Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 17-19
  • Dɛn na Enye Koraa Wɔ Nsekudi Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Enye Koraa Wɔ Nsekudi Ho?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Yɛyɛ Saa
  • Nseku a Epira Ho Afiri
  • Dinsɛe Ano a Wubesiw
  • Aso a Wɔyɛ Tie—Nsekudi Fã Foforo
  • Nseku—Bɔne Bɛn na Ɛwɔ Mu?
    Nyan!—1991
  • Sɛ Nkurɔfo Rekeka Me Ho Nsɛm Nso Ɛ?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Nseku A Ɛsɛe Ade Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Sɛnea Wobetumi Asiw Nseku A Epira Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 17-19

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn na Enye Koraa Wɔ Nsekudi Ho?

“Wɔ ntoaso sukuu a mekɔ mu no, abɛyɛ te sɛ nsanyare. Yɛmfa nnubɔne anaa atuo nni dwuma, na yɛnko wɔ hɔ nso—yedi nseku. Ɛno ne yɛn haw titiriw.”—Michelle a wadi mfe 16.a

EBINOM ka sɛ ɛyɛ dɛ. Afoforo nso ka sɛ epira. Abu so wɔ nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa, ne television so dwumadi ahorow mu. Ɛno ne nea ɛma nkɔmmɔ pii sɔ. Ɛyɛ dɛn ade? Nkurɔfo ho nsɛm ne wɔn kokoam nsɛm ho nkɔmmɔ a yɛbɔ, a yɛka no ɔkwan foforo so sɛ nseku no.

Gyama biribiara nni hɔ a ɛtwe yɛn adwene ntɛm sen nsɛm yi, “Woate asɛm a aba?” Nea edi nsɛm a ɛte saa akyi no betumi ayɛ nokware anaa bɔsrɛmka—anaa ne nyinaa bi. Sɛnea asɛm no te biara no, nea ɛtwetwe obi ma ɔde ne ho hyɛ nsekudi mu no betumi ayɛ nea tumi wom. Lori a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ wobɛyɛ obi a nnipa afoforo ho nsɛm mfa wo ho. Ayɛ te sɛ nea woahyɛ wo nnamfo bɔ sɛ sɛ wunya asɛm bi a ɛyɛ dɛ a, ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn.”

Nea Enti a Yɛyɛ Saa

Dɛn nti na yehu nsekudi sɛ anigyesɛm saa? Ade biako ne sɛ, adesamma yɛ asetra mu abɔde. Wɔ ɔkwan foforo so no, nkurɔfo asɛm fa nnipa ho. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛbɛba da bi sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ bɛdan akɔ nsɛm foforo a ɛresisi wɔ yɛn nnamfo ne nkurɔfo a yenim wɔn asetra mu so.

So eyi yɛ mfomso? Ɛnyɛ bere nyinaa. Mpɛn pii no, nkɔmmɔ a yɛanhyɛ da sɛ yɛredi no ma yetumi te nsɛm a mfaso wɔ so, te sɛ hena na ɔrebɛware, hena na wawo foforo, ne hena na ɔyare. Afeha a edi kan mu Kristofo mpo kaa nsɛm a na ɛrekɔ so wɔ wɔn mfɛfo gyidifo asetram ho asɛm. (Efesofo 6:21, 22; Kolosefo 4:8, 9) Nokwarem no, yɛn nnamfo ne yɛn mfɛfo ho nkɔmmɔ a yɛbɔ no yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so di nkitaho na yekura abusuabɔ pa mu.

Nseku a Epira Ho Afiri

Nanso, ɛtɔ da bi a, biribi foforo na ɛkanyan yɛn ma yedi nea ɛrekɔ so wɔ afoforo asetram ho nkɔmmɔ na ɛnyɛ sɛ yedwen wɔn ho ntia. Sɛ nhwɛso no, Deidra a wadi mfe 18 no ka sɛ: “Nkurɔfo di nseku sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu wɔn. Wosusuw sɛ wɔnam nim a wonim asɛm bi a ɛyɛ dɛ sen nea obi aka ho asɛm akyerɛ wɔn kɛkɛ no so betumi [anya din].” Ɔpɛ a nsekubɔfo no wɔ sɛ ɔbɛma afoforo ani agye ne ho no betumi aka no mpo ma wakyinkyim nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu no. Rachel a wadi mfe 17 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wunim asɛm no a, wowɔ tumi a wode bɛka no sɛnea wopɛ. Ɛte sɛ w’ankasa w’asɛm, wubetumi ayiyi asɛm no mu sɛnea wopɛ no.”

Ɛtɔ da bi a, wɔde atoro nseku di dwuma de tua nea obi ayɛ so ka. Amy a wadi mfe 12 no ka sɛ: “Mekekaa atosɛm faa me yɔnko ho bere bi. Meyɛɛ eyi efisɛ na waka me ho asɛm.” Dɛn na efi mu bae? “Mfiase no adwene a minyae ne sɛ, Ɔtwea, mayɛ bi atua no ka.” Nanso, Amy kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ankyɛ na egyee me nsam na me ho fii ase hiahiaa me wɔ nea meyɛe no ho sen sɛnea sɛ mekaa m’ano toom koraa a anka mɛte nka no.”

Ɛnyɛ den sɛ wubehu nea nsekudi betumi ayɛ, sɛnea adwene mu ayaresa ho ɔbenfo bi ka ho asɛm no, “ɛte sɛ ogya a egye nsam ntɛm so.” (Fa toto Yakobo 3:5, 6 ho.) Sɛ ɛba saa a, nea efi mu ba no betumi ayɛ asiane kɛse. Sɛ nhwɛso no, dɛn na ebesi sɛ wɔka asɛm bi a anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ kokoam asɛm ma obiara te a? Anaasɛ sɛ ɛba sɛ nsɛm a wɔrekeka no yɛ atoro, na wonam ka a woka ma obiara te no so sɛe din pa a obi wɔ no ɛ? Bill a wadi mfe 12 no ka sɛ: “Me nnamfo mu biako fii ase kekae sɛ menom nnubɔne, a na ɛnyɛ nokware. Ɛyɛ yaw ankasa.”

Dinsɛe Ano a Wubesiw

Bible no fi ntease pa mu ka sɛ “owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam.” (Mmebusɛm 18:21) Yiw, yɛn kasa betumi ayɛ sɛ nnwinade a wɔde si dan anaa akode a wɔde sɛe ade. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ nnipa pii de wɔn tɛkrɛma sɛe afoforo. Wɔte sɛ ebinom a odwontofo Dawid kaa wɔn ho asɛm sɛ “Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fõ, sɛ wɔbɛtow abɔ nea ɔyɛ pɛ no kokoam.”—Dwom 64:2-4.

Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no de nsɛm a ɛnyɛ nokware kyinkyin, efisɛ Bible no ka sɛ ‘Yehowa akyide ne atoro ano.’ (Mmebusɛm 12:22) Asɛm a yenim sɛ ɛnyɛ nokware a yɛbɛhyɛ da akeka akyerɛ nkurɔfo no yɛ atorodi, na Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘yi atoro kyene’ na ‘obiara di ne yɔnko nokware.’—Efesofo 4:25.

Ɛno nti ansa na wobɛka obi ho asɛm no, bisa wo ho sɛ: ‘So minim nokwasɛm no ankasa? So nea mɛka no bɛma nea ɔretie me no abu nipa a mereka ne ho asɛm no animtia? Sɛ saa a, dɛn ne adwene a mede reka asɛm no?’ Kae eyi: Yɛ a asɛm bi yɛ nokware no nkyerɛ sɛ bɔ ho dawuru—titiriw sɛ asɛm no bɛsɛe din pa a obi wɔ a.

Asɛm foforo a ɛsɛ sɛ wubisa nso ne sɛ, ‘nsekudi betumi aka din pa a mewɔ no dɛn?’ Yiw, wonam nseku a wudi so ka biribi fa wo ho. Sɛ nhwɛso no, Kristen ka sɛ: “Sɛ wutumi nya bere pii ka nkurɔfo ho nsɛm a, na ɛkyerɛ sɛ ebia w’ankasa asetra nyɛ anigye.” Lisa behuu sɛ din a na wanya sɛ osekubɔfo no maa ahotoso a na n’adamfo a ɔbɛn no wɔ wɔ ne mu no sɛee. Ɔka sɛ: “Eduruu baabi a na n’adwene mu yɛ no naa wɔ me mu ahotoso a obenya no ho. Ná ɛyɛ awerɛhosɛm—na ɛsɛ sɛ mekyerɛ sɛ obetumi de ne ho ato me so.”

Sɛ wonim wo sɛ obi a odi nseku a, nkurɔfo betumi ahu wo sɛ obi a obetumi apira afoforo, na wɔrempɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ wo bio. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Osekubɔfo nenam keka ahintasɛm; mfa wo ho mmɔ obi a ontumi nka n’ano ntom.” (Mmebusɛm 20:19, Beck) Nanso so wunim sɛ wubetumi de wo ho ahyɛ nsekudi mu wɔ bere a wonkasa?

Aso a Wɔyɛ Tie—Nsekudi Fã Foforo

Anyɛ yiye koraa no egye nnipa baanu na wɔadi nseku—ɔkasafo ne otiefo. Bere a ebetumi ayɛ sɛ nea ɔretie no nni fɔ kɛse te sɛ nea ɔreka asɛm no, Bible da asɛm no adi wɔ ɔkwan soronko koraa so. Wɔ Mmebusɛm 17:4 no, yɛkenkan sɛ: “Bɔneyɛfo tie ahuhude ano, ɔtorofo yɛ asõ ma mmusubɔ tɛkrɛma.” Ɛno nti nea otie nseku no wɔ asodi a emu yɛ duru. Nhoma kyerɛwfo Stephen M. Wylen ka sɛ: “Wɔ akwan bi so no ɛyɛ bɔne kɛse sɛ wubetie nseku sen sɛ wubedi nseku.” Dɛn nti na ɛte saa? Wylen toa so sɛ, “ɛdenam anigye a wode tie so no, wohyɛ nea ɔreka asɛm no nkuran ma ɔtoa so.”

Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ bere a wɔresɛe obi akyerɛ wo no? Bere a wonkasa te sɛ nea worebu wo ho treneeni no, wubetumi aka tiawa sɛ: ‘Ma yɛnsesa asɛm a yɛreka no’ anaa, ‘M’ani nnye ho sɛ medi eyi ho nkɔmmɔ. Nea ɛte biara no, onii no nni ha na wayi n’ano.’

Nanso sɛ nkurɔfo twe wɔn ho fi wo ho esiane sɛ wompɛ sɛ wunya wɔn nkɔmmɔbɔ mu kyɛfa nso ɛ? Wɔ ɔkwan bi so no eyi bɛbɔ wo ho ban. Ɔkwan bɛn so? Nokwarem no, kae sɛ obi a odi afoforo ho nseku kyerɛ wo no bedi wo ho nseku nso akyerɛ afoforo. Saa nti, wubetumi abɔ wo ho ban afi awerɛhow dodow ho denam mmofra ne mpanyin a wɔmfa wɔn kasa mmrɛ afoforo ase a wobɛbɛn wɔn no so. Wylen ka sɛ: “Biribiara a nseku a wunni nti wobɛhwere no, ɛrenkyɛ wubehu sɛ wonhweree hwee sɛ yaw na anka wubedi. Awiei koraa no wubehu sɛ eye ma wo efisɛ wubenya din pa sɛ obi a wotumi de ho to ne so.”

Nea ɛho hia kɛse no, wubenya din pa wɔ Onyankopɔn anim. N’ani gye sɛnea yɛka afoforo ho nsɛm no ho, efisɛ Yesu Kristo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmu da. Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bebu wo fɔ.”—Mateo 12:36, 37.

Ɛnde, na nyansa wom sɛ yebedi ɔsomafo Paulo afotu yi akyi: “Na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na mommfa mo ho nnnyigye afoforo nsɛm mu.” [NW] (1 Tesalonikafo 4:11) Eyi a wobɛyɛ no bɛboa wo ma wo ne afoforo ntam abusuabɔ pa atra hɔ na woanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim nso.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛasesa edin horow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

[Kratafa 19 adaka]

“Wiase Nseku Afiri a Ɛkyɛn Biara”

So woate asɛm a aba? Ɛdenam kɔmputa nkitahodi E-mail a wɔayɛ so no, nseku adu nyansahu ho nimdeɛ mu. Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, nhoma kyerɛwfo Seth Godin frɛ E-mail sɛ “wiase nseku afiri a ɛkyɛn biara.” Bere a ogye mfaso a ɛwɔ so tom no, ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Obi betumi aka asɛm a ɛyɛ nokware anaa asɛm a wɔakyea no de afi ase, na prɛko pɛ nnipa mpempem pii nso bɛte.”

E-mail tumi du atiefo a wɔwɔ akyirikyiri nkyɛn—na edu wɔn nkyɛn ntɛm so nso. Godin ka sɛ: “Ɛno ne ɔkwan foforo a wɔfa so di nkitaho a tumi wom a wɔde kyerɛw nsɛm mena a ɛkɔ ntɛm te sɛ telefon.” Ɛnde, na nyansam no, sɛ wode nsɛm remena E-mail so a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma asɛm a woreka no mu ada hɔ yiye. Na ɔkwan biara so no, kwati sɛ wobɛka asɛm a enni nnyinaso akyerɛ wo nnamfo.

[Kratafa 18 mfonini ahorow]

Obi a odi afoforo ho nseku kyerɛ wo no . . . bedi wo ho nseku akyerɛ afoforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena