Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 May kr. 26-31
  • Nkasa Ntia Afoforo Gyinaesi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkasa Ntia Afoforo Gyinaesi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NA EBETUMI AMA YƐAKASA ATIA AFOFORO GYINAESI?
  • NNEƐMA A OBIARA WƆ HOKWAN SƐ OSI GYINAE A ƆPƐ WƆ HO NO, ADƐN NTI NA SƐ OBI SI HO GYINAE A ƐNSƐ SƐ YƐKASA TIA?
  • NEA YƐBƐYƐ NA YƐANKASA ANTIA AFOFORO GYINAESI
  • Sisi Gyinae a Ɛbɛsɔ Yehowa Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nya Gyidi—Sisi Gyinae Nyansam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 May kr. 26-31

AUGUST 3-9, 2026

DWOM 113 Yɛwɔ Asomdwoe

Nkasa Ntia Afoforo Gyinaesi

“Wɔn a mo ne wɔn adwene nhyia no, ɛnsɛ sɛ mubu wɔn atɛn.”—ROM. 14:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ yɛn nuanom sisi gyinae na yɛne wɔn nyɛ adwene a, nea yɛbɛyɛ na yɛankasa antia wɔn.

1-2. Adɛn nti na ɛtɔ da a yɛn gyinaesi ne afoforo de nhyia?

WOASI gyinae ma obi akasa atia pɛn? Anaa wo nso woakasa atia obi gyinaesi pɛn? Yɛn mu dodow no ara betumi aka sɛ biribi a ɛte saa asi pɛn.

2 Sɛ yesi gyinae na ɛne afoforo de nhyia a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa. Adɛn ntia? Efisɛ ɛsono sɛnea yɛn mu biara te. Afei nso, obiara ne sɛnea odwen. Baabi a wɔtetee yɛn, abusua a yefi mu, ne nea yɛafa mu wɔ asetenam no, ne nyinaa tumi nya yɛn adwene so tumi. Enti ɛtɔ da a wobɛhwɛ no na asomasi pɛ wei, nanso ɔbenten mpɛ. Ne nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ yɛma nsonsonoe a ɛtete saa sɛe asomdwoe ne baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no.—Efe. 4:3.

3. Dɛn na ebetumi ama yɛakasa atia onua bi gyinaesi?

3 Sɛ yɛn nua bi si gyinae na yɛne no nyɛ adwene a, anhwɛ a yɛbɛyɛ ara sɛ ɔnsesa n’adwene, anaa yɛbɛkeka akyerɛ afoforo sɛ gyinae a onua no asi no nye. Ebia yɛn de, yɛwɔ onua no ho adwempa. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nuanom de, wɔda yɛn koma so paa, enti yɛpɛ sɛ esi wɔn yiye. (Mmeb. 17:17) Enti yɛmpɛ sɛ wɔbesi gyinae bi a ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw abrɛ wɔn daakye, anaa ɛbɛsɛe wɔne Yehowa ntam.

4-5. Sɛ yɛn nua bi si gyinae bi na yɛne no nyɛ adwene a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Sɛ yɛn nua bi si gyinae bi na yɛne no nyɛ adwene a, ɛsɛ sɛ yɛne no ka ho asɛm anaa? Gyinae a osii no na ɛbɛkyerɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yehu sɛ wasi gyinae bi a etia Bible mmara a, ɛnde, ɔdɔ a yɛdɔ no nti, yɛbɛbɔ mmɔden aboa no ama wasan asusuw ne gyinaesi no ho. (Mmeb. 27:​5, 6) Nanso yɛmfa no sɛ wasi gyinae bi a entia Bible mmara, na mmom yɛn ara na yɛne no nyɛ adwene. Ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Mmuae no wɔ kyerɛwsɛm a yɛn adesua yi gyina so no mu. Ɛka sɛ: “Wɔn a mo ne wɔn adwene nhyia no, ɛnsɛ sɛ mubu wɔn atɛn.”—Rom. 14:1.

5 Ne nyinaa akyi no, gyinae a wasi no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte no ase. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo gyinaesi ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa. Nanso yebedi kan ahwɛ nhwɛso ahorow bi; emu biara no, obiara betumi asi gyinae a ɔpɛ. Nanso yɛanhwɛ yiye a yɛbɛkasa atia gyinae a ebinom besi.

DƐN NA EBETUMI AMA YƐAKASA ATIA AFOFORO GYINAESI?

6-7. Tebea ahorow bɛn mu na anhwɛ a yɛbɛkasa atia gyinae a afoforo besi?

6 Sɛnea yɛadi kan ahu no, esiane baabi a yɛtetee yɛn ne nea yɛafa mu wɔ abrabɔ mu nti, nneɛma bi wɔ hɔ a sɛnea yehu no no, ɛbɛyɛ yɛn sɛ saa ara na afoforo nso hu no. Nanso ebia na ɛnte saa. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra. Nhwɛso a edi kan: Ansa na onua bi rebehu nokware no, na ɔne ne papa a ɔwe nsa na ɛte. Bere a ɔkɔɔ apontow bi ase a ohui sɛ anuanom renom nsa no, anyɛ no dɛ, na ɔka kyerɛɛ anuanom no sɛ nea wɔreyɛ no nye. Nhwɛso a ɛtɔ so mmienu: Onuawa bi yaree denneennen nanso ne ho atɔ no. Akyiri yi, ɔtee sɛ onuawa foforo anya ne yare no ara bi. Onuawa a odi kan no pɛ sɛ ɔboa no, enti ɔhyɛ no sɛ nea ɔyɛe a ne ho tɔɔ no no, ɔno nso nyɛ bi. Ebia ɔbɛka akyerɛ no sɛ onni nnuan anaa ɔnnom nnuru pɔtee bi. Nhwɛso a ɛtɔ so mmiɛnsa: Ná onua bi wɔ atorosom mu. Ofii mu no, ɔmpɛ sɛ ɔne wɔn nya twaka biara bio. Bere a ohui sɛ onua bi akɔ ayi wɔ asɔredan mu no, n’ani annye ho koraa.a

7 Yɛnhwɛ nhwɛso no bi nka ho. Nhwɛso a ɛtɔ so nnan: Onua bi bere so no, na nnipa dodow no ara te nka sɛ ɛmfata sɛ mmarima begyaw abogyesɛ, anaa mmea bɛhyɛ trɔsa akɔ adesua, nhyiam, anaa asɛnka. Onua no nim nsakrae a aba nnansa yi wɔ saa asɛm yi ho. Nanso wagye agyinam denneennen keka kyerɛ anuanom sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo mmarima gyaw abogyesɛ, na mmea nso, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ trɔsa. Nhwɛso a ɛtɔ so nnum: Asafo mu panyin bi nim onua bi a ɔtoaa n’adesua so, na akyiri yi ogyaee Yehowa som. Seesei onua aberantewaa bi a ɔwɔ ɔpanyin no asafo mu pɛ sɛ ɔtoa n’adesua so. Ɛho asɛm haw ɔpanyin no, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma onua aberantewaa no ne n’awofo asesa wɔn adwene.

8. (a) Dɛn na ebetumi ama ɔwofo bi akasa atia awofo afoforo? (b) Sɛ yenya yɛn nuanom ho adwene a ɛmfata a, dɛn na ebetumi asi?

8 Yɛnhwɛ tebea bi a awofo betumi ahyia. Nhwɛso a ɛtɔ so nsia: Ebia woyɛ ɔwofo a woreyere wo ho atete wo mma wɔ “Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Nanso wohwɛ awofo binom a, asɛ wɔgyaa wɔn mma ma wɔyɛ nneɛma bi a woremma wo mma nyɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔn mma pue a, wɔtumi kyɛ ansa na wɔaba fie, wɔma wɔn kwan ma wɔtumi bɔ video geem a basabasayɛ nnim, anaa wɔma wɔn fon wɔ wɔn mmofraase. Ɛno nti, wo ba adwene yɛ no sɛ woyɛ katee dodo. Enti obisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na wonte sɛ me nnamfo no awofo?’ Ɛba saa a, anhwɛ a wobɛkasa atia saa awofo no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Kristoni bi si gyinae na yɛne no nyɛ adwene a, ebetumi ama yɛanya ne ho adwene a ɛmfata. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea onii no di ne sika, sɛnea otutu akwan, ne nneɛma a ɔde gyigye n’ani no, anhwɛ a yɛbɛkasa atia. Nanso sɛnea yɛte nka no, ɛnsɛ sɛ yedi akyi keka yɛn nuanom ho nsɛm a ɛmfata de sɛe asafo no asomdwoe.

9. Yɛn nyinaa botae ne sɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrenyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Ɛwom, ebetumi aba sɛ Kristofo mmienu, ɛsono gyinae a obiara besi, nanso ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ asomasi de ye na ɔbenten de nye. (Rom. 14:5) Sɛ Bible ka sɛ Kristofo ‘nnya adwenkoro’ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo de Yehowa mmara bɔ wɔn bra. Nanso ɛnkyerɛ sɛ biribiara mu no, yɛn nyinaa adwene behyia na yɛasi gyinae baako. (2 Kor. 13:11) Ade a obiara betumi asi gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, ɛte sɛ nea yɛretu kwan akɔ baabi. Mpɛn pii no, akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akodu baabi a yɛrekɔ no. Enti akwan no mu nea yɛpɛ ne nea ɛbɛboa yɛn na yɛfa so. Kristofo nso, yɛresisi gyinae a, saa ara na ɛte. Ebia ɛsono gyinae a obiara besi nanso yɛn botae yɛ baako. Ɛne sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani. Enti nneɛma a obiara betumi asisi gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, sɛ obi si gyinae na ɛne yɛn de nhyia a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no.—Mat. 7:1; 1 Tes. 4:11.

Map a ɛwɔ fon so a ɛrekyerɛ akwan a wubetumi afa so akodu baabi a worekɔ. Map no so no, wubetumi afa wimhyɛn, kar anaa keteke.

Sɛ yɛrekɔ baabi a, ebia akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akɔ. Enti nea yɛpɛ ne nea ɛbɛboa yɛn na yɛfa so. Kristofo nso, yɛresisi gyinae a, saa ara na ɛte. Ebia ɛsono gyinae a obiara besi nanso yɛn botae yɛ baako (Hwɛ nkyekyɛm 9)


NNEƐMA A OBIARA WƆ HOKWAN SƐ OSI GYINAE A ƆPƐ WƆ HO NO, ADƐN NTI NA SƐ OBI SI HO GYINAE A ƐNSƐ SƐ YƐKASA TIA?

10. Sɛnea Yakobo 4:12 kyerɛ no, dɛn na yenni hokwan sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

10 Nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, Bible ma yehu nea enti a sɛ obi si bi ho gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia. Momma yɛnhwɛ emu kakra. Baako ne sɛ, nneɛma a Bible nhyɛɛ mmara wɔ ho no, sɛ obi si ho gyinae a, yenni hokwan sɛ yebu no atɛn. (Kenkan Yakobo 4:12.) Yehowa ne Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo, enti ɔno nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ mmara ma yɛn. Wei kyerɛ sɛ Yehowa na yɛn nuanom bebu akontaa akyerɛ no na ɛnyɛ yɛn. (Rom. 14:10) Enti sɛ afoforo si gyinae na sɛ ɛne yɛn adwene nhyia a, yenni hokwan sɛ yegyina sɛnea yɛte nka so bu wɔn atɛn anaa yɛkasa tia wɔn.b

11. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama baakoyɛ atena asafo no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Yehowa pɛ sɛ n’asomfo yɛ baako, nanso ɛnkyerɛ sɛ biribiara mu, yebesi gyinae baako. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ani gye nneɛma ahorow ahorow ho, na yehu wei wɔ nneɛma a wabɔ mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nhaban a ɛwɔ dua so mpo, worennya mmienu a ɛyɛ ade koro da. Afei, hwɛ nnipa ɔpepepem nwɔtwe ne akyi a wɔwɔ asaase so no nso, yɛrennya emu mmienu mpo a yɛbɛka sɛ, wɔn de, sɛnea wɔdwen anaa sɛnea wɔn nipadua te no, nsonsonoe biara nnim. Yehowa hyɛɛ da na ɔbɔɔ yɛn saa efisɛ ɔmpɛ sɛ yɛn nyinaa bɛsesɛ yɛn ho a nsonsonoe biara nnim. Nanso ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ baako. Enti sɛ obi anyɛ n’ade te sɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn na yɛkasa tia no. Baakoyɛ a ɛbɛtena asafo no mu no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn paa sen sɛ yɛbɛma afoforo ayɛ nea yɛpɛ.—Rom. 14:19.

Anuanom a wɔfi aman horow so a ɛsono mfe a obiara adi ahyiam redidi. Ebinom renom mmosa, ɛnna ebinom nso renom nsa dɔkɔdɔkɔ. Anuanom mmarima no bi agyaw abɔdwesɛ, ebinom nso nnyaw bi.

Yehowa ammɔ yɛn sɛ yɛnsesɛ yɛn ho a nsonsonoe biara nnim. Nanso ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ baako (Hwɛ nkyekyɛm 11)


NEA YƐBƐYƐ NA YƐANKASA ANTIA AFOFORO GYINAESI

12-13. Sɛ yɛte nka sɛ obi adi “mfomso” a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Galatifo 6:1; hwɛ adaka a yɛato din, “Bere a Kristoni Bi Asi Gyinae Na Wo Ne No Nyɛ Adwene” no nso.)

12 Nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ otumi si gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, sɛ obi si ho gyinae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Bisa wo ho sɛ, ’Onii no redi “mfomso” anaa anammɔn a ɔretu no na ɛyɛ soronko kɛkɛ?’ Sɛ ɛyɛ ampa sɛ nea ɔreyɛ no tia Bible mmara a, bisa wo ho sɛ, ‘Me na ɛsɛ sɛ me ne no ka ho asɛm anaa obi foforo a ɔfata mmom na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa?’ Sɛ wo na wofata sɛ wo ne no ka ho asɛm a, ɛnde wo ne no nsusuw ho wɔ odwo so. (Kenkan Galatifo 6:1.) Nanso mpɛn pii no, wubehu sɛ anammɔn a onii no retu no, ebia hyia na ɛne wo de nhyia kɛkɛ, na ɛnyɛ sɛ ɔredi mfomso. Sɛ wuhu sɛ anammɔn a ɔretu no ntia Bible mmara a, mmisa no ho asɛm biara anaa nkasa ntia no. Kae sɛ ɔwɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɔpɛ, enti mmu no atɛn.—Rom. 14:​2-4.

13 Yɛnhwɛ mfatoho bi: Fa no sɛ wo ne w’adamfo bi akɔ rɛstɔrant rekodidi. Wobɛka sɛ aduan a wopɛ no, ɛno ara na ɔno nso ntɔ anaa? Daabi. Wobɛma wagye nea ɔno ara pɛ. Efisɛ aduane a ɔbɛgye no, ɔno ara na ɔbedi n’ade. Yɛn nso, nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ otumi si gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, sɛ obi si ho gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛde nea yɛpɛ puapua no.

Bere a Kristoni Bi Asi Gyinae Na Wo Ne No Nyɛ Adwene

Sɛ wo nua Kristoni bi si gyinae bi na wo ne no nyɛ adwene a, bisa wo ho nsɛm a edidi so yi. Woyɛ saa a, wobɛkwati ɔhaw pii.—Gal. 6:5.

  • Gyinae a wasi no tia Bible mmara anaa?

  • Ɛbɛyɛ sɛ baabi a yɛtetee no nti na ɔresi saa gyinae no anaa?

  • Ɛyɛ ampa sɛ gyinae a ɔresi no bɛkɔ akɔfa ɔhaw abrɛ no anaa me na m’adwene yɛ me saa?

  • Adepa bɛn na ebetumi afi ne gyinaesi no mu aba?

  • Onii no redi “mfomso” anaa anammɔn a ɔretu no na ɛyɛ soronko kɛkɛ?

  • Sɛ ɛyɛ ampa sɛ nea ɔreyɛ no tia Bible mmara a, bisa wo ho sɛ, ‘Me na mefata sɛ me ne no ka ho asɛm anaa?’

14. Sɛ woresi gyinae a, wobɛyɛ dɛn aboa ma baakoyɛ atena asafo no mu? (1 Korintofo 8:​12, 13)

14 Nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ otumi si gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, sɛ woresi ho gyinae a, dɛn na ɛsɛ sɛ wokae? Sɛ woresi gyinae bi a, bɔ mmɔden yɛ nea wubetumi biara sɛ worento afoforo hintidua. Ɛba saa a, ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu. (Kenkan 1 Korintofo 8:​12, 13.) Ɛtɔ da bi a, gyinae bi a wopɛ sɛ wusi no, wuhu sɛ mfomso biara nni ho. Nanso sɛ ɛbɛto wo nua hintidua a, wohwɛ a yebetumi aka sɛ “mfaso wɔ so”?c (1 Kor. 10:​23, 24) Sɛ́ anka wobɛka sɛ kyenkyen ara saa gyinae no ara na wubesi no, wubetumi adwene wo nuanom ho na wode nea wopɛ ato nkyɛn. (Rom. 15:1) Nanso ebia wubebisa sɛ, nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, ɛnyɛ seesei ara na yɛreka sɛ, sɛ obi si bi ho gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no? Yiw. Ɛsɛ sɛ obiara gye ne yɔnko gyinaesi tom. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ Bible tu yɛn fo wɔ Romafo 12:18 sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.” Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛne afoforo bɛtena asomdwoe mu, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛto wɔn hintidua.

15. Mpanyimfo bɛyɛ dɛn aboa ma baakoyɛ atena asafo no mu? (1 Korintofo 4:6)

15 Ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kasa tia afoforo gyinaesi. Nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, sɛ mpanyimfo no anhyehyɛ ho mmara, na ‘wɔanyɛ ade antra nea wɔakyerɛw’ wɔ Bible mu no a, ɛboa ma baakoyɛ tena asafo no mu. (Kenkan 1 Korintofo 4:6.) Wei nso kyerɛ sɛ, akwankyerɛ anaa afotu a wɔde ma no, ɛnsɛ sɛ ɛne Bible mu afotu a ɛwɔ asafo nhoma mu no bɔ abira. Afei nso, sɛ onua bi rehwehwɛ mmoa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye na wɔamfa wɔn suahu anaa sɛnea wɔte nka antu no fo. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn afotu gyina Bible no so.—Yes. 48:​17, 18.

16. Sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae bi a, dɛn na ɛnsɛ sɛ ɔpanyin biara yɛ?

16 Sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae bi a, ɛnsɛ sɛ ɔpanyin bi yɛ biribiara de kyerɛ sɛ ɔne wɔn nyɛ adwene. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ mpanyimfo no resi gyinae bi a, wɔbom bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron. Afei wɔsusuw Kyerɛwsɛm no ho, na wɔsi gyinae. Enti sɛ ɔpanyin bi te nka sɛ ɔne mpanyimfo kuw no nyɛ adwene mpo a, ɛsɛ sɛ ogye gyinae a mpanyimfo no nyinaa asi no tom. (Efe. 5:17) Afei nso, mpanyimfo no hwɛ yiye sɛ wɔrenkyinkyim akwankyerɛ bi ma ɛne wɔn adwene nhyia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛnsɛ sɛ asafo mu panyin fa asɛm bi a ɛwɔ asafo nhoma mu na ɔsɔ ne fa ketewaa bi de yɛ n’ade.

17. Sɛ yɛankasa antia afoforo gyinaesi a, mfaso bɛn na ɛde ba?

17 Sɛnea yɛahu no, ɛsono sɛnea yɛn mu biara te. Obiara ne sɛnea odwen ne nea ɔpɛ. Wei yɛ adepa! Esiane sɛ ɛsono sɛnea wɔtetee obiara ne sɛnea obiara yɛ n’ade nti, ɛma asafo no mu yɛ anika. Enti sɛ obi anyɛ n’ade te sɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn anaa yɛkasa tia no. Yɛyɛ saa a, ɛma asomdwoe tena asafo no mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribi a ɛbɛto afoforo hintidua. Nneɛma a obiara wɔ hokwan sɛ osi gyinae a ɔpɛ wɔ ho no nso, sɛ obi si bi ho gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no. Yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn na ama anigye ne baakoyɛ atena asafo no mu.—Dw. 133:1; Mat. 5:9.

SƐN NA KYERƐWNSƐM A EDIDI SO YI BƐBOA YƐN NA YƐANKASA ANTIA AFOFORO GYINAESI?

  • Yakobo 4:12

  • Galatifo 6:1

  • 1 Korintofo 4:6; 8:​12, 13

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

a Ansa na Kristoni bi besi gyinae sɛ ɔbɛkɔ ayi anaa ayeforo wɔ asɔredan mu no, ɛsɛ sɛ osusuw nneɛma bi ho ansa. Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ May 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no mu.

b Ɛtɔ da a, sɛ obi bu Bible mmara so a, ehia sɛ asafo mu mpanyimfo di n’asɛm. Nanso mpanyimfo no nim sɛ wɔrebu atɛn ama Yehowa, enti n’akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu na wɔde yɛ saa, na ɛnyɛ wɔn ankasa nsusuwii.—Fa toto 2 Beresosɛm 19:6 ho.

c Worepɛ wei ho nhwɛso a, hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 35, nkyekyɛm 5 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena