‘Me Yere Gyaee Adwuma a Ɔyɛ No’
Nyan!: So wo yere ayɛ adwuma pɛn?
Cleve: Ɔyɛɛ adwuma bɛyɛ afe biako bere a yɛwaree no akyi. Afei onyinsɛnee na na ɛsɛ sɛ ogyae.
Nyan!: So ɔsan kɔyɛɛ adwuma bio bere a ɔwoo abofra no akyi?
Cleve: Ɛyɛ serew. Bere a ogyaee adwuma akyi no, mihui sɛ na ne sika no ho nhia me ankasa.
Jeane: [Ɔserew] Cleve anhu hia a na ɛho hia no kɛse ankasa! Na metaa tɔ mpaboa, ntade, biribiara—wanka ho asɛm biara. Nokwarem no, mehwɛɛ bere nyinaa sɛ metua yɛn ka ahorow nyinaa. Nanso sɛ mepɛ ntade abien anaa abiɛsa a, metɔ ne nyinaa.
Nyan!: Enti so na ɛsɛ sɛ wode wo bere pii yɛ adwuma bere a moapɔn?
Cleve: Mekae sɛ bere bi na mihia sika bi a mede besiesie me kar. Enti mede bere kakra yɛɛ adwuma bere a yɛapɔn. Na mede nnɔnhwerew pii yɛ adwuma na na minya sika kakra ka m’akatua no ho. Nanso mantumi amfa kaprɛ ansie wɔ asram asia ntam.
Nyan!: Dɛn na esii?
Jeane: Na ɛte sɛ nea dodow a onya sika no, dodow no ara na na yedi.
Cleve: Sika no sae a yɛanhu ho hwee. Wɔ eyi akyi no, na saa adwuma a meyɛ bere a yɛapɔn yi mma mintumi nkɔ me Kristofo nhyiam horow no. Enti wɔ asram asia akyi no, migyae adwuma a meyɛ bere a yɛapɔn no na wɔ asram bi mu no mitumi siee sika a ɛdɔɔso de siesiee kar no.
Nyan!:Jeane, so woasan akɔyɛ adwuma bio?
Jeane: Yiw, Wɔ ahohuru bere a etwaam no mu no, mekae sɛ mihia sika pii enti mekɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔhwɛ mmofra no. Nanso meyɛɛ adwuma asram abiɛsa pɛ. Mihuu nsakrae bi wɔ me babea ketewaa a wadi mfe asia no ho. Na Cleve yɛ anadwo dwuma na ama watumi ahwɛ no bere a ade akye no. Na afei da koro anadwo na ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma kyɛ.
Cleve: Na mada na bere a minyanee no na minhu no. Mefrɛɛ no. Wannye so. Mehwɛe mfɛnsere no mu, ɔpon no ano, abranna no so—mehwɛɛ mpa no ase—na ehu akã me! Afei ofii ɔdan a yɛde yɛn ntade sensɛn mu no mu puei a ɔreserew. Na ehu aka me kɛse araa ma mantumi antwe n’aso mpo.
Jeane: Bere a metee eyi na misusuw ɔkwan a me ba no nam so de ne ho fam me ho kɛse ho no, mifii ase hui sɛ ɔpɛ sɛ m’ani kũ ne ho ara kwa. Enti misii gyinae sɛ mfaso nni so sɛ mɛyɛ adwuma. Na sika biara a minya no yɛ nea yɛde tua tow ahorow, yɛde tɔ awia aduan na yɛde tɔ ntade ahorow. Enti migyaee
Nyan!: Nanso so adwuma a woagyae no nyɛ biribi a moahwere wɔ sika fam?
Jeane: Yehowa Nyankopɔn ahwɛ yɛn bere nyinaa. Na yɛte nka sɛ Yehowa de asɛyɛde a ɛne sɛ awofo nhwɛ wɔn mma ahyɛ yɛn nsa. Na yetumi hu sɛ yɛnhwɛ yɛn ba no yiye ne sɛ, na ɛho hia sɛ mede bere pii tra ne nkyɛn. Na ɛno ho hia yɛn kɛse sen adwuma bi.
Cleve: Na bio nso, na sika kakra a yenya ka ho no mmoa yɛn ahe biara ankasa. Nea yɛwɔ no dɔɔ yɛn so. Yɛnyɛ adefo nanso enhiaa yɛn nso ɛ. Mihu nkurɔfo a mene wɔn yɛ adwuma sɛ ɛtɔ bere bi a wɔyɛ adwuma nnanson wɔ dapɛn no mu. Masɔ ahwɛ. Anyɛ yiye amma me.
Jeane: Minim sɛ bere no mu yɛ den, nanso yegye Bible bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 6:33 a ese sɛ wohwehwɛ Ahenni no kan a, Onynkopɔn bɛhwɛ wo no di ankasa
Nyan!: Enti mprempren yi wode wo bere yɛ dɛn?
Jeane: Wɔ asram abiɛsa a atwam no mu no, mede nnɔnhwerew 60 rekyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no. Ɛyɛ anigye ɛnkasa!
Nyan!: So wususuw sɛ ɛsɛ sɛ ɛnanom tra fie?
Jeane: Sɛ ebetumi a. Nanabea nyɛ obi a obetumi asi ɛna ananmu.