April
Wukuda, April 1
M’Agya apɛde ne sɛ, obiara a ogye Ɔba no tom, na ogye no di no benya daa nkwa.—Yoh. 6:40.
Asɛm a Yesu kae a ɛfa ne honam ne ne mogya ho no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya agyede no mu gyidi na yɛatumi anya daa nkwa. (Efe. 1:7) Wɔn a Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” no, afe biara, paanoo a yɛde yɛ Awurade Anwummeduan no, wɔnni bi, na bobesa no nso, wɔnnom bi, na saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Yoh. 10:16) Ne nyinaa mu no, Yesu agyede afɔre ne nhyira a ɛde bɛba no, sɛ wɔnya mu gyidi a, ɛkyerɛ sɛ wɔredi “nkwa paanoo” no bi. (Yoh. 6:53) Nanso wɔn a wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi no, wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ Onyankopɔn de wɔn aba apam foforo no mu; wei ma wɔnya anidaso sɛ wɔbedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Enti sɛ yɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho oo, sɛ yɛka nguan foforo no ho oo, sɛ yebenya daa nkwa a, ɛho hia sɛ yenya agyede no mu gyidi. w24.12 13 ¶14, 16
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 12) Mateo 26:1-5, 14-16; Luka 22:1-6
NKAEDI DA
Bere a Owia Akɔtɔ
Yawda, April 2
Nguankuw ketewa, munnsuro, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahenni no bɛma mo.—Luka 12:32.
Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Awurade Anwummeduan no, ɔmaa wɔn paanoo a mmɔkaw nnim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ egyina hɔ ma ne nipadua. Afei ɔde bobesa no maa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ egyina hɔ ma “mogya a wɔde yɛ apam no.” (Mar. 14:22-25; Luka 22:20; 1 Kor. 11:24) Ɔkaa sɛ ɛyɛ “apam foforo.” Yehowa ne “Israel fi,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne Yesu bedi ade “wɔ Onyankopɔn Ahenni mu” no nkutoo na ɛyɛɛ saa apam no. (Heb. 8:6, 10; 9:15) Asɛm a Yesu kaa wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, na ɛfa “nguankuw ketewa” no ho. Yesu asomafo anokwafo a na wɔne no wɔ dan no mu hɔ no, wɔn na wɔyɛ “nguankuw ketewa” no mufo a edi kan. Wɔn na wɔne Yesu bɛkɔ akɔtena soro. w24.12 11 ¶9-10
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 13) Mateo 26:17-19; Marko 14:12-16; Luka 22:7-13 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 14) Yohane 13:1-5; 14:1-3
Fida, April 3
Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.—Yoh. 3:16.
Yesu asuafo no baako yii no mae, atamfo kyeree no, wɔdidii no atɛm, wɔsɛee ne din, wɔbuu no kumfɔ, na wɔyɛɛ no ayayade. Afei asraafo kɔbɔɔ no asɛndua mu. Yesu miaa n’ani gyinaa ɛyaw ne amanehunu yi nyinaa ano. Nanso bere a Yehowa hui sɛ ne Ba no rehu amane no, ɛyaw a ɔfaa mu no, na Yesu de no koraa mma. Ná Yehowa wɔ tumi a obetumi de agye Yesu, nanso wanyɛ saa. Adɛn ntia? Ɛyɛ dɔ a ɔdɔ yɛn ntia. Yesu afɔrebɔ no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ wo paa. Ɔde ne Ba a ɔsom bo ma no sen biara no bɔɔ afɔre maa wo; wei ma ɔfaa yaw pii mu. Nanso ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a obegye wo afi bɔne ne owu mu. (1 Yoh. 4:9, 10) Nokwasɛm ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn mu biara ma yedi bɔne so nkonim! w24.08 6 ¶13-14
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 14) Yohane 19:1-42
Memeneda, April 4
‘Kristo huu amane maa mo.’—1 Pet. 2:21.
Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa faa mu ansa na ɔde agyede no rema no a, sɛnea ɔdɔ yɛn no, ɛbɛma yɛate ase yiye paa. Satan kyerɛ sɛ Yehowa somfo biara nni hɔ a sɛ ɔrehu amane a, ɔbɛkɔ so adi no nokware. Nea ɛbɛyɛ na obiara ahu sɛ nea Satan reka no yɛ atoro no, Yehowa maa kwan maa Yesu huu amane ansa na ɔrewu. (Hiob 2:1-5) Yesu atamfo dii ne ho fɛw, asraafo hwee no, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Afei Yehowa Dɔba no wui yayaayaw. Wei nyinaa na Yehowa ani tua. (Mat. 27:28-31, 39) Ná anka Yehowa betumi atwa amanehunu yi nyinaa so. (Mat. 27:42, 43) Nanso, sɛ Onyankopɔn de ne ho gyee mu a, anka yɛrennya agyede biara, na anka yɛrennya anidaso biara nso. Enti Yehowa maa kwan ma ne Ba no huu amane kosii sɛ oguu ahome a etwa to. w25.01 22 ¶7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 15) Mateo 27:62-66 (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 16) Yohane 20:1
Kwasida, April 5
Wohuu no nnafua 40.—Aso. 1:3.
Ná ɛyɛ Nisan 16, afe 33. Ná awerɛhow ahyɛ Yesu asuafo no ma, na na ehu nso akyekyere wɔn. Ná asuafo no mu mmienu fi Yerusalem rekɔ Emaus. Ɔbarima bi bɛtoo wɔn, na ɔne wɔn bɔɔ anan nantewee. Asuafo no kaa nea ɛtoo Yesu no kyerɛɛ no. Afei, ɔbarima no ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ bi a na wɔn werɛ remfi da. Ɔkyerɛɛ wɔn nea enti a na ɛsɛ sɛ Mesia no hu amane na owu; “ɔhyɛɛ ase fii nea Mose ne Adiyifo no nyinaa” kyerɛwee so. Bere a mmarima mmiɛnsa no nyinaa koduu Emaus no, ɔbarima no ma wɔhui sɛ ɔno ne Yesu a Onyankopɔn anyan no no. (Luka 24:13-35) Nnafua 40 a etwa to a Yesu dii wɔ asaase so no, oyii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ n’asuafo no. Saa bere no, ehu ne awerɛhow a na ahyɛ Yesu asuafo no ma no tu yerae efisɛ ɔhyɛɛ wɔn nkuran. Wei maa wɔn ani gyei, na wɔnyaa akokoduru kɔkaa Ahenni ho asɛmpa no kyerɛɛ afoforo, na wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. w24.10 12 ¶1-3
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 16) Yohane 20:2-18
Dwoda, April 6
Momfa mo gyidi kronkron no nyɛ fapem nhyɛ mo ho den.—Yuda 20.
Ade rekye a ade resa nyinaa, yɛnhyɛ da nyɛ hwee, nanso wobɛhwɛ ara na yɛanyin. Nanso ɛba yɛne Yehowa ayɔnkofa de a, ɛnyɛ sɛ yɛtenaa mu ara na atu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anuanom a na ɛwɔ Korinto no gyee asɛmpa no dii, wɔbɔɔ asu, wɔnyaa honhom kronkron, na ɔsomafo Paul ankasa nso kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. (Aso. 18:8-11) Nanso, wɔn asubɔ akyi mfe pii no, na wɔn mu bebree da so ara yɛ mmotafowa wɔ Yehowa som mu. (1 Kor. 3:2) Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, ɛsɛ sɛ yedi kan nya ɔpɛ no. Wɔn a ‘wɔpɛ agyimisɛm,’ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so yɛ mmofra wɔ Onyankopɔn som mu no, wɔn ho rentumi nkokwaw da. (Mmeb. 1:22) Ebinom anyin, nanso daa wɔpɛ sɛ wɔn awofo na esisi gyinae ma wɔn. Yɛmpɛ sɛ yesuasua saafo no. Yɛn de, yɛpɛ sɛ yɛfa to yɛn ho so sɛ yɛbɛma yɛn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛma wo ho akokwaw a, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo ‘ɔpɛ no ne ahoɔden a wode bɛyɛ.’—Filip. 2:13. w24.04 4 ¶9-10
Benada, April 7
‘Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe.’—2 Pet. 3:9.
Yehowa ma yehu sɛnea ɔte nka wɔ nnipa a obebu wɔn atɛn no ho. (Hes. 33:11) Yehowa ho mpere no sɛ ɔbɛsɛe nnipa afebɔɔ. Ne mmɔborɔhunu sõ, na bere biara a ɛfata sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi no, ɔyɛ saa. Wɔn a wɔrennya owusɔre no, dɛn na yenim wɔ wɔn ho? Wɔn mu kakraa bi pɛ na Bible ka wɔn ho asɛm. Yesu ma ɛdaa adi sɛ Yuda Iskariot rennya owusɔre. (Mar. 14:21; hwɛ Yohane 17:12 nso.) Yuda hyɛɛ da paa na oyii Yesu mae de yɛɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden. (Hwɛ Marko 3:29 ne w07 7/15 kr. 18.) Yesu san kaa sɛ, nyamesom akannifo a wɔsɔre tiaa no no, wɔn mu bi nso rennya owusɔre. (Mat. 23:33) Ɔsomafo Paul nso kaa sɛ, sɛ awaefo ansakra wɔn adwene a, wɔrennya owusɔre.—Heb. 6:4-8; 10:29. w24.05 4 ¶10-11
Wukuda, April 8
Yehowa bɔ anokwafo ho ban.—Dw. 31:23.
Sɛ yɛbata Yehowa ho bere nyinaa, na Satan tu n’ani si yɛn so sɛ dɛn mpo a, ɔrentumi nyɛ yɛn hwee. (1 Yoh. 3:8) Wiase foforo no mu nso, Yehowa bɛkɔ so abɔ n’asomfo anokwafo ho ban na biribiara ansɛe wɔne ne ntam, na obeyi owu nso afi hɔ. (Adi. 21:4) Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu, na yɛne no anya ayɔnkofa a emu yɛ den daa. (Hes. 37:27) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tena ne ntamadan no mu a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra? Sɛ obi to nsa frɛ wo ba ne fie a, yegye di sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ nea ɛsɔ n’ani. Yɛn nso, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tena Yehowa ntamadan mu, enti yɛpɛ sɛ yehu nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ ‘yɛbɛsɔ n’ani.’ (Kol. 1:10) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ yɛde nidi bɛma no bere nyinaa. Obu a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛakwati nneyɛe biara a okyi. Yɛpɛ paa sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase’ ne yɛn Nyankopɔn nantew.—Mika 6:8. w24.06 4 ¶8-9
Yawda, April 9
Ogyinaa mu maa mmaratofo.—Yes. 53:12.
Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ɔno ara ne ba Isak mmɔ afɔre. Nokwasɛm ne sɛ, Abraham hui sɛ saa adwuma no nna fam koraa. Nanso na wayɛ krado sɛ obetie Yehowa. Bere a ɔyɛe sɛ ɔrebekum no no, ɛhɔ ara na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onnyae. Onyankopɔn somfo biara betumi asua biribi afi saa asɛm no mu. Ɛne sɛ, na Yehowa ani begye ho sɛ ɔde ɔno ara ne Dɔba bɛbɔ afɔre ama yɛn. Wei ma yehu sɛ Yehowa dɔ nnipa paa. (Gen. 22:1-18) Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no mu no, na ɛhwehwɛ sɛ wɔde mmoa bɔ wɔn bɔne ho afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. (Lev. 4:27-29; 17:11) Ná saa afɔre ahorow no ma yehu sɛ, daakye Yehowa bɛbɔ afɔre a ɛkyɛn wei de apopa nnipa bɔne korakora. Onyankopɔn maa n’adiyifo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛyɛ Onyankopɔn Dɔba. Afei nso, na obehu amane na wɔakum no na ɔde agye obi biara afi bɔne ne owu mu!—Yes. 53:1-12. w24.08 4 ¶7-8
Fida, April 10
Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Da mu nyinaa, ɛno na midwen ho.—Dw. 119:97.
Sɛ woreyɛ wo Bible akenkan no a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwehwɛ akwan a wobɛfa so de nea wusua no ayɛ adwuma. Sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi a, bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi abɔ me bra mprempren anaa daakye?’ Yɛmfa no sɛ wo Bible akenkan de wo akopue 1 Tesalonikafo 5:17, 18. Sɛ wokenkan saa nkyekyɛm mmienu no wie a, wubetumi agyina na woahwɛ mpɛn dodow a wode bɔ mpae ne sɛnea wo mpaebɔ tu mpɔn fa. Afei nso, wubetumi adwinnwen sɛnea wobɛda Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama wo no ho. Ebia wubetumi de asi w’ani so sɛ wobɛda Yehowa ase wɔ nneɛma mmiɛnsa ho. Sɛ wode simma kakraa bi mpo dwinnwen nea woakenkan no ho a, ɛbɛboa wo ma woayɛ Onyankopɔn Asɛm no tiefo ne ne yɛfo. Sɛ wode nea wokenkan fi Bible mu da biara no yɛ adwuma a, nkakrankakra wo ne Yehowa adamfofa no mu bɛyɛ den paa. w24.09 4-5 ¶9-10
Memeneda, April 11
Monhwɛ yiye, na nea yɛayɛ adwuma anya no amfi mo nsa. Moyɛ saa a, mubenya akatua mu.—2 Yoh. 8.
Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ɔkwan soronko bi so. Ɛwom sɛ, sɛ obi kyɛ yɛn ade anaa ɔyɛ biribi ma yɛn a, yɛn ani gye, nanso sɛ yɛkyɛ afoforo ade anaa yɛyɛ biribi ma wɔn a, ɛma yenya anigye pii. Sɛ yɛboa yɛn nuanom Kristofo a, ɛma yɛn ani gye. Na sɛ wɔkyerɛ nea yɛayɛ ama wɔn no ho anisɔ a, ɛno nso ma yɛn ani gye. Nanso nea yɛkyɛɛ no ade no, sɛ ɔkyerɛ ho anisɔ oo, sɛ wankyerɛ ho anisɔ oo, yɛn ani betumi agye sɛ yɛyɛɛ nea ɛfata. Mma wo werɛ mmfi da sɛ, biribiara a wode bɛkyɛ obi no, “Yehowa betumi ama wo nea ɛkyɛn saa koraa.” (2 Be. 25:9) Nea ɛwom ara ne sɛ, yɛrentumi nkyɛ ade nsen Yehowa! Na hwɛ sɛ Yehowa ankasa atua wo ka, anigye bɛn na ɛsen wei? Enti momma yensi yɛn bo na yɛnkɔ so nsuasua yɛn soro Agya no ayamye. w24.09 31 ¶20-21
Kwasida, April 12
O Yehowa me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa beyi wo ayɛ, na mɛhyɛ wo din anuonyam akosi daa.—Dw. 86:12.
Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye. (Dw. 103:13; Yes. 49:15) Ɔwɔ tema, kyerɛ sɛ, yɛn sũ yɛ ne sũ. (Sak. 2:8) Ɔboa yɛn ma yetumi fa no adamfo. (Dw. 25:14; Aso. 17:27) Ɔbrɛ ne ho ase; “ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsoro ne asaase, na ɔma mmɔborɔwa so fi mfuturu mu.” (Dw. 113:6, 7) Sɛ Yehowa wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ yi a, wohwɛ a ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam? Yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu Yehowa, enti yɛhyɛ no anuonyam. Nnipa bebree nnim Yehowa ho nokwasɛm. Adɛn ntia? Efisɛ Satan keka Yehowa ho atosɛm a ɛyɛ hu de fura wɔn adwene ani. (2 Kor. 4:4) Satan adaadaa nkurɔfo ama wɔagye adi sɛ Yehowa mfa bɔne nkyɛ, onnwen nnipa ho, na amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase no, emu fã kɛse no ara fi no. Nanso yɛn de, yenim yɛn Nyankopɔn no ho nokwasɛm! Yɛanya hokwan a yɛde bɛma afoforo ahu sɛ, nea Satan rekeka no nyinaa nyɛ nokware. Yɛyɛ saa a, na yɛrehyɛ Yehowa anuonyam.—Yes. 43:10. w25.01 3 ¶6-7
Dwoda, April 13
‘Satan redaadaa asaase sofo nyinaa.’—Adi. 12:9.
Yesu a na ɔyɛ Onyankopɔn ba no, ɛwom sɛ na bɔne nni ne ho na ɔyɛɛ anwanwade akɛseakɛse, nanso Satan akyitaafo kekaa ne ho atosɛm bebree. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nyamesom akannifo no keka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ, Yesu de “ahonhommɔne panyin no” na etu ahonhommɔne. (Mar. 3:22) Bere a wɔredi Yesu asɛm no, nyamesom akannifo no bɔɔ no sobo sɛ ɔka abususɛm, na wɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔmma wɔnkum Yesu. (Mat. 27:20) Akyiri yi, bere a Kristo akyidifo reka asɛmpa no, atamfo “tutu guu amanaman mufo no asom, na wɔsɛee wɔn adwene” sɛ wɔnsɔre ntia Kristofo no. (Aso. 14:2, 19) Asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 14:2 no, December 1, 1998 Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a asɛm a Yudafo asɔretiafo no poe no ara annɔɔso amma wɔn no, wofii ase sɛee wɔn din, bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Amanaman mufo no anya Kristofo no ho adwemmɔne.” Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, Satan da so ara ‘redaadaa asaase sofo nyinaa.’ w24.04 11 ¶15-16
Benada, April 14
Asaase nyinaa Temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?—Gen. 18:25.
Sɛ obi benya daa nkwa a, ennyina bere a obewu so. Yehowa yɛ Ɔtemmufo a onni mfomso; obu atɛntrenee bere nyinaa. (Dw. 33:4, 5) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ “Asaase nyinaa Temmufo” no bɛyɛ nea ɛtene. Yebetumi nso aka sɛ, sɛ obi benya daa nkwa a, ennyina baabi a ɔte so. Nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a, baabi a wɔtete no nti, wɔnnyaa hokwan ntee Ahenni ho asɛmpa no bi da. Nnipa a ɛte saa no, ɛremma da sɛ Yehowa bebu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ “mpɔnkye.” (Mat. 25:46) Asaase nyinaa Temmufo a obu atɛntrenee no, sɛnea odwen saa nnipa yi nyinaa ho no, ebia ɛbɛyɛ den mpo sɛ yɛbɛte ase. Yennim nhyehyɛe a Yehowa de begu akwan mu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nnipa a ɛte saa no, sɛ wɔhu nea ɛbɛkɔ so wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ebia ɛbɛkanyan wɔn ma wɔasua Yehowa ho ade, abenya ne mu gyidi, na wɔabɛsom no ansa na Yehowa atew ne din ho wɔ amanaman no anim.—Hes. 38:16. w24.05 12 ¶14-15
Wukuda, April 15
Monnodɔ mo ho.—Yoh. 15:12.
Yehowa nkurɔfo ani gye ho paa sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho. (2 Kor. 8:4) Nanso ɛtɔ da a, egye akokoduru paa na yɛatumi ayɛ saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ɔko si baabi a, asafo mu mpanyimfo nim sɛ wɔn nuanom behia nkuranhyɛ. Ebi nso a wɔbehia Bible, asafo nhoma, aduan, ntaade ne nea ɛkeka ho. Anuanom ho dɔ nti, mpanyimfo no de wɔn nkwa to asiane mu de nea wɔhia kɔma wɔn. Mmere a ɛte saa mu no, ɛho hia sɛ yɛyɛ baako. Sɛ Betel a ɛwɔ yɛn man mu de akwankyerɛ ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yedi so pɛpɛɛpɛ. (Heb. 13:17) Nea ɛsɛ sɛ anuanom yɛ ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no taa susuw ho. (1 Kor. 14:33, 40) Nya akokoduru, nanso yɛ ahwɛyiye. (Mmeb. 22:3) Ansa na wobɛyɛ biribi no, dwen ho yiye. Nyɛ biribiara a ɛde wo nkwa bɛto asiane mu. Fa wo ho to Yehowa so. Bere a woreboa wo nuanom no, obetumi ahwɛ wo so na wabɔ wo ho ban. w24.07 4 ¶8; 5 ¶11
Yawda, April 16
Misu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu, . . . na me sufrɛ no duu n’asom.—Dw. 18:6.
