Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 5/8 kr. 9-12
  • Awaregyae Ho Gyinaesi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awaregyae Ho Gyinaesi
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Wɔwɔ Mma A
  • Sikasɛm ne Asɛnnibea a Wɔkɔ
  • Abusuabɔ a Ɛsesa
  • Nea Wobɛyɛ na Ama Woanya Ahotɔ
  • Mpa Abaw
  • Awaregyae Bɛn na Onyankopɔn Kyi?
    Nyan!—1994
  • Nea Awaregyae Yɛ Mmofra
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
    Nyan!—1981
  • Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 5/8 kr. 9-12

Awaregyae Ho Gyinaesi

“Sɛ wo kunu wu na sɛ wonyɛ ɔyepa mpo a, nkurɔfo te wo ase. Nanso sɛ wo kunu gyae wo a—ebinom susuw sɛ woanyɛ ade koraa. Mesrɛ mo pii, MOMMOA YƐN!”—Nyan! kenkanfo a ɔwɔ South Africa.

AWAREGYAE ne fi a obi fi ne hokafo akyi betumi ayɛ yaw kɛse. Ɛwom sɛ nnipa pii wɔ nea nti a wɔne wɔn aware mu ɔhokafo siesie wɔn ntam na wɔma aware no tra hɔ de, nanso afoforo nso wɔ ntease pa nti a wɔpaw sɛ wobegyina hokwan a Onyankopɔn de ama no so agyae ɔwaresɛefo no. (Mateo 5:32; 19:9) Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔyere a ne ho nni asɛm no ne ne mma ahobammɔ, honhom fam ahiade ne wɔn yiyedi nyinaa da asiane mu. Ebia na odwen yare a obetumi anya afi nna mu ho nso. Anaasɛ ebia na ɔde ne kunu no bɔne afiri no sɛ ɔwaresɛefo, nanso ɔnnye nni sɛ obetumi asan anya ne mu ahotoso a ɛfata na ama watumi ne no akɔ so atra sɛ ne kunu.

Ɔwarefo bi a wahaw gye toom sɛ: “Na eyi yɛ m’asetram gyinaesi a ɛyɛ den sen biara.” Gyinaesi a ɛyɛ den ampa—a ɛnyɛ sɛ huammɔdi no yɛ yaw nko, na mmom sɛ awaregyae de ɔhaw ahorow a emu yɛ den a ebetumi anya n’asetra nyinaa so nkɛntɛnso bɛba nti. Enti, sɛ ɔyere bi ne ne kunu a wanni nokware begyae aware anaasɛ ɔne no nnyae no yɛ n’ankasa gyinaesi. Ɛsɛ sɛ afoforo kyerɛ obu ma gyinae a ɔyere a ne ho nni asɛm no gyina Bible no so si no.

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii pere wɔn ho gyae aware a wonsusuw nea ebefi mu aba no ho yiye. (Fa toto Luka 14:28 ho.) Dɛn ne nneɛma a ɛwɔ awaregyae ho gyinaesi mu?

Sɛ Wɔwɔ Mma A

Couples in Crisis nhoma no ka sɛ: “Awofo a wodwen wɔn haw ho dodo no taa ma wɔn werɛ fi anaasɛ wobu wɔn ani gu wɔn mma ahiade so.” Enti, bere a woresusuw awaregyae ho no, ma wo mma honhom fam ahiade ne wɔn yiyedi ho asɛm ntra w’adwenem. Nhwehwɛmufo pii ka sɛ, dodow a wɔbɛma asomdwoe aba awaregyae mu no, dodow no ara na mmofra no amanehunu so tew. Wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu no, odwo betumi aboa na ‘obi anko, na mmom wadwo ama nnipa nyinaa na wabrɛ ne bo ase bɔne ho.’—2 Timoteo 2:24, 25.a

Sɛ obi paw sɛ obegyae aware a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ ɛyɛ ɔyere ne okunu—ɛnyɛ mmofra no—na wɔregyae aware. Mmofra no da so ara hia Maame ne Papa, gye sɛ tebea a enye koraa mu, te sɛ bere a wɔreyɛ mmofra no basabasa. Nanso, ɛnsɛ sɛ wogyina ɔsom ho nsɛm ne ankorankoro ntam akasakasa so ma mmofra hwere awofo baanu a wobenya no.

Nea ɛsɛ sɛ wosusuw ho nso ne haw a mmofra haw ntɛmntɛm no ne hia a wohia nkuranhyɛ, ɔdɔ, ne tema pii no. Nhoma bi ka sɛ: “Ɔdɔ a mmofra benya daa no bɛma wɔanya ntetee ne nhyɛase a wɔde begyina tebea foforo no ano.” Afei nso, wɔn da biara da honhom fam ahiade a wɔbɛma wɔn ani aku ho no betumi ahyɛ wɔn den.—Deuteronomium 6:6, 7; Mateo 4:4.

Sikasɛm ne Asɛnnibea a Wɔkɔ

Akyinnye biara nni ho sɛ awaregyae ma awarefo no mu biara hwere sika, agyapade, anigye, ne ebia ofie a emu yɛ anigye paa. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ obi de sika kakra a onya di nneɛma pii ho dwuma nti, nyansa wom sɛ ogyina nneɛma a ohia so yɛ sikasɛm ho nhyehyɛe a ɛfata. Ɛsɛ sɛ ɔkwati sɛ ɔbɛsɛe sika pii anaasɛ ɔbɛbɔ ka de atwe yaw a odi no ho manso.

Sɛ obi si gyinae sɛ obegyae aware a, ɛho hia nso sɛ ɔne ne hokafo no besusuw sɛnea wɔde wɔn sika a ɛda sikakorabea no bedi dwuma ho. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na morensɛe sika a mode ato sikakorabea no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛka akyerɛ sikakorabea no sohwɛfo no sɛ ɔnhwɛ sɛ awarefo baanu no nyinaa nsa hyɛ krataa a wɔde beyi sika no ase ansa na wɔayi sika kosi sɛ wɔn mu biara bebue ne de.

Nyansa wom nso sɛ wɔbɛyɛ akatua a wogye ne ɛka a wɔbɔ ho kyerɛwtohɔ pa na ama wɔahu sika a ɛsɛ sɛ wɔde boa wɔn hokafo no. Afei no, wɔ aman pii mu no, sɛ obi nsɛm tebea sakra a, mmara hwehwɛ sɛ wɔbɔ adwumayɛbea a wogyigye tow no amanneɛ.

Bio nso, nnipa pii kɔ mmaranimfo—nea onim awaregyae ho nsɛm yiye—hɔ, na wonya mu mfaso. Wɔ aman binom mu no wɔpene ma ntamgyinafo boa awarefo no ma wofi asomdwoe mu yɛ nhyehyɛe a ɛfata ma asɛnnibea no gye tom. Titiriw no, wɔ faako a mmofra ho wɔ asɛm no mu no, awofo pii paw sɛ wɔbɛma mmaranimfo a onni afã biara adi nsɛm ho dwuma. Sɛ anka awofo no bɛpɛ sɛ wodi nkonim ɔkwan biara so no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ntawntawdi ne yaw so atew. Mfaso a ɛwɔ honam fam nneɛma binom so no nnu ɛyawdi ne sika a wɔbɛsɛe wɔ ho de anya no.

Abusuabɔ a Ɛsesa

Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yebu animtiabu ne adwemmɔne a nnipa pii nya wɔ wɔn ayɔnkofo a wɔne wɔn agyae aware ho no adewa.” Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no gyina hokwan a ɔwɔ wɔ mmara mu ne Kyerɛwnsɛm no so yɛ ade mpo a, ebinom bɛkɔ so de awaregyae no ho asodi ato no so. Ebia wobefi ase akyia no biarabiara akosi sɛ wɔne no bɛyɛ aka koraa. Nea enye koraa mpo ne sɛ ebia wɔn a na kan ɔne wɔn yɛ nnamfo paa no benya ne ho tan. Nnipa pii mpo ntumi nhu mmoa pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde ma nea ɔregyae aware no; ebia wobenya adwene sɛ krataa tiawa a wɔde bɛkɔ akɔma no no ara fata. Nanso, sɛnea nhoma Divorce and Separation kyerɛ no, “nnamfo binom wɔ hɔ a wonim sɛnea wote nka fa, na wɔba bɛhwɛ sɛ wuhia sɛ obi kogya wo baabi, anaa ebia wopɛ sɛ woyɛ biribi anaasɛ wuhia obi a wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ kɛkɛ a.” Nokwarem no, sɛnea Bible no ka no, wɔ obi asetra bere a ɛte sɛɛ mu no, ohia ‘adamfo bi a ɔbɛfam ne ho asen onua.’—Mmebusɛm 18:24.

Nea Wobɛyɛ na Ama Woanya Ahotɔ

Maame bi a wagyae aware mfe dunsia ni no gye tom sɛ: “Mmere bi da so ara wɔ hɔ a, mete ankonamyɛ nka kɛse—ɛmfa ho mpo sɛ nkurɔfo wɔ me nkyɛn no.” Ɔyɛ dɛn tumi gyina tebea no ano? Ɔka sɛ: “Mayɛ nhyehyɛe pɔtee bi, denam adwuma pii a meyɛ, me babarima a mehwɛ no, ne me fie a misiesie so. Mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow nso, kaa me gyidi ho asɛm kyerɛɛ m’afipamfo, na meyɛɛ nneɛma maa afoforo. Ɛno boaa me kɛse.”

Afe biara ɛtɔ mmere bi a, wubetumi akae yawdi no kɛse: da a wo kunu fii w’akyi, bere a ofii fie hɔ, bere a wodii asɛm no wɔ asɛnnibea. Anigyede a na awarefo no baanu nya mu kyɛfa—te sɛ ahomegye ne da a mo de kae mo ayeforohyia—betumi ayɛ yawdi kɛse a wubegyina ano. Pat ka sɛ: “Meyɛ nhyehyɛe ne m’abusua anaa me nnamfo paa a wonim me tebea no pue wɔ saa nna no mu. Yɛyɛ nneɛma a ɛma yɛn werɛ fi nea atwam no na yɛyɛ nneɛma afoforo. Nanso nea ɛboa me kɛse paa ne me ne Yehowa ntam abusuabɔ no—nim a minim sɛ ɔte sɛnea mete nka no ase no.”

Mpa Abaw

Ɛnsɛ sɛ awarefo a wɔn ho nni asɛm a wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma na wɔapaw hokwan a Onyankopɔn de ama sɛ wotumi gyina so gyae ɔhokafo a wasɛe aware no te afobu nka anaasɛ wosuro sɛ Yehowa agyaw wɔn. Ɔhokafo a wasɛe aware no nkontompo akwan—a ɛde “osũ ne ahomegu” aba no na Onyankopɔn tan. (Malaki 2:13-16) Yehowa a ɔyɛ “mmɔborohunu” Nyankopɔn no mpo nim sɛnea obi te nka bere a ne dɔfo agyaw no no. (Luka 1:78; Yeremia 3:1; 31:31, 32) Enti, nya awerɛhyem sɛ “[Yehowa, NW] dɔ atemmu na ɔrennyaw n’ahotefo.”—Dwom 37:28.

Nokwarem no, nea anka eye paa ne sɛ, wɔbɛkwati aware mu nokware a wonni ne yawdi a ɛde ba no ntɛm. Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba,b nhoma a ɛde abusua ho akwankyerɛ a ɛfata ma, no reboa nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔn aware ayɛ yiye na wɔakwati aware mu nokware a wonni. Ɛwɔ atiri a ɛka aware a ɛyɛ anigye a wobenya, mmofra ntetee, ne aware mu ɔhaw horow a wobedi so, ho asɛm. Yehowa Adansefo a wɔte bɛn wo anaasɛ wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye ho sɛ wɔbɛma woate eyi ho nsɛm pii.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wubetumi anya ɛho nsɛm pii wɔ nsɛm a ɛba toatoaa so “Abofra Sohwɛ—Dɛn Ne Ɛho Adwene a Ɛfata?” ne asɛm “Mmofra a Wɔn Awofo Agyae Aware a Wɔboa Wɔn,” wɔ December 8, 1997 Nyan! ne April 22, 1991, Engiresi Nyan! mu.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Kratafa 10 adaka]

ENYE SƐ MMOFRA AWOFO BEGYAE AWARE

Diana a waka baabi a na ɔyɛ Wales Hemmaa no kae wɔ 1988 mu sɛ, wɔ Britania nkutoo no, mmofra bɛyɛ sɛ 420 na wɔn awofo gyae aware da biara. Saa mmofra no mu nkyekyem abiɛsa mu biako nnya nnii mfe anum ɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra mu ɔha biara mu nkyekyem 40 hwere wɔn awofo wɔ awaregyae no akyi.

Akwahosan ne nnuruyɛ ho kyerɛwfo bi a wobu no ka sɛ, nea ɛnte sɛ nea nnipa pii susuw no, “mmofra kakraa bi na wɔn awofo awaregyae ho asɛm nhaw wɔn. Mmofra pii bɛpɛ sɛ wɔn awofo bɛkɔ so atra ɛmfa ho sɛ abusua no mu nnwo.” Sɛ awarefo no hamee kɛse wɔ bere a wohui sɛ obiako afi ne yɔnko akyi no mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm ka sɛ gu a wobegu aware no so bɛba mmofra no mfaso. Sesa a wɔbɛsesa wɔn suban ne wɔn nneyɛe no betumi ama wɔakɔ so atra na ɛso aba abusua mu no nyinaa mfaso.

Ɔkyerɛwfo Pamela Winfield ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom a wobu bra bɔne no susuw awerɛhow kɛse a edi wɔn nkwaseasɛm no akyi ba wɔn mma so bere a wɔagyae aware no ho.”

[Kratafa 11 adaka]

SO ONYANKOPƆN TAN AWAREGYAE NYINAA?

Pat ka sɛ, “nea na ɛhaw me kɛse ne adwene a ɛne sɛ ‘Yehowa tan awaregyae’ no. Asɛm a na da biara misusuw ho ne sɛ, ‘So mereyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani?’”

Momma yɛnhwehwɛ asɛm a ɛwɔ Malaki 2:16 no mu mfa mmua saa asɛmmisa no. Wɔ Malaki bere so no, na ɛda adi sɛ Israelfo mmarima pii regyae wɔn yerenom akɔwareware mmabaawa a wɔsom abosom no. Onyankopɔn kasa tiaa saa nnaadaa ne nkontompo nneyɛe no. (Malaki 2:13-16) Enti, nea Onyankopɔn tan ne sɛ obi begyae ne yere a ntease biara nnim sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛware foforo. Obi a ɔnam nnaadaa kwan so sɛe aware na afei ogyae ne yere anaasɛ ɔhyɛ ne yere ma ogyae no no yɛ bɔne a anibere wom a wɔtan.

Nanso, ɛnyɛ awaregyae nyinaa na saa nkyekyem yi kasa tia. Asɛm a Yesu kae no si eyi so dua: “Mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.” (Mateo 19:9; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yesu ka wɔ ha sɛ awaresɛe ne ade biako pɛ a Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ wonnyina so nnyae aware—nokwarem no, ɛno ne ade biako pɛ a wogyina so gyae aware. Ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi apaw sɛ ɔde ne hokafo a wafom no mfomso bɛkyɛ no. Nanso, obi a ɔpaw sɛ obegyina Yesu asɛm no so agyae ɔhokafo a wasɛe aware no renyɛ biribi a Yehowa tan. Ɛyɛ ɔhokafo a wanni nokware no nnaadaa nneyɛe no na Onyankopɔn tan.

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Awarefo a wɔn ho nni asɛm ne wɔn mma nya mfaso fi ɔdɔ mu a wofi boa wɔn no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena