Fi a Obi Fi Ne Hokafo Akyi—ɔhaw Ahorow A Ɛde ba
Asɛm a metee no telefon so ne sɛ, “mekɔ.” Ɛda adi sɛ na eyi ne asɛm a ɛyɛ yaw paa a Pat* kunu aka akyerɛ no pɛn. Ɔka sɛ: “Na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ wadi me huammɔ. Ade a bere nyinaa na misuro kɛse—sɛ me kunu befi m’akyi akɔfa obi foforo—no bɛyɛɛ nokwasɛm a anibere wom ankasa.”
NA Pat a wadi mfe 33 no pɛ sɛ aware no sɔ ankasa; ne kunu no maa no nyaa awerɛhyem sɛ ɔremfi n’akyi da. Pat ka sɛ: “Yɛhyɛɛ yɛn ho bɔ sɛ yɛremma biribiara ntetew yɛn ntam da. Migyee ne nsɛm no dii. Na afei . . . wafi m’akyi. Seesei aka me nkutoo—minni afieboa mpo!”
Hiroshi werɛ remfi da a wohui sɛ ne maame twe mpena wɔ n’aware akyi no da. Ɔka sɛ: “Na madi mfe 11 pɛ. Maame de abufuw kɛse baa fie hɔ. Na paapa di n’akyi pɛɛ, a na ɔreka akyerɛ no sɛ, ‘To wo bo ase. Ma yɛnka ho asɛm.’ Mitumi hui sɛ asɛm kɛse bi asi. Na Paapa ahaw kɛse. Ontumi nsii ne dedaw mu bio. Bio nso, na onni obiara a ɔbɛka n’asɛm akyerɛ no. Enti ɔbaa me nkyɛn. Susuw ho hwɛ: ɔbarima a wadi boro mfe 40 a ɔreba ne babarima a wadi mfe 11 nkyɛn abɛhwehwɛ awerɛkyekye!”
Sɛ ebia ɛyɛ aniwude a ɛhaw ahemfo, amammuifo, sini mu nnipa, ne nyamesom akannifo anaasɛ ɛyɛ huammɔ ne awerɛhowdi wɔ yɛn mmusua mu no, aware mu nokware a wonni no kɔ so haw nnipa pii. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Awaresɛe kɔ so wɔ mmaa nyinaa, na wɔ mmeae bi no, abu so te sɛ aware.” Nhwehwɛmufo bi bu akontaa sɛ awarefo ɔha biara mu 50 kosi 75 na wofi wɔn ahokafo akyi wɔ bere bi mu. Aware mu nhwehwɛmufo, Zelda West-Meads ka sɛ ɛwom sɛ awarefo a wɔn hokafo fi wɔn akyi no mu pii na wonhu de, nanso “adanse no nyinaa kyerɛ sɛ adeyɛ no renya nkɔso.”
Sɛnea Ɔhaw no Amene Afoforo
Ɛwom sɛ awaregyae ne fi a obi fi ne hokafo akyi no yɛ ahodwiriw de, nanso nkɛntɛnso kɛse a enya wɔ nkurɔfo da biara da asetra mu no nna adi wɔ akontaabu no mu. Sɛ sikasɛm mu ahokyere a ɛde ba no da nkyɛn a, susuw nkate a ɛhaw adwene kɛse a saa akontaabu ahorow yi nna no adi—nusu pii a wɔte, abasamtu kɛse, awerɛhowdi, dadwen, ne amanehunu a ɛto obi, ne kɔdaanna ne yaw a abusua no mufo di, no ho. Ebia wɔn a wɔn hokafo fi wɔn akyi no betumi agyina amanehunu no ano, nanso ɛda adi sɛ ɛbɛkyɛ ansa na afiri wɔn tirim. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobetumi adi yawdi ne ɔsɛe a ɛde aba no so.
How to Survive Divorce nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Aware a ɛsɛe de dadwen kɛse, nea ɛtɔ da bi a ɛmma wuntumi nsusuw nneɛma ho yiye, ba. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade dɛn? Wudi ɔhaw no ho dwuma dɛn? Wubetumi abu nokwasɛm sɛ atosɛm na abufuw akowie afobu mu anaasɛ obi mu ahotoso a wubenya betumi adan adwemmɔne.”
Saa na Pedro tee nka bere a ohui sɛ ne yere anni no nokware no. Ɔka sɛ: “Sɛ wo hokafo fi w’akyi a, adwennwen pii hyɛ wo so.” Ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔn a wɔn hokafo afi wɔn akyi no betumi ate yawdi no ase—na menne sɛ wɔn a asɛm no mfa wɔn ho a wonni ho nimdeɛ pii no. Pat ka sɛ: “Obiara nte sɛnea mete nka no ase ankasa. Sɛ mekae sɛ me kunu ne ɔbea foforo no na ɛte a, ɛma midi yaw a mintumi nkyerɛkyerɛ obiara mu.” Ɔtoa so sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, mete nka sɛ mereyɛ abɔ dam. Ɛtɔ da bi a, mete nka sɛ metumi adi tebea no so; ade kye a, na nneɛma asesa. Da bi wɔ hɔ a, m’ani gyina no; ade kye a, mekae nnaadaa ne atorodi ne animguase no nyinaa.”
Abufuw ne Dadwen
Ɔwarefo bi a ne hokafo afi n’akyi gye tom sɛ: “Ɛtɔ da bi a, abufuw nkutoo nka na wote.” Ɛnyɛ adebɔne ne ɔhaw a aba no ho abufuw ara kɛkɛ. Mmom no, sɛnea sɛnkyerɛwfo bi kyerɛkyerɛɛ mu no, ɛyɛ “aware a na anka ɛsɛ sɛ ɛsɔ na afei asɛe no ho abufuw.”
Nea ɛtaa ba nso ne sɛ ɛma obi te nka sɛ ne ho nni mfaso na ɔmfata. Pedro ka sɛ: “Wunya adwene te sɛ eyinom: ‘Me ho nyɛ fɛ pii anaa? So metɔ sin ɔkwan bi so?’ Wufi ase pɛɛpɛɛ wo ho mu hwehwɛ mfomso no.” Zelda West-Meads a ɔwɔ Britania Ɔman Asoeɛ Ma Aware Ho Akwankyerɛ no ka wɔ ne nhoma To Love, Honour and Betray mu sɛ: “Ade biako a ɛyɛ yaw kɛse paa ne sɛ . . . wobɛhwere obu a wowɔ no.”
Afobu ne Adwenemhaw
Nea ɛtaa di nkate a ɛtete sɛɛ akyi pɛɛ ne te a obi te nka mpɛn pii sɛ odi fɔ no. Ɔyere bi a n’abam abu ka sɛ: “Misusuw sɛ mmea te afobu nka kɛse. Wubu wo ho fɔ na wubisa wo ho sɛ: ‘Mfomso bɛn na madi?’”
Okunu bi a ne yere adi no huammɔ ka biribi foforo a ɔfrɛ no nkate a ɛba prɛko pɛ ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adwenemhaw bɛyɛ biribi foforo te sɛ wim tebea bɔne.” Ɔyere bi ka sɛ, bere a ne kunu gyaw no hɔ no, wanhu da a wansu. Ɔka sɛ: “Mitumi kae da a mansu no pefee, wɔ adapɛn bi a ogyaw me no akyi. Egyee asram bi ansa na dapɛn biako twaam a mansu. Saa nna ne adapɛn yi a mamfa ansu no na ɛmaa minyaa ahotɔ.”
Nnaadaa Wɔ Akwan Abien So
Nea nnipa pii ntaa nte ase ne sɛ, mpɛn pii no, ɛyɛ ɔhaw a egu ahorow abien na ɔwaresɛefo no ama ato ne hokafo no. Ɔkwan bɛn so? Pat kyerɛkyerɛ yɛn mu: “Na ɛyɛ me den paa. Na ɔnyɛ me kunu nko na mmom m’adamfo nso—m’adamfo paa—wɔ mfe pii mu.” Yiw, mpɛn pii no, sɛ ɔyere hyia nsɛnnennen a, ɔkɔhwehwɛ mmoa wɔ ne kunu hɔ. Seesei, ɛnyɛ nsɛnnennen nko na wama aba, na mmom ontumi mfa mmoa a ehia nso mma. Ɔnam adeyɛ biako pɛ so ama ne yere ahu amane kɛse na wahwere obi a obetumi de ne ho ato no so.
Ne saa nti, ahotoso a ɛsɛe ne yawdi a ɛsen biara na huammɔdi no de brɛ awarefo a wɔn ho nni asɛm no. Aware ho ofotufo bi kyerɛkyerɛ nea enti a huammɔdi betumi ahaw adwene kɛse no mu sɛ: “Yɛde yɛn bere nyinaa, yɛn anidaso, ne yɛn nsusuwii nyinaa di dwuma wɔ aware mu . . . , hwehwɛ obi a yebetumi anya ne mu gyidi ankasa, obi a yesusuw sɛ yebetumi anya ne mu ahotoso daa. Sɛ saa ahotoso no sɛe prɛko pɛ a, ebetumi ayɛ te sɛ sopaa a mframa ahuw agu.”
Nokwarem no, sɛnea nhoma How to Survive Divorce kae no, wɔn a wɔn ahokafo afi wɔn akyi no “hia mmoa na ama wɔatumi agyina adwenemhaw no ano . . . Ebia wobehia mmoa na ama wɔatumi asisi nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ho gyinae ahorow ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa.” Nanso dɛn ne saa gyinaesi ahorow no?
Ebia wubebisa sɛ, ‘So yɛn ntam a yebesiesie no ne yɛn haw no ano aduro?’ ‘Anaa so ɛsɛ sɛ migyae aware?’ Ne titiriw no sɛ aware bi gyigya a, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛka prɛko pɛ sɛ gyae a wubegyae no ne wo haw horow no ano aduro. Ebia wobɛka sɛ ‘anyɛ yiye koraa no, Bible no ma awaregyae ho kwan bere a obi anni nokware wɔ aware mu no.’ (Mateo 19:9) Wubetumi asusuw ho nso sɛ Bible no nka no katee sɛ wonnyae aware. Enti, ebia wobɛte nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ mubesiesie mo ntam na moahyɛ mo aware no mu den.
Sɛ obi begyae ne hokafo a wanni nokware anaasɛ ɔnyɛ saa no yɛ n’ankasa gyinaesi. Nanso, wobɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ? Yɛsrɛ wo, di kan susuw nsɛm bi a ebetumi aboa wo ma woahu sɛ ebia mubetumi asiesie mo ntam no ho.
[Ase hɔ asɛm]
Wɔasesa din ahorow no bi.