Nanso So Wubefi Nhyehyɛe Yi A Ɛremem No Mu Aka?
WƆANSO ho dae sɛ Titanik no bɛmem. Sɛnea New York Times kyerɛ no, na Captain E. J. Smith a ɔyɛ hyɛn no mu panyin no, anya adwene dedadedaw sɛ “pohyɛnpam adi mũ nnansa yi ma asiane kɛse a akwantufo a wɔwɔ nnɛyi pohyɛn kɛse mu behyia no yɛ nea ntease nni mu.” Nanso ɛbae. Mpo bere a pohyɛn kɛse no fii ase sɛ ɛremem no, nnipa a wɔwom no annye anni sɛ na wɔwɔ asiane mu ankasa. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ April 19, 1912 New York Times mu no, obi a ofii mu kae kaa nea edi so yi:
“Hyɛn mu adwumayɛfo no hyɛɛ obiara sɛ ɔnkɔ [ahyɛn nketewa a wɔtra mu guan] no mu nanso obiara amma ne ho anyɛ hare sɛ ɔbɛyɛ saa. Wogye dii sɛ asiane biara remma, na nkate a obiara nyae ne sɛ ná wɔn a wɔaguan no ho yɛ serew na wɔbɛhaw wɔn ho asan ahare ahyɛn nketewa no aba hyɛn kɛse no mu bio nnɔnhwerew kakraa bi akyi.
“Mfiase no na hwee mfa nnipa a wɔwɔ hyɛn no mu no nyinaa ho. Ahotoso a wonyae sɛ hyɛn no ntumi mmem no, na ɛsõ araa ma dodow no ara gye toom yiye sɛ biribiara remma de kosii simma a etwa to no. Akyiri yi, hyɛn mu adwumayɛfo no mu biako ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔbɔɔ ɔbea bi pon mpɛn pii, nanso ɔpowee sɛ obefi adi. Awiei koraa no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe ɔbea no afi adi, nanso ɔpam no sɛ omfi hɔ nkɔ, kosii sɛ ogyaee, na ɔkɔɔ po no ase, a ɔda so hyɛ ne dan no mu.”
Na Titanik no mu ahyɛn nketewa a wɔtra mu guan no betumi afa nnipa 1,178—na ɛrentumi mfa nnipa no nyinaa, nanso na ebetumi afa nnipa bɛboro 700 a wofii mu kae no. Ebinom wui kwa efisɛ ahyɛn nketewa a edii kan kɔe no, na ɔkwan wom kɛse, esiane ahotoso a ɛmfata a wonyae wɔ pohyɛn a “entumi mmem” no mu nti.
Wohyɛɛ no nsow sɛ hyɛn mu odwumayɛni bi bɔɔ ɔbea bi pon, bɔɔ no kɔkɔ mpɛn pii sɛ “nea wosusuw sɛ entumi mma” no reba, a obuu n’ani guu so? Ebia wobɛka sɛ; “wagyimi paa!”
Nanso nkurɔfo bɔ wo pon mpɛn pii, saa ara, a wɔde kɔkɔbɔ bi a ɛho hia rema wo. Saa nkurɔfo no ne Yehowa Adansefo, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no “adwumayɛfo” anokwafo. Wɔn kɔkɔbɔ ne sɛ, ɛnyɛ sɛ wiase nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa wɔ asiane mu a “ɛremem” wɔ akodi ahorow, amumɔyɛ ne basabasayɛ a ɛyɛ hu mu nko. Mmom no, sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛma ‘amem akɔ ase’ sɛnea ɛbɛyɛ na watumi de trenee nhyehyɛe foforo a ne soro ahenni no di so asi ananmu.
Wuretie saa kɔkɔbɔ no dɛn? Te sɛ ɔbea kwantufo a na ɔwɔ Titanik no mu no, so woka sɛ, ‘Aseresɛm! Entumi mma saa!’ na woto wo pon mu? Suban a ɛte saa a wubenya betumi ama woahwere wo nkwa.
