Mfe Aduonum Wɔ Kankabi Atirimɔden Nniso Ase
Sɛnea Lembit Toom ka kyerɛe
Wɔ 1951 mu no, wobuu me fɔ sɛ wɔmma menkɔyɛ nkoadwuma wɔ Siberia mfe du. Wɔde yɛn twaa akwansin mpempem pii de yɛn koguu nsraban bi a na ɛwɔ Arctic Circle atifi koraa mu. Na adwuma no yɛ ɔbrɛ adwuma, wim tebea no ano yɛ den, na na ɛhɔ asetra nso nye koraa. Ma menka nea ɛyɛe a mekɔpuee hɔ ne nea enti a yɛn brɛ anyɛ kwa no ho asɛm.
NÁ WOBU me Papa sɛ nhomanimfo wɔ Estonia, Baltic kurow a wɔwoo me wom wɔ March 10, 1924 no mu. Nanso, bere a ɔbɛyɛɛ panyin no, ɔno na na ɔhwɛ abusua no afuw a ɛwɔ Järvamaa wɔ Estonia mfinimfini no so. Na yɛn abusua no yɛ Lutheran abusua kɛse a mmofra baakron wom, a na mene mmofra no mu nea osua koraa. Paapa wui bere a na madi mfe 13.
Afe a edi hɔ no miwiee mfitiase sukuu. Bere a Wiase Ko II fii ase, wɔ September 1939 mu no, wɔkyeree me nua Erich maa no kɔyɛɛ ɔsraani, na amma mantumi antoa me nhomasua no so. Ɛno akyi, wɔ 1940 mu no, Estonia bɛyɛɛ Soviet Union fã, na afe akyi no Germanfo ko faa Estonia. Wɔde Erich too afiase, nanso wogyaa no ma ɔsan baa Estonia wɔ August 1941 mu. Wɔ 1942 mu no, mitumi kɔɔ kuayɛ ho sukuu.
Ɛyɛ bere a na mifi sukuu aba fie rebedi Buronya wɔ 1943 mu na me nuabea Leida ka kyerɛɛ me sɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ yɛn abusua no aka Bible mu asɛm akyerɛ no. Ná wama no nhomawa horow a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no bi. Mekenkan nhoma no na ntɛm ara mehwehwɛɛ Oduruyɛfo Artur Indus akyi kwan, ma ɔne me suaa Bible no.
Wɔhyɛɛ Me sɛ Minsi Gyinae
Ne nyinaa mu no, ɔko a na ɛda Germany ne Soviet Union ntam no mu yɛɛ den. Ɛde besi February 1944 no, na Russiafo no abɛn Estonia hye so. Wɔkyeree Erich kɔkaa German asraafo ho, na wɔmaa me nso krataa sɛ menkɔka ho. Na migye di sɛ Onyankopɔn mmara bra nnipakum, na Oduruyɛfo Indus kae sɛ ɔbɛboa me ma manya baabi ahintaw kosi sɛ ɔko no bɛba awiei.
Da koro polisini bi ne ɔpanyin a odi kuw a kurow no ho bammɔ hyɛ wɔn nsa anim no baa yɛn afuw mu hɔ. Na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔmmɛkyere me efisɛ wosusuw sɛ mempɛ sɛ mede me ho hyɛ sraadi mu. Saa nti mibehui sɛ ɛsɛ sɛ miguan fi fie anyɛ saa a wɔde me bɛkɔ German nneduaban mu.
Minyaa Yehowa Adansefo no mu biako afuw mu kohintawee. Nea ɛbɛyɛ na me gyidi ayɛ den no, mekenkan Bible no ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma dodow biara a metumi bere a na mede me ho ahintaw no. Miwiaa me ho kɔɔ fie anadwo bi sɛ merekɔpɛ aduan. Ná German asraafo ayɛ fie hɔ ma, efisɛ na me nua Erich ne ne nnamfo bi aba rebedi akwamma nna kakra. Mitumi ne Erich kasae kokoam saa anadwo no wɔ awiporowbea hɔ. Saa da no ne da a etwa to koraa a mihuu no.
Anka Wɔreyɛ Akyere Me
Saa anadwo no ara, bere a mesan kɔɔ afuw mu hɔ baabi a na mehyɛ no, na wɔabɛhwehwɛ hɔ nyinaa. Na nkurɔfo akɔka akyerɛ ɛhɔ polisini no ne mmarima a wɔwɔ kuw a kurow no ho bammɔ hyɛ wɔn nsa no mu sɛ obi abɛhyɛ afuw mu hɔ nti na wɔbaa hɔ. Meyɛɛ brɛoo kɔhyɛɛ amena bi mu wɔ fam, na ankyɛ na metee mpaboa nnyigyei wɔ m’apampam. Polisini no de tuo hunahunaa okuafo no, na ɔteɛɛm sɛ: “Ɔbarima bi abehintaw fie yi mu! Yɛbɛyɛ dɛn atumi awura amena a ɛda fam hɔ no mu?” Mihui sɛ wɔasɔ kanea ato hɔ de rehwehwɛ me. Mekɔɔ m’akyi kakra daa hɔ twɛnee. Bere a wɔkɔe akyi no, mehyɛɛ amena no mu kyɛe kakra sɛnea ɛbɛyɛ a mehu sɛ asiane biara nni hɔ.
Mifii fie hɔ ansa na ade rekye, medaa Yehowa ase sɛ wɔanhu me. Me nuanom Kristofo boaa me ma minyaa baabi foforo kohintawee, na ɛhɔ na metrae kosi sɛ Germanfo no fii hɔ. Akyiri yi metee sɛ wɔakum polisini no ne ɔpanyin a odi kuw a kurow no ho bammɔ hyɛ wɔn nsa no anim no, a ɛda adi sɛ Russia akyitaafo na wɔyɛɛ saa. Wɔ June 19, 1944 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne, na me nuabea Leida nso bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
Soviet san bɛfaa Estonia bio wɔ June 1944 mu, na asram bi akyi no, minyaa hokwan san kɔɔ fie kɔtoaa afuw mu adwuma no so. Nanso wɔ November mu, bere a na mesan bae nkyɛe koraa no, wɔfrɛɛ me sɛ memmɛka Russia asraafo no ho. Mifi akokoduru a na ahyɛ me ma no mu, dii adanse nnam so kyerɛɛ kuw a wɔhwɛ ma wɔfa asraafo no. Wɔka kyerɛɛ me sɛ Soviet nhyehyɛe no mfa me gyidi ho na ɛsɛ sɛ obiara yɛ asraafo adwuma no bi. Nanso, wɔ ɔko bere a na aka no nyinaa mu no, minyaa ahofadi, na mituu me ho sii hɔ boa maa me mfɛfo Adansefo nyaa Bible nhoma ahorow a wɔankyere me.
Ɔko Akyi Dwumadi
Bere a ɔko no baa awiei wɔ May 1945 mu na wogyaee wɔn a wofi ahonim mu poo sraadi no, mesan kɔɔ sukuu. Wɔ 1946 afe no mfiase pɛɛ no, mitumi hui sɛ kua a na meyɛ wɔ Estonia no rensi me yiye daakye, esiane sɛ na Soviet nhyehyɛe a ɛka nnwuma nyinaa bom no abesi nnwuma a ankorankoro yɛ ananmu. Enti migyaee sukuu na mifii ase nyaa Ahenni asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse.
Wɔ Soviet nniso ase no, na yentumi nyɛ yɛn som adwuma no wɔ petee mu bio. Ɛda adi sɛ, na yɛne Ɔwɛn Aban Asafo no ntam nkitahodi no mu atew koraa wɔ Wiase Ko II no mu. Saa nti, meboae de afiri dedaw bi a wɔde tintim nhoma no yɛɛ nhoma a na yɛakora so no bio. Afei nso yɛbɔɔ mmɔden biara a yebetumi yɛɛ asafo nhyiam ahorow.
KGB (Soviet Man no Banbɔ Boayikuw) fii ase de ɔtaa baa Yehowa Adansefo so wɔ August 1948 mu. Wɔkyeree nnipa baanum a na wodi adwuma no anim no de wɔn guu afiase, na ankyɛ na ɛbɛdaa adi sɛ KGB no pɛ sɛ wɔkyere anuanom nyinaa. Wɔpaw yɛn mu baanan sɛ boayikuw sɛ yɛnhwɛ asɛnka adwuma no so, nhyɛ yɛn nuanom Kristofo nkuran, na yɛmmoa wɔn a wɔwɔ afiase no. Esiane sɛ na meda so ara wɔ ahofadi kakra na mitumi kɔ baabiara a mepɛ nti, wɔma mehwehwɛɛ mfɛfo Adansefo akyi kwan.
Wɔ September 22, 1948 no, yɛkyerɛw krataa kɔmaa Soviet aban mpanyimfo wɔ Estonia kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ nea wɔde redi yɛn no mfata. Krataa no kyerɛkyerɛɛ yɛn ahyehyɛde no ne yɛn adwuma no atirimpɔw mu, na ɛkae sɛ wonyi yɛn nuanom gyidifo a wɔde wɔn agu afiase no. Dɛn na efii mu bae? Wɔkyeree anuanom pii kaa ho. Wɔ December 16, 1948 no, yɛde krataa foforo kɔmaa Estonia SSR Asɛnnibea Kunini Bagua no sɛ wonyi yɛn nuanom no na wonnyaa wɔn koraa. Krataa yi ne afoforo a yɛde kɔpaa kyɛw no bi da so ka nkrataa a wɔakora so wɔ Tallinn kurow mu no ho.
Na akwantu yɛ hu, esiane sɛ na yɛn nsa ntumi nka akwantu nkrataa papa nti. Nanso, yɛtraa moto-kar bi a na ɛwɔ ahoɔden paa a yɛtɔ fii Russia aban panyin bi hɔ mu kɔsraa asafo horow a ɛwɔ Aravete, Otepää, Tallinn, Tartu, ne Võru no. Edin a na yɛtaa de frɛ no ne Teaseɛnam.
Yɛde Yɛn Adesrɛ Kɔdan Stalin
Wɔ June 1, 1949 mu no, yɛde adesrɛ foforo kɔtoo Estonia Socialist Adehyeman no ne Nikolay Shvernik, a ɔyɛ Soviet Mpanyimfo Boayikuw Kunini no guamtrani anim. Saa kyerɛwtohɔ yi a yekonyaa biako wɔ Tallinn adekorabea no yɛ nea Nikolay Shvernik stampo si so a ɛrekyerɛ sɛ ne nsa kae ma ɔde biako kɔmaa Joseph Stalin, Soviet Union ɔman no sodifo. Adesrɛde no fã a etwa to koraa no kenkan sɛ:
“Yɛsrɛ sɛ munyi Yehowa Adansefo mfi afiase na afei munnyae ɔtaa a mode ba wɔn so no. Ɛsɛ sɛ moma Yehowa Nyankopɔn ahyehyɛde, a ɛnam Ɔwɛn Aban Asafo no so di dwuma no kwan ma wɔka Yehowa Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔwɔ Soviet Union nyinaa a munsiw wɔn kwan; anyɛ saa a Yehowa bɛsɛe Soviet Union ne Komunis Kuw no pasaa.
“Eyi na yɛsrɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a ɔyɛ N’ahenni no so Hene din mu, ne afei nso wɔ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔde wɔn agu afiase no din mu.
“Yɛde yɛn nsa ahyɛ ase: Yehowa Adansefo a wɔwɔ Estonia (June 1, 1949).”
Ɔtaa no Mu Yɛ Den
Wɔ 1950 afe no mfiase no, obi a na ofi Germany reba brɛɛ yɛn Ɔwɛn-Aban abiɛsa. Nea ɛbɛyɛ na yɛn nuanom Kristofo nyinaa anya honhom fam aduan yi mu kyɛfa no, yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ ɔmansin nhyiam wɔ July 24, 1950 mu, wɔ Bible suani bi san a ɔde sare ayɛ mu a ɛbɛn Otepää akuraa. Nanso, yɛanhu nea ɛyɛe a KGB no huu nea na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛrebɛyɛ no, na wosiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛkyere yɛn mu dodow no ara.
Wɔde asraafo kar ma abien beguu Palupera keteke gyinabea, baabi a na anuanom besisi afi keteke no mu no. Nea ɛka ho no, ɔsraani bi a na okura radio akasam behintawee wɔ Otepää ne Palupera kwan so, a efi hɔ kɔ faako a yɛbɛyɛ ɔmansin nhyiam no ntam nware koraa. Bere a anuanom bi a na yɛrehwɛ kwan sɛ wɔbɛba ntɛm amma no, yesusuwii sɛ yɛn nhyehyɛe no ho ada hɔ.
Mefaa Ɔdansefo biako Ella Kikas kaa me ho na yɛde moto tuu mmirika kɔɔ mmeae abien a na keteke no begyina ansa na adu Palupera. Ná afei na keteke no agyina, enti me ne Ella foro faa anim ne akyiri de mmirika faa mu teɛteɛm sɛ wɔn nyinaa nsi fam. Bere a Adansefo no sisii fam no, yɛyɛɛ nhyehyɛe yɛɛ yɛn nhyiam no wɔ ɔsan foforo ase da a edi hɔ no. Enti nhyehyɛe a KGB no yɛe sɛ wɔbɛkyere Adansefo no mu pii no sɛee.
Nanso, wɔ yɛn nhyiam no akyi asram abien no, wofii ase kyeree yɛn mu dodow no ara. Wɔkyeree me kobisabisaa me nsɛm wɔ September 22, 1950 mu, na saa ara na ɛtoo anuanom baasa a aka a na wɔyɛ boayikuw a wɔhwɛ asɛnka adwuma no so wɔ Estonia no mufo no. Wɔde yɛn too KGB afiase asram awotwe wɔ Tallin a ɛwɔ Pagari Street. Ɛno akyi no woyii yɛn fii hɔ kɔɔ afiase kɛse a ɛwɔ Kalda Street, a na wɔfrɛ no Battery no mu. Ɛhɔ nso yedii asram abiɛsa. Sɛ yɛde toto KGB afiase a na wɔde yɛn gu adekoradan mu no ho a, na eyi a ɛwɔ Baltic Po so no te sɛ beae a wogye ahome.
Asetra a Emu Yɛ Den Wɔ Siberia
Eyinom akyi bere tiaa bi no, wobuaa me ne Harri Ennika, Aleksander Härm, Albert Kose, ne Leonhard Kriibi fɔ sɛ wɔmfa yɛn ngu nneduaban bi a ɛwɔ Noril’sk, Siberia akyirikyiri mu mfe du. Sɛ edu ahohuru bere a owia ntɔ asram abien, na awɔw bere mu nso owia mpue asram abien.
Wɔ August 1951 mu no, yɛde keteke fii yɛn akwantu a efi Tallinn kɔ Noril’sk no ase nea edi kan. Yetwaa kwan kilomita 6,000, faa Pskov, St. Petersburg (kan na wɔfrɛ hɔ Leningrad), Perm’, Yekaterinburg (kan na wɔfrɛ hɔ Sverdlovsk), Novosibirsk, ne Krasnoyarsk, wɔ Asubɔnten Yenisey so. Awiei koraa no, wɔ October mfiase no, yɛforoo ɔkorow bi wɔ Krasnoyarsk na yɛkɔɔ kusuu fam bɛboro akwansin 1,000. Adapɛn abien akyi no yeduu Dudinka, kurow a ɛwɔ Arctic Circle atifi koraa no mu. Wɔ Dudinka no wɔde yɛn foroo keteke bio twaa kilomita 120 a na aka wɔ Noril’sk akwantu no mu no. Efi Noril’sk keteke gyinabea hɔ no, yɛnantew sukyerɛmma a ano yɛ den so twaa kilomita 15 a na aka wɔ yɛn akwantu no mu kɔɔ adwumayɛban a na ɛwɔ kurow no akyi mu.
Esiane sɛ na obi awia m’atade a mede kõ awɔw bere a na yɛte korow no mu nti, atade a wɔhyɛ no wɔ ahohuru bere mu, kyɛw, ne mpaboa bi a emu yɛ hare nkutoo na na aka wɔ me ho. Ná adapɛn pii a yɛde atu kwan fi Tallinn no ama yɛayɛ mmerɛw, na na wɔmfaa aduan kakra a ɛsɛ sɛ yedi no da biara no nso mmaa yɛn. Enti nneduafo no bi totɔɔ piti. Yɛboaa wɔn kosi sɛ yenyaa apɔnkɔ, na afei yɛde wɔn guu teaseɛnam a apɔnkɔ twe mu.
Bere a yekoduu nsraban no mu no, wɔkyerɛw yɛn din, wɔma yeguaree na wɔde yɛn aduan a ɛsɛ sɛ yedi no da no maa yɛn. Ná atrae hɔ yɛ hyew, na ankyɛ na medaa hatee. Nanso, minyanee wɔ anadwo dasu mu, esiane sɛ na ade ahon m’asom na ɛyɛ me yaw kɛse nti. Ade kyee anɔpa no wɔmaa me nnuru na wɔamma manyɛ adwuma. Nanso afiase ahwɛfo no bo fuwii sɛ mantumi anyɛ adwuma na wɔhwee me. Wɔde me kɔtoo obiakofo afiase dan mu ɔsram biako, na nea wɔkae ne sɛ mede “basabasa reba nsraban no mu.” Anigyesɛm ne sɛ, wɔmaa me nnuru wɔ ayaresabea hɔ, na tra a me nkoaa metrae no boae ma mesan nyaa ahoɔden.
Awɔw bere a edi kan koraa wɔ nsraban mu hɔ no ne nea na ano yɛ den paa. Adwuma a na yɛyɛ, titiriw asase mu fagude a na yetu no yɛ nea na ɔbrɛ wɔ mu, na na ahoɔden nso nni aduan kakra a yenya di no mu. Sɛ yɛn mu pii se fi ase yɛ mmerɛw a, na wɔde vitamin C paane wɔ yɛn de siw yare no ano. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, yehyiaa yɛn mfɛfo Adansefo pii wɔ nsraban no mu hɔ, a na wofi Moldova, Poland, ne Ukraine.
Nsakrae Wɔ Afiase Asetra Mu
Wɔ 1952 osutɔbere mu no, wofii ase maa nneduafo akatua kakra, a etumi maa yɛtɔɔ nnuan ma yɛn nnuan a na yedi no mu yɛɛ duru. Bio nso, Adansefo no mu bi nsa fii ase kaa nnaka a nnuan wom a wɔde Bible nhoma ahyehyɛ ase a obi nhu. Da koro Ɔdansefo bi a na ofi Moldova nsa kaa sradeduan a wɔde agu kyɛnsee mu. Bere a na yegu so redi aduan no, yehuu prako didifuru nhoma bi wɔ mu. Yebuee mu no na Ɔwɛn-Aban abiɛsa na ɛhyɛ mu!
Bere a Stalin wui wɔ March 5, 1953 no, afiase asetra no sakrae koraa. Mfiase no, atuatew sɔree bere a nneduafo no pɛe sɛ wonya ahofadi no. Wɔsomaa asraafo dɔm ma wɔbɛbrɛɛ wɔn ase. Wɔ Noril’sk no, wokum nneduafo 120 wɔ atuatew no mu; nanso Adansefo no amfa wɔn ho anhyɛ mu, na wɔn mu biara nni hɔ a wokum no anaa opirae. Wɔ 1953 ahohuru bere mu no, fagude adwuma no gyaee adapɛn abien. Ɛno akyi no afiase asetra bɛyɛɛ mmerɛw. Wogyaa nneduafo no mu bi, na wɔtew afoforo nso nna a ɛsɛ sɛ wɔde da afiase no so.
Ɔdansefo Nokwafo
Wɔ nsraban no mu basabasayɛ yi akyi no, wɔde me kɔɔ nsraban bi a na ɛwɔ anafo fam a ɛbɛn Tayshet kurow, a ɛwɔ Irkutsk mansin no mu. Ɛhɔ na mihyiaa Artur Indus, a odii kan ne me suaa Bible no. Na wapo sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ nsraban no mu sɛ oduruyɛfo, enti ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ adwuma a egye ahoɔden pii mmom. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’ahonim amma me kwan sɛ mɛma nneduafo a wɔnyare a wɔama wɔn dibea no krataa sɛ wɔyare nti wotumi kogye wɔn ahome, bere a wɔhyɛ nneduafo a wɔyare ampa no so sɛ wɔnyɛ adwuma.”
Saa bere no na Onua Indus afɔn na na ɔyare nso, esiane sɛ na ɔnyɛɛ adwuma a egye honam fam ahoɔden da. Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔte nka sɛ ne brɛ no asiesie ne koma wɔ honhom fam. Yɛtra boom bɛyɛ adapɛn abiɛsa. Afei wɔde no kɔɔ ayaresabea a na ɛwɔ nsraban no mu hɔ no, ɛhɔ na owui wɔ January 1954 mu. N’adamoa a edin biara nsi so no wɔ arctic anafo hɔ baabi. Owui sɛ Kristoni nokwafo na ɔretwɛn owusɔre no.
Ahofadi ne Akwantu a Mede Kɔ Fie
Wɔ 1956 mu no wotuu Soviet Mpanyimfo Boayikuw Kunini Asoɛe no baa yɛn nsraban no mu sɛ wɔmmɛhwehwɛ nneduafo no ho kyerɛwtohɔ mu. Bere a mibegyinaa bagua no anim no, ɔpanyin a ɔda bagua no ano no bisae sɛ: “Dɛn na wobɛyɛ bere a wɔagyae wo akyi no?”
Mibuae sɛ: “Sɛ bere no duru a na yebehu.”
Wɔmaa mifii ɔdan no mu, na bere a wɔfrɛɛ me baa mu bio no, ɔpanyin no kae sɛ: “Woyɛ Soviet Union tamfo kɛse—woyɛ ɔtamfo wɔ nsusuwii mu.” Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Yɛrebegyae wo de, nanso yɛn ani bɛkɔ so adi w’akyi.” Wogyaa me wɔ July 26, 1956 mu.
Mede nnanu kɔsrasraa Adansefo a wofi Ukraine a na wɔwɔ Suyetikha, akuraa bi a ɛbɛn Tayshet, a na wɔakɔyɛ atukɔfo wɔ hɔ fi 1951 no. Nea edi hɔ no migyinae wɔ Tomsk mantam a na ɛbɛn baabi a Maame kɔyɛɛ tukɔfo wɔ hɔ no, na midii nnanan wɔ hɔ. Efi keteke agyinae hɔ no, menantewee kilomita 20 kɔɔ Grigoryevka akuraa. Ɛhɔ na mihuu tebea horow a na enye koraa sen nea yɛn mu bebree hyiae wɔ nsraban no mu hɔ no mpo! Ná wɔayi me nuabea Leida afi nneduaban mu wɔ Kazakhstan na na waba mpɔtam hɔ asram kakra a atwam no sɛ ɔreba Maame hɔ. Nanso esiane sɛ na wɔagye n’akwantu krataa nti, na ontumi nkɔɔ Estonia.
Ɔhyɛ Ase Wɔ Estonia
Bere bi akyi no, mikoduu fie wɔ Estonia bio na mekɔɔ m’awofo afuw mu tee. Sɛnea metee wɔ Siberia no, mibehui sɛ, na aban no abubu yɛn adan nyinaa agu! Nna kakraa bi akyi no, meyaree mmubui. Medaa ayaresabea kyɛe, na mekɔɔ so saa me ho yare wɔ ɛno akyi. Ɛde besi nnɛ no, metɔ gu me nan so.
Bere tiaa bi akyi no minyaa adwuma wɔ Lehtse Peat Adwumakuw mu, baabi a na meyɛ adwuma wɔ 1943 mu ahohuru bere mu no. Wɔmaa me dan, na bere a Maame ne Leida fii nnommumfa mu bae wɔ December 1956 mu no, wɔne me bɛtrae wɔ Lehtse.
Wɔ November 1957 mu no, mewaree Ella Kikas, a na ɔno nso fi Siberia nneduaban mu bae nkyɛe. Asram abien akyi no yetu kɔɔ Tartu, baabi a yɛkonyaa ɔdan ketewa bi wɔ obi fie. Awiei koraa no minyaa adwuma sɛ ofirikafo wɔ Adetɔfo Nnɔboa Kuw a ɛwɔ Tartu Ɔmansin mu no mu.
Bere a na mewɔ Siberia no mekyerɛɛ Ɔwɛn-Aban adesua nsɛm no mu du ase fi Russia kasa mu kɔɔ Estonia kasa mu na na mede ne nyinaa aba fie. Akyiri yi, yɛn nsa kaa nhoma Fi Paradise a Ɛyerae Kosi Paradise a Wɔasan Anya, na yɛkyerɛɛ ɛno nso ase kɔɔ Estonia kasa mu. Afei yɛn ankasa tintimii nhoma no mfuamfua. Saa bere no nyinaa no, na KGB no ani da so ara di yɛn akyi. Esiane sɛ na yenim ɔkwan a wɔfa so sum wɔn mfiri no nti, bere nyinaa na yɛyɛ ahwɛyiye, te sɛ mmoa a wɔrepɛ wɔn akum wɔn.
KGB De Wɔn Ani Sii Yɛn So
Wɔ 1960 mfe no mfiase no, KGB no nam dawurubɔ so kaa Adansefo no ho atosɛm. Wɔde wɔn ani sii me ne me yere so titiriw. Atesɛm nkrataa fii ase kaa nsɛm de sɛee yɛn din, na wobuu yɛn animtia wɔ radio ne television so. KGB no bɛyɛɛ baguam nhyiam mprenu wɔ baabi a na meyɛ adwuma no. Bio nso, abenfo a na wɔyɛ ɔyɛkyerɛ de gye nkurɔfo ani yɛɛ me ho asereseresɛm wɔ animguase kwan so wɔ Estonia Anigyebea a ɛwɔ Tallinn no. Tebea no ma mekaee Dawid nsɛm no: “Wɔn a wɔtete kurow pon mu ka me ho asɛm, na asanomfo de me to dwom.”—Dwom 69:12.
Mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegu yɛn anim ase no kɔɔ so kosi 1965 bere a wɔyɛɛ nhyiam a etwa to koraa, wɔ Ɔman Adwumayɛfo Akwahosan Asoɛe a ɛwɔ Tartu mu no. Ná me ne Ella nyinaa wɔ hɔ, na na KGB adwumayɛfo nso ne afoforo ayɛ hɔ ma. Mpɛn pii na sɛ wobisa Ella asɛm a, na atiefo no bɔ wɔn nsam. Ɛdaa adi sɛ na atiefo no wɔ yɛn afã. KGB adwumayɛfo no abam bui na nea esii no maa wɔn bo fuwii.
Yedii Honhom Fam Kɔm Ho Dwuma
Ɛwom mpo sɛ Komunisfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn nhoma no kyekyɛ de, nanso bɛyɛ 1965 akyi no yetumi maa yɛn nuanom Kristofo no nsa kaa dodow a na ɛfata. Nanso, na nhoma a yɛkyerɛ ase san tintim no wɔ kokoam no gye bere ne ahoɔden. Bere bi a na KGB dwumayɛni bi reka dwuma a na midi no kokoam ne ɔkwan a na mefa so de nhoma kɔ mmeaemmeae ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wo, Toom, wote sɛ adaka a wonhu ase.”
Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nhyiam wɔ kokoam wɔ akuw nketewa mu. Ná yɛka asɛm no nso wɔ bɔnnɔ so. Na ɛsɛ sɛ yɛn nuanom no siesie wɔn ho sɛ wobetumi abɛhwehwɛ wɔn adan mu bere biara. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma sie yiye paa. Nanso, wɔ tebea horow nyinaa mu no, yenyaa nnipa pii a wɔdɔ Bible mu nokware no ma wobegyinaa Ahenni no afã.
Bere a Soviet Ɔmanpanyin Mikhail Gorbachev fii ne man sesɛw ase wɔ 1980 mfe no mu no, yebenyaa ahofadi pii de som Onyankopɔn. Awiei koraa no, wɔ 1991 mu no, Soviet Union mu paapaee, na wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara kwan so. Mprempren yɛwɔ asafo horow anan wɔ Tartu, na nnansa yi ara na yewiee yɛn Ahenni Asa si. Seesei Adansefo bɛboro 3,800 na wɔrenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa wɔ Estonia, sɛ yɛde toto bɛyɛ nnipa 40 anaa 50 a na wɔwɔ hɔ bere a mifii asɛnka adwuma no ase bɛboro mfirihyia aduonum a abɛsen kɔ no ho a.
Kristofo Asetra a Akomatɔyam Wɔ Mu
M’adwenem nyɛɛ me nnaa da wɔ gyinae pa a misii sɛ mɛsom Yehowa no ho. Mitumi de akomatɔyam hwɛ m’akyi, na m’ani gye sɛ mihu sɛ Yehowa ahyehyɛde no rekɔ n’anim ɔhyew so ma nti nnipa pii na wɔwɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa.
Meda Yehowa ase paa sɛ ne dɔ ne n’ahobammɔ ama me ne me yere atra ase wɔ mfe pii yi mu de abesi nnɛ. Yehowa trenee nhyehyɛe a abɛn pɛɛ a yɛma no kɔ so tra yɛn adwenem no ama yɛn honhom fam ahoɔden. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yesusuw nkɔanim a ɛyɛ nwonwa a yehu no wɔ nnipa dodow a wɔresom Yehowa no mu ho a, ɛma yebehu sɛ amane a yɛahu no anyɛ ɔkwa.—Hebrifo 6:10; 2 Petro 3:11, 12.
[Asase mfonini wɔ kratafa 12, 13]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Akwankyerɛ nhoma a ɛkyerɛ asram abien akwantu a yetuii fi Tallinn kɔ Noril’sk nsraban a agye dimmɔne mu
Tallinn
Pskov
St. Petersburg
Perm’
Yekaterinburg
Novosibirsk
Krasnoyarsk
Dudinka
Noril’sk
ARCTIC CIRCLE
[Asɛm Fibea]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
[Kratafa 14 mfonini]
Artur Indus, Kristoni mogya dansefo kokodurufo
[Kratafa 14 mfonini]
Nneduafo wɔ Siberia, 1956. Me na meto so anan fi benkum so wɔ santen a ɛwɔ akyiri mu no
[Kratafa 15 mfonini]
Me ne me yere, na yegyina kan KGB adwumayɛbea ti anim wɔ baabi a na wɔtaa kobisabisa yɛn nsɛm no