Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 6/8 kr. 10-11
  • ‘Ná Ɛsɛ Sɛ Me Yere Yɛ Adwuma’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ná Ɛsɛ Sɛ Me Yere Yɛ Adwuma’
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyere Akatua—So Ɛfata Ɛho Ɔbrɛ No?
    Nyan!—1985
  • ‘Me Yere Gyaee Adwuma a Ɔyɛ No’
    Nyan!—1985
  • “Monwɛn”
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • So Wubetumi Asom Wɔ Amannɔne Asase Bi So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Nyan!—1985
g85 6/8 kr. 10-11

‘Ná Ɛsɛ Sɛ Me Yere Yɛ Adwuma’

Nyan!: Dɛn na woyɛ de hwɛ w’abusua, John?

John: Mɛyɛ kyerɛwtohɔ ahorow ho adwuma wɔ adwumayɛbea bi.

Nyan!: Na wo nso ɛ, Carrie?

Carrie: Mehwɛ nnipa a wɔanyinyin na meyɛ adwuma ma wɔn wɔ wɔn afie mu.

Nyan!: Dɛn na ɛma wufii ase yɛɛ adwuma?

Carrie: Sikasɛm tebea no. Ɔdan ne aduan ho ka fii ase kɔɔ soro na na ɛte sɛ nea yɛntumi nhwɛ yɛn ho.

John: Wɔ ha no, anyɛ yiye koraa no awarefo hia $1,200 kosi $1,400 na wɔde ahwɛ wɔn ho ɔsram biara. Yɛn dan ho ka boro $400 ɔsram biara. Aduan ho ka kɔ bɛyɛ $50 dapɛn biara. Na yetua kar, ntade ne nneɛma a wosiesie ma yɛn no ho ka.

Nyan!: Enti Carrie kɔyɛɛ adwuma ntɛm ara?

John: Ɛnyɛ ntɛm ara. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ adwuma bere a yɛapɔn. Ɛtɔ bere bi a meyɛ adwuma nnɔnhwerew 10 anaasɛ 11 da koro​—nnɔnhwerew 5 anaasɛ 6 Memeneda.

Carrie: Yiw, na ɛyɛ den ma yɛn nyinaa. Na yentumi nnya bere mfa nyɛ ade mmom. Sɛ ɔba fie na odi n’anwummeduan wie ara pɛ a, ntɛm ara na wakɔda. Nanso na yentumi nhwɛ yɛn ho ara.

John: Na minim sɛ merentumi nkɔ so nyɛ saa bere tenten. Ɛne sɛ, mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Nanso bere a na merenya nkɔso no mifii ase hui sɛ minni bere ma saa adwuma yi nyinaa. Na mihia bere a mede bɛyɛ honhom mu nneɛma ahorow te sɛ Kristofo nhyiam horow a mɛkɔ. Enti misii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ migyae adwuma a meyɛ bere a yɛapɔn no. Nanso yɛtwɛn kosii sɛ yen babea no nyin kakra. Na mepɛ ankasa sɛ Carrie tra fie kosi sɛ obewie sukuu. Nanso bere a ɔkɔɔ ntoaso sukuu no Carrie kɔyɛɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ wɔ aguadidan ahorow mu. Na akyiri yi yesii gyinae sɛ eye se obenya adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ.

Nyan!: Carrie, so wudi yaw wɔ adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ no ho?

Carrie: Dabi. Na mitumi hu ɔhaw a ɛda John so no. Enti m’ani gyei sɛ mitumi boae.

Nyan!: Adwuma a moyɛ no aka mo abusuabɔ dɛn?

Carrie: Wiɛ, mprempren a John mfa bere pii nyɛ adwuma bere a wɔapɔn no, yenya bere pii ma yɛn ho yɛn ho.

John: Wɔ saa kwan yi so no, adwuma a Carrie reyɛ no ama nneɛma ayɛ yiye kakra efisɛ ama sika fam ahokyere no so atew. Nanso yɛhwɛ yiye senea ɛbɛyɛ a yebenya bere ama yɛn ho yɛn ho.

Carrie: Yɛn ani gye tra a yɛtra ase na yɛbom susuw nneɛma ho no ho. Yebom kodi gua. Na yɛyɛ yɛn adapɛn awiei ahorow no ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ adwuma abom wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu​—yɛn ani gye eno ho titiriw.

John: Ɛno ne bere a yɛyɛ ade bom sen biara.

Nyan!: Na ofie hɔ adwuma no nso ɛ?

Carrie: Yɛbom yɛ. Obiara wɔ n’ankasa adwuma ahorow. Me na menoa aduan, na nea eye ne se, John ani gye aduan biara a menoa no ho. Sɛ mabrɛ na meyɛ salad ara kwa a, n’ani gye ho. Yɛn babea no hohoro nneɛma mu na John yɛ nneɛma ahorow te se ɔdan mu aprapra ne nnuru ahorow a wɔde srasra nkongua ho.

Nyan!: So eyi yɛ nyɛ den bere a moapɔn adwuma no?

John: Yiw, ɛte saa. Nanso mpɛn pii yetumiyɛ adwuma no. Minim sɛ merenyɛ ofie hɔ adwuma no mu pii sɛ anka Carrie traa fie da mũ no nyinaa a.

Nyan!: So mususuw sɛ ɛyɛ adwempa sɛ okunu ne ɔyere nyinaa bɛyɛ adwuma?

John: Ɛnyɛ papa, sɛ ɛho nhia sɛ moyɛ saa a. Enye sɛ awarefo de wɔn ho bɛto ɔyere akatua so kɛse. Dɛn na ebesi, sɛ ɔyare anaasɛ ɔfa afuru a? Ahokyere foforo a ɛbɛba abɛka ho no betumi ayɛ ɔhaw ankasa ama awarefo nkumaa. Enti yɛwɔ anidaso sɛ yebetumi asakra yɛn mprempren tebea yi daakye na yɛn nyinaa ayɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ. Wɔ saa kwan yi so no, yebetumi de nnɔnhwerew pii adi dwuma wɔ Kristofo som adwuma no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena