Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 5/8 kr. 5-9
  • So Mubetumi Asiesie Mo Ntam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mubetumi Asiesie Mo Ntam?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wubua
  • Nkɔmmɔbɔ a Ehia
  • Firi a Mode Befiri Mo Ho
  • Munsua sɛ Mubenya Mo Ho Mu Ahotoso Bio
  • Egye Bere
  • Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Awaregyae Ho Gyinaesi
    Nyan!—1999
  • “Momma Aware Ho Mmra Nyam”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Adamfofa a Ɛkɔ Akyiri Dodo
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 5/8 kr. 5-9

So Mubetumi Asiesie Mo Ntam?

Nhoma “Couples in Crisis” ka sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ obi befi ase ahwehwɛ biribi a obegyina so de agyae aware, nanso aware pii wɔ hɔ a ebia eye, a sɛ wosiesie emu nsɛm a, anka ebetumi ayɛ yiye.”

ASƐM yi ne Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a akyɛ a ɛfa awaregyae ho no hyia. Ɛwom sɛ ɔkae sɛ ɔwarefo a ne ho nni asɛm no betumi agyae aware bere a ɔfoforo no anni nokware no de, nanso wanyɛ no katee. (Mateo 19:3-9) Ebia ɔwarefo a ne ho nni asɛm no wɔ ntease pa a enti ɔpɛ sɛ wɔkɔ so ware. Ebetumi aba sɛ nea wadi mfomso no da so ara dɔ ne yere.a Ebia na ɔyɛ okunu ne agya a ɔwɔ tema na ɔbɔ mmɔden hwɛ n’abusua. Esiane sɛ ɔwarefo a ne ho nni asɛm no susuw n’ankasa ne ne mma ahiade ho nti, ɔbɛpaw sɛ wosiesie wɔn ntam sen sɛ wobegu aware no. Sɛ ɛte saa a, ɛnde nneɛma bɛn na mubetumi asusuw ho, na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi adi aware no a mubesiesie ho nsɛnnennen no ho dwuma yiye?

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ aware a wogyae ne awarefo a wobesiesie wɔn ntam no nyinaa nyɛ mmerɛw. Afei nso, ɔwaresɛefo no bɔne a wode bɛkyɛ no ara kɛkɛ no ntumi nsiesie ɔhaw ahorow ankasa a ɛwɔ aware no mu no. Mpɛn pii no, egye mmɔden a wɔbɛbɔ de apɛɛpɛɛ wɔn ho mu yiye, nkɔmmɔ a wobefi wɔn pɛ mu abɔ, ne adwumaden na ama aware ayɛ yiye. Awarefo taa bu bere ne adwuma a egye na ama wɔatumi asiesie aware a agyigya no adewa. Nanso, ebinom abɔ ho mmɔden ama wɔn aware ayɛ yiye.

Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wubua

Nea ɛbɛyɛ na ɔwarefo a ne ho nni asɛm no atumi asi gyinae pa no, ehia sɛ osusuw ne nkate ne nea obetumi apaw no ho. Obetumi asusuw nea edidi so yi ho: So ɔpɛ sɛ ɔsan ba? So wagyae aware akyi mpenatwe no koraa, anaasɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa ntɛm ara? So wapa kyɛw? Sɛ ɛte saa a, so wanu ne ho ankasa, na ofi nokwaredi mu di nea wayɛ no ho yaw? Anaa so ɔde ne mfomso no ho asodi to me so? So odi ɔhaw a wama aba no ho yaw ankasa? Anaasɛ so ne bra bɔne no a ada adi na asɛe no mmom na ɛhaw no?

Daakye nso ɛ? So wafi ase resakra ne suban ne nneyɛe a ɛma ɔde ne ho kɔhyɛɛ awaresɛe mu no? So wasi ne bo sɛ ɔrenyɛ saa bɔne no bio? Anaasɛ ɔda so ara wɔ obi a ɛsono ne bɔbeasu ho akɔnnɔ ma onya ne ho adwene a ɛmfata? (Mateo 5:27, 28) So ɔwɔ ɔpɛ ankasa sɛ ɔbɛma moasiesie aware no? Sɛ ɛte saa a, dɛn na ɔreyɛ wɔ ho? Nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛfata a wubenya no betumi ama woanya nea wubetumi agyina so agye adi sɛ mobetumi asiesie mo aware no bio.

Nkɔmmɔbɔ a Ehia

Bible kyerɛwfo bi ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Nokwarem no, saa na ɛsɛ sɛ ɔwarefo a ne ho nni asɛm no yɛ bere a ɔpɛ sɛ ɔka fi a ne hokafo no afi n’akyi no ho asɛm no. Bere a ɛho nhia sɛ wɔbɛfeefee nsɛm mu pii no, wobetumi afi nokwaredi mu abɔ nkɔmmɔ a efi koma mu a ebetumi ama wɔahu nokwasɛm a ɛwɔ nea asi no mu no, na ama wɔayi adwemmɔne afi hɔ. Eyi nso betumi aboa na ntawntawdi ne abufuw a akyɛ ansɛe awarefo no ntam nkitahodi. Nokwarem no, ebetumi ayɛ den ama okunu ne ɔyere no nyinaa sɛ wobesusuw asɛm a ɛte sɛɛ ho. Nanso nnipa pii ahu sɛ nkɔmmɔbɔ a ɛte saa ho hia na ama wɔatumi asan anya wɔn ho mu ahotoso bio.

Ade foforo a ehia na ama awarefo atumi asiesie wɔn ntam yiye ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ahu nea ɛde aware mu ɔhaw horow ba no—nneɛma a ehia sɛ awarefo no nyinaa bɔ ho mmɔden. Zelda West-Meads tu fo sɛ: “Bere a woaka tebea a ɛhaw adwene no ho asɛm, na woasi gyinae sɛ woagyae asɛm no mu ma aka koraa, na woda so ara pɛ sɛ moware no, di mfomso no ho dwuma fa siesie aware no bio.”

Ebia na munni obu a ɛsɛ mma mo ho. Ebia na moabu mo ani agu honhom fam dwumadi so. Ebia na monnya bere pii mma mo ho. Ebetumi aba sɛ wonnaa ɔdɔ a ɛfata, tema, nkamfo, ne nidi, a wo hokafo no hia adi nkyerɛɛ no. Hwɛ a mobɛsan ahwehwɛ mo botae ne gyinapɛn horow mu no betumi aka mo abom kɛse na aboa ma daakye obi amfi ne yɔnko akyi.

Firi a Mode Befiri Mo Ho

Ɛmfa ho mmɔden biara a ɔwarefo a wahaw no bɛbɔ no, ebia ɛrenyɛ mmerɛw mma no sɛ ɔde ne kunu bɔne befiri no, na menne sɛ ɔbea a wasɛe aware. (Efesofo 4:32) Nanso, mobetumi abɔ mmɔden nkakrankakra de ayi menasepɔw ne abufuw afi hɔ. Nhwehwɛmufo bi de afotu ma sɛ: “Ɛsɛ sɛ edu mmere bi a ɔwarefo a ne ho nni asɛm no kae sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn ani gu biribiara so na wosiesie wɔn asetra bio. Ɛho nhia sɛ wobɛka wo hokafo no mfomso dedaw ho asɛm de atwe [n’aso] bere biara a akasakasa ba mo ntam no.”

Awarefo pii ahu sɛ ɛdenam mmɔden kɛse a wɔbɔe sɛ wobeyi menasepɔw afi hɔ so no, wɔatumi ayi nitan a wonya maa nea wafom no afi hɔ. Saa a wobɛyɛ no ho hia na ama woatumi asiesie aware no.

Munsua sɛ Mubenya Mo Ho Mu Ahotoso Bio

Ɔbea bi a wahaw kae sɛ: “So yebetumi anya yɛn ho mu ahotoso bio?” N’asɛm no fata efisɛ—anyɛ yiye koraa no nokware a ɔwaresɛefo no anni no asɛe ahotoso no koraa. Ahotoso te sɛ kuku a ɛsom bo, ne bɔ nyɛ den, nanso ɛyɛ den sɛ wobɛsan ayɛ no foforo. Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ tra a mobɛma ahotoso a ɛwɔ aware no mu no atra hɔ no nko ne asɛm no, na mmom sɛ ebenya nkɔso nso.

Mpɛn pii no, nea eyi gye ara ne sɛ mubesua sɛ mubenya mo ho mu ahotoso bio. Sɛ anka ɔwarefo a wadi mfomso no bɛhwehwɛ sɛ ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ wonya ne mu ahotoso no, obetumi aboa ma wɔanya ne mu ahotoso denam nokware a obedi koraa wɔ biribiara a ɔyɛ mu so. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonyi atoro nkyene, na wonni obiara nokware.’ (Efesofo 4:25) Zelda West-Meads ka sɛ, sɛ wopɛ sɛ wonya wo mu ahotoso bio a, nea wubetumi adi kan ayɛ ne sɛ “wobɛma wo [yere] no ahu w’akwan nyinaa mu yiye. Kyerɛ wo [yere] no faako a worekɔ, bere a wobɛsan aba, na hwɛ hu sɛ wowɔ beae a wokae sɛ worekɔ no.” Sɛ wo nhyehyɛe no sesa a, ma no nhu.

Ebegye bere ne mmɔdenbɔ na ama woanya obu bio. Ɔhokafo a wadi mfomso no betumi aboa denam ayamye mu a obefi ada tema ne nkamfo adi so—na bere nyinaa waka akyerɛ ne yere sɛ ɔdɔ no, na n’ani sɔ nea ɔyɛ ma no nyinaa. Aware ho fotufo bi a wobu no tu fo sɛ: “Fa nea ɔyɛ nyinaa ho nkamfo ma no.” (Mmebusɛm 31:31, Today’s English Version) Ɔyere no betumi abɔ mmɔden sɛ obenya ne mu ahotoso denam ɔno ɔyere no asetram nneɛma a otumi yɛ no yiye a ɔde n’adwene besi so so.

Egye Bere

Esiane yaw kɛse a obi a ne hokafo afi n’akyi di nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ mfe pii akyi no, obetumi akae yaw no bio. Nanso, bere a yawdi no refi hɔ nkakrankakra no, ahobrɛase ne boasetɔ a mo baanu bɛda no adi no bɛboa ma moanya mo ho mu ahotoso ne obu bio.—Romafo 5:3, 4; 1 Petro 3:8, 9.

To Love, Honour and Betray nhoma no hyɛ nkuran sɛ: “Yaw kɛse a wodi wɔ asram kakraa bi a edi kan mu no ntra hɔ daa. Awiei koraa no, efi hɔ . . . Wuhu sɛ awiei koraa no wubetumi atra hɔ wɔ nna, adapɛn, asram ne mfe pi mpo mu a wonnwen ho.” Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a wokɔ so de Bible nnyinasosɛm di dwuma wɔ w’aware mu na wohwehwɛ Onyankopɔn nhyira ne akwankyerɛ no, wubenya ahotɔ a ɛwɔ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no” bi.—Filipifo 4:4-7, 9.

Pedro ka sɛ, “sɛ yɛhwɛ yɛn asetra a abɛsen kɔ no a, osuahu a yɛanya no ama yɛn asetra asesa. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ a na yɛda so ara hia sɛ yɛyɛ nsiesie wɔ yɛn aware mu. Nanso yɛatumi agyina ɔhaw no ano. Yɛda so ara yɛ awarefo. Na yɛwɔ anigye.”

Na sɛ ɔwarefo a ne ho nni asɛm no mpɛ sɛ ɔde befiri nea wadi mfomso no nso ɛ? Anaasɛ sɛ ɔde firi ne hokafo no (ma enti oyi abufuw no fi ne mu) nanso ntease pa bi nti ɔpaw sɛ obedi Bible nhyehyɛe no akyi na wagu aware no nso ɛ?b Ɔhaw bɛn na obi a wagyae aware no betumi ahyia? Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ nea ɛwɔ awaregyae mu, ne sɛnea ebinom atumi agyina ano no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a  Nea ɛbɛyɛ na asɛm no mu ada hɔ no, yɛbɛka ɔyere no ho asɛm sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no. Nanso, nnyinasosɛm a yɛasusuw ho no fa okununom a wɔn ho nni asɛm a wɔn yerenom nni nokware no nso ho.

b  Yɛsrɛ wo, hwɛ asɛm “Bible no Adwene: Awaresɛe—Ɛsɛ sɛ Wɔde Firi Anaa Ɛnsɛ sɛ Wɔde Firi?” a ɛwɔ August 8, 1995, Nyan! mu no.

[Kratafa 6 adaka]

MMOA A MFASO WƆ SO

Esiane sɛ nneɛma pii na wubetumi asusuw ho nti, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛkɔ obi a ɔwɔ osuahu na ne ho akokwaw nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo wɔ asafo mu mpanyimfo a wɔn yam ye na wɔwɔ mmɔborohunu.—Yakobo 5:13-15.

Yɛhyɛ afotufo, nnamfo, ne abusuafo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wosi nea wɔn ankasa ani gye ho so dua anaasɛ wɔkamfo awaregyae a egyina Kyerɛwnsɛm so ne sie a wobesiesie wɔn ntam no kyerɛ anaasɛ wɔkasa tia. Kristoni bea bi a ogyaee aware tu fo sɛ: “Fa mmoa a ehia no ara ma kɛkɛ, na ma yɛn ankasa nsi nea yɛbɛyɛ ho gyinae.”

Ɛsɛ sɛ afotu no gyina Bible so pintinn. Ɔbea bi a wɔagyae no aware hyɛ nyansa sɛ: “Nkyerɛ wɔn adwene a ɛsɛ sɛ wonya ne nea ɛnsɛ sɛ wonya. Mmom no, ma wɔnka wɔn komam asɛm.” Tema, onuadɔ, ne ayamhyehye bɛboa ma yawdi a aware mu huammɔdi de ba no so atew. (1 Petro 3:8) Ofotufo bi a ne ho akokwaw kae sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.”—Mmebusɛm 12:18.

Okunu bi a odi ne yere nokware ka sɛ: “Na mihia ntease, awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. Na na me yere hwehwɛ akwankyerɛ ne nyansahyɛ pɔtee bi wɔ ne mmɔdenbɔ no ho—mmoa a ɛfata a ebetumi aboa no.”

Sɛ obi de mpaebɔ susuw asɛm no ho yiye na osi gyinae sɛ ɔnam nea Kyerɛwnsɛm no aka so begyae aware anaasɛ ɔbɛtetew mu a, ɛnsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔ ɔkwan a ɛbɛma wate nka sɛ odi fɔ so. Mmom no, wobetumi aboa onii no ma wadi afobu a ɛmfata no so.

Obi a ne hokafo adi no huammɔ kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ obi a otumi de awerɛkyekye a ɛfata ma a, mma wo werɛ mmfi sɛnea nnipa te nka fa no.”

[Kratafa 7 adaka]

NEA ENTI A EBINOM KƆ SO TRA

Wɔ Aman pii mu no, nea ɔyerenom pii betumi ayɛ ara ne sɛ wɔne wɔn kununom awaresɛefo a wonnu wɔn ho no bɛtra. Sɛ nhwɛso no, Kristofo ɔyerenom binom a wɔte aman a ɔko ayɛ hɔ pasaa anaasɛ wogye akatua kakraa bi mu no ne okunu a onni nokware nanso ɔkwan bi so no ɔhwɛ ne fiefo no tra ɛmfa ho sɛ ɔnyɛ gyidini. Ɛno nti, ɛma wonya baabi a wɔbɛtra, ahobammɔ, nea wɔde bɛhwɛ wɔn ho daa, ne ahotɔ esiane sɛ wɔwɔ kunu bi wɔ fie nti—ɛmfa ho sɛ okunu no tumi fi n’akyi. Ɛmfa ho sɛ wɔn ani nnye ho anaa ɛnyɛ mmerɛw no, tra a wɔbɛtra no ama—wɔ wɔn tebea no mu no—wɔn asetra ayɛ yiye sen sɛ anka wɔn nkutoo bɛbɔ bra.

Bere a ɔyerenom bi akɔ so agyina tebea a ɛte sɛɛ ano—ɛtɔ mmere bi a wɔde mfe pii na ɛyɛ saa—no, awiei koraa no, wɔn mu bi anya nhyira a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔn kununom asesa wɔn akwan abɛyɛ Kristofo kununom a wodi nokware na wɔwɔ ɔdɔ.—Fa toto 1 Korintofo 7:12-16 ho.

Enti, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn a wɔpaw sɛ wɔne wɔn hokafo bɛtra—bere a ɔhokafo no nkyerɛ ahonu mpo—no. Ɛyɛ gyinae a ɛyɛ den na wɔasi ma enti ehia sɛ yɛde mmoa a wohia no nyinaa ma wɔn.

[Kratafa 8 adaka]

ƆHAW NO FI HENA?

Nokwarem no, ebetumi aba sɛ wɔ tebea horow bi mu no, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no sintɔ na ɛma aware mu abusuabɔ no sɛe, nanso Bible no ka sɛ: “Wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:14, 15; yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Ɛwom sɛ nneɛma pii na ɛde aware mu ɔhaw ba de, nanso ɛyɛ obi ‘ankasa akɔnnɔ’ titiriw na ɛma ɔbɛyɛ ɔwaresɛefo. Sɛ ɛyɛ ɔwarefo bi sintɔ na ɛde aware mu ɔhaw ahorow ba a, nokwarem no ɛnyɛ aguamman a ɔbɛbɔ no na ɛbɛma wadi ɔhaw no ho dwuma.—Hebrifo 13:4.

Mmom no, sɛ okunu ne ɔyere nyinaa yere wɔn ho de Bible nnyinasosɛm di dwuma nkutoo a na ɛbɛma aware mu ɔhaw ahorow afi hɔ. Nea ɛka eyi ho ne sɛ ‘wobehuhu ama wɔn ho na wɔde akyekyɛ wɔn ho.’ Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden da su te sɛ “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre” nso adi. Nea ehia paa no, ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.’—Kolosefo 3:12-15.

[Kratafa 7 mfonini]

Yɛ a awarefo bɛyɛ aso ama wɔn ho yiye no betumi aboa ma wɔasiesie wɔn aware

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena