“Akoa” a Ɔtraa Ase Huu “Sɛnkyerɛnne” No
1. Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔsoro akanea no bɔ ho kyerɛ no, Onyankopɔn pɛe sɛ onipa bɛyɛ sɛ ɔno wɔ dɛn mu?
ONIPA Bɔfo no de bere di dwuma. Ná ɔpɛ sɛ onipa nso de bere di dwuma. Wɔ adebɔ ho kyerɛwtohɔ no mu sɛnea yehu wɔ n’Asɛm a efi honhom mu no ti a edi kan no, yɛkenkan sɛ: “Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe; na ɛnyɛ akanea wɔ ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛnharan asase so. Na ɛyɛɛ sa. Na Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien no, ɔkanea kɛse no, sɛ enni awia so, ne ɔkanea ketewa no sɛ enni anadwo so, ne nsoromma nso.” (Genesis 1:14-16) Enti Kyerɛw Kronkron no bu bere a onipa de atra ase ho akontaa, na ɛde bere nkyekyem ne nna ne mfe na ɛyɛ saa.
2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no buu bere ho akontaa besii afe 1914 Y.B. mu mpo? (b) Dɛn na Yesu kae wɔ bere a ɔde bɛba wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛba wɔ ne parousia no mu no ho?
2 Bible mmerebu no fi bere a wɔbɔɔ onipa wɔ Eden Turo no mu so kosi baabi a ne mmerebu no ne wiase abakɔsɛm mu mmere a ɛyɛ nokware no hyia. Bible nkɔmhyɛ ahorow a mmerebu ahorow wom no toa mmerebu no so ara kɔ daakye, mpo kosi “mmere nson” a Amanaman no de adi adesamma so a Onyankopɔn ansiw wɔn kwan no awiei wɔ afe 1914 Y.B. mu. (Daniel 4:16, 23, 25, 32; Luka 21:24) Saa afe no ne bere a Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam wɔ soro no parousia anaa “ba a waba” no fii ase. Yesu hyɛɛ “ahohiahia kɛse” a ebi mmae da a ɛbɛba wɔ ne parousia no mu ho nkɔm, nanso wankyerɛ da ne dɔnhwerew pɔtee a saa ɔhaw bere a ɛso bi nni no bɛpae agu adesamma wiase no nyinaa so. Ɔkae sɛ:
3 “Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko. Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa Ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Ɛnna nnipa baanu a ɛwɔ afum, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. Mmea baanu bɛyam owiyammo so, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura reba [Hela: er’khe.tai].”—Mateo 24:36-42, NW; Marko 13:32, 33.
4. Enti na adesamma asetra mu nsɛm tebea wɔ Yesu parousia no mu bɛyɛ sɛ hena nna mu de, na wɔ nna pɔtee bɛn mu?
4 Sɛnea nkɔmhyɛ yi kyerɛ no, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ asase so wɔ Awurade Yesu Kristo parousia a aniwa nhu no mu no tebea horow yɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ Noa nna no mu ansa na wiase nyinaa nsuyiri no reba no. Ɛda adi sɛ, bere a na Yesu reka ho asɛm sɛ “Noa nna” no kyerɛ “nna a edi nsuyiri anim no,” bere a na Noa repam adaka a Onyankopɔn akyerɛ no sɛ ɔmpam no. Anyɛ saa a anka wɔrennya biribi titiriw a nnipa a wodii nsuyiri no anim no bɛhyɛ no nsow de ahu sɛ na wɔahyehyɛ nsuyiri bi a ɛreba wɔn awo ntoatoaso no so. Adaka a wosiesiei yi bɛkyerɛ “Noa nna” pɔtee no wɔ ne mfirihyia ɔha a edi akyiri wɔ n’asetra mu ansa na nsuyiri no reba no, efisɛ nsuyiri no fii ase wɔ Noa mfirihyia ɔha a ɛto so asia mu, na enti yɛkenkan sɛ: “Na Noa dii mfirihyia ahannum, na Noa woo Sem, Ham ne Yafet.”—Genesis 5:32; 7:11.
5. (a) Nokwasɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Noa nna a ɔde pam adaka no yɛ bere pɔtee bi? (b) “Noa nna” no a ɔde yɛɛ ntotoho no da dɛn adi wɔ parousia nkyerɛase ho?
