Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 June kr. 32
  • Asau a Na Nkurɔfo De Yi Nam Tete No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asau a Na Nkurɔfo De Yi Nam Tete No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Som A Yɛbɛsom Sɛ Nnipa Yifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Asuafo Nnan Bi Bɛyɛɛ Nnipa Yifo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • So Yɛyɛ “Nnipa Yifo”?
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Bible Mmere Mu​—Mpataayifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 June kr. 32

BIBLE MU NOKWASƐM BI

Asau a Na Nkurɔfo De Yi Nam Tete No

Bible ma yehu sɛ, na Yesu akyidifo no bi yɛ mpataayifo. (Mar. 1:​16-20) Ná wɔde asau na eyi nam wɔ Galilea po no mu.

Saa bere no, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asau a, na ɔde nhama a ɛyɛ den nwene biribi te sɛ ntentan a ntokuru deda mu. Sɛ ɔpɛ sɛ oyi mpataa nketewa a, ɔbɛma ntokuru a ɛdeda asau no mu ayɛ nketewa. Sɛ ɔpɛ sɛ oyi mpataa akɛse nso a, ɔbɛma ntokuru a ɛdeda asau no mu ayɛ akɛse. Sɛ wɔde asau nketewa na ebeyi mpataa a, na wɔde biribi a emu yɛ duru te sɛ ɔbo anaa dade suso mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔtow gu nsu no mu a, ebetumi akɔ ase. Nanso sɛ asau no yɛ akɛse a, biribi a emu yɛ duru te sɛ ɔbo anaa dade no, na wɔde bi bobɔ ase. Ɛno ma asau no fã bi kɔ nsu no ase; na na wɔde biribi nso suso mu na ama asau no fã bi nso atɛn nsu no ani.

Ná abo a etintim po no ase tumi tetew asau no. Ɛtɔ da nso a, sɛ mpataa a wɔyi no dɔɔso a, na etumi ma ɛtetew. (Luka 5:6) Ná asau bo yɛ den paa. Enti ɛkame ayɛ sɛ, sɛ mpataayifo kɔ po ba biara a, na ɛsɛ sɛ wɔsiesie wɔn asau. Bible ma yehu sɛ na Yakobo ne Yohane “resiesie wɔn asau”; ɛbɛyɛ sɛ na wɔde paane ne ahama na ɛyɛ. (Mat. 4:21) Afei nso, Luka ka sɛ na mpataayifo no “rehohoro wɔn asau mu” de ayi nneɛma a akɔhyehyɛ mu ne emu fi. (Luka 5:2) Ɛno akyi no, na wɔhata asau no ma no wo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremporɔw.—Hes. 47:10.

Yesu too nsa frɛɛ mmarima a na wɔnim sɛnea wɔde asau yi nam sɛ wɔmmɛyɛ “nnipa yifo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena