asisi wo ho so kama. Nanso ɛha nso, ahwɛyiye ho hia. Sɛ yɛde yɛn adwene si ahomegye so dodo a, anhwɛ a ebedu baabi no, bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ nneɛma a ehia paa no, na yɛde redwudwo yɛn ho. (Filip. 1:10) Ɛwom, bere tenten a yɛde bedwudwo yɛn ho, ne ade kõ a yɛbɛyɛ de adwudwo yɛn ho no, ɛwɔ yɛn ara yɛn nsam. Nanso ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Mehwɛ bere tenten a mede gye m’ahome anaa mede tutu akwan kodwudwo me ho no a, metumi aka sɛ mede me bere redi dwuma yiye? Nneɛma a ehia paa no, ɛno na mede di kan wɔ m’asetena mu? Wiase awiei bɛba no, na mayɛ krado anaa?’
20. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma biribiara nyi yɛn adwene mfi Yehowa som so a, mfaso bɛn na yebenya?
20 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma biribiara nyi yɛn adwene mfi Yehowa som so a, yenya mfaso bebree. (Yes. 48:17) Ebi ne sɛ, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛagyina yɛn haw ano. Afei nso nneɛma a ɛresisi wɔ wiase no rentu yɛn koma. Ɛbɛsan aboa yɛn na ahomegye ne nneɛma a yɛyɛ de dwudwo yɛn ho no annye yɛn bere pii. Enti momma yensi yɛn bo sɛ, yɛbɛkɔ so adwen nneɛma ho te sɛ Yehowa, yɛbɛhwɛ sɛ bere biara yɛwɔ pii yɛ wɔ Yehowa som mu, na yɛremma yɛn werɛ mfi nea ehia paa wɔ asetena mu. Yɛyɛ saa a, ɛremma biribiara nyi yɛn adwene mfi Yehowa som so. Mmom, ‘yebeso nkwa ankasa no mu denneennen.’—1 Tim. 6:19.
DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn
a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no bi ne sɛ, yesua Bible, yɛkɔ adesua, yɛyɛ abusua som, na yɛkɔ asɛnka. Afei nso, sɛ yɛboa ma wɔsisi asafo adan, yɛboa siesie yɛn Ahenni Asa ne asafo adan ahorow, yɛboa yɛn nuanom a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, yetu yɛn ho ma yɛ nnwuma ahorow wɔ nhyiam ase, anaa yɛkɔsom wɔ Betel a, ne nyinaa ka Yehowa som ho.
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne ne yere reyɛ asɛnka adwuma no denneennen. Wɔayi wɔn adwene afi akomatusɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase no so.