Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 7/8 kr. 24-28
  • Bɔhyɛ a Masi Me Bo sɛ Medi So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔhyɛ a Masi Me Bo sɛ Medi So
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me Bɔhyɛ no a Midii So
  • Me Sɔhwɛ Ahorow Fi Ase
  • Mifi Adwumayɛban Biako mu Kɔ Foforo Mu
  • Ahofadi ne Abusua
  • Yɛkɔ Ukraine Bio
  • Asɛnni, Adwumayɛban, ne Dommumkɔ
  • Nyamesom Ahofadi Ho Anigye
  • Sɛnea Onyankopɔn Hyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ Ano
    Nyan!—2000
  • Gyidi a Minyae Wɔ Katabaako Nniso Ase
    Nyan!—2000
  • Nea Ehia Me Titiriw—Sɛ Mɛkɔ So Adi Nokware
    Nyan!—2000
  • Mfe Aduonum Wɔ Kankabi Atirimɔden Nniso Ase
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 7/8 kr. 24-28

Bɔhyɛ a Masi Me Bo sɛ Medi So

SƐNEA MARIAN TSIBOULSKI KA KYERƐE

WƆ February 1945 mu, bere a na madi mfe 20 no, na meka Soviet asraafo a wɔpam Germanfo kɔɔ wɔn ankasa kurom akwansin ɔhaha pii no ho. Na mahu ɔko mu ahude ne me nnamfo a wokunkum wɔn wɔ baabi a mewɔ no da biara. Na yɛabɛn Breslau a ɛwɔ Germany a mprempren wɔfrɛ no Wrocław, Poland no. Bere a na mewɔ hɔ anadwo bi a na nnipakum ne amanehunu afono me no, mehyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ sɛ ɔde me kɔ fie dwoodwoo a, mehyira me nkwa so ama no na mayɛ n’apɛde.

Wɔ asram abiɛsa akyi no, Germany dii nkogu. Akyiri yi a woyii me fii sraadi adwuma mu wɔ December 1945 mu no, meyɛɛ nkakrankakra kɔɔ me papa kurom wɔ Rogizno, akuraa bi a ɛbɛn Lvov (mprempren wɔfrɛ no Lviv) wɔ Ukraine. Adekyee anɔpa no, mihyiaa Yehowa Adansefo no mu biako na odii Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe kyerɛɛ me. Ɛwom sɛ na minim Bible no ho asɛm kakraa dedaw na na makenkan Adansefo no nhoma bi de, nanso saa bere yi de ɛkaa me koma. Mihui sɛ hyia a mihyiaa no no ne me bɔhyɛ no wɔ biribi yɛ.

Me Bɔhyɛ no a Midii So

Ankyɛ na minyaa adwuma wɔ mfiase sukuu bi mu sɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Nanso woyii me adi wɔ mfe abien pɛ ntam, bere a ɔpanyin a ɔhwɛ nhomasua so wɔ ɔmantam no so kae sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mmofra no sɛ Onyankopɔn nni hɔ no. Mifii ase ne Yehowa Adansefo yɛɛ asɛnka adwuma saa bere no ara wɔ May 1947 mu. Adansefo no hyɛɛ me nkuran ma mitu kɔɔ Borislav a ɛwɔ kesee fam, na minyaa adwuma ntɛm so sɛ anyinam ahoɔden ho odwumayɛfo.

Mihyiaa nkurɔfo a wɔbɛyɛɛ Adansefo wɔ 1930 mfe no mu wɔ Borislav. Na wɔwɔ Bible nhoma ahorow bebree a na Studies in the Scriptures po ahorow ne nhoma a Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani bere bi kyerɛwee no ka ho, na mekenkanee pii. Mekenkanee Ɔwɛn-Aban ne The Golden Age (a mprempren wɔfrɛ no Nyan! no) dedaw a na Adansefo no bi wɔ no nso. Nanso nea ɛkanyan me kɛse paa ne nkrataa pii a na German Adansefo a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ Hitler nniso ase akyerɛw no. Na wɔakyerɛ nkrataa yi ase akɔ Poland kasa mu atintim ayɛ no nhomawa. Akyiri yi, bere a mekae saa German anuanom mudi mu kura no, minyaa ahoɔden de gyinaa nsɛnnennen ano.

Awiei koraa wɔ 1949 mu no, wɔbɔɔ me asu wɔ atare a ɛwowɔ Borislav no biako mu, na menam saayɛ so dii bɔ a mehyɛe wɔ akono sɛ mɛsom Onyankopɔn no so. Nanso saa bere yi de na ɛyɛ bɔhyɛ a egyina nimdeɛ a edi mu so.

Me Sɔhwɛ Ahorow Fi Ase

Ankyɛ biara na woyii me adi fii adwuma mu. Enti mitu kɔɔ Stry, kurow bi a ɛbɛn hɔ no mu wɔ February 1950 mu na minyaa adwuma bio sɛ anyinam ahoɔden ho odwumayɛfo. Me nuanom Kristofo no gyee me fɛw so too nsa mpo frɛɛ me sɛ me nkɔma Yesu Kristo wu ho Nkaedi a wɔyɛ no afe afe a na wɔbɛyɛ wɔ adapɛn kakra a edi hɔ no ho ɔkasa.

Wɔ saa bere yi mu no, ahi a woyii Adansefo no ne huna a na wohunahuna wɔn no mu yɛɛ den. Na KGB kuw, Ɔman Ahobammɔ Bagua, no mufo tetɛw yɛn. Enti na yɛyɛ ahwɛyiye bere a yehuu sɛ wobetumi akyere yɛn abisabisa yɛn nsɛm no. Ahenni nnwom a na yɛto wɔ asafo nhyiam ahorow ase no hyɛɛ yɛn den wɔ honhom mu.

Wɔ July 3, 1950 mu no, wɔkae sɛ memfa me nsa nhyɛ Stockholm Abisade Krataa ase, abisade a obi de kyerɛ sɛ ɔmpene akode a wɔyɛ no so, a wɔbɔɔ amaneɛ sɛ nnipa bɛboro 273,000,000 a wɔyɛ Kankabi aman mufo titiriw na wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no. Bere a manyɛ saa, na mekae sɛ memfa me ho nhyehyɛ amammui nsɛm mu no, woyii me adi bio. Wɔ asɛm yi akyi no, wɔkyeree me, dii m’asɛm, na wobuu me fɔ de me too afiase wɔ adwumayɛban mu mfe 25.

Mifi Adwumayɛban Biako mu Kɔ Foforo Mu

Wɔ December 1950 mu no, wɔde yɛn mu pii guu kar a wɔde fa anantwi mu twaa kwan bɛyɛ kilomita 3,000 koguu beae a ɛbɛn Ural Mmepɔw a ɛpae Asia Russia ne Europa Russia mu hɔ. Wɔ hɔ no, wɔde me kɔɔ adwumayɛban ahorow pii mu. Na tebea no yɛ biako wɔ adwumayɛban no nyinaa mu—adwumaden ne aduan ketewaa bi. Na asram abien anaa abiɛsa ma mmerante a wɔn ho yɛ den dan teaseawu esiane saa tebea no nti. Nnipa pii wuwui. Ne titiriw no, yɛn a na wɔama yɛn nna tenten wɔ afiase hɔ no ansusuw da sɛ yebenya nkwa.

Afe a na minni Bible no nhoma biara na minhu Adansefo afoforo no, ɛyɛɛ den maa me yiye. Na ankonamyɛ no haw adwene yiye. Nanso minyaa denhyɛ wɔ honhom mu bere a afiase hɔfo no mu bi tiee Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a meka kyerɛɛ wɔn no. Awiei koraa no, minyaa mpae a mifi koma mu bɔe no ho mmuae, na wɔde me twaa kilomita 2,000 kɔɔ nnwumayɛban akɛse a ɛwɔ kesee fam wɔ kurow foforo Angarsk a ɛwɔ Siberia apuei fam no mu. Na wɔresi nnuruyɛdan kɛse bi wɔ hɔ, na nneduafo na na wɔreyɛ adwuma no mu fa kɛse no ara.

Wɔde me kɔɔ Adwumayɛban a ɛto so 13 a ɛbɛn beae a na wɔresi dan no. Ankyɛ koraa na mihuu Adansefo foforo, na wɔmaa me Ɔwɛn-Aban a aba foforo ne Informant, sɛnea na wɔfrɛ Yɛn Ahenni Som no, bi. Honhom fam apontow bɛn ara ni! Nanso na eyinom nyinaa fi he?

Ná wɔde Adansefo mpempem pii a wɔwɔ Ukraine akɔ nnommum mu wɔ Siberia wɔ April 1951 mu, na wɔde wɔn kɔɔ mmeae a ɛbɛn Angarsk. Anuanom yi nyaa Ɔwɛn-Aban ne nhoma afoforo na wotintimii wɔ kokoam de faa sum ase baa adwumayɛban ahorow mu. Yetumi nyaa Bible nso. Yɛkyekyɛɛ mu afa-afa momaa yɛn ho yɛn ho. Enti, sɛ ɛba sɛ wɔbɛhwehwɛ yɛn nneɛma mu a, Bible no fã bi pɛ na na yɛbɛhwere. Na yɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Teokrase Ɔsom Sukuu wɔ adwumayɛban mu hɔ mpo!

Aka kakra ma 1952 aba awiei no, wɔde me kɔɔ Adwumayɛban a ɛto so 8 mu. Wɔ March a edi hɔ no, yɛhyɛɛ Nkaedi no ho fã wɔ ɔdan ketewaa bi a na nneduafo no de wɔn nneɛma gu mu no mu. Nnipa 12 pɛ na wɔbaa ase—Adansefo 3 ne anigyefo 9. Mpanyimfo no behuu nhyiam a na yɛyɛ no ma enti wɔde me kɔɔ Adwumayɛban a ɛto so 12 a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hɔ no mu esiane sɛ wɔkae sɛ meyɛ “obi a mitu nkurɔfo aso” nti. Na Adansefo afoforo baanum a esiane sɛ wɔkaa asɛmpa no nti na wɔretwe wɔn aso no nso wɔ hɔ dedaw. Bere a yɛwɔ hɔ no, wɔhyɛɛ yɛn ma yɛde famtu dade ne sofi nkutoo tuu amoa kɛse bi.

Na nneduafo a wɔwɔ Adwumayɛban a ɛto so 12 mu no yɛ nsɛmmɔnedifo a wonnye koraa. Na mpanyimfo no nim pefee sɛ sɛ wɔde yɛn kɔka wɔn ho a, ɛbɛma yɛn abam abu. Nanso yɛkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na na yɛto Ahenni nnwom wɔ asraafo atrae hɔ. Da bi, bere a yɛtoo nnwom wiei no, nsɛmmɔnedifo a wɔwɔ adwumayɛban mu hɔ panyin ka kyerɛɛ Ɔdansefo biako sɛ: “Sɛ obi pɛ a ɔmfa ne nsa nka mo, anka mekum no!” Nsɛmmɔnedifo no bi mpo suaa yɛn Ahenni nnwom no na wɔtoo bi!

Wɔ 1953 mfinimfini mu hɔ no, woyii Adansefo pii fii adwumayɛban afoforo mu kɔɔ adwumayɛban 1 mu. Mfiase no, na Adansefo a yɛwɔ Adwumayɛban 1 mu no yɛ 48, nanso annu asram abiɛsa mpo na yɛn dodow no koduu 64. Yiw, saa bere no nnipa 16 na wogyee Bible mu nokware no na wɔbɔɔ wɔn asu! Ɛwom sɛ na mpanyimfo a wɔhwɛ adwumayɛban hɔ no hwɛ bere nyinaa sɛ wobehu sɛ yɛresom anaa, nanso na yetumi yɛ nhyiam na yɛbɔɔ nkurɔfo asu wɔ adwumayɛban no aguaree efisɛ na nea ɔhwɛ hɔ no yɛ Ɔdansefo.

Ahofadi ne Abusua

Adansefo no mu dodow no ara nyaa ahofadi fii adwumayɛban hɔ wɔ 1956 mu, na ɛmaa asɛmpa no ho asɛnkafo no hwete kɔɔ baabiara wɔ Soviet asasesin kɛse no mu. Wɔtew me mfe 25 afiasenna no so baa mfe 10 na awiei koraa no ɛbaa mfe 6 ne asram 6. Enti, me nso minyaa ahofadi wɔ February 1957 mu.

Midii kan kɔɔ Biryusinsk, kurow a ɛwɔ Siberia a efi hɔ kɔ atifi atɔe fam wɔ Angarsk bɛyɛ kilomita 600. Na wɔde Ukraine Adansefo pii akɔ saa beae hɔ dedaw, na yɛde anigye kekaa osuahu horow kyerɛɛ yɛn ho yɛn ho na yɛtee Adansefo a yenim wɔn dedaw no ho nsɛm. Mifii hɔ kɔɔ Borislav wɔ Ukraine bio, faako a na Ɔdansefo bi a ofi Ukraine a wɔfrɛ no Eugenia Bachinskaja te. Woyii no fii afiase afe ansa na wɔreyi me.

Na Eugenia yɛ Ɔdansefo kokodurufo a wobuu no kumfɔ 1950 mu esiane n’asɛnka adwuma nti. Nanso wobuu no kumfɔ akyi nnafua 18 no, wɔdan n’afobu no de no kɔtoo adwumayɛban soronko bi mu mfe 25. Ɛrekɔ 1957 awiei bere a mesan kɔɔ Ukraine no yɛwaree. Wɔ yɛn aware no akyi no, yɛpɛe sɛ yɛtra Borislav, faako a wɔbɔɔ me asu mfe akron a na abɛsen kɔ no. Nanso, wɔmaa me dɔnhwerew 48 sɛ memfa mfi Ukraine!

Mitu kɔɔ Caucasus wɔ Russia kesee fam, na akyiri yi Eugenia behyiaa me wɔ hɔ. Nanso, bere a yɛtraa hɔ bɛyɛ sɛ asram asia wɔ ɔdan ketewa bi mu no, yetu kɔɔ Biryusinsk kɔkaa yɛn nuanom Kristofo a wɔapam wɔn kɔ hɔ no ho. Na wɔn mu bɛyɛ 500 ne asafo horow anum na ɛwɔ Biryusinsk, na wɔpaw me sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ asafo biako mu. Yɛwoo yɛn mmabea Oksana ne Marianna wɔ 1959 ne 1960 mu. Na wɔkɔ nhyiam daa fi wɔn mmofraase, na wonyinyinii a na wonim asafo a ɛwɔ Siberia no honhom fam dwumadi nyinaa.

Na Siberia ɔman mpanyimfo no ma yɛn hokwan kakra de yɛ asafo mu dwumadi horow sɛ yɛde toto anohyeto a na ano yɛ den a wɔde baa yɛn dwumadi so wɔ Ukraine no ho a. Nanso, na ɛnyɛ mmerɛw ara sɛ yɛn asafo no nyinaa bɛbom ahyia. Na ayiyɛ ma yɛn nyinaa tumi hyiam. Wɔ mmere a ɛtete sɛɛ mu no, na anuanom kakra de Bible mu ɔkasa a ɛma denhyɛ ma. Nanso bere a mpanyimfo no huu nea na yɛreyɛ no, wɔyɛɛ ho biribi. Sɛ nhwɛso no, da koro bi, wɔma yegyaee santen a na yɛato rekɔsie obi no, na wohwim funnaka no kɔɔ asiei kosiei.

Yɛkɔ Ukraine Bio

Yɛsan kɔɔ Ukraine wɔ 1965 mu na yɛkɔtraa Kremenchug. Na Adansefo 12 pɛ na wɔwɔ saa kurow a ɛwɔ Borislav apuei fam bɛyɛ sɛ kilomita 800 no mu. Yɛtraa hɔ bɛyɛ mfe anum, na mpɛn pii wɔ saa bere no mu no, mesomee sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ asafo ahorow pii mu. Wɔ 1969 mu, bere a na yɛn mmabea no adi mfe akron ne du no, wɔma yetu kɔɔ kesee fam kɔboaa yɛn nuanom a na wɔwɔ kurow ketewa Molochansk mu no.

Wɔ Molochansk no, kuw a wɔfrɛ no KGB no frɛɛ me ne me kosusuw asɛm bi ho nnɔnhwerew kakra bi. Nokwasɛm ni, wɔfrɛɛ me saa ara mpɛn asia! Wɔ emu biara mu no, wɔkae sɛ wɔbɛma madi yiye daakye sɛ mene “Yehowafo” no twa abusuabɔ mu a. Awiei koraa no, KGB no annya me ho abotare bio na wɔde me ne Ɔdansefo foforo kɔtoo afiase afe.

Bere a m’afiasenna no baa awiei no, me ne m’abusua no tu kɔɔ kurow ketewa bi a ɛbɛn Kremenchug wɔ 1973 mu. Na yɛyɛ Kristofo nhyiam wɔ kokoam wɔ yɛn fie, na yɛyɛɛ Kristo wu no ho Nkaedi wɔ 1974 mu nso. Ade kyee no, wɔbɛhwehwɛɛ yɛn fie hɔ na wɔkyeree me.

Asɛnni, Adwumayɛban, ne Dommumkɔ

Wodii m’asɛm wɔ kokoam, na wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nkutoo na wɔbaa ase. Na wɔn a wɔbaa ase no yɛ adwuma mu mpanyimfo ne ɔman mpanyimfo a wodi mũ. Misii gyinae sɛ memfa mmaranimfo biara na wɔmaa me simma 45 sɛ memfa nka m’asɛm. Ade rebɛkye ma wɔadi m’asɛm no, Eugenia ne yɛn mmabea no buu nkotodwe bɔɔ mpae, a na ɛnyɛ sɛ wɔbɛtwe m’aso kakraa bi anaasɛ wobegyae me, na mmom sɛ metumi adi Ahenni no ne Yehowa din kronkron no ho adanse a etu mpɔn.

Ɔtemmufo no kenkanee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm pii de fii asɛnni no ase. Ɔtemmufo no ani annye nea atiefo no yɛe no ho. Bere a nkurɔfo no tee sɛ wiase bɔne yi betwam wɔ Harmagedon na Onyankopɔn Ahenni na ebedi asase so no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa—na na wonhu nea wonyɛ. Ɔtemmufo no huu ne mfomso ntɛm, na bere a na mereka m’asɛm a etwa to no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano denam m’ano a na otwitwa mpɛn pii no so. Nanso, denam yɛn nhoma horow a ɔkenkanee no tee so no, ɔtemmufo no de adanse a ɛfata mae, na m’ani gyei kɛse. Nanso, wɔde me too afiase mfe anum ma mekɔyɛɛ adwumaden, na wɔde me kɔɔ dommum mu mfe anum nso.

Me ne nsɛmmɔnedifo a wonnye koraa na ɛtrae wɔ mfe anum a edi hɔ no wɔ atifi fam wɔ Yodva adwumayɛban a ɛwɔ Komi Soviet Adehyeman no fã ase no mu. Saa bere no minyaa hokwan pii kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nneduafo 1,200 ne mpanyimfo a wɔwɔ adwumayɛban hɔ no. Bere a woyii me wɔ 1979 mu no, wɔde me kɔɔ dommum mu wɔ Vorkuta wɔ Arctic Po ho. Bere a minyaa adwuma ne dan wɔ Vorkuta no ara na m’abusua bɛkaa me ho.

Wɔka sɛ nneduafo pii ne Adansefo a na wɔyɛ nneduafo wɔ mfe du du a atwam no mu bebree wuwui bere a na wɔreyɛ adwuma wɔ Vorkuta adwumayɛdan ahorow mu no. Ɛnnɛ ɛyɛ kurow ankasa a adwumayɛban biara nnim. Nanso wohu mogya adansefo bebree a wɔde wɔn nkwa yii Yehowa ayɛ no amu wɔ asukyenee a ɛwɔ kurom hɔ no mu.

Nyamesom Ahofadi Ho Anigye

Yetuu kwan fii Vorkuta wɔ 1989 mu kɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam abien a wɔyɛe wɔ Poland no. Na ɛnyɛ yɛn aniwu sɛ yefi nusu mu daa anigye adi bere a yehuu Kristofo anuanom a na wɔwɔ Warsaw ne Katowice sɛ wɔde anigye bɔ fekuw a wonsuro sɛ wɔbɛkyere wɔn no. Ná anidaso bi anya ne mmamu. Yɛsan kɔɔ Vorkuta a na yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛm.

Nanso, wim tebea a ɛwɔ Arctic Po no so no nye koraa ma ɛhaw Eugenia akwahosan. Enti yetu kɔɔ Kremenchug wɔ bere a na afe no rekɔ n’awiei no mu, na yɛde anigye resom Yehowa wɔ ahofadi kɛse mu mprempren. Yɛn nsenom baanu no nyinaa yɛ mpanyimfo wɔ asafo a ɛwɔ Ukraine ha no mu. Na yɛn mmabea no yɛ akwampaefo, sɛnea wɔfrɛ bere nyinaa asomfo no, ɛmfa ho sɛ wɔretete mmofra baanan no.

Ɛtɔ da bi a, mekae bɔ a mehyɛe wɔ akono wɔ bɛyɛ mfe aduonum a atwam wɔ 1945 mu no. Nea ɛbɛyɛ na matumi adi so no, Yehowa maa minyaa nimdeɛ a edi mu koro no ara, a aboa afoforo ɔpempem pii ma wɔahyɛ bɔ koro no ara bi—sɛ wɔbɛsom Yehowa daa. M’asi me bo ara sɛ medi saa bɔhyɛ no so!

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 27]

RUSSIA

Vorkuta

Lviv

Borislav

UKRAINE

Kremenchug

Molochansk

Caucasus

Biryusinsk

Angarsk

Yɛne yɛn mmabea baanu, wɔn kununom, ne wɔn mma baanan no

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena