Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Ɛnnɛ

Yawda, April 16

Misu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu, . . . na me sufrɛ no duu n’asom.—Dw. 18:6.

Ná Ɔhene Dawid nim Yehowa, na ɔde ne ho too no so. Bere a Ɔhene Saul ne afoforo repɛ no akum no no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Bere a Onyankopɔn buaa Dawid mpaebɔ na ogyee no no, ɔkaa sɛ: “Yehowa te ase!” (Dw. 18:46) Asɛm a Dawid kae no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Nhoma bi ka sɛ, na Dawid pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ, “ɔyɛ onyame a ɔte ase a otwitwa gye ne nkurɔfo bere nyinaa.” Nea na Dawid afa mu wɔ n’asetena mu no ma ohui sɛ ne Nyankopɔn no te ase, na wei ma osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa na wayi no ayɛ. (Dw. 18:​28, 29, 49) Sɛ yegye di sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka asom no. Ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina sɔhwɛ ano, na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so ayere yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Afei nso, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so abɛn no. w24.06 20 ¶3-4

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2026

Fida, April 17

Mommma obiara mmma mommfom kwan.—2 Tes. 2:3.

Asɛm a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛte asɛm bi a ɛne nea yɛasua wɔ Bible mu no nhyia, anaa nkurɔfo haahaa wɔn ani keka nsɛm bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye. Bere bi, yɛn atamfo a wɔwɔ kan Soviet Union de krataa bi kɔmaa anuanom, na wɔma ɛyɛɛ te sɛ nea efi asafo ti no hɔ. Krataa no mu no, wɔka kyerɛɛ anuanom no bi sɛ wɔntew wɔn ho mfi asafo no ho na wɔnkɔtew wɔn kuw. Wohwɛ krataa a wɔkyerɛwee no a, na asɛ asɛm biara nni ho. Nanso anuanom anokwafo amma wei annaadaa wɔn. Wɔhui sɛ nsɛm a ɛwɔ krataa no mu ne nea wɔasua no nhyia. Ɛnnɛ, ɛtɔ da a yɛn atamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa abɛɛfo mfiri so ama yɛn adwene mu ayɛ yɛn naa, na wɔde mpaapaemu aba yɛn mu. Sɛ yɛte anaa yɛkenkan asɛm bi a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛma ɛsɛe yɛn adwene ntɛm,’ na mmom ɛsɛ sɛ yɛde toto nea yɛasua dedaw no ho hwɛ sɛ ɛyɛ nokware a. Yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban.—2 Tes. 2:2; 1 Yoh. 4:1. w24.07 12 ¶14-15

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2026

Memeneda, April 18

Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo.—1 Yoh. 2:1.

Gyinae a ɛho hia paa a ɔdasani biara betumi asi ne sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa na wabɛka n’asomfo ho. Yehowa pɛ sɛ obiara yɛ saa. Adɛn ntia? Ɔpɛ sɛ wɔne no fa adamfo na wɔtena ase daa. (Deut. 30:​19, 20; Gal. 6:​7, 8) Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Wama kwan sɛ obiara betumi asi gyinae a ɔpɛ. Na sɛ ɛkɔba sɛ Kristoni bi a wabɔ asu bu Onyankopɔn mmara so na ɔyɛ bɔne kɛse bi nso ɛ? Sɛ wannu ne ho a, ɛwɔ sɛ wɔyi no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:13) Ɛba saa mpo a, Yehowa hwɛ kwan denneennen sɛ ɔbɔnefo no bɛsan aba ne nkyɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ka ho bi paa nti na ɔmaa Yesu bewui, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no hyɛ abɔnefo nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene.—Sak. 1:3; Rom. 2:4; Yak. 4:8. w24.08 14 ¶1-2

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2026
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena