BIBLE MU NIPA BI
Suasua Manaen—Fa Yehowa Som Di Kan
Anuanom a na wɔdi nneɛma anim wɔ tete Antiokia asafo no mu no, na Manaen ka wɔn ho. Ɔne “Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifo no” na ɛkɔɔ sukuu. (Aso. 13:1) Enti na Manaen yɛ nhomanimfo, na ɛbɛyɛ sɛ na n’abusuafo wɔ sika.
Wei nyinaa akyi no, Manaen bɛyɛɛ Kristoni na ɔboaa asafo no. Wamfa ne nhomasua anaa atitiriw a na onim wɔn no ampɛ anuonyam, mmom ɔsom ne nuanom.
Manaen nhwɛso no ma yehu sɛ, Yehowa a yɛbɛsom no no ho hia koraa sen sika anaa anuonyam a yɛbɛpɛ wɔ saa wiase yi mu. Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛde sika anaa anuonyam a yɛbɛpɛ wɔ wiase yi mu no sesa ɔsom a yɛde ma Yehowa. (Mat. 6:33) Ɛwom, nhomasua ho hia, nanso ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ mu hu nneɛma a ehia paa’ no, na yɛhwɛ hu sɛ yɛremma biribiara nnyi yɛn adwene mmfi Yehowa som so.—Filip. 1:9, 10.