42 MARIA
Onyaa Akokoduru Gyee Pene
DA KORO, Yudani ababaawa a ne din de Maria nyaa ɔhɔho. Ná Maria yɛ ɔbaabun a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea. Ɔhɔho a onyae no, na ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa bɔfo a wɔfrɛ no Gabriel no. Ɔmaa Maria hui sɛ Yehowa de adwuma kɛse bi a ɔmfa nhyɛɛ onipa biara nsa da wɔ asaase so rema no. Na wunim asɛm a ɔbɔfo no kae?
Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔahyira wo, Yehowa ka wo ho.” Ahyɛase no, “asɛm no haw Maria yiye.” Efisɛ na ɔte nka sɛ nkamfo a ɛte saa de, ɛmfata no. Nanso Gabriel kaa nsɛm a ɛma akomatɔyam yi kyerɛɛ Maria sɛ, “Onyankopɔn ayɛ wo adom.” Afei ɔmaa Maria huu adwuma soronko bi a Yehowa de rehyɛ ne nsa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima.” Nanso afei koraa na na ɔrebɛka asɛm no ankasa. Ɔkaa sɛ: “Ɔbɛyɛ onipa titiriw, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba, na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi . . . hene.”
Ná Maria pɛ sɛ ɔte ɔbɔfo no asɛm ase yiye, efisɛ na ɔbarima bi de n’ano ato ne so sɛ ɔbɛware no de, nanso na wɔnnya nwaree. Afei nso, na ɔne ɔbarima biara nnae da. Enti ɔde akokoduru bisaa ɔbɔfo no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi ayɛ yiye?” Gabriel kyerɛɛ mu kyerɛɛ Maria sɛ Yehowa honhom anaa ne tumi “bɛkata” ne “so,” na “wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” Ɛno kyerɛ sɛ na Maria ba no bɛyɛ abofra a bɔne biara nni ne ho. Ɔbɔfo no maa Maria huu nea Yehowa ayɛ ama ne busuani Elisabet nso. Ná ɛno nko ara yɛ adanse a edi mu ma Maria, enti ɔkaa sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa abaawa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea woaka no.” Enti, na Maria hu ne ho sɛ abaawa kɛkɛ a nea ne Wura Yehowa a ɔdɔ no no bɛka biara ɔbɛyɛ. Ná ɔwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, ɔno nso bɛbɔ ne ho ban. Ɛnyɛ saa adwene no a onyae no a, anka ɛbɛyɛ den sɛ obeso saa adwuma kɛse no mu.
Bere a ɔbɔfo no kɔe no, Maria siim kɔsraa ne busuani Elisabet. Esiane adwuma kɛse a na ɛhyɛ wɔn nsa nti, obiara kaa biribi de hyɛɛ ne yɔnko nkuran. Maria yii Yehowa ayɛ, na nsɛm a ɔkae no ma yehu sɛ na ɔwɔ gyidi ne akokoduru paa. Nsɛm kakraa bi a ɔkae no, na Hebri Kyerɛwsɛm no mu nsɛm bɛboro 20 na ɛwom! Wutumi hu sɛ na Maria yɛ obi a ɔtaa dwen Onyankopɔn Asɛm ho kɔ akyiri paa. Ɛno ma ohuu Yehowa yiye paa, enti na ogye di sɛ ne bɔhyɛ no nyinaa bɛba mu. Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom. Odui no, na ɛsɛ sɛ ɔbɔ Yosef amanneɛ sɛ ɔnyem na ɔkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a ɛbaa saa no mu kyerɛ no, na na wei yɛ biribi a ebegye akokoduru paa. Ahyɛase no, na ɛyɛ den sɛ Yosef begye Maria asɛm no adi, nanso Yehowa bɔfo no boaa no ma ohuu sɛ asɛm no yɛ nokware.
Enti Yosef waree Maria, na ɛno akyi no, ɛho behiae sɛ wɔtu kwan kɔ Betlehem, efisɛ na Kaesare ahyɛ mmara sɛ obiara nkɔkyerɛw ne din wɔ ne kurom. Saa bere no nso, na aka kakraa bi ama Maria awo, na na ɔbɛtena afurum so atwa bɛyɛ kilomita 150 ansa na wadu Betlehem. Ɔpemfo a ɔregye nna awo a ɔretwa kwantenten saa de, wutumi hu sɛ na ɛbɛyɛ den ama no paa. Nanso ɔkɔe, na ɔkɔwoo abofra no wɔ baabi a mmoa didi, ɛnna ɔde no too mmoa adididaka mu. Nea Maria faa mu yi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so nyaa akokoduru de ne ho too Yehowa so. Ná Maria asi ne bo sɛ nea ebesi biara, ɔbɛyɛ nea n’ahoɔden betumi de ahwɛ abofra a Yehowa de no ama no no.
Ɔbɔfo bi de adwuma kɛse bi hyɛɛ Maria nsa a Onyankopɔn mfaa bi nhyɛɛ onipa biara nsa da
Nneɛma bebree na esisii wɔ Maria asetena mu a, enti na ohia akokoduru. Emu baako ne sɛ, bere bi na Ɔhene Herode rekunkum mmofra nketewa, enti na ɛsɛ sɛ Maria ne Yosef de abofra Yesu guan kɔ Egypt. Afei nso, na wɔyɛ ahiafo nanso Yesu akyi no, anyɛ yiye koraa wɔwoo mmofra nsia a na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn. Wei nyinaa nti, na Maria behia akokoduru. Ade foforo nso nti a na Maria hia akokoduru ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ bere a Maria kunu Yosef wui no, na Yesu nnya nnii mfe 30. Ɛnyɛ ɛno nko ara, bere a Yesu fii fie kɔyɛɛ ne som adwuma no, na ɛrenyɛ mmerɛw mma Maria. Bere a wɔtwaa asɛm too Yesu so na wɔdii n’asɛm kum no no koraa de, na Maria behia akokoduru akyɛn bere biara. Afei nso, sɛ Maria annya akokoduru a, anka ɔrentumi mmɛka Yesu asuafo no ho, efisɛ na Yudafo no retan wɔn ani paa.
Adwuma kɛse a Yehowa de hyɛɛ Maria nsa yi, ɛyɛɛ dɛn na otumi de akokoduru yɛe? Bible ma yehu sɛ, sɛ osua biribi na ɛhyɛ ne gyidi den a, na ɔde sie ne komam. Enti, na Maria wɔ nneɛma pii a obetumi adwinnwen ho. Onyaa bi fii Onyankopɔn Asɛm mu, onyaa bi fii abɔfo hɔ, onyaa bi nso fii Yehowa asomfo hɔ, ɛnna onyaa bi nso fii ne ba no hɔ. Saa nneɛma yi a Maria dwinnwen ho no boaa no ma otumi gyinaa ɔhaw a ohyiae no nyinaa ano.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Maria yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Dɛn na abakɔsɛm akyerɛwfo aka a ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Luka 2:1-3 no yɛ nokware? (g 4/11 11 ¶4-5-wcgr) A
British Library, London, UK, from the British Library archive/Bridgeman Images
Mfoni A: Mmara bi a Roma amrado a na ɔwɔ Egypt hyɛe sɛ obiara nkɔkyerɛw ne din no ho mfoni ni; ɔhyɛɛ mmara no afe 104 Y.B.
2. Bere a Maria rekɔ Betlehem akɔkyerɛw ne din no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɛrenyɛ mmerɛw mma no? (ia 153-155 ¶4-7)
3. Bere a Yesu yɛ abofra ketewa no, Simeon ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Wɔde sekan tenten bɛwɔ wo mu.” Saa nkɔmhyɛ no baa mu sɛn? (Luka 2:35; w08 3/15 31 ¶1)
4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Maria kɔ soro? (w18.07 10 ¶14) B
Mfoni B: Maria ne ne mma mmarima mmiɛnsa akodu Yerusalem; aka kakra na Pentekoste afe 33 Y.B. no adu
Dɛn Na Woasua?
Bere a Yehowa de adwuma kɛse hyɛɛ Maria nsa no, ɔkɔɔ Elisabet hɔ ma ɔhyɛɛ no nkuran. (Luka 1:39, 40) Sɛ yehyia ɔhaw bi anaa adwuma bi boro yɛn so a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi obi hɔ? D
Mfoni D
Ɛwom, na wɔde Maria ama Yosef sɛ ɔbea a ɔbɛware no, nanso Maria hɔ mmom na Yehowa somaa ne bɔfo kɔe. Wei ma yehu sɛ Yehowa bu mmea anokwafo sɛn?
Akokoduru a na Maria wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Ɛbɛyɛ sɛ Maria ka wɔn a wɔne Yesu rekodi ade wɔ soro no ho. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛma w’ani gye?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ sɛnea Maria bɔɔ ne ho mmɔden paa tetee ne mma.
“Nea Yebetumi Asua Afi Maria Asɛm No Mu” (w09-E 1/1 5 ¶5–6 ¶2-wcgr)
Bere a ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ ɔno na Yehowa de adwuma kɛse saa ahyɛ ne nsa no, wohwɛ a sɛn na Maria bɛte nka?