Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 May kr. 20-25
  • Sɛ Woretoa W’adesua So a, Mma Wo Ne Yehowa Ntam Nnsɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Woretoa W’adesua So a, Mma Wo Ne Yehowa Ntam Nnsɛe
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KƆ SO YƐ NNEƐMA A ƐMA WO NE YEHOWA AYƆNKOFA MU YƐ DEN NO
  • BƆ W’ADWENE HO BAN
  • FA WO BERE DI DWUMA YIYE
  • KƆ SO NE ‘ANYANSAFO NNANTEW’
  • YƐ AHOBOA
  • Sɛ Woredwen Ho Sɛ Wobɛtoa W’adesua So a, Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woasisi Gyinae Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • W’asubɔ Akyi No, Kɔ So Ara Di Yesu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 May kr. 20-25

JULY 27–AUGUST 2, 2026

DWOM 56 So Nokware no Mu Yiye

Sɛ Woretoa W’adesua So a, Mma Wo Ne Yehowa Ntam Nnsɛe

“Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.”—FILIP. 3:16.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtoa w’adesua so a, Bible nnyinasosɛm nnan a ebetumi aboa wo ama wo ne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama.

1-2. (a) Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtoa w’adesua so a, dɛn na ehia sɛ wokɔ so yɛ? (b) Sɛ Bible ka sɛ “yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ” a, ɛkyerɛ sɛn? (Filipifo 3:16)

YEHOWA asomfo binom asi gyinae sɛ, sɛ wɔwie sukuu a aban no hwehwɛ sɛ obiara kɔ no a, wɔbɛtoa wɔn adesua so. Ebia wɔte nka sɛ, sɛ wɔtoa wɔn adesua so a, ɛbɛma wɔanya adwuma ayɛ ahwɛ wɔn ho na wɔatumi asom Yehowa yiye. Enti sɛ woasi gyinae sɛ wobɛtoa w’adesua so a, dɛn na wobɛyɛ na woakɔ so abɛn Yehowa? (Yak. 4:8a) Yegye di sɛ, bere a na wokɔ sukuu no, nneɛma bi sɔɔ wo hwɛe. Nanso sɛnea wokɔɔ so dii Yehowa nokware no, seesei nso ɛsɛ sɛ ‘wokɔ so nantew saa kwan no so pɛpɛɛpɛ.’—Kenkan Filipifo 3:16.

2 Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘nantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ’ no, na wɔtaa de ka asogyafo ho asɛm. Nea ɛkyerɛ ne asogyafo a wɔde nkabom ato santen rekɔ. Enti sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtoa w’adesua so a, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wo ne Yehowa asafo no ‘ato santen rekɔ’; woremma asafo no nkɔ nnya wo, na worentew nna nso. Adesua yi bɛka Bible nnyinasosɛm nnan a ɛbɛboa wo ho asɛm; wunim saa nnyinasosɛm yi dedaw. Wode abɔ wo bra abesi saa bere yi, na bere a woretoa w’adesua so ne bere a woawie mpo no, ebehia sɛ wokɔ so ara de bɔ wo bra.

KƆ SO YƐ NNEƐMA A ƐMA WO NE YEHOWA AYƆNKOFA MU YƐ DEN NO

3. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtoa w’adesua so a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia?

3 Ɔhaw no. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtoa w’adesua so a, nneɛma a woyɛ no daa no, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ebi bɛba abɛka ho, enti anhwɛ a worennya wo ho atwaye koraa. Esiane sɛ wopɛ sɛ wobɔ wo ho mmɔden wɔ sukuu nti, anhwɛ a wo sukuu adesua no ho bɛba abehia wo asen Yehowa som. Ebi mpo a wubefi ase atoto adesua mu, na worentaa nkɔ asɛnka. Wo kokoam adesua ne mpaebɔ nso, anhwɛ a ɛbɛtɔ nsu mu.—Adi. 2:4.

4. Dɛn na wuhu a ɛbɛboa wo ma ‘woayɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu’? (1 Korintofo 15:58)

4 Kenkan 1 Korintofo 15:58. Sɛ sakre betumi akɔ n’anim a, gye sɛ wopɛɛle anaa wutwi. Yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam kɔ so yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ Ɛnyɛ nea wei kyerɛ ne sɛ nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, wobɛyɛ baako mmienu bi kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ woma Yehowa som ho hia wo sen biribi foforo biara. Kae sɛ Yehowa som ne ade a ɛho hia paa, ansa na wo sukuu de aba. (Mat. 22:37) Onuawa bi a ɔde Samantha kaa sɛ: “Meretoa m’adesua so no, mekaa sɛ, sɛ sukuu no bɛma me ne Yehowa ntam asɛe de a, ɛnde megyae sukuu no.”

5. Dɛn na wubetumi ayɛ na woakɔ so ayere wo ho wɔ Yehowa som mu?

5 Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, nea wubetumi ayɛ ansa na woafi ase. Hwɛ hu sɛ wode Yehowa som bedi kan wɔ biribiara mu. Bisa wo ho sɛ, ‘Nhyehyɛe bɛn na mede agu akwan mu a ɛbɛma matumi akɔ adesua ne asɛnka daa na mayɛ kokoam adesua nso?’ (Yos. 1:8; Mat. 28:​19, 20; Heb. 10:25) Afei nso, sɛ wutwa w’ani hwɛ w’akyi a, sukuu a wudii kan kɔe no, dɛn na woyɛe a ɛboaa wo ma wode Yehowa som dii kan? Sɛ wuhu sɛ saa bere no nneɛma anhyɛ da ankɔ yiye saa a, nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ na aboa wo? Fa si w’ani so sɛ wobɛyere wo ho wɔ Yehowa som mu bere mpo a woretoa w’adesua so no. Ɛwom, ɛho hia sɛ woyere wo ho sua ade wɔ sukuu, nanso ɛnsɛ sɛ woma edidi kɔ bere a wode som Yehowa no mu.a—Mat. 6:24.

6. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woahu sɛnea nneɛma rekɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Sɛ woretoa w’adesua so a, bosome biara wubetumi ahwɛ sɛnea nneɛma rekɔ. Bisa wo ho sɛ, ‘Meda so ara de Yehowa som di kan?’ Sɛ wuhu sɛ nneɛma bi nkɔ yiye a, mmu w’ani ngu so. Ebia wotaa toto adesua mu anaa wunnu hɔ ntɛm. Ebi nso a wowɔ adesua ase a, na woredwen sukuu nneɛma ho, anaa wokɔ adesua no wɔ zoom so. Afei nso, ebia na wo mpaebɔ anaa wo Bible akenkan nso ayɛ bisibasaa, na asɛnka nso a, wobɛhwɛ na wode mmirika-mmirika akɔfa mu kakra abɛsen kɔ. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde yɛ ho biribi ntɛm ara. Hwɛ na w’adesua no nti, woampia Yehowa som anto nkyɛn.

Onua bi ani abere resua “Ɔwɛn-Aban,” na ɔrekenkan kyerɛwnsɛm a ɛwom nyinaa.

Hwɛ na w’adesua no nti, woampia Yehowa som anto nkyɛn (Hwɛ nkyekyɛm 6)


BƆ W’ADWENE HO BAN

7. Sɛ woretoa w’adesua so a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia?

7 Ɔhaw no. Sɛ woretoa w’adesua so a, nea wobɛkɔ akosua no, anhwɛ a ɛbɛma wode “nyansapɛ ne nnaadaa hunu” ahyɛ wo tirim. Ebi ne sɛ Onyankopɔn anaa Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. (Kol. 2:8) Ebetumi nso ama woagye wo ho adi dodo. Onua aberante bi kaa sɛ: “Ɛnyɛ ade kɛkɛ na na wɔkyerɛ yɛn, mmom na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbekyim yɛn adwene ahwɛ baabi foforo koraa. Mpɛn pii no, na nea wɔkyerɛ yɛn no ne Yehowa nkyerɛkyerɛ bɔ abira. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na wɔkyerɛ yɛn sɛ, sɛ ebesi yɛn yiye a, egyina yɛn ara yɛn so. Sɛ obi nya saa adwene no nso a, ɔremfa Yehowa nyɛ hwee. Enti na ɛyɛ den ma me paa sɛ me de me ho bɛto Yehowa so.”

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ w’adwene ho ban? (Mmebusɛm 5:​1, 2)

8 Kenkan Mmebusɛm 5:​1, 2. Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmmɔ yɛn adwene ho ban. Sɛ yɛka sɛ yɛmmɔ biribi ho ban a, ɛkyerɛ sɛ ade ko no, ani aba ho. Yɛn adwene no nso, Satan ne n’apamfo ani aba ho. (1 Pet. 5:8) Gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ɔno na ɔbɔɔ nkwa, na ɔno na ɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛmmɔ yɛn bra no, Satan wiase no pɛ sɛ wɔsɛe no. Adwene a ɛntene a akyerɛkyerɛfo ne afoforo wɔ wɔ saa nneɛma yi ho no, ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ emu dɔ, nanso ɛyɛ adwenhare. Nokwasɛm ne sɛ, adwene a ɛte saa “yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.”—1 Kor. 3:​18-20.

9. Wobɛyɛ dɛn abɔ w’adwene ho ban?

9 Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, nea wubetumi ayɛ ansa na woafi ase. Nea ɛbɛboa wo ma woabɔ w’adwene ho ban no, hwɛ hu sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no, wugye di yiye sɛ ɛyɛ nokware ansa na woafi w’adesua no ase. Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Adɛn nti na migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Dɛn na ɛma mihu sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm? Dɛn na ɛma migye di sɛ sɛnea Bible pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra no, ɛyɛ papa koraa sen wiase no de?’ Afei nso, sukuu a wuwiei ansa na worebɛtoa so yi, ɛda adi sɛ ɛhɔ nyinaa na wiase adwene no wɔ hɔ. Gye a na nkurɔfo gye di sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ ade no, anka ɛreyɛ asɛe wo gyidi anaa? Ɔbrabɔne a na wo mfɛfo sukuufo no bu no, ɛsɔɔ wo hwɛe anaa? Sɛ wuhu sɛ saa bere no nneɛma anhyɛ da ankɔ yiye saa a, dɛn na wobɛyɛ saa bere yi na ama woagye adi paa sɛ, wutie nea Bible ka no a ebesi wo yiye? Yɛ nea wubetumi biara bɔ w’adwene ho ban bere a woretoa w’adesua so no.—2 Tim. 2:​16-18.b

10. Dɛn na wobɛyɛ na biribiara ansɛe w’adwene?

10 Sɛ woretoa w’adesua so a, ɛwom ara hwɛ sɛnea nneɛma rekɔ. Bisa wo ho sɛ: ‘Suban ne nneyɛe a ɛmfata a nkurɔfo da no adi no, ɛreyɛ awiawia me anaa? Wiase nyansa a nkurɔfo bɔ gye so no, mitumi hu ampa sɛ ɛyɛ nnaadaa? Migye di paa sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi ayi nnipa haw afi hɔ?’ Nea ɛbɛboa wo ma woatumi abɔ w’adwene ho ban no, kɔ so yere wo ho sua Onyankopɔn Asɛm no. Sɛ wusua Bible no dwinnwen ho a, ɛbɛboa wo ma wo gyidi ayɛ den, na ɛbɛma woanya ahotoso paa sɛ, nokware no ara ni.—1 Tim. 4:15.

FA WO BERE DI DWUMA YIYE

11. Sɛ woretoa w’adesua so a, dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ wode wo bere bedi dwuma yiye?

11 Ɔhaw no. Sɛ wotoa w’adesua so a, ebetumi agye wo bere paa, ɛnkanka bere a woresiesie wo ho akɔkyerɛw sɔhwɛ, anaa yɛama wo bere pɔtee bi a ɛsɛ sɛ wuwie dwumadi bi a yɛde ahyɛ wo nsa. Enti sɛ woanhyehyɛ wo bere yiye a, ebetumi ama adwinnwen ahyɛ wo so, na anhwɛ koraa a w’adwene betu afra. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ wutumi nya bere ma wo ho na wohwɛ w’apɔwmuden yiye.

12. Nneɛma bɛn na ebehia sɛ wode wo bere yɛ na akyerɛ sɛ wode wo bere redi dwuma yiye? (Efesofo 5:​15, 16)

12 Kenkan Efesofo 5:​15, 16. Ebia ehia sɛ woyɛ nneɛma pii, enti ebetumi ayɛ den sɛ wode wo bere bedi dwuma yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wo sukuu adesua da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo nuanom Kristofo ne w’abusuafo efisɛ ɛno na ehia paa. (Dw. 133:1; Mmeb. 18:1) Yehowa som ne ade a ɛsɛ sɛ wode di kan wɔ biribiara mu. (Mat. 6:33) Afei nso, ebia na wowɔ abusua mu asɛde bi a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma, anaa ebia woyɛ adwuma. Wei da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wutumi gye w’ahome yiye na woteɛteɛ w’apɔw mu sɛnea ɛsɛ. (Ɔsɛnk. 4:6; 1 Tim. 4:8) Sɛ wubetumi ayɛ wei nyinaa a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ wo bere yiye.

13. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wode wo bere adi dwuma yiye?

13 Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, nea wubetumi ayɛ ansa na woafi ase. Bible ka sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa a, ɛma nneɛma akɔ yiye. (Mmeb. 21:5) Wei nti, yɛ nhyehyɛe pa ansa na woafi w’adesua no ase. Nea ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ saa no, bisa wo ho sɛ, sukuu a wudii kan kɔe no, sɛn na wototoo wo nneɛma? Sɛ wuhu sɛ nneɛma ankɔ yiye saa bere no a, nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ no seesei? Bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe pa na ama woanya bere de ayɛ biribiara a ɛho hia.c

14. Nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho de ahwɛ sɛnea nneɛma rekɔ?

14 Sɛ woretoa w’adesua so a, ɛwom ara a bisa wo ho sɛ: ‘Nhyehyɛe a mayɛ no, ɛma minya bere de gye m’ahome de bi teɛteɛ m’apɔw mu sɛnea ɛsɛ? Ɛma minya bere ne me nuanom Kristofo bɔ? Ɛma mitumi yɛ me homework wɔ bere ano? Sɛ ɛnte saa a, bisa wo ho sɛ, dwumadi ahorow no na ɛdɔɔso anaa ɛyɛ mmɔtohɔ? Mehwɛ a, me nnamfo ne m’abusuafo hu sɛ ɛwɔ sɛ meyɛ nsakrae bi anaa?’ Sɛ wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe no mu anaa ehia sɛ wohwɛ di nhyehyɛe no so a, ntwentwɛn wo nan ase. Wopɛ nso a, wɔn a wuhu sɛ wɔde wɔn bere di dwuma yiye no, wubetumi ahwehwɛ afotu afi wɔn hɔ.—Mmeb. 11:14.

KƆ SO NE ‘ANYANSAFO NNANTEW’

15. Sɛ woretoa w’adesua so a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia?

15 Ɔhaw no. Sɛ woretoa w’adesua so a, ebia wɔn a wo ne wɔn wɔ sukuu mu no bɛpɛ sɛ wɔfa wo adamfo. Anhwɛ a wo nso worempopo wo ti. Ade yi, esiane sɛ wo ne wɔn na ɛwɔ sukuu mu nti, daa wo ne wɔn na ɛkɔ ba. Nkakrankakra ebedu baabi no, anhwɛ a wobɛte nka sɛ wo ne anuanom bi bɔ a ɛnyɛ dɛ sɛ wo mfɛfo sukuufo no. Nanso ehia sɛ wohwɛ wo ho yiye paa. Ɛwom, wo ne wɔn na ɛkɔ sukuu, nanso nea wugye di no, ɛnyɛ ɛno na wɔgye di. Wo ne wɔn rekɔ ba nyinaa no, edidi mu ara a, wo nso wubetumi anya wɔn adwene no bi. (1 Kor. 15:33) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛtoo Michael a ɔde mfe nnan kosuaa anyinam nkanea ho adwuma. Ɔka sɛ, “Wɔn a na me ne wɔn yɛ adwuma no, na wɔmmu mmea, wɔka kasafi, na na wɔtie nnwom a enye. Enti hwɛ sɛ me ne nnipa a ɛte saa reyɛ adwuma bɛboro nnɔnhwerew 40 nnawɔtwe biara. Nkakrankakra wɔn adwene no wiawiaa me.”

16. Bible ka sɛ, ‘yɛne anyansafo nnantew’ a, ɛkyerɛ sɛn? (Mmebusɛm 13:20)

16 Kenkan Mmebusɛm 13:20. Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ fekubɔne ho. Nanso ɛma yehu sɛ, “nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” Asuade a ɛwom no mu da hɔ pefee: Wɔn a yɛne wɔn bɔ no, sɛ wɔn suban ye a yebesua, sɛ ɛnyɛ nso a, yebesua. Enti wɔn a wɔdɔ Yehowa te sɛ wo na wɔdwen wo ho no, wɔn na ɛsɛ sɛ wofa wɔn adamfo.—Dw. 101:​6, 7; 119:63.

17. Dɛn na wobɛyɛ na woammɔ fekubɔne?

17 Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, nea wubetumi ayɛ ansa na woafi ase. Hwɛ baabi a wo ne wo mfɛfo sukuufo no bɛbɔ akodu. Onua bi a ɔde Trenton ka sɛ: “Metew m’anim ma me mfɛfo sukuufo, nanso yɛpɔn a me ne wɔn nyɛ hwee bio. Sɛ mɛka a, me ne wɔn kɔ sukuu kɛkɛ, na wɔnyɛ me nnamfo.” Enti wo nso, ɛhe na wo ne wo mfɛfo sukuufo bɛbɔ akodu? Nea ɛbɛboa wo ama woanya asɛmmisa yi ho mmuae no, bisa wo ho sɛ: Sukuu a wudii kan kɔe no, woyɛɛ biribi a amma wo ne wo mfɛfo sukuufo no ammɔ pii anaa? Sɛ wuhu sɛ woantumi anyɛ no yiye saa bere no a, nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ no seesei? Si wo bo denneennen sɛ wo ne ‘anyansafo bɛnantew,’ na twe wo ho fi wɔn a wɔnnɔ Yehowa ho.d

18. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Sɛ woretoa w’adesua so a, ɛwom ara bisa wo ho sɛ: ‘Me ne me sukuufo reyɛ abɔ dodo anaa? Wɔn kasa ne wɔn nsusuwii reyɛ awiawia me anaa? Yehowa ani gye sɛnea me ne me sukuufo bɔ no ho anaa?’ (Dw. 1:1) Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a, ntwentwɛn wo nan ase koraa. Hwɛ hu sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa te sɛ wo no, wɔn na wo ne wɔn bɛfa adamfo. Afei nso, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi wo mfɛfo sukuufo adanse. Esiane sɛ wo ne wɔn kɔ sukuu nti, ɛyɛ hokwan a woanya a wubetumi aka nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn.

Onuawa bi kɔ sukuu a wɔsua tiyɛ, na wɔapɔn; ɔde kratawa a yɛato din “Asɔre Anaa Ɔsom Biara Na Onyankopɔn Pene So?” no rema ne yɔnko sukuuni bi.

Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi wo mfɛfo sukuufo adanse (Hwɛ nkyekyɛm 18)e


YƐ AHOBOA

19. Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, dɛn na wobɛyɛ de asiesie wo ho na sɛ wuhyia ɔhaw bi a, aboa wo ma woadi so? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

19 Yɛmfa obi a ɔrekɔ afuw mu nyɛ mfatoho. Ɛwom, ɛnyɛ ɔhaw biara a obehyia wɔ kwan mu na obetumi ahu, nanso ɔyɛ ahoboa. Ansa na obesim no, onim baabi a ɔrekɔ, enti osiesie ne ho hyɛ ne mpaboa fa ne sekan kura. Wo nso, ansa na wobɛtoa w’adesua so no, ɛsɛ sɛ wudi kan siesie wo ho. Enti bɔ mmɔden ma wo ne Onyankopɔn ayɔnkofa mu nyɛ den. Afei “nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɔko no,” ‘fa ne nyinaa hyehyɛ wo ho.’ Kae sɛ, nea enti a woretoa w’adesua so ne sɛ wode bɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛnyɛ sɛ wode rebɛpɛ sika na woagye din wɔ wiase.—Efe. 6:​11-13; 1 Kor. 9:​26, 27; 10:31.

20. Wobɛyɛ dɛn ‘akɔ so asɔ ahwɛ sɛ wowɔ gyidi no mu anaa’?

20 Bible ka sɛ: “Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ mo mu nhwɛ sɛnea mote ankasa.” (2 Kor. 13:5) Enti sɛ woretoa w’adesua so a, ɛsɛ sɛ wokɔ so sɔ wo ho hwɛ. Nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, ɛwom ara a san hwɛ mu na bisa wo ho nsɛm a edidi so yi. Nneɛma a ɛma wo ne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den no, wugu so ara reyɛ anaa? Worebɔ w’adwene ho ban afi wiase nyansa ho? Wode wo bere redi dwuma yiye? Wo ne wo nuanom Kristofo fa nnamfo, na wotwe wo ho fi fekubɔne ho? Enti sɛ wowɔ sukuu mu oo, adwuma mu oo, anaa baabi foforo biara oo, ehia sɛ wususuw saa nsɛmmisa no ho hwɛ sɛnea nneɛma rekɔ. Sɛnea wo tebea te biara, si wo bo denneennen sɛ wobɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, woyɛ saa a Yehowa behyira wo.—Mmeb. 3:​5, 6.

ANSA NA WOBƐTOA W’ADESUA SO NO, DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA WOATUMI . . .

  • akɔ so ayɛ nneɛma a ɛma wo ne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den no?

  • abɔ w’adwene ho ban?

  • de wo bere adi dwuma yiye na woakwati fekubɔne?

DWOM 87 Bra! Benya Ahotɔ

a Sɛ worepɛ nea woyɛ a ɛbɛma woayere wo ho wɔ Yehowa som mu a, hwɛ asɛm a yɛato din “Mmabun Bisa Sɛ . . . Mebɔ Asu Wie a, Dɛn Bio Na Ɛsɛ Sɛ Meyɛ?—Ɔfã 1: Kɔ So Yɛ Nneɛma a Woyɛ No Daa De Som Yehowa No.” Ɛwɔ jw.org.

b Sɛ worepɛ nea wubetumi ayɛ de abɔ w’adwene ho ban a, hwɛ asɛm a yɛato din “Mma ‘Wiase Nyansa’ Nnaadaa Wo” no. Ɛwɔ May 2019 Ɔwɛn-Aban mu.

c Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛtoto wo nneɛma yiye da biara a, hwɛ asɛm a yɛato din “Mmabun Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Ahyehyɛ Me Bere Yiye?” Ɛwɔ jw.org.

d Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wubesisi gyinae pa wɔ w’ayɔnkofa ho a, hwɛ adesua 48 a yɛato din, “Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye” no. Ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi resua tiyɛ na ɔde anifere redi ne yɔnko sukuuni bi adanse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena