Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 6/8 kr. 4-9
  • Ɔyere Akatua—So Ɛfata Ɛho Ɔbrɛ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyere Akatua—So Ɛfata Ɛho Ɔbrɛ No?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wohia no Nea Wɔpɛ a Edi Asi
  • ‘Nea Ɛsen Kɛtɛ a Wɔsɛw ne Aduannoa’
  • Fa Wo Tebea No Di Dwuma Sɛnea Wubetumi!
  • Gye Sɛ Wohwere Biribi Ansa na Woatumi Ayɛ Adwuma
    Nyan!—1985
  • Sɛnea Ɔbaatan Betumi Anya Akomatɔyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Mmea A Wɔyɛ Adwuma—Adwene A Wɔwɔ Wɔ Ho Wɔ Wiase Aman A Ɛto So Abiɛsa No Mu
    Nyan!—1986
  • ‘Obi Fifo a Ɔbɛhwɛ Wɔn’—Sɛnea Wobedi Ɔhaw no Ho Dwuma wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 6/8 kr. 4-9

Ɔyere Akatua​—So Ɛfata Ɛho Ɔbrɛ No?

ƆBEA biako a ɔyɛ adwuma kae sɛ, “Bere a na mewɔ fie bere nyinaa no na mema yɛn fie hɔ tew araa ma na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ nneɛma foforo bi yɛ wɔ fie hɔ. Ná mepɛ ahotew. Sɛ nhwɛso no, na kuntu kɛtɛ a wɔde sɛw ɔdan mu a ayɛ dedaw sɛw yɛn asã so, na sɛ obi tiatia so a, meprapra so ma ɛso nhwi no sɔre gyinagyina fɛfɛ bio.” Ɔde ka ho bere a ɔreserew no sɛ. “Nanso mintumi nyɛ saa, mprempren a meyɛ adwuma no.” Nanso ebia ne kunu mfa no sɛ ɛyɛ asɛm a ɛhaw adwene pii saa. Ɔde ka ho wɔ ɔkwan bi a ɛkyerɛ sɛ ɔredi awerɛhow so sɛ, “Wiɛ, sɛ wo kuntu kɛtɛ a wɔde sɛw ɔdan mu no nhwi sɔre gyinagyina a, ɛyɛ fɛ ampa.”

Saa nsɛm kakra yi da asɛm bi a ɔkyerɛkyerɛfo William Michelson kae wɔ ne nhwehwɛmu a emu dɔ a ɔyɛe wɔ mmea a wɔyɛ adwuma ho mu no adi:a Bere a ɔyerenom pii betumi ayɛ adwuma na wɔasan ayɛ ofie nnwuma ahorow no, saa a ɔbɛyɛ no bɛma “wagyae nneɛma ahorow bi yɛ na ama wahwere nneɛma ahorow bi.” Ebia awarefo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no hui sɛ ɔyere a ɔyɛ adwuma no rennya bere​—anaa ahoɔden​—-a na ɔwɔ bere a ɔyɛ ɔbea warefo a ɔde ne bere nyinaa tra fie de yɛ adwuma wɔ fie hɔ no. Na wɔ ebinom fam no, eyinom yɛ nneɛma a ɛsom bo kɛse a wɔhwere.

Ɛyɛ nokware sɛ mmea pii koma tɔ wɔn yam kɛse bere a wɔma wɔ mmusua nya ofie a emu tew ne aduan a ɛyɛ dɛ di no. Na ɛte saa, efisɛ Bible no kamfo “ɔyepa” a ɔde nsiyɛ “hwɛ ne fifo kɔree ne bae so” no. (Mmebusɛm 31:10, 27) Sɛnea ɔbea biako kae no, ‘Sɛ menoa biribi a ɛyɛ dɛ a yebedi anwummere, anaasɛ minya bere foforo de yɛ biribi ma m’abusua no a, me ba a wadi mfe 15 no ka sɛ, “Mama, woayɛ adwuma ma aboro so ampa,” ɛno ye paa, na ɛsom bo kɛse pii sen dibea a wɔde bɛma me wɔ adwuma biara mu anaasɛ adwuma bi a obi bɛma manya. Saa nkate yi ma w’ani gye kɛse.’ Enti ebia ɔyere ne abusua no nyinaa bɛte nka sɛ wɔahwere biribi, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔyɛ adwuma a.

Aware mu ɔhaw betumi ayɛ adwumayɛ ho ɔhaw foforo. Mpɛn pii ɔyerenom di yaw wɔ ofie adwuma no mu fã kɛse a wɔyɛ no ho. Ebia okununom bedi yaw saa ara bere a wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔmmoa no. Ebinom mpo nwiinwii te sɛ nea okunu biako yɛe no: “Mete nka sɛ ɛka me nkutoo mpɛn pii. Ɔba fie a wabrɛ na wayɛ basaa. Ɔsɛe n’adagyew wɔ mmofra no ho bere nyinaa. Yɛnyɛ nneɛma pii mmom. Minim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔreyɛ no, nanso ɛno mma minnya anigye kɛse biara wɔ ho.” Ɔbrɛ a adwuma ma wɔbrɛ no ntumi mma awarefo nnya ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa mu anigye mpo.​—-1 Korintofo 7: 3-5.

Ade foforo a ɛsom bo a wɔhwere yɛ nea okunu biako kae wɔ ho sɛ:”Nea wohwere no yɛ nea ɛfa mmofra no ho. Yɛn mma no di kan ba fie bɛyɛ nnɔnhwerew dodow bi ansa na me yere aba. Ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ fie hɔ efisɛ wɔne wɔn nanabea na ɛwɔ hɔ. Nanso wɔ saa bere yi mu de na me yere nni hɔ. Sɛ ɔwɔ hɔ a, anka obetumi ayɛ pii de atete wɔn.” Nanso ɛnyɛ awarefo a wɔyɛ adwuma nyinaa na wɔwɔ nanabea anaa adamfo a obetumi ahwɛ wɔn mma ama wɔn. Mpɛn pii ɛyɛ den sɛ wobenya baabi a wɔhwɛ mmofra da biara da wɔ hɔ​—na ɛyɛ nea ne bo yɛ den nso. Enti Newsweek nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ, “mmofra a anyɛ yiye koraa nowɔde dapɛn no mu nna no mu biara mu fã bi bu wɔn bra a ɔpanyin biara nhwɛ wɔn so no dodow adɔɔso.”

Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a wobisabisaa Amerikafo 200,000 (a wɔn mu ɔha biara mu 57 yɛ mmusua a okunu ne ɔyere nyinaa yɛ adwuma) no nsɛm no, wɔn mu ɔha biara mu 69 tee nka sɛ adwuma a ɔyere yɛ no nya “tumi a ɛsɛe ade wɔ abusua” asetra so.

Nea Wohia no Nea Wɔpɛ a Edi Asi

Wɔ nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɔhaw ahorow fi adwuma a ɔyere yɛ no mu ba. Awarefo pii bɔ mmɔden kɛse wɔ wɔn adwuma ho, wɔn fie ne wɔn mma a wɔhwɛ wɔn no mu. Nanso ebia awarefo bi koma rentɔ wɔn yam wɔ adwuma a ɔyere yɛ no ho na wɔte nka sɛ ede ɔhaw ahorow brɛ abusua no. Sɛ asɛm no te saa de a, ɛnde yɛsrɛ wo, kae afotu a Yesu de mae a ɛwɔ Luka 14:28 no: MONTRA ASE NSUSUW HO YIYE!

Ne tiaa ne sɛ, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ mo sikasɛm tebea no mu yiye na afei mokari nneɛma a eye ne nea enye a efi adwuma a ɔyere yɛ mu ba no hwɛ. So egye akatua ahorow abien ankasa na mode adi mo ahiade ahorow atitiriw ho dwuma​—ofie a ɛfata, aduan a aboɔden wom, ntade a ɛho hia ne nea ɛkeka ho? Anaa- se akatua a ɛto ɛso abien ma munya nneɛma ahorow a mopɛ ara kwa no pii​—nneɛma ahorow a ɛho nhia te sɛ, ɔdan a wɔasiesie mu kɔsɔɔ, adidibea nnuan ahorow, anigyede anaasɛ ntade ahorow a aba so a ɛyɛ fɛ? Awarefo pii nnim nsonsonoe a eda nneɛma ahorow a wohia ne nea wopɛ ntam. Nadɛn na efi mu ba? Nhoma a wɔfrɛ no The lndividual, Marriage and the Family ka sɛ: “Ɛda adi sɛ mmusua ahorow a wogye akatua $12.000 afe biara no gye di sɛ sɛ wonya $4.000 ka ho a, wobetumi adi wɔn sika fam ahiade ahorow no ho dwuma bere a mmusua horow a wɔn akatua yɛ $16,000 no te nka sɛ wɔn ho kyere wɔn wɔ sika fam te sɛ wɔn a wogye $12,000 no ara pɛ na wogye di sɛ sɛ wogye $20,000 a anka wɔn koma bɛtɔ wɔn yam. Ɛte sɛ nea akatua ahorow te sɛ $20,000, $40,000 ne $60,000 mpo da so ara yɛ nea ɛmma abusua no nnya sika a ɛdɔɔso a ɛbɛma wɔatumi ayɛ biribiara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no; efisɛ bere a wɔn akatua kɔ soro no, abusua no hu nneɛma ahorow a wohia na wɔsɛe sika ntɛmntɛm mpo ma enti mpɛn pii mmusua ahorow a wogye akatua akɛse no bɛde ka pii sen mmusua horow a wɔn akatua yɛ hɔ ne hɔ a wɔn nso de ka pii sen mmusua horow a wɔn akatua ba fam no.”

Nhwehwemu bi a Psychology Today nsɛmma nhoma no yɛe no daa no adi saa ara sɛ, “Ɛnkyerɛ ankasa sɛ wɔn a wɔn koma tɔ wɔn yam kɛse wɔ wɔn sikasɛm tebea ho no ne wɔn a wɔn akatua kɔ soro sen biara no . . . ”

Ɔhene Salomo kae sɛ: “Mahu biribi foforo wɔ asetra mu a mfaso nni so. Ɔbarima bi wɔ hɔ a ne nkutoo na ɔte. Onni ɔbabarima, onni nuabarima nanso ɔyɛ adwuma bere nyinaa na n’ani nsɔ ahonyade a ɔwɔ no. Ɔreyɛ adwuma denneennen ama hena nti a ɔde anigyede biara kame ne ho no? Eyi nso mfaso nni so ​—na ɛyɛ asetra kwan a ɛyɛ awerɛhow.” (Ɔsɛnkafo 4:7, 8, Today’s English Version; yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Ɛnde akatua ahe na ɛsɛ sɛ abusua bi bɔ mmɔden sɛ ebenya? Bible no de ahyɛde pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi bere nyinaa yi ma: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”​—1 Timoteo 6:8.

“Nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya nneɛma afoforo a aba nnansa yi ara no bi na saa ara na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ehia yɛn buroburo. (Fa toto Mmebusɛm 30:8 ho.) Enti ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ obi a obetumi atɔ ofie anaasɛ television a ɛyɛ fɛ no yɛ honam fam ade dodow pɛfo ankasa. Asɛm a emu yɛ den sɔre bere a awarefo de wɔn aware mu anigye, wɔn ankasa anaasɛ wɔn mma honhom fam nneɛma bɔ afɔre na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya nneɛma a ɛtete saa no. Sɛ sika foforo a wobenya aka wɔn akatua ho no na ɛma wɔhwere eyi a, ɛnde ɛsɛ sɛ awarefo yi fi ase bisa wɔn ho sɛ ɛfata ɛho ɔbrɛ no ankasa.

