Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 March kr. 8-13
  • Fa Wo Ho To Amansan Hene Pumpuni No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho To Amansan Hene Pumpuni No So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SATAN FRAA WƆN MU BAA BI
  • SƐ YEHOWA MMAA KWAN A, OBIARA NTUMI NYƐ NEA ƆPƐ
  • YEHOWA MAA HIOB AMANEHUNU NO BAA AWIEI
  • YEHOWA DƆ N’ASOMFO ANOKWAFO
  • FA WO HO TO YEHOWA SO KORAA
  • Sɛ Worehu Amane a, Hiob Nhoma No Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Fa W’ani To Yehowa So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Wo Ho Wɔ Ɔsɛmpɔw Bi A Ɛho Hia Mu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 March kr. 8-13

MAY 11-17, 2026

DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse

Fa Wo Ho To Amansan Hene Pumpuni No So

“Yehowa . . . , wo nko ara ne Ɔsorosoroni a odi asaase nyinaa so.”—DW. 83:18.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛma yɛahu sɛ Yehowa ne Amansan Hene no, enti yebetumi anya ahotoso kɛse sɛ, sɔhwɛ a yɛrehyia no nnɛ ne nea yebehyia no daakye no, ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina mu.

1. Amanehunu bɛn na Hiob hyiae?

HIOB a ɔtenaa ase tete no, na ɔwɔ gyidi, nanso ohuu amane paa; ɔhweree biribiara ne sa. Ne mma nyinaa wuwui, yare huhuuhu bi bɔɔ no, na n’agyapade dodow no ara fii ne nsa. Afei nnipa a na kan wɔbu no no fii ase buu no animtiaa. Wɔn a wɔseɛ sɛ wɔyɛ ne “nnamfo” nso kekaa nsɛm pii de buu n’abam. Hiob yere a ɔdɔ no mpo, ne ho yeraw no ara ma eduu baabi no, ɔkaa sɛ Hiob ‘nnome Onyankopɔn na onwu!’ (Hiob 2:9; 15:​4, 5; 19:​1-3) Awerɛhosɛm a ɛtotoo Hiob yi, anka ebetumi ama wanya adwene sɛ mfaso nni so sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn, efisɛ sɛ obi dɔ Onyankopɔn na ɔsom no a, ɛnyɛ ade a ɔbɛbɔ ne ho ban.

2-3. Sɛ yɛrehyia ɔhaw a, adwene bɛn na yebetumi anya, na dɛn na yebesua afi Hiob nhoma no mu?

2 Esiane sɛ yɛwɔ “mmere a emu yɛ den” mu nti, ɛtɔ da a yehyia ɔhaw akɛseakɛse te sɛ nea ɛtotoo Hiob no. (2 Tim. 3:1) Sɛ ɔhaw no ba toatoa so a, ebetumi ama yɛn abam abu. Wei ama ebinom anya adwene sɛ gyama Onyankopɔn nnwen wɔn ho.

3 Sɛ woate nka saa pɛn a, mma w’abam mmmu. Akyiri yi, Hiob behui sɛ wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa no, onyi wɔn baako nhyɛ wɔn nsa. Yɛn nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkɔ so de nokwaredi som Yehowa a, ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya saa awerɛhyem no, yebesusuw Hiob nhoma no ho, na yɛahwɛ sɛnea ɛboa yɛn ma yɛte nsɛntitiriw mmienu bi ase. Nea edi kan, ɛbɛma yɛahu sɛ Yehowa nko ara ne Amansan Hene Pumpuni no. Afei nso, ɛbɛma yɛahu sɛ esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ nti, obetumi de ne ho agye nsɛm mu ama n’atirimpɔw abam, wahwɛ abɔ n’asomfo ho ban, na wama wɔn nea wɔhia wɔ honhom fam.

SATAN FRAA WƆN MU BAA BI

4. Bere a Yehowa ne abɔfo anokwafo no hyiaam no, hena nso na ɔbaa bi?

4 Bere bi a “nokware Nyankopɔn mma no” hyiaam wɔ Yehowa anim no, Bible ka sɛ: “Satan nso fraa wɔn mu bae bi.” (Hiob 1:6) Ɛha ne bere a edi kan a Satan din pue wɔ Bible mu. Nea enti a onyaa saa din no ne sɛ ɔsɔre tia Yehowa. Bere a wɔyɛɛ saa nhyiam no, na Satan nyɛ Onyankopɔn ba bio. Ná wabɛyɛ Yehowa, abɔfo anokwafo no ne nnipa a wɔsom Onyankopɔn nyinaa tamfo. Nea ɛma yehu saa ne asɛm a ɛwɔ Genesis 3:15 no. Enti “ɔbea” a Genesis 3:15 ka ne ho asɛm a ogyina hɔ ma Yehowa abusua a abɔfo anokwafo na wɔwom no, Satan nka ho; saa ɔbea no na na ɔbɛwo aseni no.

5. Nhyiam a ɛkɔɔ so wɔ soro no, dɛn na ɛma yehu?

5 Nea ɛkɔɔ so wɔ saa nhyiam no ase no, Yehowa ama wɔakyerɛw wɔ Bible no mu ama yɛn. Nsɛm a Satan kekae no ma yehu pefee sɛ ɔyɛ dinsɛefo tirimɔdenfo. (Hiob 1:9; fa toto Adiyisɛm 12:10 ho.) Saa asɛm no ma yenya awerɛhyem nso sɛ, Yehowa de ne tumi a enni ano no yɛ nea ɛtene nko ara. Afei nso, ɛma yehu sɛ esiane sɛ ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ nti, sɛ ɔmmaa kwan a, obiara rentumi nyɛ hwee.

SƐ YEHOWA MMAA KWAN A, OBIARA NTUMI NYƐ NEA ƆPƐ

6. Nhyiam a ɛkɔɔ so wɔ soro no, dɛn na Yehowa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔno na ɔyɛ guamtenani? (Hiob 1:​7, 8)

6 Kenkan Hiob 1:​7, 8. Yehowa ankasa na na ɔyɛ guamtenani wɔ saa nhyiam no ase; sɛ ɔmmaa kwan a, na obiara rentumi nyɛ nea ɔpɛ wɔ hɔ. Enti obisaa Satan sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa?” Ná Yehowa nim paa sɛ Satan atu n’ani asi ɔnokwafo Hiob so. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa de ne tumi a enni ano no di boaa Hiob.

7. Yɛhwɛ Hiob 1:​10, 11 a, sobo bɛn na Satan de abɔ nnipa nyinaa?

7 Kenkan Hiob 1:​10, 11. Esiane sɛ Yehowa ne ade nyinaa so Tumfoɔ no nti, nea ɔpɛ biara otumi yɛ; na nea ɔyɛ biara nso ye. (Yer. 32:17; Dan. 4:35) Nanso Satan kaa sɛ ɛnyɛ nea Yehowa yɛ nyinaa na eye. Satan kyerɛ mu a, nneɛma bi te sɛ ahonyade ne nea ɛkeka ho a ɔde maa Hiob nti na na ɔsom no. Saa sobo yi ara na ɔde abɔ nnipa nyinaa. Afei nso, Satan kyerɛ sɛ nnipa wɔ adwemmɔne, ɛne sɛ, nhyira a wɔbenya afi Yehowa hɔ nti na wɔsom no. Nsɛm a Satan kekae yi, dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho?

8-9. Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ mma ɔnnyɛ, na adɛn ntia? (Hiob 1:12) (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Kenkan Hiob 1:12. Yehowa maa Ɔbonsam kwan sɛ ɔnkyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. Nanso Yehowa ma ohui sɛ ɛnyɛ nea ɔpɛ biara na obetumi ayɛ. Enti Yehowa kaa no pefee kyerɛɛ no sɛ: ‘Mfa wo nsa nka Hiob.’ Abɔfo no nyinaa anim na Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ ɛnyɛ nea ɔpɛ biara na obetumi de ayɛ Hiob. Ná Satan nni tumi a ɔde bɛyɛ nea ɔpɛ, enti nea Yehowa kae no ara na otumi yɛe. Ɛnnɛ nso, nea Yehowa ma Satan kwan nko ara na otumi yɛ. Yehowa de ne tumi bɔɔ Hiob ho ban na ɔma ɛdaa adi sɛ, nea Satan rekeka no nyɛ nokware.

9 Sɔhwɛ a edi kan a Satan de baa Hiob so no, Satan dii nkogu pɔtɔɔ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Hiob kɔɔ so dii Yehowa nokware. (Hiob 1:22) Nanso na Satan ne Hiob nwiei. Ná ɔbɛsan akɔsɔ no ahwɛ bio.

Satan wɔ soro; ɔde aniammɔnho rekasa akyerɛ Yehowa wɔ abɔfo no anim.

Yehowa maa Satan kwan sɛ nea ɔwɔ ka no, ɔnka mma obiara nte bi (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)


10. Adɛn nti na Yehowa maa Satan kwan ma ɔsan sɔɔ Hiob hwɛe? (Hiob 2:​2-6)

10 Kenkan Hiob 2:​2-6. Saa bere yi de, Satan miaa sɔhwɛ a ɔde baa Hiob so no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu baabi no, Hiob no ara bɛka sɛ afei de amee no. Satan kaa sɛ, ɛto nea ɛyɛ den a, Hiob bɛdome Onyankopɔn de apere ne nkwa. Nea ɛbɛma nokware no ada adi no, Yehowa maa Satan kwan sɛ obetumi de yare abɔ Hiob. Ɛha nso, Yehowa kyerɛɛ no nea onni hokwan sɛ ɔyɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “ne nkwa de, mfa wo nsa nka!” Bio, na Satan nni tumi a ɔde bɛyɛ nea ɔpɛ, enti nea Yehowa kae pɛpɛɛpɛ na otumi yɛe.

YEHOWA MAA HIOB AMANEHUNU NO BAA AWIEI

11. Yehowa maa Hiob amanehunu no baa awiei no, sɛn na ohyiraa no? (Hiob 42:​10-13)

11 Kenkan Hiob 42:​10-13. Eduu baabi no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ na Hiob awe ahinam so sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware, enti Yehowa amma Satan kwan ma wanteetee Hiob bio. Afei, Yehowa de ne ho gyee mu maa Hiob amanehunu no baa awiei. Ɛha nso, Satan antumi ansiw Yehowa kwan sɛ ɔbɛbɔ Hiob ho ban na wahyira no.

12. Sɛnea Yehowa de ne tumi kɛse no gyee n’asomfo a wɔde wɔn ho too ne so no, ma ho nhwɛso.

12 Awiei mmere yi mu nso, Yehowa de ne tumi kɛse no aboa n’asomfo bebree. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, afe 1945 mu no, Nasi asogyafo hyɛɛ Yehowa Adansefo 230 sɛ wɔntwa kwantenten bi a ɛyɛ hu mfi afiase bi a ɛwɔ Germany nkɔ mpoano, na sɛ wɔdu hɔ a wakunkum wɔn apii so. Nanso wei nyinaa akyi no, wɔn mu baako mpo anwu. Amanehunu a ani yɛ nyan a wɔfaa mu no, wɔkaa ho asɛm sɛ: ‘Yɛafa sɔhwɛ bere a emu yɛ den na ɛyɛ tenten mu awie, na sɛnea yɛbɛka no no, wɔyii wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu no fii ogya fononoo mu a ogya no ho hua nnyee wɔn ho. Mmom no, wɔwɔ ahoɔden a edi mũ ne tumi a efi Yehowa hɔ.’ Wɔde kaa ho sɛ: ‘Bere a wɔayi yɛn afi gyata amena mu yi, yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa afebɔɔ. Hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛsom Yehowa afebɔɔ no, ɛno nko ara mpo yɛ nhyira kɛse.’—Fa toto Daniel 3:27; 6:22 ho.

13. Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, ahotoso bɛn na wubetumi anya? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Ɛtɔ da a, yɛn nso yebetumi ahyia sɔhwɛ bi a ɛte sɛ nea wɔde yɛn akɔto gyata amena mu. (1 Pet. 5:​8-10) Sɔhwɛ a ɛte saa betumi ama yɛayɛ hahaaha, na yɛabisa yɛn ho mpo sɛ, ‘Dabɛn koraa na sɔhwɛ yi to betwa?’ Sɛ yɛrefa ɔhaw a ɛte saa mu na yɛkae nea Hiob nso faa mu no a, ɛbɛboa yɛn. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde beyi yɛn haw no afi hɔ; sɛ wanyɛ saa nnɛ mpo a, ɔbɛyɛ no wiase foforo no mu. Bere a wahyɛ sɛ ɔbɛsɛe wiase bɔne yi, sɛ ɛso a, ɛrempa ho simma baako mpo!

Mfoni: Yehowa asomfo binom rehu amane; ɛsono obiara ne ne de. 1. Onua aberante bi ne onua bi a ne mfe akɔ anim gyina obi nna ho wɔ amusiei, na onua aberante no rekyekye onua a ne mfe akɔ anim no werɛ. 2. Awofo bi babea da ayaresabea, na wɔte ne mpa ho; wuhu sɛ wɔn anidaso nyinaa asa. 3. Onua bi a wɔde no ato afiase gyina awia kataban so de sofi retu fam, na sogyani bi kura tuo rewɛn no.

Amanehunu a Yehowa asomfo anokwafo rehyia no, obeyi ne nyinaa afi hɔ (Hwɛ nkyekyɛm 13)


YEHOWA DƆ N’ASOMFO ANOKWAFO

14-15. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ma n’asomfo anokwafo, na adɛn ntia? (Hiob 14:15) (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Kenkan Hiob 14:15. Wɔn a wɔdi yɛn soro Agya no nokware no, onsi wɔn fam koraa. Wɔda ne koma so ara ma sɛ wɔwu mpo a, ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu. Sɛ onyan wɔn a, ɛbɛma yaw a owu de ba no nyinaa afi hɔ.—Yes. 65:17.

15 Bere a Hiob sɔhwɛ no baa awiei no, na ɔda so ara te wiase a Satan di so mu, nanso Bible ma yehu sɛ Yehowa ma ɔsan sii ne dedaw mu, na ohyiraa no sen kan no mpo. Ná wei yɛ nea Yehowa bɛyɛ ama Hiob daakye no ho mpopoe kɛkɛ. Nea Yehowa yɛe no ma yehu sɛ ɔpɛ sɛ n’asomfo anokwafo ani gye ankasa wɔ asetenam. Nokwasɛm ne sɛ, obiara a obedi nokware ama no no, obehyira no ama watena ase daa wɔ wiase foforo no mu. (Adi. 21:​3, 4) Yehowa ne Amansan Hene Pumpuni no, enti ɔpɛ paa sɛ ɔyɛ saa. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, saa nokwasɛm no betumi akyekye yɛn werɛ paa!

Hiob asan anya apɔwmuden, wasiesie ne ho kama, na ne nnamfo bebree rebɛsra ɔne ne yere wɔ wɔn fie.

Bere a Hiob amanehunu no baa awiei no, Yehowa hyiraa ɔne ne yere pii (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)


16. Esiane sɛ Yehowa ne Amansan Hene no nti, dɛn na ɔwɔ so tumi, na dɛn na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ?

16 Ɛwom sɛ Hiob tenaa ase kyɛe, nanso awiei koraa no owui. Nanso Yehowa wɔ owu so tumi, efisɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ ne Amansan Hene no. (Deut. 32:39) Enti wahyɛ bere a ɔde benyan n’adɔfo nyinaa aba nkwa mu bio, na bere no so a, obiara rentumi nsiw no kwan.—Rom. 8:​38, 39.

FA WO HO TO YEHOWA SO KORAA

17. Mmɔden a Satan rebɔ sɛ ɔbɛhyew Yehowa nkurɔfo ase no, yɛyɛ dɛn hu sɛ abu abɔ no?

17 Hiob nhoma no ma yɛn adanse pii a ɛma yetumi de yɛn ho to Yehowa so koraa. Satan rebɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛhyew Yehowa nkurɔfo ase, nanso yɛda Yehowa ase paa sɛ wama abu abɔ no! Ɛnnɛ, Yehowa wɔ asomfo anokwafo ɔpepem nkron, na wei yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ ɔno ne Amansan Hene Pumpuni no. Yɛahu no mpɛn pii sɛ akode biara a wɔyɛ de ba Yehowa asomfo so no, ɛnyɛ yiye. (Yes. 54:17) Wohwɛ Yehowa asomfo a, asɛ wɔnni ahobammɔ biara, nanso aman a wɔyɛ den ne nyamesom akannifo a wɔwɔ tumi mpo ntumi mfaa Yehowa asomfo akyi nkaa fam. Yehowa ho nokwasɛm a yɛreka ne Satan a yɛrepa ne ho ntama sɛ ɔyɛ owudifo kontomponi no, biribiara nni hɔ a ebetumi ama yɛagyae. Owu mpo rentumi nhunahuna yɛn, efisɛ obiara a obedi Yehowa nokware akosi owu mu no, ɔbɛsan de no aba nkwa mu.—Hos. 13:14.

18. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro nea ebesi daakye?

18 Sɛ yedwinnwen Hiob asetenam nsɛm ho a, ɛhyɛ yɛn gyidi den sɛ nea ebesi daakye biara Yehowa ka yɛn ho, enti ɛnsɛ sɛ yesuro. Ahohiahia kɛse no mu no, Satan ne n’apamfo adwene bɛyɛ wɔn sɛ Yehowa nkurɔfo nni ahobammɔ biara, enti wɔbetumi atow ahyɛ wɔn so adi wɔn so nkonim. Nanso sɛnea Yehowa yɛ maa Hiob no, saa bere no nso, ɔde ne tumi kɛse no bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban na ɔremma Satan ntɔre wɔn ase. Amanehunu a Satan akɔfa abɛsoɛ adasamma so no, ɛrenkyɛ koraa Yehowa beyi ne nyinaa afi hɔ. Yesu de Ɔbonsam ne n’ahonhommɔne no begu amena donkudonku no mu mfe 1,000. (Luka 8:31; Adi. 20:​1-3) Awiei koraa no, Satan ne wɔn a wɔwɔ n’afa nyinaa bɛyera nsesa mu. (Adi. 20:10) Sɛnea Yehowa kae no, ɔbɛpɛtɛw Ɔbonsam ti, na wasɛe no koraa.—Gen. 3:15; Rom. 16:20.

19. Nhyira bɛn na ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no? (Hwɛ mfoni no nso.)

19 Yɛrehwɛ wiase foforo a ɛreba no kwan denneennen, efisɛ saa bere no bɔne ne sintɔ befi yɛn ho koraa, na yɛn ani begye paa. Sɛnea asetena bɛyɛ de, pɛ ani kɔhwɛ! Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” (Adi. 21:5) Dɛn na ɛno kyerɛ? Mfe mpempem pii ni na Satan ne ahonhommɔne no ama kɛtɛasehyɛ, ɔtan, ne aturuturasɛm ahyɛ wiase ma. Nanso saa bere no, biribiara a ɛte saa renkɔ so, efisɛ Satan ne ahonhommɔne no befi hɔ. Ahotɔ a yebenya de, yɛrentumi nkyerɛ mu mpo! Woda a, wobɛda, efisɛ kɔdaanna ne dadwen biara renteetee wo bio. Wɔn a wɔbetwa Armagedon no, anwanwade a wɔbehu de, ɛnyɛ asɛm ketewa; ayarefo nyinaa ho bɛtɔ wɔn. Afei nso, Yehowa befi ase anyan yɛn adɔfo a wɔawuwu. Wei ne asetena pa a yɛn soro Agya no bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma yɛn no!

Anuanom mmarima ne mmea a na wɔrehu amane wɔ mfoni baako no mu no, seesei wɔwɔ paradise a wɔn ani agye. Onua a na ne mfe akɔ anim no, seesei wayɛ aberante, na ɔne ne yere retu mpase. Awofo a na wɔn babea no yare no, seesei wɔn babea no anya apɔwmuden, na wɔne no retu mpase. Onua a na ɔda afiase no te dua bi ase rekenkan ne Bible, na gyata ba bi da ne nkyɛn.

Yehowa asomfo anokwafo a wɔmiaa wɔn ani gyinaa sɔhwɛ mu no, obehyira wɔn pii (Hwɛ nkyekyɛm 19)


20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Wiase yi nnya nkɔɔ n’awiei yi, sɔhwɛ de, yebehyia bi, nanso momma yensi yɛn bo sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so, na yɛataa ne tumidi akyi. Momma yemfi yɛn komam nnɔ yɛn soro Agya no, na yɛmfa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Yehowa ne Amansan Hene no, na ɔpɛ paa sɛ ohyira n’asomfo anokwafo. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkɔ so di nokware ma no a, daakye obehyira yɛn ma aboro so!

ƆKWAN BƐN SO NA HIOB NHOMA NO MA YEHU SƐ . . .

  • Yehowa ne Amansan Hene Pumpuni no?

  • Yehowa pɛ paa sɛ ohyira n’asomfo anokwafo?

  • wubetumi de wo ho ato Yehowa a ɔyɛ Amansan Hene no so koraa?

DWOM 153 Ma Me Akokoduru

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena