“Mifii Titanik A Na Ɛremem No Mu Kae”
EFII ase bere a na makɔsra m’awofo a wɔanyinyin ne me wɔfa wɔ Jacksonville, Florida. Ná eyi yɛ bere tiaa bi ansa na me wɔfa rewu asram kakraa bi a atwam. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛkɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so Kwasida anɔpa bi sɛ yɛrekotie baguam ɔkasa. Yetiee ɔkasa dɛdɛ bi a ɛne sɛ, “So Wubefi ‘Nna a Edi Akyiri’ No Mu Aka?” Yɛrekɔ fie no, me wɔfa kae sɛ: “Ɔkasa no kaee me ‘bere a mifii asiane bi a ɛyɛ hu mu kae.” Ogyinae kakra, afei ɔde kaa ho sɛ: “Wunim, mifii Titanik a na ɛremem no mu kae.”
Akyiri yi mesrɛɛ me wɔfa, Louis Garrett, sɛ ɔnka nea ohui wɔ Titanik no ho nkyerɛ me.
Ɔkae sɛ: “Ma menkɔ mfiase no. Wɔwoo me 1900, wɔ Hakoor, Lebanon, akuraa ketewa bi a ɛda bepɔw so a efi hɔ kɔ Beirut atifi fam bɛyɛ akwansin 80 kosi 90. Ná m’abusuafo wɔ afiri bi a wɔde yam awi yɛ ne esiam. Ná me papa ne owiyamfo wɔ akuraa no ase. Wosii gyinae sɛ abusua no betu akɔtra Amerika. Wɔ 1904 mu no, me maame ne me nuanom mmea baanu tu fii Lebanon. Akyiri yi, wɔ 1906 mu no, me nuabarima panyin tu kɔtraa Amerika. Nea ɛbɛyɛ na abusua no nyinaa atu awie no, ná me ne m’agya ne me nuabea bɛkɔ Amerika 1912.
“Wɔ March 1912 mu no, yɛfaa nsu ani kɔɔ Marseilles, Franse. Bere a yɛwɔ hɔ no, yɛhwehwɛɛ Titanik a na ɛrebefi ase akɔ New York no mu kwan. Ná ebetu April 10, 1912. Ná ɛsɛ sɛ yegyaw m’agya wɔ Marseilles esiane sɛ aniyare amma wamfata wɔ nea wɔhwehwɛ wɔ apɔwmuden fam no nti.” Me wɔfa serewee na ɔkae sɛ: “Hwɛ ne ti a ɛyɛɛ yiye!”
Ɔtoaa so sɛ: “Na me nuabea no adi mfe 14, na na madi 12 bere a yɛkɔtraa Titanik no mu no. Yɛn werɛ howee sɛ yɛagyaw yɛn agya wɔ akyi, nanso yɛn ani gyei sɛ yɛanya Titanik a na ɛyɛ pohyɛn a ɛsõ, ɛkɔ ntɛmntɛm na ɛyɛ fɛ sen biara wɔ ne bere so—na afei nso wɔkyerɛ sɛ entumi mmem—no mu atra. Ná nnipa bɛboro 2,200 na wɔwom, a na wɔn a wɔyɛ adefo sen biara ne wɔn a wɔagye din saa bere no ka ho. Ná bebree wɔ Titanik no mu a wɔredi n’akwantu a edi kan no ho ahurusi. Wɔn a wodi mũ wɔ asetra mu no fam no, ná ɛyɛ ade a ‘aba so’ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ná hyɛn no ahoɔhare te sɛ nea wɔhwɛɛ kwan no ara. Ná wɔhwɛ kwan se ebedu New York Wukuda, April 17. Ná ɛpo no atɛm dinn, na sɛnea ɛtaa yɛ wɔ April mu no, na wim yɛ nwini.
“Wɔ Kwasida, April 14, bere a yɛadi nnanum wɔ po so no, wim yɛɛ awɔw yiye—ná awɔw wom kɛse araa ma ná nnipa kakraa bi pɛ na wotumi kɔnantenantew hyɛn no atifi. Yɛtee sɛ na wɔde nsukyenee mmepɔw a ɛwɔ mpɔtam hɔ ho kɔkɔbɔ ahorow ama. Yɛanhwɛ kwan sɛ yebehu bi wɔ hyɛn no kwan a ɔnam so ne mu, enti Titanik no kɔɔ n’anim ntɛmntɛm ara. Nanso, hyɛn foforo bi a wɔfrɛ no California a na ɛwɔ Atlantik Kusuu fam no mu panyin nam radio so bɔɔ Titanik no kɔkɔ wɔ nsukyenee mmepɔw a wɔrehu wɔ ɔkwan a yɛnam so no so ho. Wobuu ani guu eyi so. Ahotoso mmoroso a Captain Smith ne ne mfɛfo adwumayɛfo bɛboro 700 ne akwantufo bɛboro 800 no nyae no so akatua yɛɛ kɛse yiye.
Kwasida, April 14, bere a abɔ bɛyɛ anadwofa 11:45 no, biribi pusuu yɛn ma me ne mo nuabea no nyanee. Ná ɔda soro na ɔteɛɛm sɛ, ‘Asɛm bi asi!’
Meteɛɛ no sɛ: “San kɔda. Wohaw adwene dodow.’ “Ankyɛ na ɔbarima panyin bi a yehyiaa no hyɛn no mu a n’ani kuu yɛn ho te sɛ yɛn agya baa yɛn dan no mu bɛkae sɛ: ‘Mumfi mo dan no mu mmɛsen nkɔ hyɛn no atifi. Mprempren yi de, monnyɛ mo adwene sɛ mobɛfa mo nneɛma. Mo nsa bɛka akyiri yi.’
“Ná yɛwɔ tekiti a yebetumi de akɔ hyɛn no mfinimfini. Nanso na wɔn a wɔwɔ mfinimfini hɔ no ntumi mfa ɔkwan a ɛde kɔ atifi hɔ no mu. Nanso, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛkɔ atifi hɔ pɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya kwan akɔ hyɛn ketewa a wɔtra mu guan no bi mu. Ɔkwan koro pɛ a na yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛforo dade antweri bi a ɛwɔ ase hɔ akɔ hyɛn ketewa a wɔtra mu guan mu wɔ hyɛn no atifi hɔ. Yɛde ɔbrɛ pii yɛɛ eyi, efisɛ na ɛyɛ den ma me nuabea no sɛ ɔbɛforo antweri no’. Nanso mmoa a yenya fii afoforo hɔ ma yetumi foroe.
“Ɛsɛ w’ani! Na ahyɛn nketewa a wɔtra mu guan no mu fã kɛse no ara kɔ. Na hyɛn mu adwumayɛfo no rema mmea ne mmofra nkutoo kwan ma wɔaforo san ahyɛn no—ná nea aka no nnɔɔso a obiara benya bi atra mu. Yehui sɛ mmea resu, a wɔmpɛ sɛ wogyaw wɔn kununom hɔ; okununom sɛ wɔresrɛ wɔn yerenom ne wɔn mma sɛ wɔnyɛ ntɛm nkɔ ahyɛn nketewa a wɔde guan no mu. Na mene me nuabea, mmofra ahɔho baanu, a yentumi nka Engiresi kasa, gyina nnipadɔm a wɔreyɛ gyegyeegye a wɔn adwene atu afra yi mu a yɛabɔ hu kɛse, ná yɛresu pɛ mmoa.
“Na wɔrema nnipa aforo hyɛmma a etwa to no. Ná ɔbarima bi a n’ani afi ka ne yere ɔpemfo bi ho. Ɔboaa no ma ɔkɔɔ hyɛn no mu, afei ɔdan ne ho hwɛɛ hyɛn kɛse no huu afoforo a wɔpɛ sɛ wofi mu fi. Ɔfew ne yere ano ne no dii nkra, na ɔresan aba hyɛn kɛse no mu no, ɔsoo onipa a odi kan a na ogyina ne kwan mu no mu. Me ti yɛɛ yiye, na migyina hɔ saa bere no na ɔde me hyɛɛ hyɛn ketewa no mu. Meteɛɛm frɛɛ me nuabea a na ehu aka no yiye no. Ɛdenam afoforo mmoa so no, wopiaa ɔno nso baa hyɛn no mu. Ɔbarima katakyie bɛn na ɔyɛɛ saa ayamye ade yi? Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ na ɛyɛ John Jacob Astor IV. Saa bere no na wadi mfe 48 na na ne yere, Madeleine, adi mfe 19. Na wɔretu kwan akɔ Amerika esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔwo wɔn ba no wɔ hɔ nti. Wɔkyerɛw atesɛm nkrataa bebree a ɛkaa sɛnea John Jacob Astor de ne nkwa too hɔ maa abofra otukɔfo bi ho asɛm. Astor abusua no ho kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ, sɛnea Owurayere Astor kyerɛ no, Astor ne hyɛn mu odwumayɛni bi a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiw no kwan wɔ ne yere a na ɔreboa no ma wakɔ hyɛn ketewa a wɔtra mu guan no mu no mu hamee. Nanso ɔmaa ne yere kɔɔ mu. Na sɛnea mekãe no, ɔfew n’ano na, ɔresan akɔ no ofii ase sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔakɔ hyɛn ketewa no mu.
“M’ani gyei sɛ na mewɔ hyɛn ketewa no mu, nanso na me werɛ da so how ma wɔn a yegyaw wɔn wɔ Titanik no mu no. Bere a mitwaa m’ani hwɛɛ hyɛn kɛse fɛfɛ no, na mitumi hu no ɔkwan foforo so, na bere a akanea no bi da so sisi so no, mitumi huu hyɛn no kɛse ne ne fɛ. Anadwo a biribiara ayɛ komm na nnyigyei tumi fa nsu ani kɔ akyiri yiye no, yetumi tee sɛ wɔrebɔ nnwen wɔ hyɛn no mu na nkurɔfo reto ‘Me Nyankopɔn a Mebɛn Wo.’ Hyɛn mu adwumayɛfo no haree hyɛn ketewa a yɛde reguan no fii hyɛn kɛse no ho kɔɔ akyirikyiri sɛnea wobetumi na wosuro sɛ sɛ hyɛn no kɔ nsu ase mpofirim a ebia ɛbɛtwe yɛn adi n’akyi. Amma saa, na anyɛ nnyigyei biara sɛnea ebinom susuwii sɛ ɛbɛyɛ no. Na nsu no atɛm dinn saa anadwo no, na na ɛyɛ adepa, efisɛ na ahyɛn nketewa no dodow no ara ayɛ ma dodo.
“Sɛnea kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ no, Titanik no memee bɛyɛ 2 a.m. April 15, 1912. Mihuu sɛnea esian kɔɔ po ase kɔɔ n’awiei a ɛyɛ hu mu. Sɛnea ɛmemee no gyaw me biribi a ɛda so haw me besi nnɛ. Ɛyɛ nnipa a na wɔreteɛteɛm denneennen apɛ mmoa no nne a metee bere a hyɛn no de wɔn kowuraa nsuonwini no mu no. Ɛkame ayɛ sɛ nsuonwini no na ɛmaa wɔn nyinaa wuwui. Nteɛteɛm no dii bɛyɛ simma 45 na afei ano brɛɛ ase.”
Me wɔfa yɛɛ komm kakraa, a ɔrekaakae. Afei ɔtoaa so sɛ: “Bɛyɛ ɔdasum no, ná wɔde amanneɛbɔ titiriw a ɛkyerɛ sɛ yehia mmoa afa radio so kɔ. Kuw bi a wɔfrɛ wɔn White Star Line hyɛn bi a wɔfrɛ no S.S. Carpathia, nsa kae. Ná hyɛn no wɔ akyiri bɛyɛ akwansin 58 na ntɛm ara ɛdan ne ho fii faako a na ɛrekɔ a ɛyɛ Gibraltar, na ɛbae ntɛmntɛm yiye sɛ ɛrebegye yɛn. Ebedui bɛyɛ 4:30 a.m. Nea ɛyɛ anika no, na S.S. Californian no ne faako a Titanik no memee no ntam twe akwansin 20 pɛ, nanso nea ɔyɛ radio ho adwuma no ante amanneɛbɔ a yɛde kɔe no efisɛ wanyɛ adwuma saa bere no. Akyiri yi, amanneɛbɔ ahorow kyerɛe sɛ Californian no huu nkanea ahorow anadwo no, nanso wosusuwii sɛ na akwantufo a wɔwɔ Titanik no mu no na wɔretoto atuo de adi akwantu a edi kan no ho ahurusi.
“Carpathia no wiee nnipa a obegyee wɔn no ho dwumadi no bɛyɛ anɔpa 8:30. Ná yɛn hyɛn ketewa no ka nea etwa to a wogyee emufo no ho. Bere a yefii po no so sesaa yɛn ntade hyɛɛ nea emu yɛ hyew, na wɔmaa yɛn tii hyew nomee ma yɛn ho sɛpɛw yɛn akyi no, m’ani gyei sɛ na mewɔ nkwa mu, ɛwom mpo sɛ na atade ne mpaboa a ɛhyehyɛ me no sosõ dodo de.
“Akyiri yi, Carpathia hyɛn no mu panyin no frɛɛ wɔn a wofii mu kae no nyinaa sɛ wɔmmra hyɛn no mu mmɛhwɛ nsukyenee bepɔw no. Mede siee m’adwene a na adi mfe 12 no mu sɛ na ne tenten te sɛ abansoro a ɛtoa so abien, a ɛsõ yiye na ɛwɔ owisikwan wɔ atifi. Pohyɛn no koyii yɛn guu New York ansa na ɛretoa n’akwantu no so akɔ Gibraltar, na ɛyɛ ayamye kɛse a Cunard White Star Line kuw no yɛ maa yɛn. Yeduu New York 8:30 p.m., Yawda, April 18, na wɔde yɛn kɔɔ Cunard White Star Line kuw no hyɛn gyinabea.
“Sɛ misusuw saa nnɔnhwerew pii a yedii wɔ ahyɛn nketewa no mu no ho a, mprempren ɛte sɛ anwonwade bi sɛ yɛn nsa kaa Carpathia no ma ebeyii yɛn. Na awɔw no ano yɛ den dodo. Yɛde yɛn ho fomfam yɛn ho yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho bɛyɛ yɛn hyew. Obiara yii ayamye adi kyerɛɛ ne yɔnko. Mekae sɛnea na mframa bɔ yɛn kɛse wɔ Carpathia no mu. Na mframa no ano ayɛ den kɛse. Yɛn ti a ɛyɛɛ yiye no, mframa no gyaee bɔ bere tenten sɛnea ɛsɛ ma wotumi yiyii yɛn fii nhyɛmma no mu. Sɛ nsu no so anwo fɔmm saa bere no a, anka ɛbɛyɛ den sɛ ogye nhyehyɛe no bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ saa.”
Mibisae sɛ: “So wɔn a wɔwɔ hyɛn nketewa a mode guanee no mu no bi wui anaa?”
“Onipa biako pɛ na minim sɛ awɔw kum no wɔ yɛn hyɛn ketewa no mu. Wɔde ade kyekyeree ne ho na wɔtow no kyenee po no mu.”
“So na mmarima wɔ mo hyɛn ketewa no mu?”
“Sɛnea hyɛn mu adwumayɛfo no hyɛe no mmea ne mmofra nkutoo, gye hyɛn mu adwumayɛfo no mufo kakraa bi a na wɔhare hyɛn no. Ná awarefo bi a wɔn ba ka ho wom a ‘wɔdaadaa’ hyɛn mufo no. Na ɔyere no yɛ anifere yiye; ɔhyɛɛ ne kunu atade te sɛ ɔbea, ɔde dukuu kyekyeree ne ti na ɔde akokoaa no maa no. Na ɔbarima no wɔ hyɛn ketewa a wɔde guan no biako mu na na ɔbea no wɔ yɛn de no mu. Carpathia no gyee wɔn baanu no nyinaa nkwa.
“Bere a yeduu New York no, yɛhwɛɛ kwan sɛ wɔde yɛn bɛkɔ Ellis Island ma yɛakɔyɛ atukɔfo ho nkrataa no awie. Nanso, esiane ɛyaw ne amanehunu a na wɔn a wofii mu kae no ahyia dedaw nti, wotwaam anaasɛ wɔbɔ gui. Wɔde yɛn kɔɔ Red Cross adwumayɛfo hɔ ma yɛakɔka yɛn mmusua ho. Ná me nuabarima panyin Isaac, wɔ New York na hyia a yehyiae no yɛɛ anigye ɛne awerɛhow. Ná m’agya da so wɔ Franse. Nanso, yehui sɛ sɛ na ɔwɔ mama no mu bi a anka ɔremfi mu nka esiane mmara a wɔhyɛe sɛ wonnye mmea ne mmofra nkutoo no nti. Ebia anka fi a yebefi mu aka no renyɛ yiye. Anka ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebegyaw Papa wɔ Titanik no mu na yɛahwehwɛ sɛ yɛn ankasa benya nkwa. Asram abiɛsa akyi no, ɔde pohyɛn foforo beduu bɔkɔɔ.
Me wɔfa gyinae kakra, a amanehunu kɛse a ohyiae no ama n’adwene kɔ akyirikyiri. Akyiri yi, mibisaa no asɛm bio. “Wunyaa nkwa wɔ saa asiane no mu. Wiɛ, bere bɛn na wotee ‘nna a edi akyiri’ yi mu ahohiahia a ɛreba no ho asɛm?”
Ɔkae sɛ: “Ma memfa wo mfi 1912 besi 1930. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi Brooklyn, New York, baa Jacksonville, Florida, faako a na me nuabarima panyin abusua ne m’abusua, a me yere ne me babarima ka ho te. Ná me nuabarima panyin no ne Yehowa Adansefo bi a wɔka Arabic kasa sua Bible. Ná n’ankasa abɛyɛ ɔdansefo a ɔbɔ mmɔden. Asɛmpatrɛwfo no a wɔfrɛɛ no George Kafoory, yɛɛ nhyiam maa nkurɔfo a wɔka Arabic kasa. Me nsa kaa The Harp of God nhoma no wɔ Arabic kasa mu. Bere a me ne me nuabarima no gyee akyinnye pii akyi no, me bo fuwii yiye ma awiei koraa no meka kyerɛɛ no sɛ ‘me ne wo nyɛ onua bio efisɛ woagyaw wo kan Hela Orthodox asɔre no. Mintumi nnye nni sɛ worenyɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne, a ɛyɛ Baasakoro sɛnkyerɛnne no bio da.’
“Na medɔ me nuabarima no na saa ntetewmu yi a ɛbaa yɛn ntam no haw me kɛse. Asram bi akyi no, ɛbae sɛ mihuu The Harp of God nhoma a na mewɔ dedaw no. Ná mfutuma ahura ho, nanso mibuee mu fii ase kan no awia bere, na metoaa so kosii ɔdasu mu. Onyankopɔn Asɛm mu nokware fii ase hyɛn me koma mu. Mede me ho hyɛɛ adesua bi a na wɔyɛ ma wɔn a wɔka Arabic kasa no mu na wɔbɔɔ me asu 1933.
“Ade soronko bi sii m’asetra mu bio. Afe 1949 mu na mitumi nyaa sika de tuu kwan bi a na mede asi m’ani so mfe bebree. Ná mewɔ nuabarima panyin bi wɔ Lebanon a mepɛe sɛ mekɔsra no na meka Ahenni anidaso no ho asɛm kyerɛ no. Bere a yɛte wimhyɛn mu rekɔ no, yɛkɔfaa Greenland ne baabi a ɛbɛn faako a Titanik no memee no pɛɛ. Bere a merehwɛ Atlantik nsu nwininwini no so na merekaakae saa bere a ɛyɛ awerɛhow no, mantumi anni me nkate so.
“Bere a ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ wimhyɛn no mu hui sɛ nusu refi m’ani ase no, otwiw bɛn me, na ɔbɔɔ me nsa ho kakra bisae sɛ: ‘Biribi haw wo anaa? So metumi aboa?’ Mibuae sɛ: ‘Dabi, na meresusuw bere a na meyɛ abarimaa a madi mfe 12 no ho. Ná mewɔ hyɛn kɛse, Titanik a ɛmemee na nnipa bɛboro 1,500 hweree wɔn nkwa wɔ nsu no ase no mu. Me werɛ remfi saa anɔpa no ne osũ a na efi sum ne nsu nwininwini mu a wɔde repɛ mmoa no da.’ Ɔbea dwumayɛni fɛfɛ a ne tiri nhwi tuntum no kae sɛ; ‘Na ɛyɛ awerɛhow! Mekae sɛ makan Titanik asiane no ho asɛm.’
“Mikoduu Lebanon. Nea ɛyɛ anigye no, na me nuabarima panyin no ani agye Bible ho. Akyiri yi ɔno nso bɛyɛɛ Yehowa dansefo Kristoni a wahyira ne ho so.”
Me wɔfa Louis kaa asɛm a anidaso wom de wiee n’asɛm no sɛ Onyankopɔn ahenni besi mprempren Satan nneɛma nhyehyɛe no anan mu.
Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn Asɛm mu nokware ayɛ tumi a ɛkyerɛ me kwan wɔ m’asetra mu. Meda Yehowa ase sɛ ɔkoraa me nkwa so wɔ Titanik asiane no mu na manya kwan resom no mprempren wɔ ‘nna a edi akyiri’ a emu yɛ den yi mu.” Ɔne ne nuabarima panyin no ne ne yere trae na ɔne wɔn boom de n’ahoɔden nyinaa som Yehowa kosii bere a owui. Wannyae da sɛ ɔbɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro. (Mateo 6:9, 10) Na ɛyɛ n’anidaso a emu yɛ den sɛ, sɛ owu ansa na Harmagedon aba a, Onyankopɔn nam owusɔre so begye no afi ɔdamoa tumi mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Yetumi tee sɛ na wɔrebɔ nnwom wɔ hyɛn no mu no na wɔreto “Me Nyankopɔn a Mebɛn Wo”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Mihui sɛ ɛremem kɔ po no ase
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Me werɛ rentumi mfi saa anɔpa no, osũ a na wɔresũ hwehwɛ mmoa a efii sum no ne nsu nwininwini no mu bae no.
[Kratafa 5 adaka/mfoni]
Na “Titanik” a ne tenten yɛ anammɔn 882 no yɛ hyɛn a ɛsõ sen biara wo po so. Na emu duru nyinaa boro nnɛyi po so akohyɛn so bɛyɛ ton 5,000. Wɔyɛɛ nea ɛmma nsu nkɔ hyɛn mũ no mmɔho 16, na esiane sɛ ná nsu betumi ayɛ saa nkyekyem yi mu anan ma a ɛremmem nti, wosusuwii sɛ hyɛn no ntumi mmem. “Ahobammɔ a na ɛwɔ mu no ho de, . . . wogye dii sɛ, na hyɛn biara nto ‘Titanik’ no.” (New York “Times,” April 16, 1912) Nanso nsukyenee bepɔw no tumi tuu tokuru a ne tenten yɛ anammɔn 300 wɔ hyɛn no nkyɛn mu, na “Titanik” a “entumi mmem” no memee.
[Box/Map on page 4]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
U.S.A.
NEW YORK
NEWFOUNDLAND
WHERE THE “TITANIC” WAS LOST
IRELAND
ENGLAND
SOUTHAMPTON
FRANCE
[Box]Wukuda, April 10: “Titanik” fi Southampton faa po so wɔ n’akwantu a edi kan mu, a nnipa bɛyɛ 2,200 wɔ mu. Bere a egyinagyinae bere tiaa bi wɔ Franse ne Ireland akyi no, ɛde n’ani kyerɛɛ New York.
Kwasida, April 14: “Wim yɛɛ nwini yiye. Wɔbɔɔ “Titanik” kɔkɔ sɛ nsukyenee mmepɔw wɔ n’anim, ɔkɔɔ n’anim bɛyɛ akwansin 22. Ɛreyɛ adu ɔdasum no, ɛpem nsukyenee bepɔw bi, bɛyɛ akwansin 95 wɔ Newfoundland nifa fam.
Dwoda, April 15: “Titanik” no memee bere a ɛkɔpemee no akyi nnɔnhwerew 2 ne simma 40, na nnipa 1,500 hweree wɔn nkwa. Ná aka akwansin 1,600 na hyɛn no adu faako a ɛrekɔ no, wɔ kusuu fam apuei.
[Kratafa 8 mfoni]
Akwantufo binom powee sɛ wobetie kɔkɔbɔ ahorow a wɔde mae sɛ womfi hyɛn no mu no