NSƐMMISA A EFI AKENKANFO HƆ
Sɛ yɛhwɛ Galatifo 4:24 a, apam mmienu bɛn na na ɔsomafo Paul reka ho asɛm?
Ɔsomafo Paul kaa abusuabɔ a na ɛwɔ Abraham, Sara ne Hagar ntam no ho asɛm. Owiei no, ɔkaa sɛ: “Eyinom nyinaa gyina hɔ ma biribi; mmea yi gyina hɔ ma apam abien.” (Gal. 4:22-24.) Kan no, na yɛte ase sɛ, apam mmienu no, ɛno ne Mmara apam no, ne apam foforo no. Nanso, bere a yɛsan yɛɛ asɛm yi mu nhwehwɛmu no, yɛabehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ mu nsakrae. Ɛbɛyɛ sɛ na Paul reka Abraham apam no ho asɛm na ɛnyɛ apam foforo no. Nea enti a yɛayɛ saa nsakrae yi, yɛnhwɛ emu kakra.a
Paul kaa sɛ Mmara apam a Yehowa ne Israelfo yɛe wɔ Sinai Bepɔw so wɔ afe 1513 ansa na Yesu reba no, egyina hɔ ma Hagar. (Gal. 4:25; Ex. 19:5, 6) Onipa biara nni hɔ a bɔne wɔ ne ho a na obetumi adi saa Mmara no so pɛpɛɛpɛ. Enti Mmara no kaee Israelfo no sɛ wɔyɛ bɔne nkoa. Afei nso, na apam yi betumi aboa Israel man no ma wɔahu Mesia no, efisɛ Mesia no nko ara ne obi a na obetumi adi Mmara no so pɛpɛɛpɛ. Bere a Mesia no de ne nkwa a ɛyɛ pɛ no bɔɔ afɔre no, afei de na nnipa a bɔne wɔ wɔn ho betumi anya wɔn ho atetew afi bɔne ne owu ho. (Gal. 3:19, 24, 25) Bere a Yesu maa Onyankopɔn atirimpɔw baa mu wiei no, na Mmara no ho nhia bio.—Rom. 10:4.
Paul kaa Sara nso ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔbea a ɔde ne ho,” na ne ba no de, “wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.” (Gal. 4:23) Saa bɔhyɛ no, ɛno ne Abraham apam no. (Gal. 3:29; 4:28, 30) Yehowa ne Abraham na ɛyɛɛ saa apam no; ɛho asɛm wɔ Genesis 22:18. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira, efisɛ woatie me nne.”
Ɛbɔ a Yehowa hyɛe wɔ Eden no, Abraham apam yi kaa bi too so. (Gen. 3:15) Saa apam yi maa emu daa hɔ sɛ “aseni” a ɔkaa ne ho asɛm no befi Abraham mu. Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu Kristo ne “aseni” titiriw no. Nanso “wɔn a wɔyɛ Kristo dea” a wɔn dodow si 144,000 a wɔne no bedi ade wɔ n’Ahenni mu no, wɔn nso ka saa aseni no ho. (Gal. 3:16, 29; Adi. 14:1-3) Esiane ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no nti, wɔn a wɔgye Yesu tom na wɔtie no no benya nhyira pii.
Adɛn nti na Paul kaa sɛ “eyinom nyinaa gyina hɔ ma biribi”? Ná ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ, sɛ Yudafo a wɔwɔ ne bere so no gye gyina mu denneennen sɛ Mmara no ara na wɔbedi so a, ɛnde na wɔte sɛ Hagar; wɔbɛyɛ nkoa daa. Nanso sɛ wɔgye Yesu Kristo a ɔyɛ Abraham ‘aseni’ titiriw no tom a, wɔbɛyɛ sɛ Sara, wɔbɛde wɔn ho afebɔɔ. Wɔbenya ahofadi ankasa afi bɔne ne owu mu. (Yoh. 8:32-34) Nanso sɛ wɔannye Yesu antom a, ɛkyerɛ sɛ wɔnte Mmara apam no ase, efisɛ na Mmara apam no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔahu Kristo no.
Galatifo a na Paul rekyerɛw krataa yi akɔma wɔn no, na wɔn mu bebree nyɛ Yudafo, enti na Mmara no mfa wɔn ho anaa ɛnkyekyere wɔn. Nanso na Yudafo no bi agye agyina mu denneennen sɛ, Kristofo a na wɔnyɛ Yudafo no, ɛsɛ sɛ wɔdi Mmara no so. Ná ebi ne mmara a ɛfa twetiatwa ho no. Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nyansa nnim koraa sɛ wɔbɛkɔ so adi mmara a na ɛde wɔn ayɛ “nkoa” no so, efisɛ na Kristo ama wɔanya “ahofadi.”—Gal. 5:1, 10-14.
a Wei yɛ ntease foforo a yɛanya. Yɛde resi nea ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa March 15, 2006, kr. 10-12 mu no ananmu.