MAY 25-31, 2026
DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”
Da Nhumu Adi, Na ‘Ebesi Wo Yiye’
“Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye.”—MMEB. 16:20.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛ yehyia tebea bi a emu yɛ den a, nhumu betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nea ɛfata.
1-2. Dɛn ne nhumu, na sɛn na ɛboa yɛn?
OBI ayɛ wo ade ama woate nka sɛ ɔde w’anim atwitwiw fam pɛn? Obi ayɛ wo ade ama ahye wo pɛn? Anaa asɛm bi ato wo ama woabɔ hu da? Sɛ biribi saa si a, etumi yɛ den sɛ yebehu ɔkwampa a yɛbɛfa so ayɛ yɛn ade. Nanso momma yɛnka yɛn koma nto yɛn yam. Bible ma yehu sɛ, sɛ yehyia tebea ahorow bi a ɛtete saa a, biribi wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn paa. Ɛno ne nhumu.
2 Yɛka sɛ obi wɔ nhumu a, ɛkyerɛ sɛ ɔnhwɛ nneɛma aniani kɛkɛ; ɔbɔ mmɔden sɛ obehu mu yiye. Sɛ biribi si a, nhumu boa yɛn ma yehu nea enti a ɛbɛyɛ sɛ esii. Obi yɛ biribi nso a, ɛboa yɛn ma yehu adwene a ebia ɔde yɛɛ saa. Sɛ nhumu boa yɛn ma yɛte nsɛm ase sei a, ɛma yɛyɛ yɛn ade nyansam. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nhumu boa yɛn ma ‘yɛhwɛ yɛn ano yiye,’ na yehu bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ komm.’ (Mmeb. 10:19; Dw. 4:4) Sɛ yɛn bo fuw a, nhumu boa yɛn ma yɛhyɛ yɛn ho so, na yegyae nsɛm mu ma ɛka. Afei nso, ɛboa yɛn ma yegye afotu ne nteɛso tom. (Mmeb. 19:20) Sɛ yɛwɔ nhumu a, ɛma Yehowa ani gye, ɛma yɛn ankasa yɛn ani gye, na ɛma yɛne obiara di no yiye. Enti nhumu de, ɛho hia paa, ɛnkanka ne sɛ yɛn bo afuw na ayɛ den sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so no. Yɛrebɛhwɛ nsɛm mmiɛnsa bi a esisii wɔ Bible mu. Ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nhumu a, ɛboa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛhyɛ yɛn ho so, na yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so.
BRƐ WO HO ASE; NYƐ AHANTAN
3. Ná Naaman yɛ hena?
3 Sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan. (1 Pet. 5:5) Nhumu betumi aboa yɛn na yɛanyɛ ahantan. Adɛn ntia? Wo de, ma yɛnhwɛ Naaman. Ná ɔte Siria. Siria yɛ ɔman bi a na ɛwɔ Israel atifi. Ná Naaman nyɛ nipa ketewa; Siria asogyafo no, ɔno na na ɔda wɔn ano. Nanso na kwata resɛe ne honam, enti na ɔreteetee paa.—2 Ahe. 5:1.
4. Dɛn na Naaman yɛe a ɛkyerɛ sɛ na odwen nneɛma ho kɔ akyiri?
4 Ná Naaman yere wɔ abaawa kumaa bi a ɔyɛ Israelni. Saa abaawa yi ka kyerɛɛ Naaman yere sɛ, odiyifo bi wɔ Israel a obetumi asa ne kunu yare. (2 Ahe. 5:2, 3) Anka Naaman betumi aka sɛ, ‘Saa akwadaa yi na ɔbɛkyerɛ me nea menyɛ? Ɔyɛ abaawa. Ɔsan nso fi yɛn atamfo kurom.’ Nanso wunim, Naaman kyerɛe sɛ odwen nneɛma ho kɔ akyiri. Wanyɛ ne ho kokotii. Mmom ɔbrɛɛ ne ho ase de abaayewa no asɛm kɔɔ adwinnwen mu, na otuu ho anammɔn. Ɔkɔɔ Siria hene anim kɔsrɛɛ kwan sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Israel kɔpɛ ayaresa.—2 Ahe. 5:4, 5.
5. Bere a Naaman koduu Israel no, dɛn na esii?
5 Ampa-ne-ampa-ara Naaman siim kɔɔ Israel sɛ ɔrekɔpɛ ayaresa. Okodui no, ɔkɔɔ Ɔhene Yehoram anim. Nanso na Yehoram adwene yɛ no sɛ, Siria hene pɛ sɛ ɔbɛka no ntɔkwaw kɛkɛ; ɛno nti na wasoma Naaman aba hɔ no. Odiyifo Elisa tee ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Yehoram sɛ ɔmma Naaman mmra ne nkyɛn. (2 Ahe. 5:6-9) Bere a Naaman kɔe no, sɛnea na ɔhwɛ kwan sɛ Elisa begye no no, amma saa. Elisa ampue amfi dan mu mpo ammɛhwɛ n’anim na kampɛsɛ ɔne no akasa. Mmom ɔsomaa obi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Naaman sɛ, ɔyɛ sɛɛ ne sɛɛ a, ne ho bɛtɔ no.—2 Ahe. 5:10.
6. (a) Asɛm a onipa no bɛka kyerɛɛ Naaman no, ɛbɛyɛ sɛ adɛn nti na ahyɛase no de, wammrɛ ne ho ase antie? (b) Dɛn na Naaman asomfo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na dɛn na efii mu bae? (2 Ahene 5:13, 14)
6 Asɛm a onipa no bɛka kyerɛɛ Naaman no, ahyɛase no de, anyɛ no dɛ koraa. Ne “bo fuwii denneennen,” na “ɔde abufuw siim sɛ ɔrekɔ.” (2 Ahe. 5:11, 12) Dɛn na ɛmaa ne bo fuwii? Ebia onyaa adwene sɛ, ‘Onipa kɛse te sɛ me a Siria asogyafo nyinaa hyɛ m’ase na Elisa de m’anim ayɛ fam saa no?’ Ebi nso a, ɔhwɛ nea Elisa kaa sɛ ɔnkɔyɛ no a, onyaa adwene sɛ Elisa abu Siria man no animtiaa. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ, sɛ́ ɔbɛtena hɔ ama wɔde n’anim atwitwiw fam saa de, ɔde ne yare bɛkɔ fie. Nanso n’asomfo no srɛɛ no sɛ ɔnsan nnwen asɛm no ho bio. Wuhu sɛ na wɔwɔ nhumu paa. Naaman nso kyerɛe sɛ onim nyansa. Ɔbrɛɛ ne ho ase tiee nea Elisa kae no nyinaa. Ekosii sɛn? Ne ho tɔɔ no!—Kenkan 2 Ahene 5:13, 14.
7. Dɛn na yebetumi asua afi Naaman asɛm no mu? (Mmebusɛm 22:4) (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Sɛ yɛwɔ nhumu a, asɛm bi si a yɛrenhwɛ no aniani kɛkɛ, mmom yɛbɛto yɛn bo ase adwen ho yiye. Afei nso, yɛrenni yɛn koma akyi nkɔyɛ biribi a ɛmfata. Yɛwɔ nhumu nso a, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Yebegye atom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim, enti ɛtɔ da a, gye sɛ yɛma afoforo boa yɛn ma yehu asɛm bi ani so yiye. Na yɛrepɛ obi a ɔbɛboa yɛn saa a, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa. Yɛhwɛ Naaman sei a, na ɔnsom Yehowa. Nanso ɔbrɛɛ ne ho ase tiee Yehowa nanmusini Elisa. Ɔsan tiee Israelni abaayewa no ne n’asomfo no nso. Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ nhumu. Enti ɛwom, nea ɛkɔɔ so mfiase no hyee no paa, nanso akyiri yi, osii gyinae pa, na onyaa ahotɔ a na ɔrepɛ no. Enti yɛn nso, asɛm bi si a, yɛnto yɛn bo ase nnwen ho ansa na yɛayɛ biribi. Yɛmfa no sɛ obi de Bible mu afotu bi ama yɛn nanso yɛne no nyɛ adwene, anaa asafo de akwankyerɛ bi aba a yɛnte ase. Sɛ yɛto yɛn bo ase dwen ho yiye a, asɛm a ebefi yɛn anom aba anaa nea yɛbɛyɛ wɔ ho no bɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛnyɛ ahantan.—Kenkan Mmebusɛm 22:4.
Sɛ obi tu yɛn fo, obi de ɔhaw bi to yɛn anim, anaa Yehowa asafo no de akwankyerɛ bi ba a, ɛsɛ sɛ yesuasua Naaman, na yɛbrɛ yɛn ho ase tie (Hwɛ nkyekyɛm 7)
HYƐ WO HO SO; MFA ABUFUW NYƐ ADE
8. Tebea bɛn na yɛkɔ mu a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so?
8 Sɛ obi hyɛ yɛn abufuw a, nhumu betumi aboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn ho so. Nanso ne ka nko na ne yɛ nko. Ɛtɔ da a, ade a obi bɛyɛ wo anaa asɛm a ɔbɛka akyerɛ wo no, wuhu sɛ akɔ wo ho paa. (Efe. 4:26) Ma yɛnka Dawid ne Abigail ho asɛm. Bere bi asɛm bi sii, na ɛnyɛ sɛ na wɔwɔ nhumu a, anka nea ebefi mu aba nye.
9. Dɛn na Nabal de yɛɛ Dawid?
9 Wo de, hwɛ asɛm yi oo: Ná Dawid ne ne mmarima no aguan kɔ Paran sare so, efisɛ na Saul repɛ wɔn akum wɔn. (1 Sam. 25:1) Bere a wɔwɔ hɔ no, wɔyii wɔn yam bɔɔ osikani bi a wɔfrɛ no Nabal nguan ne ne nguanhwɛfo ho ban. (1 Sam. 25:15, 16) Eduu bere a na nguanhwɛfo no retwitwa nguan no ho nwi no, Dawid somaa ne mmarima no bi kɔɔ Nabal hɔ. Ɔkaa sɛ wɔkɔ a, wɔnsrɛ Nabal nidi mu sɛ, aduan kakra biara a obenya no, ɔmfa mma wɔn. (1 Sam. 25:6-8) Bere a wɔde asɛm no kɔtoo Nabal anim no, anka ɔnna wɔn ase mpo, efisɛ na wɔayɛ bi ama no. Nanso ɔteateaa wɔn twaa wɔn adapaa maa ebi koraa soo Dawid so.—1 Sam. 25:10, 11.
10. Dɛn na Dawid ne Abigail nyinaa yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ nhumu? (1 Samuel 25:32, 33) (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Wone Dawid a, anka wobɛte nka sɛn? Nea Nabal yɛe no, nokwasɛm ni, antwa yiye, enti Dawid bo fuwii papaapa. Ne bo fuwii ara ma ɔsɔree sɛ ɔrekokum Nabal! (1 Sam. 25:13, 21, 22) Nanso bere a ɔnam kwan so rekɔ no, Nabal yere nyansafo Abigail behyiaa no. Dɛn na Abigail yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nhumu? Odwen asɛm no ho hui sɛ, ɛwom sɛ nea na Dawid abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ano yɛ hyew de, nanso wohwɛ mu paa a, ɔnyɛ nipa bɔne. Enti ɔyɛɛ nea obetumi biara dwudwoo Dawid koma. Ɔsoaa nnuan pii brɛɛ no, na ofi obu mu maa no afotu pa. (1 Sam. 25:18, 23-31) Dawid nso kyerɛe sɛ ɔwɔ nhumu. Otiee Abigail asɛm no guu aso pa mu, efisɛ ohui sɛ Abigail wɔ Yehowa adwene. Enti Dawid maa ne koma baa fam, na wankɔyɛ bɔne kɛse.—Kenkan 1 Samuel 25:32, 33.
Dawid ne Abigail kyerɛe sɛ wɔwɔ nhumu. Wɔanyɛ saa a, anka nea ebesi nye (Hwɛ nkyekyɛm 10)
11. Sɛ yɛn bo fuw a, sɛn na nhumu bɛboa yɛn? (Mmebusɛm 19:11)
11 Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Ɛtɔ da a, ade a obi de bɛyɛ yɛn no, yɛn ara yehu sɛ wei de, etwa sɛ yɛn bo fuw. Nanso ɛno mpo, sɛ yɛwɔ nhumu a, yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Afei nso yebedwen ho sɛ, sɛ yɛde abufuw hyia no a, ɛbɛkɔ akowie sɛn. (Kenkan Mmebusɛm 19:11.) Yɛhwɛ Dawid asɛm no a, bere a Abigail boaa no ma ohuu Yehowa adwene no, ɛma otumi hyɛɛ ne ho so. Enti yɛn nso, yɛn bo fuw a, ɛnsɛ sɛ yedi yɛn koma akyi; ɛsɛ sɛ yenya abotare. (Yak. 1:19) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ asɛm no ho mpae, na yegye bere hwehwɛ Yehowa adwene wɔ ho. Yɛyɛ saa a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn ho so.
12. Sɛ yɛn bo fuw a, sɛn na afoforo betumi aboa yɛn ama yɛahu asɛm no ani so yiye na yɛahyɛ yɛn ho so?
12 Sɛ biribi hyɛ yɛn abufuw a, Yehowa betumi afa afoforo so aboa yɛn ama yɛahu asɛm no ani so yiye, sɛnea ɔmaa Abigail boaa Dawid no. Enti wo bo fuw a, mpere wo ho nyɛ biribiara ansa. Wubetumi adi kan ne Kristoni bi a ne ho akokwaw aka ho asɛm; ɔbɛboa wo ama woanya Yehowa adwene wɔ asɛm no ho. (Mmeb. 12:15; 20:18) Ebi nso a w’adamfo bi na asɛm bi ahyɛ no abufuw. Sɛ saa na ɛte a, wubetumi asuasua Abigail na woaboa no ama wanya Yehowa adwene wɔ ho anaa? Yehowa bɛboa wo ama woanya asɛmpa bi aka akyerɛ no ama wanya nhumu, na wahyɛ ne ho so.
FA WO HO TO YEHOWA SO; MMA EHU NNKYEKYERE WO
13. Sɛ biribi bɔ yɛn hu a, nhumu bɛboa yɛn sɛn?
13 Ɛwom ara a, yetumi hyia tebea ahorow bi a ɛbɔ yɛn hu. Nanso yɛwɔ nhumu a, yɛbɛkae sɛ Yehowa ne tumi nyinaa wura. Enti biribiara a ɛbɔ yɛn hu wɔ wiase no, sɛ́ ɛte sɛn, sɛ́ ɛte sɛn, ɛmmoro Yehowa so koraa. (Dw. 27:1) Sɛ yɛkɔ ɔhaw bi mu na ɛyɛ yɛn sɛ yɛapem, anidaso nyinaa asa mpo a, Yehowa betumi atwitwa agye yɛn. Nea ɛbɛma yɛate saa asɛm yi ase no, yɛnka odiyifo Yona ho asɛm. Ná ɔdɔ Yehowa paa, nanso adwuma bi a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no bɔɔ ne hu, enti na ohia nhumu paa na watumi ayɛ.
14. Adwuma a Yehowa de hyɛɛ Yona nsa no, adɛn nti na na osuro sɛ ɔbɛyɛ?
14 Ɛnyɛ adwuma ketewa na Yehowa de hyɛɛ Yona nsa no. Ɔkaa sɛ ɔnkɔ Niniwe nkɔka nkyerɛ ɔmanfo no sɛ ɔreba abɛsɛe wɔn. (Yona 1:1, 2) Wo na Yehowa de saa adwuma yi hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛte nka sɛn? Ná ɔkwan a Yona betwa akɔ Niniwe no nko ara yɛ adwuma mua. Worenantew afi Israel akɔ Niniwe a, na ebegye wo bɛyɛ bosome baako. Ná Niniwe yɛ Asiriafo kurow, na Asiriafo no, na awudisɛm wɔ wɔn mogya mu. Wunim, edin a na wɔde frɛ Niniwe kurow no ne “kurow a ehwie mogya gu.” (Nah. 3:1, 7) Yona hwɛ dinn a, ose wei de, meguan.—Yona 1:3.
15. Dɛn na ɛboaa Yona ma onyaa Yehowa mu gyidi kɛse? (Yona 2:6-9)
15 Bere a Yona reguan a wɔtow no too po no mu no, Yehowa yɛɛ anwanwade kɛse de gyee no nkwa. Yehowa yɛɛ saa de kaee Yona sɛ ɔwɔ tumi kɛse. (Yona 1:15, 17) Yona suaa biribi paa. Ohui sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde n’adwene si nneɛma a ɛbɔ ne hu no so, mmom ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ Yehowa betumi abɔ ne ho ban. (Kenkan Yona 2:6-9.) Akyiri yi a Yehowa san bɛka kyerɛɛ Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe no, wei de wantwetwe ne ho koraa. Osii mu kɔe, na adwuma a ɔkɔyɛe no sow aba paa.—Yona 3:5.
16. Sɛ yɛbɔ hu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? (Mmebusɛm 29:25) (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛma onipa ho suro anaa biribi foforo biara twe yɛn san wɔ yɛn som mu. (Kenkan Mmebusɛm 29:25.) Ná Yona wɔ nhumu, enti wamfa n’adwene ansi nneɛma a na ɛbɔ ne hu no so. Mmom ɔde n’adwene sii Yehowa so; ná onim sɛ Yehowa bɛboa no. Enti yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛma ehu kyekyere yɛn. Ɛsɛ sɛ yetwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi, na yɛkaakae sɛnea Yehowa aboa yɛn na wabɔ yɛn ho ban no. Ɛnyɛ ɛno nko. Yɛn nuanom bebree ahyia tebea ahorow a ɛyɛ hu; ebinom wɔ hɔ a adwuma a na ɛhyɛ wɔn nsa wɔ Yehowa som mu no, na ɛyɛ den. Nanso wɔde wɔn ho too Yehowa so ma ɔboaa wɔn. Yebetumi adwinnwen wɔn nhwɛso no ho na aboa yɛn. (Heb. 13:6) Sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so na yɛboa afoforo ma wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nhumu.
Sɛ tebea bi bɔ yɛn hu a, Yona asɛm no ma yehu sɛ, nhumu bɛboa yɛn ama yɛatie Yehowa akwankyerɛ na yɛadi nkonim (Hwɛ nkyekyɛm 16)
KƆ SO ARA KYERƐ SƐ WOWƆ NHUMU
17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nhumu?
17 Ɛde besi ha yi, yɛahu sɛ, sɛ yehyia tebea a emu yɛ den a, nhumu betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nea ɛfata. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nhumu? Yehowa paa na ɔma nhumu. Ɔnam n’Asɛm Bible ne ne honhom kronkron no so na ɛde ma yɛn. (Neh. 9:20; Dw. 32:8) Afotu a ɔde ma yɛn wɔ Bible mu no, ɛboa yɛn ma yetutu yɛn anammɔn yiye, na ɛma yetumi hyɛ yɛn ho so. (Dw. 119:97-101) Enti sɛ yɛto yɛn bo ase sua Bible yiye na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nhumu. Ɛba saa a, sɛ asɛm bi si a, yɛrenhwɛ no aniani kɛkɛ. Yɛbɛto yɛn bo ase asusuw ho yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a nea yɛbɛka ne nea yɛbɛyɛ wɔ ho no bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa adwene.—Mmeb. 21:11, ase hɔ asɛm.
18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?
18 Momma yɛnkɔ so nhwehwɛ nhumu mfi Yehowa hɔ, na yemmu no sɛ ɛyɛ biribi a ɛsom bo. (Dw. 14:2) Yɛyɛ saa a, ‘yɛremman mfi nhumu kwan so’ da. (Mmeb. 21:16) Yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ, asɛm biara mu no, yɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nhumu. Yɛyɛ saa a, ebesi yɛn yiye.
DWOM 42 Onyankopɔn Somfo Mpaebɔ