Pii aka sɛ ɛnte saa ankasa. Sɛ nhwɛso no, nsɛnkyerɛwfo a otumi kyerɛw nsɛm ma atesɛm krataa biara a wɔfrɛ no Christine Davidson kae sɛ, ‘afei de ontumi‘ nyɛ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛyɛ adwuma na wasan ahwɛ abusua no ho ‘hwee bio.’ Ɔkyerɛkyerɛfo adwuma a ogyaee no ama abusua no nya akatua a esua. Ɔka sɛ, “Yɛn ho kyere yɛn wɔ sika fam ​—bere nyinaa. Yentumi ntua ka ketewa bi na yɛasan atɔ mpaboa ama yɛn mma no wɔ dapɛn koro no ara mu. Nanso EYE, efisɛ mprempren mitumi de biribi foforo ma me mma no. Magyae ka a na meka sɛ, ‘Dabi, ɛnyɛ awia yi, ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma’ anaasɛ ‘Dabi, ɛnyɛ mprempren yi ara. mabrɛ dodo” no.” So ebetumi aba sɛ esiane sɛ ɔma n’ani kũ wɔn ho kɛse nti otumi de biribi a ɛsom bo sen akatua ma ne mma no mprempren’?

‘Nea Ɛsen Kɛtɛ a Wɔsɛw ne Aduannoa’

Nokwarem no, ɛnyɛ ɔyerenom nyinaa na wobetumi agyae wɔn adwuma a wɔyɛ no. Na ebinom mpo ka sɛ wɔte nka sɛ asetra fono wɔn anaasɛ “wonnya anigye,” sɛ ɛba se ɛsɛ sɛ wɔtra fie da mũ no nyinaa a. Ɔyere biako a ɔyɛ adwuma kae sɛ,”Mihia pii wɔ asetra mu sen kɛtɛ ɛ wosɛw ne aduannoa.”

Enti ebia saafo no betumi asusuw adwuma a wɔde bere fã yɛ ho. Ɔkyerɛkyerɛfo William Michelson kae sɛ ɛnyɛ sɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ ma wonya sika foforo ka wɔn akatua ho nko na mmom nso “ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse ma mmea no sɛ wɔbɛyɛ wɔn asɛyɛde ahorow no ho nhyehyɛe a wɔn ho nkyere wɔn na wɔnyɛ basaa kɛse wɔ bere ne mfaso a ɛwɔ bere a wɔde hwɛ wɔn mma no ho nso.” Mmea binom a wɔn adwene tumi susuw nneɛma pii ho no refi nnwuma ahorow a etumi yɛ yiye a ɛma wonya sika bere a wɔte fie no ase. (Hwɛ ase hɔ) .

Nanso “anigye” a wɔpɛ sɛ wonya no nyɛ nea ofie adwuma anaasɛ adwuma a wɔyɛ no bɛma wɔanya awie. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” (Mateo 5:3, NW) Ɛyɛ bere a wodi saa ahiade yi ho dwuma nkutoo na ɛma ɔbea anaasɛ ɔbarima te nka sɛ wanya anigye a edi mũ ampa. Enti Kristofo mmea pii gye hokwan a wonya a ɛma wogyae adwuma no tom sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Onyankopɔn som mu kyɛfa kɛse. Wɔ Yehowa Adansefo mu no,ebinom mpo tumi yɛ eyi denam nnɔnhwerew 60 anaa 90 a wɔde di dwuma de kyerɛkyerɛ afoforo Bible no ɔsram biara no so. Saa adwumaden yi ma wɔte nka sɛ wonya anigye a adwuma biara ntumi mma wonnya no!

Fa Wo Tebea No Di Dwuma Sɛnea Wubetumi!

Nanso abusua biara na ɛsɛ sɛ esi nea ɛbɛyɛ yiye asen biara ama no no ho gyinae. Nsɛm a wobisabisae wɔ kratafa a edi hɔ no mu no kyerɛ sɛnea awarefo baanu​—a wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo sii gyinae ahorow a ɛsonosonoe esiane sɛ wɔn nsɛm tebea horow yɛ soronko koraa nti no. Enti ɛbɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛkasa atia afoforo gyinae ahorow a wɔasi wɔ eyi ho anaasɛ wɔbɛyɛ ntotoho ahorow a ɛnteɛ.​—Romafo 14:4.

Ebia sɛnea nnɛ sikasɛm nhyehyɛe no ankasa te no remma awarefo ntumi nyɛ pii wɔ asɛm no ho gye sɛ ɔyere ne okunu nyinaa yɛ adwuma. Nanso nsɛnnennen a awarefo a wɔn nyinaa yɛ adwuma hyia no nyɛ nea wɔrentumi nyɛ ho biribi. (February 8, 1985 Awake.’ kyerɛɛ sɛnea Bible no mu nnyinasosɛm ahorow tumi boa awarefo a wɔn nyinaa yɛ adwuma no.) Ɛwom sɛ Bible no hyɛ Kristofo sɛ ‘wɔnhwɛ wɔn ankasa ho’ de, nanso ntease biara nnim sɛ obi bɛte nka sɛ odi fɔ esiane sɛ egye nnipa baanu akatua na wɔde ayɛ saa nti.​—1 Timoteo 5:8.

Yegye tom sɛ tebea a ɔyere a ɔyɛ adwuma nnɛ wom no nyɛ papa. Nanso saa ara na agya a ɔyɛ adwuma no tebea te. N’adwuma no nso ma ɔtwe ne ho fi n’abusua ho bɛyɛ nnɔnhwerew dodo bi. Enti sɛ yɛhwehwɛ tebea horow a eye de a, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no. (2 Petro 3:13) Ɛhɔ na adesamma abusua no benya adwuma a ɛma akomatɔyam ayɛ. (Yesaia 65:21-23) Awarefo remmrɛ wɔn ho pii bio ansa na wɔanya nea wɔde bɛhwɛ wɔn mmusua no. Efisɛ Onyankopɔn hyɛ nneɛma pa a ebebu so ho bɔ​—honam fam ne honhom fam​—ma wɔn a wɔde daa nkwa behyira wɔn saa bere no.-Yesaia 25:6.

Nanso mprempren yi de, mma asetra mu nneɛma ho dadwen ne wo ho a wobɛhwɛ ho ɔhaw ahorow nhyɛ wo so.”Tɔ bere’ ma wo hokafo ne wo mma no. (Efesofo 5:16 NW) Monnyɛ nkurɔfo a wonni adagyew araa ma wonnya bere nsom mmom sɛ abusua. Wɔ saa bere a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no, ade a nyansa wom a ɛsɛ se moyɛ ne sɛ mobɛbɔ mmɔden ‘ahyehyɛ nhyɛase pa ato hɔ ama mo ho asie daakye na moaso nokware nkwa no mu.’​—1 Timoteo 6:19.

[Ase hɔ nsɛm]

a The Logistics of Materal Employment: lmplication for Women and Their Families​—Toronto Sukuupɔn.

[Kratafa 5 adaka/mfoni]

Mfaso horow Ɔhaw Horow

Sikasɛm mu ahokyere nyɛ kɛse Bere kakraa bi na wonya de yɛ ofie nnwuma

Ɔyere nya hokwan fi fie Bere kakraa bi na wonya ma mmofra

Okunu mfa bere pii nyɛ Tow afoforow a wotua

adwuma bere a woapɔn

Ɔyere de adwuma ho Ɔhaw a ebetumi aba wɔ aware mu

nimdeɛ a ɔwɔ no di dwuma

Ebetumi ama woatumi Ka foforo a wɔbɔ wɔ nneama te

atɔ nneama foforo sɛ awia aduan a wodi ne ntade ho

[Kratafa 6, 7 mfoni]

So mfaso horow a ɛwɔ adwuma so no som bo te sɛ bere a wunya ma wabusua no?

[Kratafa 9 mfoni]

Ɛho da so ara hia sɛ mmusua a okunu ne ɔyere nyinaa yɛ adwuma wom no nya bere ma abusua adesua a ɛsɛ sɛ wɔyɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena