Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 March kr. 26-31
  • Sɛ Nkurɔfo Tan Yɛn Ani Mpo a, Yɛn Ani Betumi Agye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Nkurɔfo Tan Yɛn Ani Mpo a, Yɛn Ani Betumi Agye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A NKURƆFO TAN YƐN ANI
  • NEA ENTI A SƐ WƆTAN YƐN ANI MPO A, ƐSƐ SƐ YƐMA YƐN ANI GYE
  • Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yegyina Ɔtan Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Krataa Bi a Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛde Animia Agyina Mu Akosi Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yegyina Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • “Mompaw Nea Mobɛsom No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 March kr. 26-31

JUNE 1-7, 2026

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

Sɛ Nkurɔfo Tan Yɛn Ani Mpo a, Yɛn Ani Betumi Agye

“Anigye ne mo, bere biara a nnipa bɛtan mo.”—LUKA 6:22.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yehowa som nti sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye.

1. Asɛm bɛn na Yesu kae, na adɛn nti na ebetumi ama yɛn ho adwiriw yɛn?

YESU Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkaa sɛ: “Anigye ne mo, bere biara a nnipa bɛtan mo.” (Luka 6:22) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Yesu atiefo no tee saa asɛm no, wɔn ho dwiriw wɔn. Ade yi, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ nkurɔfo tan n’ani. Ɛnde, adɛn nti na Yesu kaa saa asɛm no? Ehia sɛ yehu, efisɛ ɛnnɛ nnipa pii retan Yesu akyidifo ani. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a nkurɔfo tan yɛn ani, ne nea enti a sɛ wɔtan yɛn ani mpo a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye.

NEA ENTI A NKURƆFO TAN YƐN ANI

2-3. Nea enti a nkurɔfo tan yɛn ani no, baako ne sɛn, na adwene bɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yenya wɔ wɔn a wɔtan yɛn no ho? (Yohane 16:​2, 3)

2 Nkurɔfo tan yɛn ani efisɛ yɛsom Yehowa. Yesu kaa sɛ nkurɔfo bɛtan n’akyidifo na wɔakum wɔn mu bi mpo. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no, ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wonnim Agya no, na me nso, wonnim me.” (Kenkan Yohane 16:​2, 3.) Ɔtan a nkurɔfo de ba Onyankopɔn asomfo so no, hena paa na ɔhyɛ akyi? Ɛyɛ Satan a ɔyɛ “wiase yi nyame” no. (2 Kor. 4:​3, 4) Wafura nkurɔfo adwene ani, enti wɔnhu nokwasɛm a ɛfa Yehowa ho. Afei nso opiapia saafo no ma wɔtan wɔn a wɔsom Yehowa no ani. (Yoh. 8:​42-44) Saa nokwasɛm yi a yenim nti, wɔn a wɔtan yɛn ani no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ wɔn ho? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan na adaadaa wɔn ama wɔreyɛ saa, enti nea wɔde yɛ yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔn bi tua ka.

3 Yɛnhwɛ Pavel;a ɔman a ɔte mu no, wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ. Esiane sɛ na ɔde nokwaredi resom Yehowa nti, wɔkyeree no boroo no paa, na wɔde ɔno nko ara kɔtoo afiase dan bi mu abosome pii. Seesei ɔka sɛ: “Mahu paa sɛ ɔtan bebrebe no nyinaa, Satan ne ahonhommɔne no na wɔhyɛ akyi, na wɔn botae ara ne sɛ wɔnam so bebubu yɛn ama yɛagyae Yehowa som. Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ afiase hɔ no, wɔn mu dodow no ara, wuhu sɛ wɔnni yɛn ho adwemmɔne saa. Wɔn de, nea wɔaka akyerɛ wɔn ara na wɔreyɛ.” Yɛnhwɛ onua bi nso a ɔwɔ Croatia; n’awofo a wɔnyɛ Adansefo sɔre tiaa no denneennen. Ɔka sɛ: “Mabehu sɛ me tamfo paa ne Satan, na ɛnyɛ m’awofo.”—Efe. 6:12.

4. Dɛn na yebetumi asua afi Yesu ne Stefano hɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Wɔn a wɔne yɛn nni no yiye no, ɛnsɛ sɛ yɛtan wɔn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn. (Mat. 5:44) Ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu ne Stefano. Bere a Roma asraafo bɔɔ Yesu asɛndua mu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn.” (Luka 23:34) Ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ asraafo no nko ara na ɔbɔɔ saa mpae no maa wɔn. Mmom nnipadɔm a nyamesom akannifo no piapiaa wɔn ma wɔbɔɔ gyee so sɛ wɔnkum no no, ɛbɛyɛ sɛ na saa mpaebɔ no fa wɔn nso ho. Ná Yesu nim sɛ saafo no nnim nea wɔreyɛ. Stefano nso bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mfa wɔn a na wɔrekum no no bɔne nkyɛ wɔn. (Aso. 7:​58-60) Wohwɛ a, mpae a Yesu ne Stefano bɔe no, Yehowa tiei? Yiw, otiei. Wɔn a wɔpenee so ma wɔdii Yesu asɛm na wɔkum no no, akyiri yi wɔn mu pii sakraa wɔn adwene, wɔgyee Yesu dii, na wɔbɔɔ asu. (Aso. 2:​36-41) Afei nso, wɔn a wɔpenee so ma wɔkum Stefano no, akyiri yi baako a ne din de Saul bɛyɛɛ Kristoni, na ɛyɛɛ no yaw paa sɛ ɔyɛɛ nneɛma bɔne saa.—1 Tim. 1:13.

Onua bi a n’anim asoasoa da afiase, na ɔrebɔ mpae; ɔwɛmfo bi gyina nkyɛn hɔ baabi.

Wɔn a na wɔrekum Yesu no, ɔbɔɔ mpae maa wɔn; Stefano nso saa ara. Yɛn nso yebetumi abɔ mpae ama wɔn a wɔsɔre tia yɛn no (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Dɛn na wusua fi César suahu no mu?

5 Ɛnnɛ nso, sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a wɔtan yɛn ani a, Yehowa tie. Wo de, yɛnhwɛ César a ɔte Venezuela. Ná ne papa mpɛ nokware no koraa. César ka sɛ: “Ná me maame yɛ ɔbaatan pa, na nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma me papa biara nso, na ɔyɛ. Ná ɔntoto ne som ase koraa, nanso wantoto me papa ase da. Ɔkyerɛɛ me ne me nuanom sɛ yemmu yɛn papa na yentie no, gye sɛ ɔka sɛ yɛnyɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara.” Mfe bi akyi no, César papa suban sesae. César ka sɛ: “Da bi, mifi me komam bɔɔ Yehowa mpae paa, na ɛno akyi no mibisaa me papa sɛ n’ani begye ho sɛ me ne no besua Bible anaa. Bere a ɔkaa sɛ n’ani begye ho no, m’ani gye a egyei de, yɛnka.” Bere bi akyi no, César papa bɔɔ asu. Ɛwom, ɛnyɛ wɔn a wɔtan yɛn ani no nyinaa na ɛbɛba abegye nokware no, nanso sɛ wɔn mu bi hu yɛn suban pa ne sɛnea yɛkasa wɔ obu so no a, etumi ma wɔsesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛma yɛn ani gye paa! Ebia daakye Yehowa a ɔyɛ “Asaase nyinaa Temmufo” mmɔborɔhunufo no bɛtwe saafo no aba ne nkyɛn; yennim sɛnea ɔbɛyɛ no, nanso yɛn mpaebɔ no no.—Gen. 18:25.

6. Yɛhwɛ Marko 13:13 a, dɛn bio nti na nkurɔfo tan yɛn?

6 Nkurɔfo tan yɛn efisɛ yegye Yesu tom sɛ yɛn Hene. Yesu kaa sɛ ‘ne din nti,’ nnipa nyinaa bɛtan nokware Kristofo. (Kenkan Marko 13:13.) Yesu din no gyina hɔ ma dɛn? Egyina hɔ ma tumi a ɔwɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Yesu na Yehowa apaw no sɛ onni amansan yi so, nanso nkurɔfo a ɛwɔ wiase no de, wɔde wɔn werɛ ahyɛ wiase atumfoɔ mu, na yɛn a yegye Yesu tom sɛ yɛn hene no, wɔsɔre tia yɛn. Yehowa de Yesu sii n’Ahenni no so Hene afe 1914, na efi saa bere no reba nyinaa, ɔredi ade. Enti ɛrenkyɛ, obedwiriw nnipa ahenni nyinaa agu.

7-8. Adɛn nti na nkurɔfo di Yehowa asomfo binom ho fɛw? (Yohane 15:​18-20) (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Nkurɔfo tan yɛn efisɛ yensuasua wɔn a ɛwɔ Satan wiase no mu no. Yesu kyerɛɛ mu sɛ, esiane sɛ n’akyidifo ‘nka wiase no ho’ nti, wiase no bɛtan wɔn.’ (Kenkan Yohane 15:​18-20.) Sɛnea tete Kristofo no kwatii subammɔne ne kasa a ɛho ntew no, yɛn nso saa ara na yɛyɛ. Wei nti nkurɔfo di yɛn nuanom bebree ho fɛw wɔ sukuu ne adwumam. (1 Pet. 4:​3, 4) Nanso wɔn a wɔtan yɛn no, ɛyɛ a wɔn mu bi tumi sesa wɔn suban, na suban pa a yɛda no adi no, wɔtumi kamfo yɛn wɔ ho. Yehu saa a, ɛyɛ yɛn dɛ paa.

8 Yɛnhwɛ Ignacio a ɔwɔ Central America. Baabi a na ɔkɔ sukuu no, esiane sɛ na ɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ ne bra nti, tikyani bi dii ne ho fɛw mfe pii. Nanso ansa na Ignacio rewie sukuu no, saa tikyani no bisaa no sɛ, bu a nkurɔfo buu no animtiaa nyinaa akyi no, ɛyɛɛ dɛn na otumi de Onyankopɔn akwankyerɛ bɔɔ ne bra saa? Ignacio kyerɛɛ mu sɛ, Onyankopɔn mmara a odii so no na ɛbɔɔ ne ho ban. Ɛno akyi no, ɔtoo nsa frɛɛ tikyani no sɛ ɔmmra adesua. Ignacio nkɔhwɛ a, tikyani no anim ni! Ɛyɛɛ no nwanwa papa! Ɔdɔ a anuanom yii no adi kyerɛɛ tikyani no yɛɛ no fɛ paa, enti wannyae adesua no kɔ. Akyiri yi, Bible a na ɔresua nti, ɔno nso nkurɔfo tan n’ani. Nanso wampa abaw; ɔkɔɔ so suaa ade, na akyiri yi ɔbɔɔ asu.

Mfoni: Asɛm a ɛtoo Ignacio wɔ sukuu no ho ɔyɛkyerɛ. 1. Tikyani no redi Ignacio ho fɛw wɔ sukuufo a aka no anim, nanso ɔte hɔ dinn. 2. Akyiri yi, Ignacio rekyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ tikyani no, na wayɛ aso retie no.

Sɛ yɛyɛ mpanyin oo, yɛyɛ mmofra oo, yebetumi de akokoduru akyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu (Hwɛ nkyekyɛm 8)b


9-10. (a) Ade foforo bɛn na ɛma yɛyɛ soronko wɔ Satan wiase no mu? (b) Dɛn na yebetumi asua afi nea ɔsomafo Paul yɛe no mu?

9 Ade foforo a ɛma yɛyɛ soronko wɔ Satan wiase no mu ne sɛ, amanyɔsɛm ne akodi a ɛkɔ so no, yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu. (Yoh. 18:36) Yɛde afotu a ɛwɔ Romafo 13:1 no yɛ adwuma, enti yɛbɔ mmɔden di aban mmara so. Nanso yɛnyɛ amanyɔsɛm, enti yennyina sɛ wɔntow aba mma yɛn, na yɛntow aba nyi amanyɔfo nso. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa na yɛsom no, na n’Ahenni a Kristo yɛ so Hene no na yɛtaa akyi. Wɔakyere Yehowa Adansefo bebree agu afiase esiane wɔn gyidi nti. Nanso afiase a wɔda no mpo, wɔda so ara ka asɛmpa no wɔ hɔ. Wɔyɛ saa de suasua ɔsomafo Paul; ɔno nso wɔkaa no hyɛɛ fie, na wɔkyeree no too afiase mfe pii. (Aso. 24:27; 28:​16, 30) Nanso ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara a na obetie. Wɔn mu bi ne afiase awɛmfo, asɛnnibea mpanyimfo, amradofo, ahemfo ne ebia Roma Ɔhempɔn Nero mpanyimfo.—Aso. 9:15.

10 Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom a wɔda afiase no ka asɛmpa no kyerɛ obiara a obetie. Ebi ne atemmufo, aban mpanyimfo, ne awɛmfo. Yɛnhwɛ yɛn nua bi; esiane sɛ wamfa ne ho anhyɛ amanyɔsɛm mu nti, wɔde no too afiase bɛboro mfe nsia. Ɔkaa sɛ, afiase hɔ a ɔkɔdae no, wamfa no sɛ ɛyɛ asotwe, mmom ɔfaa no sɛ Yehowa na ɔsomaa no sɛ ɔnkɔhwehwɛ komapafo. Sɛ Yehowa fa yɛn so ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔte saa a, ɛma yɛn ani gye paa. (Kol. 4:3) Afei momma yɛnhwɛ nea enti a Yehowa som nti sɛ wɔtan yɛn ani a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye.

NEA ENTI A SƐ WƆTAN YƐN ANI MPO A, ƐSƐ SƐ YƐMA YƐN ANI GYE

11. Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɔkwan bɛn so na ebetumi ahyɛ yɛn gyidi den? Ma ho nhwɛso.

11 Yenim sɛ tan a nkurɔfo tan yɛn no ma Bible nkɔmhyɛ bam. Bible nkɔmhyɛ a edi kan pɛɛ no mu no, Yehowa kaa sɛ Satan ne n’akyitaafo bɛtan wɔn a wɔsom Yehowa no. (Gen. 3:15) Sɛ yɛhwɛ Nsɛmpa nnan no mu a, na Yesu nso taa ka to so sɛ nkurɔfo bɛtan Yehowa asomfo ani. (Mat. 10:22; Mar. 13:​9-12; Luka 6:​22, 23; Yoh. 15:20) Bible akyerɛwfo afoforo nso kaa saa. (2 Tim. 3:12; Yak. 1:2; 1 Pet. 4:​12-14; Yuda 3, 17-19) Enti sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛnyɛ yɛn nwanwa, mmom yɛn ani gye efisɛ ɛma yehu sɛ nea Bible ka too hɔ no na abam. Wei ma yenya awerɛhyem sɛ yɛresom nokware Nyankopɔn no. Yɛnhwɛ onuawa bi; ɔman a ɔte mu no, wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ. Ɔka sɛ: “Bere a mihyiraa me ho so maa Yehowa no, na minim sɛ ɛyɛ dɛn ara a, nkurɔfo bɛtan me. Enti bere a mihyiaa sɔhwɛ no, anyɛ me nwanwa na anhunahuna me nso.” Nkurɔfo pii tan n’ani, na na ne kunu nso ka ho. Ɔhyɛɛ no aniɛyaa, na ɔhyew ne Bible ne asafo nhoma a na ɔwɔ. Nanso, sɛ anka ɛbɛbɔ onuawa no hu no, ɛmaa ne gyidi yɛɛ den mmom. (Heb. 10:39) Ɔkaa sɛ: “Bible ka too hɔ sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn ani. Enti na minim sɛ ɔkwan biara so ebesi. Enti bere a ebi too me no, ɛma mihui paa sɛ nokwaresom no ni.”

12. Dɛn na ɛboaa onua bi ma otumi gyinaa tan a na nkurɔfo retan n’ani no ano?

12 Ɛwom, yenim sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn ani, nanso sɛ ɛba a, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebegyina ano. Onua baako a ɔkɔdaa afiase kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, na adwinnwen tumi hyɛ me so ma meyɛ basaa, na meresu.” Dɛn na ɛboaa onua yi ma ogyinaa ɔhaw a na ɔrefa mu no ano? Ɔkaa sɛ: “Mamfa mpaebɔ anni agorɔ; anɔpa biara na mebɔ mpae. Ɛno akyi no, bere biara a nneɛma mu bɛyɛ den ama me nso, na mebɔ mpae. Afei nso, sɛ nkurɔfo ne me anni no yiye na ɛhyɛ me abufuw a, na makɔhyɛ agyananbea ato me ho pon mu, na mabɔ mpae.” Bio nso, Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔhyiaa sɔhwɛ na wɔtumi dii nokware no, onua no dwinnwen ho. Wei boaa no ma otumi gyinaa sɔhwɛ a na ɔrehyia no ano, na onyaa asomdwoe a Yesu de hyɛɛ n’akyidifo bɔ no.—Yoh. 14:27; 16:33.

13. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔtan ano?

13 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom no, ɛno na ɛboa yɛn ma yegyina ɔtan ano. Yesu dɔɔ Yehowa kosii owu mu, na ɔdɔɔ ne nnamfo nso. (Yoh. 13:1; 15:13) Sɛ yɛn nso yɛdɔ Yehowa ne yɛn nuanom a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina ɔtan ano. Ɔkwan bɛn so? Wo de, yɛmfa ɔsomafo Paul asɛm no nkyerɛkyerɛ mu.

14. Dɛn na ɛboaa Paul ma odii Yehowa nokware ɛmfa ho mpo sɛ na wɔrebekum no no?

14 Aka kakraa bi ma wɔakum Paul no, ɔkyerɛw ne yɔnko berɛbo Timoteo sɛ: ‘Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ɔmaa yɛn tumi ne ɔdɔ honhom.’ (2 Tim. 1:7) Dɛn na na Paul pɛ sɛ ɔkyerɛ? Ná Paul rekyerɛ sɛ, sɛ obi dɔ Yehowa paa a, ɛbɛka no ma wamia n’ani agyina sɔhwɛ a emu yɛ den mpo ano. (2 Tim. 1:8) Ɛwom sɛ na Paul nim sɛ Yehowa a ɔresom no nti, wɔbekum no, nanso esiane sɛ na ɔdɔ Yehowa paa nti, otumi de akokoduru gyinaa mu kosii awiei.—Aso. 20:​22-24.

15. Dɛn na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn nuanom? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Yɛn nuanom a wɔmia wɔn ani gyina ɔsɔretia ano no, yɛdɔ wɔn paa. Sɛnea Akwila ne Priskila de wɔn nkwa too asiane mu maa Paul no, ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo binom fi wɔn pɛ mu de wɔn nkwa to asiane mu ma wɔn nuanom. (Rom. 16:​3, 4) Russia sei, sɛ wɔkyere anuanom de wɔn kɔ asɛnnibea a, anuanom bebree kɔ hɔ kɔtaa wɔn akyi. Wɔkyeree onuawa bi de no kɔɔ asɛnnibea, na bere a ohui sɛ anuanom bebree aba hɔ rebɛtaa n’akyi no, ɛtɔɔ no so. Ɔdɔ a anuanom daa no adi kyerɛɛ no no hyɛɛ no den paa, efisɛ na ɛnna fam mma no. Sɛ nkurɔfo tan yɛn sɛ dɛn mpo a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom bɛboa yɛn ama yɛadi so nkonim!

Apolisifo mmea mmienu de onuawa bi rehyɛ kar bi mu, na anuanom rebɔ gye no so.

Baabi a wɔabara yɛn adwuma no anaa wɔmma yɛnsom Yehowa sɛnea yɛpɛ mpo, anuanom da ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho (Hwɛ nkyekyɛm 15)c


16. Wɔn a Onyankopɔn som nti nkurɔfo tan wɔn ani no, adɛn nti na ɔsomafo Petro kaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye? (1 Petro 4:14)

16 Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani na yemia yɛn ani gyina mu a, ɛma Onyankopɔn ani gye. (Kenkan 1 Petro 4:14.) Ɔsomafo Petro kaa sɛ wɔn a Onyankopɔn som nti nkurɔfo tan wɔn ani no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Adɛn ntia? Efisɛ ɔtan a ɛte saa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ‘honhom wɔ yɛn so.’ Ná Petro ankasa nso afa tebea a ɛte saa mu pɛn, enti na onim nea ɔreka. Pentekoste afe 33 no akyi pɛɛ no, wɔsomaa awɛmfo ma wɔkɔkyeree Petro ne asomafo afoforo a na wɔreka asɛmpa no wɔ asɔrefie hɔ no. Nanso Petro de akokoduru kasae. (Aso. 5:​24-29) Wɔhwee wɔn wiei mpo, ɔne asomafo a aka no annyae asɛmpa no ka. Mmom wɔn ani gyei efisɛ “wobuu wɔn sɛ Yesu din nti, wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” Yɛn nso, sɛ nkurɔfo retan yɛn ani a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye.—Aso. 5:​40-42.

17. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no?

17 Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no” (Yoh. 14:21) Ɛrenkyɛ koraa, yɛrehwɛ kwan sɛ obiara a ɔwɔ wiase bɛdɔ Yehowa, enti sɛ yɛresom no a, obiara rentan yɛn! (2 Tes. 1:​6-8) Besi ha yi, sɛ nkurɔfo retan yɛn ani a, nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye no, yɛasusuw bebree ho. Enti enkosi sɛ wiase foforo no bɛba no, momma saa nsɛm no nkyekye yɛn werɛ na ɛnhyɛ yɛn den.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na nkurɔfo tan Yesu akyidifo ani?

  • Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom no, sɛ nkurɔfo retan yɛn ani a, ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn?

  • Sɛ nkurɔfo retan yɛn ani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye?

DWOM 149 Nkonimdi Dwom

a Wɔasesa edin no bi.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ignacio asɛm no ho ɔyɛkyerɛ.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi gyidi nti, apolisifo de no rehyɛ kar mu de no akɔto afiase, na anuanom bi wɔ hɔ a wɔrebɔ no kyidɔm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena