So Ɛyɛ “Adwuma Ara Kwa”?
Nyansahufo ne abenfo a wɔde wɔn bere ne wɔn nimdeɛ nyinaa reyɛ akode ahorow a edi awu na ɛsɛe ade pii no te nka wɔ ho dɛn? Saa adwumayɛfo no mu biako a watra “adwuma” no mu bɛboro mfe 30 se kakraa bi na wogyae adwuma a ɛfa akodeyɛ ho no esiane wɔn ahonim nti. Ose, “nokware no ne sɛ, nnipa kakraa bi na wosusuw ho, sɛ wɔwom nkutoo a. . . . Me mfɛfo adwumayɛfo a wɔyɛ nuklea ho nneɛma ahorow no, ɛnyɛ biribiara nti na wɔyɛ. Wɔyɛ, esiane sɛ wɔyɛ nuklea ho animdefo nti.” Ɔbenfo foforo te nka sɛ n’ahonim mmu no fɔ: “Sɛnea mihu no, esiane sɛ yɛwɔ sraadi ho nhyehyɛe nti, nea eye sen biara a yebetumi ahwɛ kwan ne sɛ obiara remmɔ dam na omfi ɔko ase.” Nanso saa nyansahufo yi gye tom sɛ saa kwan a wɔfa so susuw ade ho yi mpo ho yɛ na. Mɛka sɛ me mfɛfo adwumayɛfo no bɛyɛ ɔha mu nkyem 10 pɛ na wɔte m’ase anaasɛ wɔne me yɛ adwene. Ebia ɔha mu nkyem 10 foforo kura adwene foforo—wɔyɛ biribiara a ɛbɛma yɛanya sraadi mu ahoɔden. Na ɔha mu nkyem 80 a aka no, wiɛ, minnye nni sɛ wosusuw ho pii. Wɔ wɔn fam no, ɛyɛ adwuma ara kwa.”