Ná Ɔhene Dawid nim Yehowa, na ɔde ne ho too no so. Bere a Ɔhene Saul ne afoforo repɛ no akum no no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Bere a Onyankopɔn buaa Dawid mpaebɔ na ogyee no no, ɔkaa sɛ: “Yehowa te ase!” (Dw. 18:46) Asɛm a Dawid kae no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Nhoma bi ka sɛ, na Dawid pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ, “ɔyɛ onyame a ɔte ase a otwitwa gye ne nkurɔfo bere nyinaa.” Nea na Dawid afa mu wɔ n’asetena mu no ma ohui sɛ ne Nyankopɔn no te ase, na wei ma osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa na wayi no ayɛ. (Dw. 18:28, 29, 49) Sɛ yegye di sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka asom no. Ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina sɔhwɛ ano, na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so ayere yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Afei nso, ɛbɛma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so abɛn no. w24.06 20 ¶3-4
Fida, April 17
Mommma obiara mmma mommfom kwan.—2 Tes. 2:3.
Asɛm a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛte asɛm bi a ɛne nea yɛasua wɔ Bible mu no nhyia, anaa nkurɔfo haahaa wɔn ani keka nsɛm bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye. Bere bi, yɛn atamfo a wɔwɔ kan Soviet Union de krataa bi kɔmaa anuanom, na wɔma ɛyɛɛ te sɛ nea efi asafo ti no hɔ. Krataa no mu no, wɔka kyerɛɛ anuanom no bi sɛ wɔntew wɔn ho mfi asafo no ho na wɔnkɔtew wɔn kuw. Wohwɛ krataa a wɔkyerɛwee no a, na asɛ asɛm biara nni ho. Nanso anuanom anokwafo amma wei annaadaa wɔn. Wɔhui sɛ nsɛm a ɛwɔ krataa no mu ne nea wɔasua no nhyia. Ɛnnɛ, ɛtɔ da a yɛn atamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa abɛɛfo mfiri so ama yɛn adwene mu ayɛ yɛn naa, na wɔde mpaapaemu aba yɛn mu. Sɛ yɛte anaa yɛkenkan asɛm bi a, ɛnsɛ sɛ ‘yɛma ɛsɛe yɛn adwene ntɛm,’ na mmom ɛsɛ sɛ yɛde toto nea yɛasua dedaw no ho hwɛ sɛ ɛyɛ nokware a. Yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban.—2 Tes. 2:2; 1 Yoh. 4:1. w24.07 12 ¶14-15
Memeneda, April 18
Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo.—1 Yoh. 2:1.
Gyinae a ɛho hia paa a ɔdasani biara betumi asi ne sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa na wabɛka n’asomfo ho. Yehowa pɛ sɛ obiara yɛ saa. Adɛn ntia? Ɔpɛ sɛ wɔne no fa adamfo na wɔtena ase daa. (Deut. 30:19, 20; Gal. 6:7, 8) Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Wama kwan sɛ obiara betumi asi gyinae a ɔpɛ. Na sɛ ɛkɔba sɛ Kristoni bi a wabɔ asu bu Onyankopɔn mmara so na ɔyɛ bɔne kɛse bi nso ɛ? Sɛ wannu ne ho a, ɛwɔ sɛ wɔyi no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:13) Ɛba saa mpo a, Yehowa hwɛ kwan denneennen sɛ ɔbɔnefo no bɛsan aba ne nkyɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ka ho bi paa nti na ɔmaa Yesu bewui, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no hyɛ abɔnefo nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene.—Sak. 1:3; Rom. 2:4; Yak. 4:8. w24.08 14 ¶1-2
Kwasida, April 19
Sɛ wo koma hu nyansa a, ɛnde me ara me koma bedi ahurusi.— Mmeb. 23:15.
Bere a Yohane kyerɛw ne nhoma a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ebinom rekyerɛkyerɛ atosɛm, na na wɔde mpaapaemu reba asafo no mu. Nanso ebinom kɔɔ so ‘nantew nokware no mu.’ Wɔtiee Yehowa, na ‘wɔnantewee sɛnea n’ahyɛde te.’ (2 Yoh. 4, 6) Ɛnyɛ Yohane nko ara na saa Kristofo anokwafo yi maa n’ani gyei; wɔmaa Yehowa nso ani gyei. (Mmeb. 27:11) Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ, sɛ yedi Yehowa nokware a, ɛde anigye ba. (1 Yoh. 5:3) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yehu sɛ yɛama Yehowa ani agye a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye. Sɛ ohu sɛ yɛreko tia sɔhwɛ na yɛredi ne mmara so a, ɛma n’ani gye. Abɔfo a ɛwɔ soro nso ani gye. (Luka 15:10) Yɛn nso, sɛ yehu sɛ yɛn nuanom redi nokware a, ɛma yɛn ani gye. (2 Tes. 1:4) Sɛ Satan wiase bɔne yi kɔ n’awiei a, yɛn ani begye paa sɛ yedii Yehowa nokware. w24.11 12 ¶17-18
Dwoda, April 20
Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.—1 Kor. 10:24.
Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wode w’ani to fam hwɛ onii no bere tenten sɛn ansa na wode ato n’anim? Sɛ wode kɔto n’anim ntɛm a, anhwɛ a obenya adwene sɛ wo ho pere wo. (Mmeb. 29:20) Nanso sɛ woma ɛkyɛ dodo nso a, anhwɛ a obenya adwene sɛ w’adwene nsi wo pi, ɛnkanka, sɛ onii no ahu sɛ w’ani gye ne ho a. (Ɔsɛnk. 11:4) Kae sɛ, ansa na wode bɛto n’anim no, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ ɔkwan biara so ɔno ara na wobɛware no. Nanso, ɛsɛ sɛ wusi w’adwene pi sɛ woayɛ krado sɛ wobɛware, na onii no betumi abɛyɛ wo kunu anaa wo yere. Na sɛ wuhu sɛ obi ani gye wo ho nso ɛ, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛ w’ani nnye ne ho a, bɔ mmɔden fa wo nneyɛe kyerɛ. Sɛ woma onii no nya adwene sɛ ebetumi ayɛ yiye na ɛnte saa a, wohwɛ a eye?—Efe. 4:25. w24.05 22-23 ¶9-10
Benada, April 21
Mɛsan aba bio na mabɛfa mo akɔ me fi.—Yoh. 14:3.
Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no nko ara na Yesu ‘bɛfa wɔn akɔ’ ɔsoro Ahenni no mu. Kristoni biara a wɔasra no a wankɔ so anwɛn no, sɛ wɔreboaboa “wɔn a wapaw wɔn no ano” a, wɔremfa no nka ho. (Mat. 24:31) Nanso sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena asaase so mpo a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie Yesu kɔkɔbɔ no, na yɛkɔ so wɛn na yedi nokware kosi awiei. Yɛabehu Yehowa yiye, enti yegye di paa sɛ nea ɔyɛ biara ye. Enti sɛ Yehowa si gyinae sɛ, ɔde honhom kronkron bɛsra Kristofo anokwafo no bi wɔn yɛn bere yi so a, ɛnhaw yɛn. Yesu mfatoho bi mu no, adwumayɛfo bi a wɔkɔyɛɛ bobefuw bi mu adwuma dɔnhwerew baako pɛ no, yɛkae nea ɔka faa wɔn ho. (Mat. 20:1-16) Wɔn a wɔkɔyɛɛ bobefuw no mu adwuma akyiri yi ne wɔn a wɔdii kan kɔyɛe no, wɔn nyinaa nyaa akatua baako. Enti ɛmfa ho bere a wɔbɛsra obi no, sɛ odi nokware kosi awiei nko ara de a, ne nsa bɛka ɔsoro akatua no. w24.09 24 ¶15-17
Wukuda, April 22
‘Kristo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’—1 Pet. 2:21.
Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a nkurɔfo ne no anni no yiye no, ɛyɛ nhwɛso papa paa a yebetumi asuasua. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɔno ara n’abusuafo ne afoforo ne no anni no yiye. N’abusuafo kaa sɛ ne tirim ka no, na nyamesom akannifo no nso bɔɔ no sobo sɛ ɔne ahonhommɔne na edi nsawɔso. Afei nso, Roma asraafo no dii ne ho agorɔ, wɔboroo no, na ewiee ase no, wɔkum no. (Mar. 3:21, 22; 14:55; 15:16-20, 35-37) Ateetee yi nyinaa, Yesu miaa n’ani gyinaa mu a wanyɛ bi antua ka. Dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu? (1 Pet. 2:21-23) Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ho no, Yesu agyaw yɛn nhwɛso fɛfɛɛfɛ a yebetumi asuasua. Ná onim bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm ne bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa. (Mat. 26:62-64) Sɛ nkurɔfo ka atosɛm fa ne ho a, ɛtɔ da a na ommua wɔn. (Mat. 11:19) Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ obeyi wɔn ano a, na onnidi wɔn atɛm anaa onhunahuna wɔn. w24.11 4-5 ¶9-10
Yawda, April 23
Kristo Yesu baa wiase sɛ ɔrebegye abɔnefo nkwa.—1 Tim. 1:15.
Fa no sɛ wode ade bi a ɛyɛ fɛ paa na mfaso wɔ so akyɛ obi a wopɛ n’asɛm. Sɛ wuhu sɛ wamfa akyɛde no anyɛ hwee na mmom ɔde ato baabi ato n’adwene mu a, anka ɛrenyɛ wo yaw anaa? Nanso akyɛde a wode maa no no, sɛ ɔkyerɛ ho anisɔ na ɔde di dwuma a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma w’ani agye paa. Wei fa Yehowa ho sɛn? Yehowa nso akyɛ yɛn ade. Wama ne Ba no abewu ama yɛn. Enti akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn, ne ɔdɔ a ɛkaa no ma ɔde maa yɛn no, sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! (Yoh. 3:16; Rom. 5:7, 8) Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, bere rekɔ so no, anisɔ a yɛwɔ ma agyede afɔre no betumi abrɛ ase. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛde akɔto baabi ato yɛn adwene mu. Sɛ yɛmpɛ sɛ biribi saa bɛto yɛn a, ɛsɛ sɛ da biara yɛkae yɛn ho nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no. w25.01 26 ¶1-2
Fida, April 24
Dwinnwen eyinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔso.—1 Tim. 4:15.
Sɛ ɔbarima bi bɛfata sɛ asafo mu panyin a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a waba gyidi no mu foforo. Ɛwom wobɔ asu a, ɛnyɛ nea ehia paa ne sɛ mfe pii betwam ansa na wɔapaw wo, mmom wuhia bere a wode bɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa mu den na ama wo ho akokwaw. Ansa na wɔbɛpaw wo sɛ ɔpanyin no, ɛsɛ sɛ wusuasua Yesu na woda no adi sɛ wobrɛ wo ho ase. Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛtwɛn, na sɛ bere pii twam na wɔmpaw wo mpo a, wo bo amfuw. (Mat. 20:23; Filip. 2:5-8) Sɛ wobata Yehowa ho na wudi ne mmara so a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔnokwafo. Nea ɛka ho nso ne sɛ, akwankyerɛ biara a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no, wubedi so. Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ ahwɛfo tumi kyerɛkyerɛ. Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu baguam kasa ma paa ansa anaa? Daabi. Asafo mu mpanyimfo a wɔbɔ mmɔden paa no, bebree wɔ hɔ a, ɛwom sɛ wɔnnim baguam kasa ma paa saa, nanso sɛ wɔwɔ asɛnka mu anaa wɔresrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran a, wɔtumi kyerɛkyerɛ yiye paa. w24.11 23-24 ¶14-15
Memeneda, April 25
Medɔ wo mmara nsɛm kyɛn sika kɔkɔɔ anaa sika kɔkɔɔ amapa mpo!—Dw. 119:127.
Sɛ wokenkan biribi wɔ Bible mu na wonte ase papa a, bɔ mmɔden yɛ ho nhwehwɛmu. Afei, da mũ no nyinaa, bɔ mmɔden dwinnwen nea wubehu no ho. Ɛno da nkyɛn a, nea ɛno ma wuhu fa Yehowa, ne Ba no, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wo no ho no, dwinnwen ho. (Dw. 119:97 ne ase hɔ asɛm) Bere biara a wobɛkan ade anaa wobɛyɛ nhwehwɛmu no, sɛ woannya biribi foforo biara a, mma w’abam mmmu. Ɔkwan bi so no, wote sɛ obi a ɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ. Wɔn a wɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ no, ɛtɔ da a wɔde nnɔnhwerew anaa nna pii na ɛhwehwɛ ansa na wɔanya ketewaa bi mpo. Ne nyinaa mu no wɔnnyae, efisɛ ketewa biara a wɔbenya no som bo ma wɔn. Nanso Bible mu akorade no som bo koraa sen akorade foforo biara. (Mmeb. 8:10) Enti nya abotare na di Bible akenkan nhyehyɛe a wobɛyɛ no akyi.—Dw. 1:2. w25.01 24-25 ¶14-15
Kwasida, April 26
Sɛnea Yehowa ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.—Kol. 3:13.
Sɛ obi yɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yebeyi yɛn yam de akyɛ no. (Dw. 86:5; Luka 17:4; Efe. 4:32) Obi betumi aka asɛm bi anaa wayɛ biribi ma ahye yɛn paa, ɛnkanka sɛ onii no yɛ yɛn yɔnko berɛbo anaa yɛn busuani a. (Dw. 55:12-14) Ɛtɔ da a, ɛyaw a yɛte no, ɛte sɛ nea obi de sekan awɔ yɛn. (Mmeb. 12:18) Ɛba saa a, ebia yɛde onii no ho abufuw bɛhyɛ yɛn mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea obi de sekan awɔ yɛn na sekan no da so hyɛ hɔ. Enti, sɛ yɛde obi ho abufuw hyɛ yɛn mu nso a, saa ara na ɛte; ɛyaw no remfi hɔ da. Sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, anhwɛ a yɛn bo befuw. Bible ma yehu sɛ yɛn bo betumi afuw. Nanso ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma abufuw no tena hɔ kyɛ. (Dw. 4:4; Efe. 4:26) Adɛn ntia? Efisɛ abufuw de, ɛntaa mma yɛnyɛ adepa. (Yak. 1:20) Kae sɛ, obi betumi ahyɛ wo abufuw, nanso sɛ wubeyi afi wo mu oo, sɛ wode bɛhyɛ wo mu oo, ɛwɔ wo nsam. w25.02 15 ¶4-6
Dwoda, April 27
Nyansa kora ne wura nkwa so.—Ɔsɛnk. 7:12
Yesu maa mfatoho bi de kyerɛe sɛ, sɛ obi boaboa sika ano na “ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam” a, nyansa nnim. (Luka 12:16-21) Afei nso, obiara nnim nea ebesi ɔkyena. (Mmeb. 23:4, 5; Yak. 4:13-15) Yesu kaa sɛ obiara a ɔpɛ sɛ odi n’akyi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ krado sɛ obegyaw n’ahode nyinaa hɔ. (Luka 14:33) Tete Kristofo a na wɔwɔ Yudea no yɛɛ biribi saa; wɔfii wɔn pɛ mu gyaw wɔn ahode hɔ. (Heb. 10:34) Ɛnnɛ nso, esiane sɛ yɛntaa amanyɔkuw biara akyi nti, ama anuanom bebree ahwere wɔn agyapade. (Adi. 13:16, 17) Adɛn nti na wɔpenee so maa wɔn agyapade fii wɔn nsa? Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ: “Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da” no, na wɔgye di paa sɛ obedi so. (Heb. 13:5) Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛpɛ biribi ato hɔ a yɛde bɛhwɛ yɛn ho daakye, nanso sɛ ɔbra no kyim yɛn kosi baabi a yɛnhwɛ kwan a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. w25.03 29 ¶13-14
Benada, April 28
Seesei, Kristo ho nsɛm a yedii kan suae no, yɛatra hɔ. Enti momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyere yɛn ho anyin wɔ gyidi no mu, na yɛanto fapem foforo.—Heb. 6:1.
Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, Yehowa nim sɛ yehia mmoa. Yehowa ama yɛn ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo wɔ Kristofo asafo no mu; saa mmarima yi ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn ama ‘yɛayɛ ɔbarima mua’ wɔ Onyankopɔn som mu, “na yɛadi mu sɛ Kristo pɛpɛɛpɛ.” (Efe. 4:11-13) Afei nso, Yehowa de ne honhom kronkron no boa yɛn ma yenya “Kristo adwene.” (1 Kor. 2:14-16) Bio nso, Yehowa maa ebinom kyerɛw Nsɛmpa nnan no, na aboa yɛn ama yɛahu sɛnea na Yesu dwen, ɔkasa, na ɔyɛ n’ade bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no. Sɛ wusuasua sɛnea na Yesu dwen na ɔyɛ n’ade a, wubetumi abɛyɛ Kristoni a wo ho akokwaw. Nanso, sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, “Kristo ho nsɛm a yedii kan suae,” anaa mfitiasesɛm no, ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara. w24.04 4-5 ¶11-12
Wukuda, April 29
Nyansa bɛhwɛ wo so, na nhumu abɔ wo ho ban—Mmeb. 2:11.
Da biara ehia sɛ yesisi gyinae. Gyinae no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ den sɛ yebesi. Aduan a ebia yebedi no anɔpa anaa bere a ɛsɛ sɛ yɛda sei, ɛho gyinaesi nhyɛ da nyɛ den. Nanso gyinaesi no bi wɔ hɔ a, ɛnna fam. Ebetumi aka yɛn akwahosan, yɛn anigye, yɛn adɔfo, anaa yɛn som. Gyinae a yesisi no, yɛpɛ sɛ ɛboa yɛne yɛn abusua nyinaa. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, yɛpɛ sɛ gyinae a yesisi no sɔ Yehowa ani. (Rom. 12:1, 2) Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae pa a, anammɔn baako a ehia sɛ wutu ne sɛ wubehu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so. Adɛn nti na ɛho hia sɛ woyɛ saa? Fa no sɛ obi yare denneennen na wakohu dɔkta. Wohwɛ a dɔkta no renyɛ nhwehwɛmu kakra mmisabisa no nsɛm ansa na wama no aduru? Yegye di sɛ saa na ɔbɛyɛ. Wo nso, sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi na wudi kan hu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so a, ɛbɛma woasi gyinae pa. w25.01 14 ¶1-3
Yawda, April 30
Yehowa . . . de wo bɔne akyɛ wo. Worenwu.—2 Sam. 12:13.
Yehowa mmɔborɔhunu nso ɛ, dɛn na yenim fa ho? Dɛn na wayɛ de akyerɛ sɛ “ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe”? (2 Pet. 3:9) Wɔn a ɛyɛɛ bɔne akɛseakɛse no, momma yɛnhwɛ sɛnea ohuu wɔn mu bi mmɔbɔ. Ɔhene Dawid sei, ɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse; ɔkɔfaa obi yere na odii awu mpo. Nanso Dawid nuu ne ho, enti Yehowa huu no mmɔbɔ de ne bɔne kyɛɛ no. (2 Sam. 12:1-12) Ɔhene Manase nso, bɔne a odii de, yɛnka. Nanso ne bɔne akɛseakɛse bebree a ɔyɛe nyinaa akyi no, bere a onuu ne ho no, Yehowa huu no mmɔbɔ de ne nyinaa kyɛɛ no. (2 Be. 33:9-16) Saa nhwɛso mmienu yi kae yɛn sɛ, bere biara a Yehowa hu sɛ ɛfata sɛ ohu obi mmɔbɔ no, ɔyɛ saa. Yehowa benyan wɔn a ɛte saa, efisɛ wɔgye toom sɛ wɔayɛ bɔne akɛse na wɔnuu wɔn ho. w24.05 4 ¶12