5 Ade foforo a ɛbɛkyerɛ bere no tenten bɛyɛ Noa a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne yere ne ne mma baasa no ne ne “mma yerenom” no nka ne ho nkɔ adaka no mu no. (Genesis 6:18) Eyi bɛkyerɛ sɛ na Noa mma baasa no awareware ansa na adaka no ho adwuma refi ase. Enti bere a edi nsuyiri no anim a na nnipa no betumi ahu sɛ biribi a wɔnyɛɛ bi da rekɔ so no betumi ayɛ nea ɛso ahuan aba bɛyɛ mfirihyia aduonum ansa na wiase ɔsɛe no reba. Nea ɛte biara no, ná “nna” a wogyaw maa nnipa no ma wɔde ahu no yiye no yɛ bere a ɛdɔɔso. Esiane sɛ “saa ara nso na onipa Ba no ba a waba [parousia] bɛyɛ” nti, eyi kyerɛ sɛ Kristo parousia a aniwa nhu no yɛ bere a emu twe na ɛnyɛ bere a “ahohiahia kɛse” no fi ase wɔ da pɔtee bi dɔnhwerew bi mu agyirae ara kɛkɛ na ɛhyɛ. Nea ɛne saa parousia ho adwene no hyia no, Yesu asɛm a ɛte saa ara a ɛwɔ Luka 17:26 no se: “Na sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna mu.” Nanso sɛnea nna a Noa de pam adaka no kowiee emu a ɔne n’abusua a wɔbɛn no kɔe no, saa ara na parousia a aniwa nhu no kɔ so kosi bere bi na ɛba awiei wɔ wiase nyinaa “ahohiahia kɛse” bi mu.
6. (a) Sɛnea Yesu kae no, ɔkwan bɛn so na Noa nna no bɛsɛ ne parousia bere no? (b) Ɛnde, na dɛn ne ade a enye wo nnipa no fam no?
6 Wɔ Noa nna no mu no na anuɔden ahyɛ asase so ma na na wɔresɛe no. (Genesis 6:11, 12) Ɛno mmom de na ɛyɛ bɔne, enye! Nanso Yesu anka ɛno ho asɛm amfa ankyerɛ nsɛdi a ɛwɔ Noa nna no ne ne parousia anaa “ba a waba” nna no mu. Yesu kae sɛ: “Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛe wɔn nyinaa.” (Luka 17:27) Ná nneɛma a ɛte sɛɛ a ɔbɔɔ din no teɛ na ɛnyɛ bɔne. Ɛnde, ná dɛn ne ade a enye wɔ nnipa no fam no? Ɛne sɛ, wɔn ani begyee saa da biara da asetra mu nneɛma no ho kɛse, na wɔankyerɛ gyidi wɔ Noa asɛm a efi Onyankopɔn no mu na wɔamfa nea Noa de gyinaa n’asɛm no akyi sɛ ɛyɛ nokware ankasa denam adaka no a ɔpamee de kyerɛɛ ne gyidi no aniberesɛm. (Hebrifo 11:7) Sɛ́ na eyi ne ade a enye wɔ nnipa no fam no, Yesu kae sɛ: “Na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:39.
7. (a) Dɛn nti na wobuu nnipa a wɔsɛee wɔn wɔ Nsuyiri no mu no fɔ, na esiane dɛn nti? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔada adeyɛ a ɛte saa ara adi wɔ nnipa no fam fi 1914?
7 Wobuu nnipa a wɔsɛee wɔn wɔ wiase nyinaa nsuyiri no mu no fɔ esiane gyidi a na wonni nti. Na wɔyɛ amumɔyɛfo. Enti, Onyankopɔn “ankora tete wiase [no] so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so.” (2 Petro 2:5) Yesu nkɔmhyɛ, “Saa ara nso na onipa Ba no ba bɛyɛ” no, ka yɛn ma yɛhwehwɛ nnipa no nneyɛe ne wɔn su mu nnɛ wɔ ne parousia, ne “ba a waba” a aniwa nhu no mu. So Yehowa Nyankopɔn hu gyidi a enni hɔ saa ara wɔ wɔn mu? So ɛyɛ anigye kɛse koro no ara ma da biara da asetra mu nneɛma, adidi, ɔnom, ware a wɔware ne ma a wɔma aware, a wɔyɛ anibiannaso wɔ nea kuw ketewaa bi, a wɔde wɔn toto Noa ne n’abusuafo baason no ho reka na wɔreyɛ no ho? Wiɛ, nea ɛboro mfirihyia aduosia mprempren, fi bere a Kristo parousia no fii ase wɔ 1914 Y.B. mu no, Yehowa nkurɔfo a “wɔapaw wɔn” no ne, akyiri yi “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguan foforo no akɔ so abɔ Onyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ ne “ahohiahia kɛse” a ɛreba no ho dawuru wiase nyinaa, nanso nnipa dodow no ara mmu sɛ ɛyɛ aniberesɛm.
8. (a) Dapɛn a etwa to no mu da bɛn na Noa ne n’abusua no kɔɔ adaka no mu, na dɛn na edii nsɛm ho dwuma? (b) Eyi yɛ dɛn ho kɔkɔbɔ nnɛ wɔ yɛn fam?
8 Noa nna no mu wɔ dapɛn a etwa to ansa na nsu no reyiri no, wɔde mmoa ne nnomaa a na ɛsɛ sɛ wɔkora wɔn so no kɔɔ adaka no mu. Wɔ da a etwa to wɔ saa dapɛn a ɛyɛ hu no mu, wɔ da a ɛto so dunson wɔ ɔsram a etia abien (Noa kalenda) wɔ afe 2370 A.Y.B. mu no, Noa ne n’abusuafo baason no ankasa kɔɔ adaka no mu. “Na [Yehowa] too no mu.” (Genesis 7:1-16) Adeyɛ yi ma wɔtoo Noa ne n’abusua no mu maa nkwagye, nanso nnipa a na wonni adagyew no de wogyaw wɔn maa ɔsɛe. Yesu ma eyi yɛ kɔkɔbɔ nhwɛso ma n’asuafo nyinaa a wɔte nna yi a ɛyɛ ne parousia anaa “ba a waba” mu no. Enti, mommma yennsuasua nnipa amumɔyɛfo wiase yi wɔ aso a wɔnnyɛ ne gyidi a wonni a ɛma wɔyɛ anibiannaso no mu! Tie a yɛrentie na yɛayɛ sɛnea Yesu nkɔmhyɛ no mmamu kyerɛ no betumi akyerɛ ɔsɛe ama yɛne wiase a ennye nni no. “Ahohiahia kɛse” a ɛsɛe ade no bɛto wɔn a wɔn ani nna hɔ no mpofirim, wɔ da ne dɔn a mprempren yennim mu.
PAW A WƆPAW OBI MA NKWA ANAA ƆSƐE
9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ nkwagye ne ɔsɛe no bɛyɛ nyiyim? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛho hia sɛ yɛyɛ wɔn a wɔn ani hu ade ntɛm te sɛ akɔre?
9 Saa bere no, nkwagye ne ɔsɛe no bɛyɛ nea wobeyiyim, wɔ nea ɛfa wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma wɔ wiase no mu mpo mu, sɛ ebia moreyɛ adwuma wɔ afuw mu anaa moreyam awi wɔ fie. Yesu kae sɛ: “Ɛnna nnipa baanu a ɛwɔ afum, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. Mmea baanu bɛyam owiyammo so, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako.” (Mateo 24:40, 41) Adapɛn bi ansa na ɔrehyɛ nkɔm yi, bere a Yesu kaa asɛm bi a ɛte saa ara no, n’atiefo no bisaa no sɛ: “Ɛhe, Awurade?” Obuae sɛ: “Nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete [akɔre, NW] bɛboaboa wɔn ho ano.” (Luka 17:34-37) Enti wɔn a “wɔbɛfa” wɔn ama nkwagye no bɛyɛ wɔn a wɔwɔ honhom mu aniwa a ehu ade ntɛm te sɛ akɔre, a wɔbom kɔ honhom mu pon a Yehowa tow wɔ n’ahobammɔbea no ase. Wɔn a wogyaw wɔn ma ɔsɛe no bɛyɛ wɔn a wɔnhyɛ Yesu nkɔmhyɛ no mmamu nsow wɔ honhom mu na wodi wɔn pɛsɛmenkominya asetra kwan no akyi wɔ anibiannaso mu no. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkora wɔn kra so wɔ wiase no kwan so no bɛhwere wɔn kra wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛba mpofirim no mu.
10. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii so dua wɔ ha sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ wiasefo, a anigyede nkutoo na wɔdwene ho no?
10 Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ sɛ wiasefo, anaasɛ wɔn a wɔwɔ Kristoman mu mpo, a wɔsɛ nnipa a wogyee wɔn ani wɔ Noa nna no mu no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho bɛba yɛn mfaso no Yesu sii asuade a ɛwɔ ne bɛ no mu so dua, sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura reba [Hela: er’khe.tai].” (Mateo 24: 42, NW) Sɛ yegye Awurade no parousia fi 1914 Y.B. mu no di a, ɛnde yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛwɛn, anyɛ saa a “ahohiahia kɛse” no bɛba abɛto yɛn a yɛmmoaboaa yɛn ho.
11, 12. (a) Dɛn nti na Yesu ankyerɛ n’asuafo no bere pɔtee a ɔbɛba sɛ Yehowa brafo wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no? (b) “Ahohiahia kɛse” no a ɛbɛba abɛto yɛn sɛ owifo ba anadwo no bɛkyerɛ dɛn ama yɛn sɛnea Yesu bɛ no kyerɛ no?
11 Awurade Yesu ankyerɛ n’asuafo no da ne dɔn ko wɔ afe bi ɔsram pɔtee bi mu a ɔreba (Hela: er’khe.tai) sɛ Yehowa ɔbrafo wɔ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da” no mu no. Na ɔremma n’asuafo no biara nhu bere pɔtee no, na amma wɔanyɛ wɔn ade sɛnea wɔpɛ anni wiase no nneɛma akyi ankosi simma a etwa to koraa no mu, na afei, aka kakra na bere pɔtee no adu no wɔayɛ wɔn ho sɛ wɔresom na wɔde wɔn ho ahyɛ Onyankopɔn adwuma a wahyɛ no mu. Ɛnte saa! Nanso bere pɔtee a wankyerɛ yɛn no ma yehu hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn no. “Ahohiahia kɛse” no a ɛbɛba abɛto yɛn sɛ owifo no bɛkyerɛ daa ɔsɛe, sɛ yɛnnyere yɛn ho wɔ Onyankopɔn ɔsom kronn no mu a. Enti, Yesu kae sɛ:
12 “Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammetu ne dan ase amma mu. Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa Ba no reba [Hela: er’khe.tai].”—Mateo 24:43, 44.
13. (a) Atirimpɔw bɛn nti na ogyaw asuafo no a wonnim bere pɔtee a Awurade no bedi Yehowa aweredi ho dwuma no? (b) Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?
13 Atirimpɔw bɛn nti na ogyaw n’asuafo no a wonnim bere pɔtee a Awurade no reba abedi Yehowa aweredi ho dwuma anaasɛ abebu nneɛma nhyehyɛe yi, nyamesom ne amammui ne asetra mu nneɛma ho atɛn trenee mu no? Ɛhwehwɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo asuafo no nyinaa bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ankasa da biara, a wɔkɔ so ka Onyankopɔn Mesia ahenni no ho asɛmpa no, na wɔyere wɔn ho bere nyinaa wɔ ‘amanaman nyinaa a wɔyɛ wɔn asuafo’ no mu, anaasɛ wɔyɛ adifudepɛfo ara kwa. Ɛne sɛ, so wɔtwɛn kosi sɛ wobehu sɛ bere nni hɔ a wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase bio na mmom afei de ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho te sɛ nea na bere nyinaa wɔreyɛ Onyankopɔn adwuma a ɔpene so no? Esiane sɛ “dɔn a munsusuw no mu na onipa Ba no reba” nti, ɛho hia sɛ yɛwɛn na yɛyere yɛn ho bere nyinaa wɔ ɔsom ne adwuma a yɛn Awurade no pene so no mu.
“AKOA NOKWAFO NE ƆBADWEMMA”
14. Asɛm bɛn na Yesu bisae wɔ ha, a egyaw n’atiefo no ma wɔkyerɛɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ?
14 Ɛha na Awurade Yesu ka wɛn a wɔbɛwɛn ne wɔn ho a wobesiesie sɛnea wɔhwehwɛ wɔ n’asuafo ho no ho asɛm. Enti afei obisa asɛm bi a ɛma n’asuafo no mu biara hwehwɛ ne ho mu wɔ n’ahofama ma Yehowa Mesia no ne sɛnea ɔde nyansa, nhumu ne ntease di dwuma wɔ Mesia no som mu mu. Osuani biara betumi akyerɛ akoa ko a ɔpɛ sɛ ɔyɛ bere a ɔtee sɛ Owura no bisa sɛ: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?” no.—Mateo 24:45.
15. (a) Dɛn nti na Yesu bisaa asɛm a ɛfa akoa a obedi nokware ho no? (b) Asemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ nea akoa no yɛ ho, na dɛn na Meyer Hand-Book a ɛfa Mateo nhoma no ho no wɔ ka wɔ eyi ho?
15 Esiane sɛ na onim fi nkɔmhyɛ a efi honhom mu no mu wɔ n’Agya nsɛm no mu sɛ atuatewfo a wɔbɛwae afi nokware Kristofo gyidi ne ɔsom no ho bɛba nti. Yesu bisaa asɛm a ɛfata a ɛka koma yi a ɛfa n’asuafo no biara ho no. Nanso, sɛnea na n’asɛmmisa no te no, so na ɔreka onipa pɔtee bi, n’asuafo no biako ho asɛm? Anaa so na ɔreka asuafo kuw bi ho asɛm? The Critical and Exegetical Hand-Book to the Gospel of Matthew, a H. A. W. Meyer, Th.D., kyerɛwee (1884) no de adwenkyerɛ bi ba. Wɔ kratafa 429 no, ɛka wɔ asɛm “hena ara” no ho sɛ: “Susuw a osusuw hia a ahosiesie ho hia ho no yɛ nea wakyerɛ. Ɔde asɛm no ankasa ma te sɛ abebu, a doúlos [akoa] no gyina hɔ ma asuafo a Awurade no apaw wɔn sɛ wɔnyɛ N’asɔre no so ahwɛfo a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ anokwafo (1 Korintofo 4:1 f.) ne mmadwemma, . . . ” Nanso, “akoa” no a ɔkyerɛe sɛ wɔne asomafo dumien no nkutoo yi betumi ama nkyerɛkyerɛ a ɛne asomafo adedi anaa ɔsɔfo panyin adedi, asɔfo (ahwɛfo) adedifo denam sɛnea wɔsra obi so no kwan.
16. Wɔ sɛ́ ebia asuafo kuw no nyinaa ka “akoa” kuw no ho, na ɛnyɛ ahwɛfo nkutoo no, dɛn na Marko 13:34-36 ka?
16 Nanso, sɛ yebu “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ wɔne asuafo no nyinaa (a honhom mu ahwɛfo ka ho) a, eyi ade te sɛ “ɔsɔfo panyin adedi” a abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛde ɔhaw ne nhyɛso aba Kristoman mu no fi hɔ. Sɛnea osuani Marko kyerɛw Yesu asɛm yi ho asɛm no kyerɛ sɛ asuafo no nyinaa ka ho. Marko 13:34-36 (NW) se: “Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmiako mmiako, na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn. Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no reba [Hela: er’khe.tai], anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda.”
17. Dɛn nti na na ɛnyɛ nea ɛmfata wɔ Yesu fam sɛ ɔde n’asuafo no bɛtoto “nkoa” ho, nanso asɛyɛde bɛn na nkoa a wɔyɛ no de bɛtoo wɔn so?
17 Ebia ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ Yesu de n’asuafo no bɛtoto “nkoa” ho. Nanso na ɔwɔ ntease pa nti a ɔfrɛɛ wɔn saa, efisɛ yɛkenkan wɔ 1 Korintofo 6:20 ne 7:23 sɛ: “Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu!” “Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa!” Wɔ saa ɔsomafo Paulo asɛm no akyi no, ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo no sɛ: “Munim sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguamaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.” (1 Petro 1:18, 19) Nea ɛne eyi hyia no, Kristo suani yi de afotu yi fi ne krataa a ɛto so abien no ase sɛ: “Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo.” Afei nso, Paulo ani anwu bere a ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ “Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa” no. (Filipifo 1:1) Na Awurade honam fam nua no fi ne krataa no ase sɛ: “Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakobo ne nua.” (Yuda 1) Nkoayɛ a egyina ntease a ɛte sɛɛ so no ma Kristofo nokwaredi bɛyɛ asɛyɛde.
18. Dɛn nti na na tete Israel yɛ ɔman a wɔyɛ nkoa ma Yehowa, na ɔkwan bɛn so na ɔde saa nkoa no nyinaa too onipa biako ho?
18 Kristofo asuafo no ansɔre antia Kristofo nkoayɛ no esiane atirimɔdenne bi nti sɛnea wɔyɛe a ɛfa ɔman Israel atirimɔdenne no ho no: “So Israel yɛ akoa anaa ofienipa? Ɛdɛn nti na wadan afow ade yi?” (Yeremia 2:14) Amanaman no maa tete Israel bɛyɛɛ “afow ade” efisɛ Israelfo no anyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn, Yehowa no nkoa anokwafo. Esiane gye a Yehowa gyee wɔn fii tete Misraim no nti, na Israelfo no nyinaa yɛ ɔman a wɔyɛ Yehowa nkoa. Bere a ɔreka yɛ a Yehowa de ɔman Israel ayɛ ne de titiriw no ho asɛm akyerɛ Misraim Farao no, Ɔde ɔman a wapaw wɔn yi toto onipa biako ho, sɛ: “M’abakan ne Israel. Na mise wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me.”—Exodus 4:22, 23.
19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam Yesaia so kasa kyerɛɛ Israel man no te sɛ onipa biako bi a ɔyɛ N’akoa?
19 Nea ɛboro mfeha ason akyi no, Yehowa kasa kyerɛ Israel ɔman mũ no nyinaa te sɛ nea ɛyɛ onipa biako a ɛyɛ N’akoa, sɛ: “Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mapaw no, me dɔfo Abraham asefo! Wo a maso wo mu afi asase ano na mafrɛ wo afi n’ahye so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mapaw wo, na merentow wo menkyene!” (Yesaia 41:8, 9) Sɛnea ɛbɛyɛ a emu bɛda hɔ sɛ saa “akoa” kuw yi yɛ nea nnipa pii na wɔwom no, Ɔbɔadeɛ no ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no, . . . Na afei tie, m’akoa Yakob ne Israel a mapaw wo. Sɛ [Yehowa] se ni, . . . Ɛno emfi tete bemee na mema wotee na mekae? Na mone m’adansefo.”—Yesaia 43:10; 44:1-8; afei nso 42:19; 44:21; 48:20; 49:3; Yeremia 30:10.
20. Bere bɛn na wɔpow honam fam Israel, na hena na ɔbɛyɛɛ honhom mu Israel, na dɛn nti na asɛm a ɛwɔ Yesaia 43:10 no fa ne ho?
20 Wɔ Pentekoste Afahyɛ no ase wɔ afe 33 Y.B. mu, nnafua aduonum fi bere a wonyan Yesu Kristo fii awufo mu no, Yehowa Nyankopɔn twaa honam fam Israel, twetiatwafo man no fii hɔ. Na bɛyɛ mfe 50-52 no, Kristoni somafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne nuanom Kristofo a wɔwɔ Roman mansin Galati mu no, kae sɛ: “Twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔde foforo. Na dodow a wɔnam saa kwan yi so no, asomdwoe ne mmɔborohunu mmra wɔn ne Nyankopɔn Israel so.” (Galatifo 6:15, 16) Nokware Kristofo asafo no ne ahyehyɛde a ɛnantewee pɛpɛɛpɛ wɔ mmara no a ɛfa “abɔde foforo” ho no so, na afei, esiane sɛ wapow honam fam Israel nti, ná Kristo akyidifo asafo no ne “Nyankopɔn Israel.” Na ɛyɛ honhom mu Israel. Sɛ́ asafo a aka abom no na ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Kristo no “akoa.” Ɔno na wobetumi aka Yesaia 43:10 ho asɛm wɔ honhom mu afa ne ho sɛ: ‘Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no.”
21. (a) Ɛwom sɛ Yesu bisaa asɛm no faa ne ho de, nanso so na Yesu nim wɔn a wɔyɛ saa “akoa” kuw no? (b) Asɛm bɛn na yebisa wɔ bere a saa “akoa” kuw no fii ase ho?
21 Ɛwom sɛ obisaa asɛm a ɛfa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho de, nanso na Yesu adwene mu nyɛ no naa wɔ oniiko a “akoa” yi yɛ ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na nea ɛwɔ Yesu adwene mu ne Yehowa Nyankopɔn “akoa,” saa “Nyankopɔn Israel” no. Na mfomso biara remma hu a obehu saa “akoa” no mu. N’ankasa mogya na ɔde atɔ saa Nyankopɔn Israel no sɛ n’akoa, na wɔ bɛ a obu wɔ ne nkɔmhyɛ no mu no mu no, ná obetumi aka ne ho asɛm sɛ “akoa” kuw, a abɛda ne ho adi sɛ “nokwafo ne ɔbadwemma.” Esiane sɛ Yesu kaa “akoa” yi ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa ne “ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne” ho ɛno mu nti, so saa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no ba nea edi kan wo ne “ba a waba” anaa parousia no mu fi 1914 reba anaa?
22. (a) Dɛn nti na na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no ntumi mma nea edi kan wɔ Kristo parousia no mu? (b) Henanom ne “n’asomfo” a ɛsɛ sɛ “akoa” no ma wɔn aduan no?
22 Dabi; efisɛ Yesu bɛ no yɛ “akoa” no wura no ho mfonini sɛ ɔrekɔ, sɛ “onipa a watu kwan agyaw ɛne fi, na wama ne nkoa tumi.” (Marko 13:34) Enti “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne obi a “ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45) Ɛyɛ nea ɛboro mfeha dunkron a atwam ni, bere a ɔforo kɔɔ soro no, na “akoa” kuw no wura no kɔe, gyaw “akoa” no, na ɔkyerɛe sɛ ɔmma “n’asomfo” aduan. (Mateo 28:16-20) Na ‘asomfo’ no nyɛ owura no abusuafo na mmom na woyɛ ne “fi asomfo” (H. A. W. Meyer) anaa ne “fi adwumayɛfo.” (New English Bible) Na wɔyɛ nkoa te sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wahyɛ sɛ ɔmma wɔn aduan no. Enti na wɔn nyinaa yɛ nkoa kuw, na na wɔn nyinaa yɛ “owura” koro no ara nkoa. Na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ ‘anokwafo ne mmadwemma’
23. (a) Enti bere bɛn na “akoa” no fii ase bae? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ akoa a ɔte sɛɛ traa ase huu ne wura “sɛnkyerɛnne” no?
23 Yesu bɛ no fii ase baa mu bere a ɔkɔe afe 33 Y.B. mu no, na “akoa” kuw no akɔ so atra ase fi saa bere no, a wɔne “Nyankopɔn Israel,” Kristo asafo a wɔasra no a wɔde honhom awo no a awiei koraa no emufo bɛyɛ 144,000 no. (Adiyisɛm 7:4-8; 14:1-3) Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wɔ “owura” no parousia a aniwa nhu no mfiase wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no, ná “akoa” kuw yi nkaefo bi da so ara wɔ asase so. Enti, “akoa” kuw no atra ase ahu “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Owura no parousia anaa “ba a waba” ho no.
[Kratafa 15 adaka]
“Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ɛho akokwaw, ɔde me siee ne kotoku mu. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a menya wo ho anuonyam. . . . Na afei [Yehowa] se,—nea ɔnwenee me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensan Yakob memmra ne nkyɛn, na mommoa Israel ano memmrɛ no no, efisɛ m’anim aba nyam, [Yehowa] anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden.”—Yesaia 49:2-5.
September Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)