Fida, April 17
Mommma obiara mmma mommfom kwan.—2 Tes. 2:3.
Asɛm a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛte asɛm bi a ɛne nea yɛasua wɔ Bible mu no nhyia, anaa nkurɔfo haahaa wɔn ani keka nsɛm bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye. Bere bi, yɛn atamfo a wɔwɔ kan Soviet Union de krataa bi kɔmaa anuanom, na wɔma ɛyɛɛ te sɛ nea efi asafo ti no hɔ. Krataa no mu no, wɔka kyerɛɛ anuanom no bi sɛ wɔntew wɔn ho mfi asafo no ho na wɔnkɔtew wɔn kuw. Wohwɛ krataa a wɔkyerɛwee no a, na asɛ asɛm biara nni ho. Nanso anuanom anokwafo amma wei annaadaa wɔn. Wɔhui sɛ nsɛm a ɛwɔ krataa no mu ne nea wɔasua no nhyia. Ɛnnɛ, ɛtɔ da a yɛn atamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa abɛɛfo mfiri so ama yɛn adwene mu ayɛ yɛn naa, na wɔde mpaapaemu aba yɛn mu. Sɛ yɛte anaa yɛkenkan asɛm bi a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛma ɛsɛe yɛn adwene ntɛm,’ na mmom ɛsɛ sɛ yɛde toto nea yɛasua dedaw no ho hwɛ sɛ ɛyɛ nokware a. Yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban.—2 Tes. 2:2; 1 Yoh. 4:1. w24.07 12 ¶14-15
Memeneda, April 18
Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo.—1 Yoh. 2:1.
Gyinae a ɛho hia paa a ɔdasani biara betumi asi ne sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa na wabɛka n’asomfo ho. Yehowa pɛ sɛ obiara yɛ saa. Adɛn ntia? Ɔpɛ sɛ wɔne no fa adamfo na wɔtena ase daa. (Deut. 30:19, 20; Gal. 6:7, 8) Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Wama kwan sɛ obiara betumi asi gyinae a ɔpɛ. Na sɛ ɛkɔba sɛ Kristoni bi a wabɔ asu bu Onyankopɔn mmara so na ɔyɛ bɔne kɛse bi nso ɛ? Sɛ wannu ne ho a, ɛwɔ sɛ wɔyi no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:13) Ɛba saa mpo a, Yehowa hwɛ kwan denneennen sɛ ɔbɔnefo no bɛsan aba ne nkyɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ka ho bi paa nti na ɔmaa Yesu bewui, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no hyɛ abɔnefo nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene.—Sak. 1:3; Rom. 2:4; Yak. 4:8. w24.08 14 ¶1-2
Kwasida, April 19
Sɛ wo koma hu nyansa a, ɛnde me ara me koma bedi ahurusi.— Mmeb. 23:15.
Bere a Yohane kyerɛw ne nhoma a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ebinom rekyerɛkyerɛ atosɛm, na na wɔde mpaapaemu reba asafo no mu. Nanso ebinom kɔɔ so ‘nantew nokware no mu.’ Wɔtiee Yehowa, na ‘wɔnantewee sɛnea n’ahyɛde te.’ (2 Yoh. 4, 6) Ɛnyɛ Yohane nko ara na saa Kristofo anokwafo yi maa n’ani gyei; wɔmaa Yehowa nso ani gyei. (Mmeb. 27:11) Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ, sɛ yedi Yehowa nokware a, ɛde anigye ba. (1 Yoh. 5:3) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yehu sɛ yɛama Yehowa ani agye a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye. Sɛ ohu sɛ yɛreko tia sɔhwɛ na yɛredi ne mmara so a, ɛma n’ani gye. Abɔfo a ɛwɔ soro nso ani gye. (Luka 15:10) Yɛn nso, sɛ yehu sɛ yɛn nuanom redi nokware a, ɛma yɛn ani gye. (2 Tes. 1:4) Sɛ Satan wiase bɔne yi kɔ n’awiei a, yɛn ani begye paa sɛ yedii Yehowa nokware. w24.11 12 ¶17-18