Mmoa A Ɛsom Bo Wɔ Abayɛn Mu
Saa na nhoma “Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No” no ayɛ ama awofo ɔpepem pii. Wɔatintim nhoma yi mfuamfua 29,000,000. Ɔwofo biako kyerɛwee sɛ:
“Na yɛn ba Jason adi bɛyɛ afe bere a woyii nhoma no adi. Yefii ase kenkan kyerɛɛ no ntɛm ara. Eduu bere a na otumi kasa no na onim mmuae ahorow no wɔ ne tirim. Na otumi bue mfonini ahorow no na ɔka ho asɛm kyerɛ me. Ansa na ɔredi mfe abiɛsa no, yefii ase kyerɛɛ no akenkan. Nhoma no mu nsɛm a ɛyɛ ntiatia no boae yiye wɔ n’adesua no mu. . . .
“Ansa na ɔredi mfe anan no ná ɔkenkan adesua mũ kyerɛ me brɛoo . . . . Afei a wadi mfe anum yi, ɔno ankasa ‘reyɛ’ adesua no, obisa me nsɛm no na ɔhwɛ kyerɛw nsɛm a ɛka ho no ho. . . . Yɛwɔ anidaso sɛ, sɛ Jason fi sukuu ankasa kɔ ase a, akenkan a onim ne Bible mu nimdeɛ a wanya afi ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse’ nhoma no mu no bɛboa no ma wakura ne mudi mu na wayɛ nhwɛso pa.”
Wo nsa betumi aka homa fɛfɛ yi biako denam kratasin a ɛwɔ ase ha yi a wobɛhyehyɛ na wode amana no so.
Mesrɛ mo, momfa nhoma “Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No” biako mmana me. Mede ¢5.00 ahyɛ mu de retua ka.