Ɔfã 20: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
ƐBƐ A WƆDE HU NE BƐN A ABƐN
80. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ “ahohiahia kɛse” no abɛn pɛɛ no, asɛm bɛn a Yesu kae wɔ ne nkɔmhyɛ no fã a ɛyɛ hu yi mu na ehia sɛ yetie?
80 Ɛho nhia sɛ yehu da ne dɔn ko ne afe a “ahohiahia kɛse” no bɛpae agu “nneɛma nhyehyɛe” yi nyinaa so. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ afei de abɛn pɛɛ no, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebetie nea Yesu kae wɔ ne nkɔmhyɛ no fã a ɛho hia yi mu no: “Munsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.”—Mateo 24:32-35.
81. Adanse bɛn na yɛn a yɛwɔ awo ntoatoaso yi mu no, betumi de ahu sɛ “sɛnkyerɛnne” a Yɛsu kaa ho asɛm too hɔ no awiei abɛn?
81 Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ awo ntoatoaso a ehuu Wiase Ko I a ɛbae 1914 mu yi hu wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mmamu mu na ama yɛahu sɛ ‘wadu apon ano’? Adanse bɛn bio na yebetumi ahwɛ kwan? Wonnyaw yɛn wɔ awerɛhow mu a yennim nea nneɛma a asisi wɔ asase so fi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no kyerɛ. Sɛ́ nnipa a wosua Bible a wɔwɔ nyansa ne nhumu no, yegye di sɛ “[Kristo] ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne” no awiei abɛn.—Mateo 24:3.
82. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ wiase nsɛm ho wɔ ne parousia no mu?
82 So eyi ma yɛbotow? So eyi mma asetra nyɛ anigye nnɛ? Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ saa, na ɛnyɛ saa nso. Efisɛ Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ wiase no nsɛm ho wɔ ne parousia a aniwa nhu no mu sɛ: “Na sɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden. Ɛnna wobehu onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu. Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:25-28.
83. Enti eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” no ne “nnipakuw kɛse” no de yɛ dɛn, na dɛn na ogye kyerɛ ma wɔn?
83 So yɛn a yɛwɔ awo ntoatoaso yi mu ahu sɛ “nneɛma yi refi ase aba”? So yɛahu “nneɛma yi” sɛ ɛresisi wɔ mfe no nyinaa mu fi 1914 Y.B. mu? Esiane sɛ yɛahu nti, ntease nnim sɛ yɛbɛkotow wɔ amanaman ‘ahoyeraw’ mu. Ntease nnim sɛ yɛbɛbɔ yɛn mu ase wɔ Babilon Kɛse a Kristoman ka ho no nyamesom nkoayɛ ase bio. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ti so sɛ ɔsorosoroni Nyankopɔn, Amansan Hene Yehowa no asomfo a wɔde wɔn ho. Ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ yesi yɛn ti ase hwɛ fam wɔ abasamtu mu bio. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ti so hwɛ soro na yehu wɔ Kyerɛw Kronkron no hann a ɛhyerɛn a ekura Yesu nkɔmhyɛ, daakye a anidaso kɛse wom ma adesamma ho adanse ahorow no mu. Nea adanse ahorow yi kyerɛ yɛ nea mfomso nni ho: Ogye abɛn! Eyi kyerɛ ma wɔn a Onyankopɔn “apaw wɔn” no ne wɔn mfɛfo asomfo “nnipakuw kɛse” no sɛ “ahohiahia kɛse” a wobetwa, no wɔ wɔn anim pɛɛ. Bere a yɛafi “ahohiahia kɛse” no mu wɔ Onyankopɔn ahobammɔ ase no, yebegyaw nnɛ yi nneɛma nhyehyɛe a asɛe a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no wɔ yɛn akyi. Nea ɛda yɛn anim wɔ anuonyam mu ne Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no!