Ɛsɛ Sɛ Asiane No Da Adi Pefee
Nea ɛyɛ anigye no, nnipa kakraa bi a wɔn ani da hɔ a na wɔwɔ Titanik no mu hui sɛ asiane reba. Dɛn ntia? Efisɛ na hyɛn no rebu sɛnea ɛsɛ sɛ ɛkɔ ho mmara so. Sɛnea obi a ofii mu kae daa no adi no, ose: “Awiabere no nyinaa yehui sɛ na yɛrekɔ ntɛmntɛm sen biara wɔ po no so. Wɔkekaa no mpɛn pii wɔ akwantufo no mu nnɔnhwerew kakraa bi ansa na yɛrekɔpem nsukyenee bepɔw no sɛ na yɛde dɔnhwerew biako retwa akwansin aduonu abiɛsa. Ná yɛn nyinaa nim asiane ho kɔkɔbɔ ahorow a wɔde abrɛ yɛn wɔ hyɛn no mu awiabere no.”
Dɛn nti na na ɛretu mmirika saa? Obi foforo a ofii mu kae kaa saa asɛm yi: “Ansa na merekɔda [anadwo a asiane no bae no] me ne Charles H. Hays a ɔyɛ Grand Trunk Railroad so panyin no bɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Nsɛm a etwa to a Owura Hays kae no bi ne sɛ: “Akuw ahorow a wɔpam ahyɛn, The White Star Line, Cunard Line ne Hamburg-American Line de wɔn adwene ne wɔn mmɔdenbɔ nyinaa resi akan ahwɛ nea obetumi ayɛ hyɛn a ɛyɛ fɛ na etumi tu mmirika sen biara. Bere bi bɛba nnansa yi ara a asiane kɛse bi a ɛbɛba bɛma wɔagyae.’ Mmɔborɔwa, nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, na wawu!”
So mprempren wiase tebea no nte saa pɛpɛɛpɛ? Nea ɛbɛbɔ ne ho ban a obuu n’ani guu so, ahotoso a na ɔwɔ sɛ biribiara ntumi nsɛe no nti, Titanik no tuu mmirika kɛse a asiane wom. Wiase amanaman a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn ho ahyɛ akodi ho akansi a ɛyɛ hu kɛse mu, na wɔwɔ ahotoso, te sɛ Titanik hyɛn mu panyin no, sɛ asiane remma. Nanso so wɔwɔ nnyinaso ma ahotoso a ɛte saa? Anaa so wɔn ahotoso no mfata? Nnipa a wohu nea ɛrekɔ so wɔ wiase na wosusuw ho yiye no ka sɛ ɔsɛe bɛn ara na ɛrebɛn.
Sɛ woaka pɛn sɛ ‘Aseresɛm! Entumi mma!’ bere a Yehowa Adansefo bɔ wo ɔsɛe a ɛreba nneɛma nhyehyɛe yi so ho kɔkɔ a, kae sɛ: Wiase yi rebu nniso pa, adebɔ ne amanaman ntam abusuabɔ pa ho mmara ankasa fã kɛse no ara so. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔsɛe tumi ba?
Ɛho Hia Sɛ Wutie Kɔkɔbɔ
Sɛnea wunim no, ɔsɛe ara kwa a wobehu sɛ ɛreba rennye obi mfi wiase nhyehyɛe yi awiei mu, sɛnea annye Owura Hays nkwa wɔ Titanik no mu no. Wɔn a wofii Titanik no mu kae yɛ wɔn a wɔfaa ɔkwan a ɛfata so dii asiane ho kɔkɔbɔ no ho dwuma no.
Wɔ bebree fam no, na saa a wɔbɛyɛ kyerɛ pia a ahotɔ wom a wobefi mu anadwo dasu no mu na wɔde ahopere akɔ hyɛn no fã baabi a awɔw wɔ hɔ kɛse, bere a wɔhyɛ atade hunu bi ara kwa. Ná ɛkyerɛ ahyɛde a hyɛn mu adwumayɛfo de mae sɛ wɔnkɔ hyɛn ketewaa bi mu no akyi pɛpɛɛpɛ a wɔde ahobrɛase bedi, a ebia wobegyaw okunu anaasɛ onua bi wɔ akyi. Ná ɛkyerɛ fi a wobefi hyɛn a na wɔka ho asɛm saa bere no sɛ “ahemfie kɛse a ɛtoa so dunum a ɛtɛn nsu ani, a ne ho biribiara yɛ fɛ na ɛsõ . . . a . . . adan, adidibea akɛse, agodibea ahorow, atare a woguare mu, adan akɛse a wɔnom sigaret wom, mmeae a wɔto awia, no mu akɔ saa hyɛn ketewa no mu. Ná ɛkyerɛ afɛfɛde ne anigyede a wobegyaw hɔ akɔtra akongua a ɛso yɛ den so wɔ hyɛn a biribiara nkata ho mu wɔ po a awɔw wɔ so so. Anyɛ yiye koraa no, wɔ wɔn a na wɔwɔ hyɛn ketewa a wɔtra mu guan a edii kan kɔe no mu no fam no, na ɛkyerɛ wɔn a wɔkae sɛ “wɔn ho yɛ serew” na ehu bɛma wɔasan aba Titanik no mu ntɛm ara no fɛwdi a wosuro no so nkonim a wobedi. Yiw, sɛ na woate kɔkɔbɔ no mpo a, ebia tie a na wubetie no renyɛ mmerɛw! Na saa kɔkɔbɔ no a wobetie gye tirimbɔ, ahobrɛase, honam fam nneɛma a wɔpow ne ho a wɔde bɔ afɔre pene amanehunu so. Nanso na ɛso wɔ mfaso! Ná nea wɔpawee yɛ simma kakraa bi a anigye wom, a owu di akyi.
Ɛremem Dedaw
Wiase nhyehyɛe yi ayɛ nea ɛremem fi 1914, bere a Wiase Ko I fii Yesu nkɔmhyɛ a wohu wɔ Bible mu wɔ Mateo ti 24, Luka ti 21 ne Marko ti 13 no mmamu titiriw ase no. Yesu kaa no sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.”—Mateo 24:7, 8.
Sɛnea Yesu kɔɔ so kae no, Kristofo ɔsɔretia, atoro adiyifo a wɔbɛsɔre, amumɔyɛ ne nsɛmmɔnedi a ɛbɛdɔɔso ne Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka no wiase nyinaa bedi saa “awoko yaw” no akyi aba. Yesu kae sɛ: “Ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:9-14.
Hena na obetumi agye saa nkɔmhyɛ ahorow yi ankasa a akɔ so abam fi 1914 no ho akyinnye? Anka ɛbɛyɛ te sɛ akwantufo a na wɔwɔ Titanik no mu a wɔannye anni sɛ na hyɛn kɛse no apem nsukyenee bepɔw ampa no!
Nea ɛbaa wiase nhyehyɛe yi so 1914 mu no yɛ biribi titiriw koraa sen nsukyenee a ade bi bɛpem no ara kwa. Bible mmerebu kyerɛ sɛ wɔ 1914 mu no, Yehowa Nyankopɔn de Yesu Kristo sii hene sɛ sodifo a ɔfata sɛ odi asase yi so.’ Nea Kristo yɛe amonom hɔ ara ne Satan ɔbonsam a ɔtow no kyenee asase so, a wɔaka nea efii mu bae ho asɛm yiye wɔ Adiyisɛm 12:12 sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”
Saa “bere tiaa” a wɔka ho asɛm sɛ wiase ‘amanehunu’ no fii ase 1914 mu. Ɛbɛkɔ so bere tenten ahe? Yesu daa no adi sɛ ɛbɛba awiei bere a awo ntoatoaso a wohuu ne mfiase no da so te nkwa mu no mu. (Mateo 24:34) Ɔkwan bɛn so na saa ‘amanehunu’ bere yi bɛba awiei? Ɛnyɛ nkakrankakra, na mmom mpofirim bere a wɔsɛe wiase yi a ‘ɛte sɛ hyɛn’ a ɛremem no fi hɔ koraa wɔ bere a wiase yi amammui atumfoɔ ne Kristo abɔfo dɔm de pem anim wɔ ɔko a edi akyiri a wɔfrɛ no Harmagedon mu no.—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21.
Enti mma atosɛm a wɔka sɛ nneɛma nhyehyɛe yi “rensɛe” biara nnaadaa wo! Nnipa binom te sɛ akwantufo a wonnim nyansa a na wɔwɔ Titanik no mu a “wodii asɛm no ho fɛw” no. Nokwarem no, sɛnea atesɛm nkrataa mu amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, “na nsukyenee asinasin bi a [efi nsukyenee a Titanik no kɔpem no no ho] abubu agu hyɛn no mu ma wɔn a wɔde nsɛm di agoru no bi afa akyerɛkyerɛ afoforo sɛ ade a wɔde bɛkae saa da no.”
Saa nso na nnɛ “wɔn a wodi fɛw” wɔ hɔ a wɔka sɛ, ɔko, amumɔyɛ ne amanehunu afoforo akɔ so wɔ wiase bere nyinaa. ‘Enti,’ wobisa sɛ, ‘na dedeede yi nso ɛ?’ (2 Petro 3:3, 4) Wɔka sɛ saa ‘hyɛn fɛfɛ’ ‘yi betumi atɛn nsu no so akyɛ. Nanso kae! Ɔko, amumɔyɛ, ɔkɔm ne amanehunu afoforo yɛ nsɛnkyerɛnne ara kwa sɛ hyɛn no remem. Ɛnyɛ saa nneɛma no na ɛbɛmem no koraa. Onyankopɔn na ɔbɛma amem—mpofirim ne ntɛm ara!
Hyɛn No Rekyea
Nanso, wiase ko ahorow abien, asasewosow a ebi mmae da, ɔpepem pii a aduankɔm a aba wiase nyinaa kunkum wɔn afe biara, akode ho akansi bebrebe—eyinom nyinaa da no adi pefee kyerɛ nnipa a wonim nyansa sɛ wiase nyinaa hyɛn yi rekyea. Ne bere resa. Sɛnea akwantufo a na wɔwɔ Titanik no mu annya ahyɛn nketewa a wɔtra mu guan no bi bere a akyiri yi wohuu sɛnea asɛm a ato wɔn no yɛ hu fa no, saa nso na Bible da no adi sɛ bere a nnipa behu sɛ wiase nhyehyɛe yi rekɔ ɔsɛe mu no, na aka akyiri dodo. Saa bere no na “ahyɛn nketewa a wɔtra mu guan” no kɔ.—Mateo 24:38-42.
Bere a ahyɛn nketewa no kɔe no, na wɔn a wɔaka akyiri no nni anidaso biara sɛ wobenya nkwa. Ná, ɛmfa ho sɛ John Jacob Astor IV wɔ agyapade bɛyɛ dɔla 100,000,000 saa bere no. Ne sika no antumi annye no nkwa. Saa nso na ne babarima Vincent de antumi annye no. Wɔ New York kurom no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ “na awerɛhow ama wayɛ te sɛ nea wabɔ dam” bere a ɔkɔtoaa radio dwumadibea, ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ “sɛ nea odi [radio] ho dwuma no ka kyerɛ no kɛkɛ sɛ wate sɛ ne papa wɔ nkwa mu a, anka ɔde sika biara a obebisa bɛma no.” Ne nyinaa yɛɛ ɔkwa.
Yiw, na Titanik no sɛe yɛ kɛse, nanso ɔsɛe a ɛda nneɛma nhyehyɛe yi anim no sõ sen saa koraa. Bɛyɛ sɛ akwantufo a na wɔwɔ Titanik no mu no nkyem abiɛsa mu biako nyaa wɔn ti didii mu. Nanso Bible nna biribiara adi sɛ wiase yi mu nnipa a wɔdɔɔso kɛse saa befi nneɛma nhyehyɛe bɔne yi sɛe a ɛreba no mu aka. Nea ɛne no bɔ abira no, “Da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei.” (Yeremia 25:33) Wɔn a wɔbɛka atɔfo no ho ne, “ahene . . . asafohene . . . atumfoɔ . . . adehye ne nkoa nketewa ne akɛse.”—Adiyisɛm 19:18.
Wɔde kɔkɔbɔ ahorow ama wɔ saa nsɛmma nhoma yi ne ne hokafo Ɔwɛn-Aban no mu, mfe bebree ni. Bere da so wɔ hɔ ma ahobrɛasefo sɛ wɔhwehwɛ baabi tra wɔ “hyɛn a wɔtra mu guan” no mu denam afotu a efi Bible mu a “adwumayɛfo” a wɔkɔ so ba wɔn pon ano no de ma no akyi a wobedi so. Nanso bere resa! Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woafi nneɛma nhyehyɛe a ɛremem yi mu aka bere a hokwan da so wɔ hɔ yi?
[Ase hɔ nsɛm]
Hwɛ nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no. nkr. 82-93.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Te sɛ ɔbea kwantufo a na ɔwɔ “Titanik” no mu no, so woka sɛ ‘Aseresɛm! Entumi mma!’ no woto wo pon mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Bere da so wɔ hɔ ma wode ahwehwɛ baabi wɔ “hyɛn ketewa a wɔtra mu guan” no mu. Nanso bere resa!
[Kratafa 9 mfoni]
So wutie nhyehyɛe yi awiei ho kɔkɔbɔ no?