Adwuma a Wɔyɛ wɔ Fie—-So Wubetumi Ayɛ?
MMEA pii a wohia sika kakra de aka akatua a wɔde hwɛ abusua no ho nanso wɔmpɛ sɛ wogyae wɔn adwuma sɛ mmea awarefo no asɔ biribi a ɛyɛ anigye ahwɛ: adwuma a wɔyɛ wɔ fie. Wɔ Japan no, nnipa bɛboro ɔpepem biako de wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛte saa mu. Mmea pam Kimonos anaa ntade afoforo, wobu kotoku mu dukuu ano anaasɛ wodi mu adwini. Ebinom mpo hyehyɛ mfiri anaasɛ kar ahorow afã bi. Na sɛ wususuw sɛ yɛabobɔ nnwuma ahorow a wobetumi ayɛ no din awie a, pii nso ni: aduan a wɔnoa ma adidibea ahorow; akatawia a wɔpompam; nhwiren ahorow a wɔyɛ; krataa kotoku ahorow a wɔyɛ, agyiraehyɛde ahorow anaasɛ kotoku ne nnaka a wɔde nnuaba gu mu.
Nanso ansa na wode saa hokwan no bɛyɛ adwuma a ɛte saa no, susuw nneɛma kakraa yi ho: Hwɛ yiye wɔ dawurubɔ ahorow biara a ɛhyɛ wo bɔ sɛ ɛbɛma woanya wo ho ntɛm ara no ho. Hwɛ yiye nso bere a ɛho hia sɛ wosɛe sika pii wɔ afiri .. anaasɛ adwinnade ahorow ho no. Mpɛn pii adwumakuw ahorow a ɛte sɛɛ ‘ka sɛ ɛyɛ wɔn yaw sɛ wɔbɛma w’aso ate sɛ wɔrentumi mma wo adwuma nyɛ mprempren yi ara bere a woasɛe wo sika no akyi. Anaasɛ ebia wɔremfa akatua a wɔahyɛ wo ho bɔ no mma esiane adwuma a wɔkyerɛ sɛ enni mu a woyɛe nti.
Hwɛ yiye nso efisɛ mpɛn pii sɛ woyɛ adwuma wɔ fie a, worennya ahobammɔ ho sika (insurance) biara, sɛ ɛba sɛ wupira a. Na ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wotua tow ahorow, enti sɛ woyɛ wo ankasa adwuma a yɛ ho kyerɛwtohɔ na ama woatua tow ahorow. (Mateo 22:21) Bio nso, ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ n’ankasa adwuma wo fie no bisa aban mpanyimfo a wɔwɔ kurow no mu nsɛm a ɛfa adwumayɛ ho mmara a ɛwɔ ɔmansin no mu, aguadi ho mmara, ɛho ntetee anaasɛ ɛho nhoma a wogye anaasɛ nneɛma afoforo a mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ wɔ ho bere nyinaa no ho.
Awiei koraa no, hu sɛ adwuma a wɔyɛ wɔ fie hia ahosodi. Adwuma a ɛte saa no betumi ayɛ den a ɔbrɛ wom. Na ɛnyɛ den sɛ wubebu w’ani agu ofie hɔ nnwuma ahorow no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so ayɛ w’adwuma no. Nanso sɛ wutumi hwɛ so yiye a, adwuma a wɔyɛ wɔ fie betumi ayɛ ɔkwan pa a wɔnam so tumi ma sikasɛm ne ofie nnwuma ahorow no kari pɛ.