Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 46 kr. 208-211
  • “Mahu Awurade!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mahu Awurade!”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • “Mahu Awurade!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Onyaa Akokoduru Gyee Pene
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • ‘Ɔyɛɛ Nea Obetumi’
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 46 kr. 208-211

46 MARIA MAGDALENE

“Mahu Awurade!”

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

MARIA MAGDALENE yɛ obi a ɔfaa ateetee mu paa, efisɛ na ahonhommɔne haw no. Nanso Bible ka sɛ Yesu Kristo maa “ahonhommɔne ason fii ne mu puei,” na ɛmaa ne ho tɔɔ no. Nea Yesu yɛ maa no no nti, ɔyɛe sɛ ɔde akokoduru bedi Yesu akyi, na wayɛ nea obetumi biara de aboa Yesu.

Ná Maria dɔ Yesu, na obu kɛse a na ɔwɔ ma no nti, ɔfrɛɛ no Rabuni, a ɛkyerɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo!” Ná Yesu ne n’asomafo 12 no tutu akwan kɔ mmeaemmeae kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Maria behui sɛ wɔagyaw wɔn biribiara hɔ de wɔn ahoɔden nyinaa reyɛ adwuma a ɛho hia yi. Enti Maria nso dwen nea obetumi ayɛ de aboa wɔn no ho.

Ɔfaa ɔhaw ne ateetee pii mu, nanso ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛboa Yesu ne n’akyidifo no

Ɔne mmea afoforo de nea wɔwɔ boaa adwuma a na Yesu ne asomafo no reyɛ no. Bible ka sɛ, na “wɔde wɔn ahode resom wɔn.” Sɛ Maria ka ho a, mmarima ne mmea bɛyɛ 20 na wɔne Yesu tutuu “akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase.” Saa bere no, sɛ́ mmea paa bedi ɔkyerɛkyerɛfo bi akyi ne no atutu akwan de, na ɛnyɛ biribi a ɛkɔ so. Enti ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo kekaa wɔn ho asɛm paa. Nanso Maria ne wɔn a ɛka ne ho no behui sɛ, ɛyɛ hokwan kɛse a wɔrentumi mfa biribiara nsesa. Wɔamma nsɛm a nkurɔfo kekae ammu wɔn abam, na mmom wɔnyaa akokoduru de taa Yesu akyi.

Bere a Yesu wui mpo, Maria akokoduru no ano ammrɛ ase. Anadwo bi a na wɔredi Twam Afahyɛ wɔ Yerusalem no, wɔbɛkyeree Yesu twaa asɛm too no so sɛ waka abususɛm. Ɛno nti wɔbuu no kumfɔ sɛn no wɔ dua so. Wo de, hwɛ sɛnea Maria werɛ bɛhow afa. Nanso ne nyinaa mu no, onyaa akokoduru bataa Yesu ho. Ɔne mmea anokwafo te sɛ Yesu maame dii akyi kɔɔ baabi a wɔsɛn Yesu no. Ɛno ma yehu sɛ na wɔdɔ Yesu, na na wɔtaa n’akyi. Enti bere a Yesu sɛn dua so rebrɛ no, sɛ ɔto n’ani a, na ohu sɛ mmea anokwafo yi da so ka ne ho, na wɔdwen ne ho. Sɛnea Yesu dii nokware maa n’Agya Yehowa kosii owu mu no, mmea anokwafo yi nyaa hokwan de wɔn ani hui. Enti Maria kɔɔ so taa Yesu akyi kosii ne wu mu.

Yesu sɛn dua so a ɔrebrɛ, na wuhu sɛ ne maame werɛ ahow paa, enti Maria Magdalene rekyekye ne werɛ. Yudafo asɔfo mpanyimfo no gyina hɔ rehwɛ wɔn, na Roma asraafo bi nso gyina hɔ rehwɛ nea ɛrekɔ so. Ebinom nso gyina akyiri redi awerɛhow.

Yesu wui no, Maria Magdalene ne mmea yi su dii awerɛhow. Ade baako a ɛkyerɛ sɛ na mmea yi wɔ akokoduru ne sɛ, bere a wɔredi awerɛhow no, na Romafo ne Yudafo mpanyimfo a wɔkum Yesu no wɔ hɔ, nanso wɔansuro sɛ wɔbehu sɛ wɔresu. Ɛwom, na awerɛhow akyekyere Maria Magdalene, nanso ɔyɛɛ biribi foforo de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne Wura a wawu no. Ɔyɛɛ sɛ ɔde aduhuam bɛsrasra Yesu amu no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremporɔw, efisɛ na ɔhyew wɔ Yudea, na sɛ obi wu wɔ hɔ a, ɛnkyɛ na ɛrebɔn. Enti ansa na wɔbesie amu no, na wɔtaa de ngo ne nnuhuam srasra amu no, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi bɛn baabi a amu no da a, ɛremmɔn no. Bere a Maria Magdalene yɛɛ sɛ ɔde aduhuam bɛkɔ akɔsrasra Yesu amu no, na ɛyɛ Homeda, enti ɔmaa Homeda no twaam. Ɛno akyi no, ɔne mmea bi tɔɔ ngo ne nnuhuam sɛ wɔde rekɔsrasra Yesu amu no. Enti wɔsɔree anɔpa paa kɔɔ baabi a Yesu amu no da no.

Ɛbɛyɛ sɛ Maria Magdalene na odii kan wuraa ɔda no mu, na ohui sɛ Yesu amu no nna hɔ. Wei maa ne yam hyee no paa! Enti otuu mmirika kɔbɔɔ Petro ne Yohane amanneɛ. Bere a ɔsan bae no, na mmea a wɔka ne ho no kɔ. Enti Maria twee ne kɔn kɔhwɛɛ ɔda no mu, na “ohuu abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntaade fitaa sɛ wɔtete baabi a na Yesu amu no da no.” Maria ne wɔn kasae kakra, na otwaa n’ani huu ɔbarima bi, na ɛyɛɛ no sɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ. Ɛnna ɔbarima no bisaa no sɛ, “Ɔbea, adɛn nti na woresu?” Ná Maria rehwehwɛ baabi a Yesu amu no da, enti ɔkaa sɛ: “Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto na menkɔfa no nkɔ.” Ɔkwan a na Maria bɛfa so afa Yesu amu no akɔ de, ɛnyɛ ɛno koraa na na ɔredwen ho. Ɔno de, nea na ehia no ara ne sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa.

Maria fii hɔ mmɔbɔmmɔbɔ sɛ ɔresan akɔ, ɛnna ɔbarima no frɛɛ no sɛ: “Maria!” Bere a ɔtee no, ɛhɔ ara na ohuu onipa ko, na ɔteɛɛm sɛ: “Rabuni!” Ntɛm ara na Maria bam no. Yesu kaa sɛ onnyaa ne mu. Afei ɔde adwuma bi a ɛho hia hyɛɛ Maria nsa. Ɔkaa sɛ: “Kɔ me nuanom nkyɛn.” Ná Yesu de rehyɛ Maria nsa sɛ, ɔnkɔka nkyerɛ asomafo no sɛ wɔanyan wɔn Wura no! Ntɛm ara na Maria siim kɔe. Bere a ɔkɔbɔɔ mmarima no amanneɛ no, ahyɛase no wɔannye no anni. Bible ka sɛ “nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm.” Nanso Maria Magdalene amma ɛno anaa biribi foforo biara ammu no abam. Efi saa bere no, ɔde akokoduru toaa so kaa Yesu ho nokwasɛm kyerɛɛ nkurɔfo.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Mateo 27:​55, 56

  • Marko 16:​1, 2

  • Luka 8:​1-3; 24:​1-11

  • Yohane 19:25; 20:​1, 2, 11-18

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Maria Magdalene yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Maria Magdalene ne mmea a wɔka ne ho no yɛ de boaa Yesu ne n’asomafo no? (ijwia asɛm 6 ¶5-6) A

    Yesu ne n’asomafo mmienu awura Maria Magdalene fie, na ɔde anigye rema wɔn akwaaba. Mmea a aka no nso, ebi reto paanoo, ɛnna ebi nso repam ade, na wuhu sɛ wɔn ani agye.

    Mfoni A

  2. 2. Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, adɛn nti na ahyɛase no Maria anhu sɛ ɛyɛ ɔno? (ijwia asɛm 6 ¶16)

  3. 3. Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ onnyaa ne mu? (w08 4/15 32 ¶5)

  4. 4. Bere a Maria Magdalene kɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ Yesu anyan no, ɛyɛɛ wɔn sɛ “anansesɛm bi.” Ɛbɛyɛ sɛ mmea ho adwene bɛn na na wɔwɔ a enti wɔtee nka saa? (Luka 24:11; w12 9/1 10 ¶4-5)

Dɛn Na Woasua?

  • Maria Magdalene yɛɛ nnwuma a nkurɔfo mmu de som afoforo. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no? B

    Anuanom mmea mmiɛnsa bi de anigye rekyɛ aduan ama anuanom wɔ baabi a wɔsisi asafo adan.

    Mfoni B

  • Sɛ nkurɔfo antie asɛmpa a yɛka no anaasɛ wɔamfa no aniberesɛm a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Maria Magdalene? (Luka 24:​10, 11)

  • Akokoduru a na Maria Magdalene wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Ɛbɛyɛ sɛ Maria Magdalene ka wɔn a wɔne Yesu rekodi ade wɔ soro no ho. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛma w’ani gye?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Ebinom keka nsɛm a ɛnyɛ nokware fa Maria Magdalene ho. Kenkan asɛm a ɛwɔ ha yi, na wubehu nea Bible ka fa ne ho a ɛno de, ɛyɛ nokware.

“Ná Maria Magdalene Yɛ Onipa Bɛn?” (ijwbq asɛm 172-wcgr)

Sɛnea Yesu ne Maria Magdalene ne mmea afoforo dii no, adɛn nti na ɛyɛ nhwɛso pa ma yɛn?

“Kristofo Mmea Fata Nidi Ne Obu” (w95 7/15 15-18 ¶3-8)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena